Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Abusua A Ɛyɛ Den Wɔ Honhom Fam A Wobɛhyehyɛ

Abusua A Ɛyɛ Den Wɔ Honhom Fam A Wobɛhyehyɛ

Abusua A Ɛyɛ Den Wɔ Honhom Fam A Wobɛhyehyɛ

“Monyɛn wɔn [Yehowa, “NW”] kasakyerɛ ne nyansakyerɛ mu.”—EFESOFO 6:4.

1. Ná dɛn ne Onyankopɔn atirimpɔw ma abusua no, nanso dɛn mmom na esii?

“MONWO, na monnɔ, na monyɛ asase so ma.” (Genesis 1:28) Yehowa Nyankopɔn kaa nsɛm yi kyerɛɛ Adam ne Hawa de abusua nhyehyɛe no sii hɔ. (Efesofo 3:14, 15) Na saa awarefo a wodi kan no betumi ahwɛ kwan sɛ wɔn asefo bɛhyɛ asase so ma—nnipa a wɔyɛ pɛ abusua santen a wɔte asase so paradise anigye mu, na wɔde biakoyɛ som wɔn Bɔfo Kɛse no. Nanso Adam ne Hawa yɛɛ bɔne, na nnipa atreneefo a wosuro Onyankopɔn anhyɛ asase so ma. (Romafo 5:12) Mmom no, abusua asetra sɛee ntɛmntɛm, na nitan, basabasayɛ, ne nnipa a “wonni dɔ” na abɛdɔɔso, titiriw wɔ “nna a edi akyiri” yi mu.—2 Timoteo 3:1-5; Genesis 4:8, 23; 6:5, 11, 12.

2. Nneɛma bɛn na na Adam mma betumi ayɛ, na dɛn na na wohia na ama wɔatumi ahyehyɛ honhom fam abusua a ɛyɛ den?

2 Wɔbɔɔ Adam ne Hawa wɔ Onyankopɔn suban so. Ɛwom sɛ afei na Adam abɛyɛ ɔbɔnefo de, nanso Yehowa maa no kwan ma ɔwoo mma. (Genesis 1:27; 5:1-4) Te sɛ wɔn agya no, na Adam mma wɔ abrabɔ pa ho gyinapɛn ma enti na wobetumi ayiyi papa ne bɔne mu. Na wobetumi akyerɛkyerɛ wɔn sɛnea wɔbɛsom wɔn Bɔfo no ne hia a ehia sɛ wofi wɔn koma nyinaa, wɔn kra nyinaa, wɔn adwene nyinaa, ne wɔn ahoɔden nyinaa mu som no. (Marko 12:30; Yohane 4:24; Yakobo 1:27) Bio nso, na wobetumi atete wɔn ma wɔada ‘adetreneeyɛ, adɔepɛ ne ahobrɛase a wɔne Onyankopɔn de bɛnantew’ adi. (Mika 6:8) Nanso sɛ́ abɔnefo no, na ebehia sɛ wɔyɛ ahwɛyiye kakra na ama wɔatumi ahyehyɛ honhom fam abusua a ɛyɛ den.

Nya Adagyew

3. Awofo bɛyɛ dɛn atumi ‘anya adagyew’ de ayɛn Kristofo mmofra?

3 Wɔ nna a edi akyiri a emu yɛ den yi mu no, ehia sɛ yɛbɔ mmɔden paa na ama mmofra abɛyɛ nnipa a ‘wɔdɔ Yehowa’ na ‘wokyi bɔne’ ankasa. (Dwom 97:10) Awofo a wonim nyansa ‘nya adagyew’ de di asɛnnennen yi ho dwuma. (Efesofo 5:15-17) Sɛ woyɛ ɔwofo a, wobɛyɛ dɛn ayɛ eyi? Di kan fa ahiade atitiriw sisi w’anim, na ma w’ani nkɔ “nneɛma a eye koraa,” a wo mma a wobɛkyerɛkyerɛ wɔn na woatete wɔn no nso ka ho no so. (Filipifo 1:10, 11) Nea ɛto so abien no,yɛ wo ho awiɛmfoɔ. Ebia ebehia sɛ wugyae nneɛma a ɛho nhia ankasa akyidi. Anaasɛ ebia ebehia sɛ wuyi ahode bi a wosɛe bere pii wɔ ho no fi mo asetra mu. Sɛ Kristoni ɔwofo no, worennu wo ho da sɛ wobɔɔ mmɔden a ehia na ama woatete mmofra a wosuro Onyankopɔn no.—Mmebusɛm 29:15, 17.

