Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Yehowa ne Me Adi no Yiye Paa!”

“Yehowa ne Me Adi no Yiye Paa!”

“Yehowa ne Me Adi no Yiye Paa!”

MARCH 1985 anwummere bi a na mmarima ne mmea a wɔyɛ adwuma wɔ Akyerɛwfo Dwumadibea wɔ Yehowa Adansefo adwumayɛbea ti a ɛwɔ New York, U.S.A. no ani agye no, wɔhyɛɛ bere titiriw bi nsow. Saa bere no na Karl F. Klein de mfirihyia 60 asom wɔ bere nyinaa som adwuma no mu. Onua Klein fi anigye mu kae sɛ: “Yehowa ne me adi no yiye paa!” Ɔkae sɛ Bible kyerɛwsɛm a n’ani gye ho paa ne Dwom 37:4. Akyiri yi, ɔbɔɔ ne sanku ma obiara ani gyei.

Mfirihyia 15 a edi hɔ no, Onua Klein kɔɔ so ne akyerɛwfo no yɛɛ adwuma na ɔsan somee sɛ Yehowa Adansefo Sodikuw no muni. Afei wɔ January 3, 2001, bere a na Karl Klein adi mfe 95 no, ɔde nokwaredi wiee n’asase so som adwuma no.

Wɔwoo Karl wɔ Germany. N’abusuafo tu kɔɔ United States, na wɔtetee Karl wɔ Illinois, Chicago mantam mu. Bere a na Karl ne ne nuabarima, Ted, da so ara yɛ mmofra no, wɔn ani begyee Bible ho kɛse. Wɔbɔɔ Karl asu wɔ 1918 mu, na anigyesɛm a ɔtee wɔ Bible Asuafo no nhyiam kɛse bi ase wɔ 1922 mu no na ɛkanyan asɛnka adwuma no ho anigye a onyae wɔ ne nkwa nna nyinaa mu no. Wampɛ sɛ dapɛn bi betwam a wankɔ asɛnka, na ɔkɔɔ so yɛɛ saa wɔ ne nkwa mfe a etwa to mpo mu.

Karl bɛkaa adwumayɛbea ti hɔ adwumayɛfo no ho wɔ 1925 mu, na odii kan yɛɛ adwuma wɔ nhoma tintimbea hɔ. Ná n’ani gye dwonto ho paa, na ɔbɔɔ sanku wɔ nnwontofo kuw a na wɔbɔ dwom wɔ Kristofo radio so no mu. Ɛno akyi no, ɔyɛɛ adwuma wɔ Ɔsom Dwumadibea, na ne titiriw no, n’ani gyee dwumadibea no sohwɛfo, T. J. Sullivan a ɔne no yɛɛ adwuma no ho. Ted nso waree, na ɔne ne yere, Doris, kɔyɛɛ asɛmpatrɛw adwuma wɔ Puerto Rico.

Karl Klein yɛɛ adwuma wɔ Akyerɛwfo Dwumadibea hɔ mfe aduonum, na ɔyɛɛ mmoa kɛse efisɛ na ɔpɛ nhwehwɛmu na na onim Bible no mu yiye. Wɔ 1963 mu no, Karl waree Margareta, Germanni ɔsɛmpatrɛwfo a na ɔresom wɔ Bolivia no. Ɔdɔ mu a ofi boaa no, ne titiriw bere a na n’akwahosan nyɛ papa no, ma otumi yɛɛ adwuma boroo mfe a nnipa pii gyae adwumayɛ no so. Esiane sɛ na Karl ka ne nsɛm penpen, na ɔda nnwontofo anigye adi nti, ɔmaa ɔkasa ahorow wɔ nhyiam ne asafo horow mu a wɔkae bere nyinaa. Bere tiaa bi ansa na obewu no, ɔhwɛɛ kyerɛwsɛm a New York Betel abusua kɛse no susuw ho no so, ma obiara nyaa mu anigye ne mfaso.

Nnipa pii a wɔkenkan Ɔwɛn-Aban bere nyinaa no bɛkae Onua Klein asetram nsɛm, ne suahu ahorow a ɛyɛ anigye a wotintimii wɔ October 1, 1984 mu no. W’ani begye saa asɛm no a wobɛkenkan anaasɛ wobɛsan akenkan no ho bere a woma ɛtra w’adwenem sɛ ɔkyerɛwfo no toaa so de mfirihyia dunum bio somee sɛ Kristoni nokwafo a ɔwɔ ahofama.

Onua Klein a ɔka wɔn a Awurade asra wɔn ho no fi ne koma nyinaa mu hwɛɛ kwan sɛ ɔne Kristo bedi ade wɔ soro. Yɛwɔ biribiara a yebegyina so agye adi sɛ, mprempren Yehowa adi saa apɛde no ho dwuma.—Luka 22:28-30.

[Mfonini wɔ kratafa 31]

Karl ne T. J. Sullivan ne Ted ne Doris wɔ 1943 mu

[Mfonini wɔ kratafa 31]

Karl ne Margareta wɔ October 2000 mu