Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Amanehunu Ho Kwan A Onyankopɔn Ama No Awiei Abɛn

Amanehunu Ho Kwan A Onyankopɔn Ama No Awiei Abɛn

Amanehunu Ho Kwan A Onyankopɔn Ama No Awiei Abɛn

BAABIARA a wobɛhwɛ no, amanehunu wɔ hɔ. Nnipa binom ankasa na wɔde ba wɔn ho so. Wonya nyarewa fi nna mu anaa nnubɔnenom anaa asabow anaa tawanom mu. Anaasɛ wobetumi ayare esiane sɛ wonnidi wɔ ɔkwan a ɛfata so nti. Nanso, amanehunu dodow no ara fi nneɛma bi anaa nsɛm tebea horow a ɛboro nnipa ahoɔden so: ɔko, mmusua ntam basabasayɛ, nsɛmmɔnedi, ohia, ɔkɔm, ne yare. Biribi foforo a nnipa ntumi nyɛ ho hwee nso ne amanehunu a onyin ne owu de ba no.

Bible si so dua ma yɛn sɛ “Onyankopɔn ne dɔ.” (1 Yohane 4:8) Ɛnde, dɛn nti na Onyankopɔn a ɔwɔ dɔ ama amanehunu yi nyinaa akɔ so mfirihyia ɔhaha pii saa? Bere bɛn na obedi tebea no ho dwuma? Nea ɛbɛyɛ na yɛanya nsɛmmisa a ɛtete saa ho mmuae no, ɛsɛ sɛ yɛhwehwɛ atirimpɔw a Onyankopɔn wɔ wɔ nnipa ho no mu. Eyi bɛboa yɛn ma yɛate nea enti a Onyankopɔn ama amanehunu ho kwan, ne nea ɔbɛyɛ wɔ ho no ase.

Ɔpɛ Mu a Yefi Yɛ Ade Ho Akyɛde No

Bere a Onyankopɔn bɔɔ onipa a odi kan no, ɔbɔɔ biribi a ɛsen nipadua ne amemene ara kwa. Afei nso, Onyankopɔn ammɔ Adam ne Hawa sɛ robɔt a wonni adwene. Ɔde ɔpɛ mu a wofi yɛ ade hyɛɛ wɔn mu. Na ɛno yɛ akyɛde pa, efisɛ “Onyankopɔn huu nea ɔyɛe nyinaa, na hwɛ, eye papa.” (Genesis 1:31) Yiw, “n’adeyɛ yɛ pɛ.” (Deuteronomium 32:4) Yɛn nyinaa ani sɔ akyɛde a ɛne sɛ yefi yɛn pɛ mu yɛ ade yi, efisɛ yɛmpɛ sɛ wɔkyerɛ yɛn biribiara a ɛsɛ sɛ yɛyɛ a yenni hokwan sɛ yefi yɛn pɛ mu yɛ biribiara.

Nanso, so na yɛde akyɛde a ɛne yɛn pɛ mu a yebefi ayɛ ade no bedi dwuma a anohyeto biara nnim? Onyankopɔn Asɛm bua wɔ akwankyerɛ ahorow a wɔde maa tete Kristofo no mu sɛ: “Sɛ nnipa a wɔde wɔn ho, na ɛnyɛ sɛ wɔn a wɔde ahofadi no ayɛ bɔnepɛ so nkataso, na mmom sɛ Onyankopɔn nkoa.” (1 Petro 2:16) Ɛsɛ sɛ yenya anohyeto ahorow na ama ɛso aba yɛn nyinaa mfaso. Enti, na ɛsɛ sɛ mmara yɛ adwuma wɔ ɔpɛ mu a yefi yɛ ade no ho. Sɛ anyɛ saa a, ɛde basabasayɛ bɛba.

Hena Mmara?

Hena mmara na na ɛsɛ sɛ ɛkyerɛ baabi a ahofadi kodu ma ɛyɛ nea ɛfata? Asɛmmisa yi ho mmuae fa nea enti a Onyankopɔn ama amanehunu ho kwan no ho. Esiane sɛ Onyankopɔn na ɔbɔɔ nnipa nti, onim mmara ko a eye sɛ wodi so na asi wɔn ne afoforo yiye. Bible no ka no saa kwan yi so sɛ: “Sɛ [Yehowa, NW], wo dimafo, Israel kronkronni no se ni: Me [Yehowa, NW], wo Nyankopɔn, mene nea ɔkyerɛ wo nea eye ma wo, na ogya wo kɔ ɔkwan a fa so no so.”—Yesaia 48:17.