4. Ɔkwan bɛn so na abusua betumi akɔ so ayɛ nea biakoyɛ wom?

4 Mfaso ankasa wɔ bere a mubenya ama mo mma no so, titiriw sɛ egyina honhom fam nneɛma so a, na ɛyɛ ɔkwan biako a wɔfa so ka abusua bom a eye sen biara. Nanso nyɛ no biarabiara. Yɛ bere ahorow bi a mobɛbom ayɛ ade no ho nhyehyɛe. Eyi nkyerɛ sɛ mobɛtra fie biako mu na obiara ayɛ nea ɔpɛ. Sɛ woma w’ani kũ mmofra ho daa a, wonyin yiye. Ehia sɛ wufi ayamye mu da ɔdɔ ne tema adi. Mpo ansa na awarefo besi gyinae sɛ wɔbɛwo no, ɛsɛ sɛ wosusuw asɛyɛde titiriw yi ho anibere so. (Luka 14:28) Afei ɛno remma wommu abayɛn sɛ adwuma a ɛyɛ den. Mmom no, wobebu no sɛ hokwan a nhyira wom.—Genesis 33:5; Dwom 127:3.

Fa Asɛm ne Nhwɛso Kyerɛkyerɛ

5. (a) Mmofra a wɔkyerɛkyerɛ wɔn ma wɔdɔ Yehowa no fi ase fi dɛn so? (b) Afotu bɛn na wɔde ma awofo wɔ Deuteronomium 6:5-7?

5 Wo mma a wobɛkyerɛkyerɛ wɔn ma wɔadɔ Yehowa no fi ase fi ɔdɔ a w’ankasa wowɔ ma no no so. Onyankopɔn ho dɔ a emu yɛ den a wowɔ no bɛka wo ma woafi nokwaredi mu adi n’akwankyerɛ nyinaa so. Nea ɛka eyi ho ne sɛ wobɛyɛn mmofra “[Yehowa, NW] kasakyerɛ ne nyansakyerɛ mu.” (Efesofo 6:4) Onyankopɔn tu awofo fo sɛ wɔnyɛ nhwɛso mma wɔn mma, wɔne wɔn mmɔ nkɔmmɔ, na wɔnkyerɛkyerɛ wɔn. Deuteronomium 6:5-7 ka sɛ: “Fa wo koma nyinaa ne wo kra nyinaa ne w’ahoɔden nyinaa dɔ [Yehowa, NW] wo Nyankopɔn. Na nsɛm yi a merehyɛ wo nnɛ yi nna wo koma so; na fa kyerɛkyerɛ wo mma yiye, na kasa ho, w’afitra mu ne wo kwan so nantew mu ne wo nna mu ne wo sɔre mu.” Ɛdenam afotu a wobɛkɔ so de ama wo mma so no, wode Onyankopɔn mmara nsɛm bedua wɔn mu. Wo mma nam saa kwan yi so behu ɔdɔ a wowɔ ma Yehowa no, na ɛno bɛkanyan wɔn nso ma wɔabɛn no.—Mmebusɛm 20:7.

6. Ɔkwan bɛn so na awofo betumi de hokwan a ɛne sɛ mmofra sua ade denam nhwɛso so no adi dwuma yiye?

6 Mmofra ani gye sɛ wobesua ade. Wotie nsɛm hwɛ ade yiye, na wɔhwɛ wo nhwɛso suasua no ntɛm. Sɛ wohu sɛ w’ani mmere honam fam nneɛma a, eyi boa ma wohu sɛnea wobedi Yesu afotu no akyi. Wokyerɛkyerɛ wɔn sɛ wonnnwinnwen honam fam nneɛma ho, na mmom ‘wɔnhwehwɛ Onyankopɔn ahenni kan.’ (Mateo 6:25-33) Ɛdenam nkɔmmɔ a ɛfa Bible mu nokware, Onyankopɔn asafo, ne mpanyimfo a wɔapaw wɔn ho a eye na ɛma denhyɛ a wobɛbɔ so no, wokyerɛkyerɛ wo mma ma wɔkyerɛ obu ma Yehowa, na wɔkyerɛ ne honhom fam nsiesie ho anisɔ. Esiane sɛ mmofra hu nneyɛe a ɛbɔ abira ntɛm nti, ɛsɛ sɛ wode suban ne nneyɛe a ɛkyerɛ sɛ wowɔ honhom fam nneɛma ho anisɔ kɛse no foa nsɛm a woka no so. Hwɛ nhyira ara a ɛyɛ bere a awofo hu sɛ wɔn nhwɛso pa no ama wɔn mma fi wɔn koma nyinaa mu dɔ Yehowa no!—Mmebusɛm 23:24, 25.

7, 8. Nhwɛso bɛn na ɛkyerɛ mfaso a ɛwɔ mmofra a wɔtete wɔn fi wɔn mmofraase no mu, na hena na ɛsɛ sɛ wɔde ɛho nkamfo ma no?

7 Yebetumi ahu mfaso a ɛwɔ mmofra a wɔtete wɔn fi mmofraase koraa no mu wɔ nhwɛso bi a efi Venezuela yi mu. (2 Timoteo 3:15) Ɛfa awarefo nkumaa bi, Félix ne Mayerlín ho. Wɔyɛ akwampaefo asomfo. Bere a wɔwoo wɔn babarima Felito no, na wɔn ani gye sɛ wɔbɛyɛ nea wobetumi nyinaa de atete no sɛ Yehowa nokware somfo. Mayerlín fii ase kenkan Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm a Yehowa Adansefo tintimii no mu nsɛm kyerɛɛ Felito. Bere a na Felito sua koraa no, na ɛte sɛ nea otumi hu Mose ne nnipa afoforo a wɔwɔ nhoma yi mu no.

8 Bere a na Felito da so ara yɛ abofra koraa no, n’ankasa fii ase dii adanse. Ɔbɛyɛɛ Ahenni dawurubɔfo, na bere bi akyi no, wɔbɔɔ no asu. Bere kɔɔ so no, Felito bɛyɛɛ daa kwampaefo. N’awofo ka sɛ: “Bere a yɛhwɛ nkɔso a yɛn ba no nya no, yehu sɛ efi Yehowa ne n’akwankyerɛ.”

Boa Mmofra Ma Wonnyin Honhom Fam

9. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛkyerɛ honhom fam akwankyerɛ a akoa nokwafo ne ɔbadwemma kuw no de ma yɛn no ho anisɔ?

9 Sɛnea wɔyɛn mmofra ho nsɛm pii wɔ nsɛmma nhoma, nhoma ɔhaha pii, ne Intanɛt dwumadi ɔpepem pii mu. Newsweek bi a wɔhyɛɛ da tintim faa mmofra ho ka sɛ, mpɛn pii no, “nsɛm no bɔ abira. Nea ɛhaw adwene koraa ne bere a wuhu sɛ asɛm bi a wususuw sɛ wubetumi de wo ho ato so no yɛ atoro koraa no.” Hwɛ aseda ara a yɛde ma sɛ Yehowa de mmusua ho akwankyerɛ ne wɔn honhom fam nkɔso ho nsɛm pii ama! So wode nsiesie a wɔnam akoa nokwafo ne ɔbadwemma no so de ma no di dwuma yiye?—Mateo 24:45-47.

10. Ɔkwan bɛn so na abusua adesua a etu mpɔn so wɔ mfaso ma awofo ne mmofra nyinaa?

10 Ahiade titiriw biako ne abusua Bible adesua a wɔyɛ no daa wɔ tebea a akomatu nnim mu no. Egye ahosiesie pa na ama abɛyɛ nea asuade wom a ɛyɛ anigye, na ɛhyɛ nkuran. Sɛ awofo bisa wɔn mma nsɛm a ɛbɛma wɔaka wɔn tirim asɛm a, wobehu nea ɛwɔ wɔn koma ne wɔn adwene mu. Ɔkwan biako a wɔfa so hu sɛ abusua adesua tu mpɔn ne sɛ wubehu sɛ abusua no mufo nyinaa rehwɛ adesua no kwan.

11. (a) Botae ahorow bɛn na awofo betumi aboa wɔn mma ma wɔde asisi wɔn ani so? (b) Bere a Japanni abeawa bi dii ne botae akyi no, dɛn na efii mu bae?

11 Kyerɛwnsɛm mu botae ahorow nso ma wonya abusua a ɛyɛ den honhom fam, na ɛsɛ sɛ awofo boa wɔn mma ma wɔyɛ eyi. Botae horow a ɛfata no bi ne sɛ wɔbɛkenkan Bible daa, ayɛ adawurubɔfo a wɔka asɛmpa no daa, na wɔanya nkɔso akodu ahosohyira ne asubɔ so. Botae afoforo nso betumi ayɛ bere nyinaa som adwuma sɛ ɔkwampaefo, sɛ wobɛsom wɔ Betel, anaasɛ wobɛyɛ ɔsɛmpatrɛwfo. Bere a na Japanni abeawa bi a wɔfrɛ no Ayumi wɔ mfitiase sukuu no, ɔde yɛɛ ne botae sɛ obedi obiara a ɔwɔ n’adesuakuw mu no adanse. Nea ɛbɛyɛ na wakanyan ne kyerɛkyerɛfo ne n’adesuakuw mufo no anigye no, ɔsrɛɛ hokwan a ɛbɛma ɔde Bible ho nhoma pii ahyehyɛ nhomakorabea hɔ. Ne saa nti, ɔyɛɛ Bible adesua 13 ho nhyehyɛe wɔ mfe asia a odii wɔ mfitiase sukuu no mu. Bible asuafo no mu biako ne osuani no abusuafo foforo bɛyɛɛ Kristofo a wɔagye asubɔ.

12. Ɔkwan bɛn so na mmofra betumi anya Kristofo nhyiam ahorow so mfaso a ɛsen biara?

12 Afei nso ade a ehia na ama obi anya honhom fam akwahosan pa ne nhyiam a ɔbɛkɔ no daa. Ɔsomafo Paulo tuu mfɛfo gyidifo fo sɛ ‘wonnnyae wɔn ho wɔn ho nhyiam sɛnea na ebinom yɛ no.’ Mommma yɛnnnyae Kristofo nhyiam, efisɛ mpanyin ne mmofra nyinaa nya mfaso pii fi kɔ a wɔbɛkɔ no daa no mu. (Hebrifo 10:24, 25; Deuteronomium 31:12) Ɛsɛ sɛ wɔkyerɛkyerɛ mmofra ma wɔyɛ aso tie asɛm yiye. Ahosiesie ma nhyiam ahorow nso ho hia paa, efisɛ yɛn ho a yɛde bɛhyɛ mmuaema mu no bɛma yɛanya so mfaso kɛse. Ɛwom sɛ abofra kumaa betumi aka nsɛm kakra bi anaa wakenkan nkyekyem bi fã kakra de afi ase de, nanso sɛ wɔkyerɛ mmofra sɛnea wɔhwehwɛ mmuae na wɔde wɔn ankasa nsɛm ka a, ɛso bɛba mfaso kɛse. So mo a moyɛ awofo no yɛ nhwɛso denam mmuae a ntease wom a moma daa so? Eye sɛ abusua no muni biara benya Bible, dwom nhoma, ne nhoma a wɔde sua Kyerɛwnsɛm no bi.

13, 14. (a) Dɛn nti na ɛsɛ sɛ awofo ne wɔn mma yɛ adwuma wɔ asɛnka mu? (b) Dɛn na ɛbɛboa ma mmofra ahu asɛnka adwuma so mfaso na wɔn ani agye ho?

13 Awofo a wɔyɛ anyansafo bɛboa wɔn mma ma wɔde wɔn mmerantebere mu ahoɔden asom Yehowa, bere a wɔboa wɔn ma wɔde asɛnka adwuma no yɛ wɔn asetra mu ade titiriw no. (Hebrifo 13:15) Bere a awofo ne wɔn mma yɛ adwuma wɔ asɛnka mu nkutoo na wobetumi ahwɛ ahu sɛ wɔn mma no benya ntetee a ehia na ama wɔayɛ asomfo a ‘enhia sɛ wɔfɛre, na wokura nokwasɛm no mu pɛpɛɛpɛ.’ (2 Timoteo 2:15) Ɛnde, wo nso ɛ? Sɛ woyɛ ɔwofo a, so woboa wo mma ma wosiesie wɔn ho ma asɛnka? Eyi a wobɛyɛ no bɛboa ma wɔn ani agye asɛnka adwuma no ho, ahu sɛnea ɛho hia, ne mfaso a ɛwɔ so.

14 Dɛn nti na mfaso wɔ so sɛ awofo ne wɔn mma bom yɛ adwuma wɔ asɛnka mu? Saa kwan yi so no, mmofra betumi ahyɛ wɔn awofo nhwɛso pa no nsow, na wɔasuasua wɔn. Bere koro no ara no, awofo betumi ama wɔn ani akɔ wɔn mma no suban, sɛnea wɔyɛ wɔn ade, ne nea wotumi yɛ ho. Hwɛ hu sɛ wode wo mma no bɛka wo ho akɔyɛ ɔsom adwuma no afã horow nyinaa bi. Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, ma abofra biara ankasa nnya ne bag, na kyerɛkyerɛ no ma onni no ni. Ɛdenam ntetee a wode bɛma mmofra no daa so no, asɛnka adwuma no ho anisɔ pa a wɔwɔ no bɛyɛ kɛse, na wobebu adwuma no sɛ ade a wɔnam so da ɔdɔ a wɔwɔ ma Onyankopɔn ne wɔn yɔnko nnipa adi.—Mateo 22:37-39; 28:19, 20.

Kura Honhom Fam Yiyedi Mu

15. Esiane sɛ abusua honhom fam yiyedi a wobekura mu ho hia saa nti, dɛn ne akwan bi a wɔfa so yɛ eyi?

15 Abusua no honhom fam yiyedi a yebekura mu no ho hia paa. (Dwom 119:93) Ɔkwan biako a wubetumi afa so ayɛ eyi ne sɛ wode hokwan biara a wubenya no ne w’abusua no besusuw honhom fam nneɛma ho. So wo ne wɔn susuw daa asɛm no ho? So ɛyɛ wo su sɛ wobɛka asɛnka mu osuahu ahorow anaa Ɔwɛn-Aban anaa Nyan! a aba foforo mu nsɛm akyerɛ wɔn bere a ‘monam kwan so no’? So wokae sɛ wobɛda Yehowa ase wɔ wo mpaebɔ mu wɔ ne nsiesie bebrebe no ho da biara wɔ “wo nna mu ne wo sɔre mu”? (Deuteronomium 6:6-9) Sɛ wo mma hu sɛ ɔdɔ a wowɔ ma Onyankopɔn no da adi wɔ biribiara a woyɛ mu a, eyi bɛboa wɔn ma wɔagye nokware no atom.

16. Mfaso bɛn na ɛwɔ so sɛ yɛbɛhyɛ mmofra nkuran ma wɔayɛ wɔn ankasa nhwehwɛmu?

16 Ɛtɔ mmere bi a, mmofra behia akwankyerɛ na ama wɔatumi adi nsɛnnennen anaa tebea horow a ɛsɔre ho dwuma. Sɛ́ anka bere nyinaa wobɛkyerɛ wɔn nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ no, dɛn nti na wonkyerɛ wɔn sɛnea wobehu Onyankopɔn adwene wɔ nsɛm ho denam hyɛ a wobɛhyɛ wɔn nkuran ma wɔn ankasa ayɛ nhwehwɛmu no so? Mmofra a wobɛkyerɛkyerɛ wɔn ma wɔde nnwinnade ne nhoma a wɔnam ‘akoa nokwafo’ no so de ma adi dwuma yiye no bɛboa wɔn ma wɔne Yehowa anya abusuabɔ pa. (1 Samuel 2:21b) Na sɛ wɔka mfaso a wɔanya afi Bible mu nhwehwɛmu a wɔayɛ mu ho asɛm kyerɛ abusua no mufo afoforo a, ɛma abusua no honhom fam yiyedi tu mpɔn kɛse.

Momfa Mo Ho Nto Yehowa So Koraa

17. Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ awofo a wonni ahokafo ma wɔn abam bu wɔ wɔn mma a wɔbɛtete wɔn ma wɔabɛyɛ Kristofo no ho?

17 Na awofo a wonni ahokafo mmusua nso ɛ? Wohyia nsɛnnennen foforo wɔ abayɛn mu. Nanso, awofo a munni ahokafo, mommma mo abam mmmu! Ebetumi asi mo yiye sɛnea awofo a wonni ahokafo a wɔde wɔn ho ato Onyankopɔn so, afi osetie mu de n’afotu adi dwuma, na wɔatete mmofra pa a wɔyɛ den honhom fam no ama ada adi no. (Mmebusɛm 22:6) Ɛwom, ehia sɛ Kristofo a wonni ahokafo de wɔn ho to Yehowa so. Ɛsɛ sɛ wonya gyidi sɛ ɔbɛboa wɔn.—Dwom 121:1-3.

18. Mmofra adwene ne wɔn honam fam ahiade bɛn na ɛsɛ sɛ wɔn awofo ma wɔn ani ku ho, nanso dɛn na ɛsɛ sɛ wɔde wɔn adwene si so titiriw?

18 Awofo a wonim nyansa hu sɛ ‘ɔserew wɔ ne bere, na asaw wɔ ne bere.’ (Ɔsɛnkafo 3:1, 4) Nneɛma a ehia na ama abofra anyin wɔ adwene ne nipaduam no bi ne ahomegye ne agodi a ɛfata na ɛkari pɛ. Nnwom a ɛma denhyɛ ne ne titiriw no, ayeyi nnwom a abofra bɛto ama Onyankopɔn no bɛboa no ma wanya suban pa a ebetumi aboa no ma wahyɛ ɔne Yehowa ntam abusuabɔ mu den. (Kolosefo 3:16) Mmerantebere ne mmabaabere nso yɛ bere a ɛsɛ sɛ obi de siesie ne ho sɛ ɔbɛyɛ ɔpanyin a osuro Onyankopɔn, sɛnea ɛbɛyɛ a obetumi akɔ so anya asetram anigye daa wɔ paradise asase so.—Galatifo 6:8.

19. Dɛn nti na awofo betumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa behyira mmɔden a wɔbɔ sɛ wɔbɛtete wɔn mma no so?

19 Yehowa pɛ sɛ esi Kristofo mmusua nyinaa yiye sɛ honhom mufo a wɔyɛ den. Sɛ yɛdɔ Onyankopɔn ampa na sɛ yɛyɛ nea yebetumi nyinaa de tie N’asɛm a, obehyira yɛn mmɔdenbɔ so, na ɔbɛma yɛn ahoɔden a yehia na ama yɛde adi n’akwankyerɛ a efi honhom mu no akyi. (Yesaia 48:17; Filipifo 4:13) Kae sɛ hokwan a wowɔ mprempren sɛ wobɛkyerɛkyerɛ wo mma na woatete wɔn no sua, na ɛrensan mma bio. Yɛ nea wubetumi nyinaa sɛ wode Onyankopɔn Asɛm mu afotu bedi dwuma, na Yehowa behyira mmɔden a wobɔ sɛ wobɛhyehyɛ honhom fam abusua a ɛyɛ den no so.

Dɛn na Yesuae?

• Dɛn nti na sɛ yɛretete mmofra a, ehia paa sɛ yenya adagyew?

• Dɛn nti na awofo nhwɛso pa ho hia?

• Dɛn ne akwan titiriw a yebetumi afa so aboa mmofra ma wɔanyin wɔ honhom fam no bi?

• Ɔkwan bɛn so na wobetumi akura abusua honhom fam yiyedi mu?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 24, 25]

Mmusua a wɔyɛ den honhom fam no sua Onyankopɔn Asɛm, kɔ Kristofo nhyiam ahorow, na wɔbom kɔ asɛnka daa