Sɛnea ɛda adi pefee no, asɛm a ɛho hia ni: Wɔammɔ nnipa sɛ wɔntwe wɔn ho mfi Onyankopɔn ase. Ɔbɔɔ wɔn wɔ ɔkwan bi so a, sɛ ebesi wɔn yiye na wɔanya anigye a, na ebegyina osetie a wɔbɛyɛ ama ne trenee mmara ahorow no so. Onyankopɔn diyifo Yeremia kae sɛ: “[Yehowa, NW], mahu sɛ onipa kwan nni ne nsam, enni ɔbarima nsam, sɛnea ɔnam a obetutu n’anammɔn.”—Yeremia 10:23.

Onyankopɔn bɔɔ adesamma sɛ wonni n’abɔde mu mmara ahorow te sɛ tumi a ɛtwe ade ba fam ho mmara so. Saa ara na ɔbɔɔ nnipa sɛ wonni n’abrabɔ ho mmara ahorow a ɔyɛe a ɛbɛma asomdwoe atra adesamma mu no so. Ɛnde, ntease wom sɛ Onyankopɔn Asɛm hyɛ nkuran sɛ: “Fa wo koma nyinaa bata [Yehowa, NW] ho, na mfa wo ho ntweri wo nhumu.”—Mmebusɛm 3:5.

Enti na adesamma abusua ntumi nni wɔn ho so yiye da, bere a Onyankopɔn nniso nka ho. Sɛ nnipa bɔ mmɔden sɛ wɔbɛtwe wɔn ho afi ne ho a, wɔbɛyɛ asetra, sikasɛm, amammui, ne nyamesom ho nhyehyɛe bi a emu biara ne foforo nhyia, na ‘onipa bedi onipa so tumi ma adan no bɔne.’—Ɔsɛnkafo 8:9.

Dɛn na Ankɔ Yiye?

Onyankopɔn maa yɛn awofo a wodi kan, Adam ne Hawa, nhyɛase pa. Ná wɔwɔ nipadua ne adwene a edi mu, ɛne paradise turo a na ɛyɛ wɔn fie. Sɛ wɔbrɛɛ wɔn ho ase hyɛɛ Onyankopɔn nniso ase a, anka wɔkɔɔ so yɛɛ pɛ a wɔwɔ anigye. Bere kɔɔ so no, anka wɔbɛyɛ adesamma abusua a wɔwɔ anigye na wɔyɛ pɛ a wɔte paradise asase so nyinaa awofo. Ná ɛno ne Onyankopɔn atirimpɔw ma adesamma abusua.—Genesis 1:27-29; 2:15.

Nanso, yɛn awofo a wodi kan no de hokwan a na wɔwɔ sɛ wofi wɔn pɛ mu yɛ ade no dii dwuma ɔkwammɔne so. Wodii mfomso susuwii sɛ sɛ wɔtwe wɔn ho fi Onyankopɔn ho a ebesi wɔn yiye. Wofii wɔn pɛ mu twee wɔn ho fii ne mmara ahorow ase. (Genesis, ti 3) Esiane sɛ wɔpoo ne nniso nti, na ɛnyɛ n’asɛyɛde bio sɛ ɔbɛhwɛ ma wɔakɔ so ayɛ pɛ. ‘Wodii asɛmmɔne, wɔankɔ so anyɛ ne mma, na wɔbaa sintɔ mu.’—Deuteronomium 32:5.

Efi bere a Adam ne Hawa yɛɛ Onyankopɔn so asoɔden no, wɔn nipadua ne wɔn adwene fii ase sɛee. Yehowa ne nkwamafo. (Dwom 36:9) Esiane sɛ nnipa baanu a wodi kan no twee wɔn ho fii Yehowa ho nti, wɔbɛyɛɛ nkurɔfo a wɔnyɛ pɛ, na awiei koraa no, wowuwui. (Genesis 3:19) Nea ɛne awosu mmara hyia no, nea na wɔn asefo betumi anya ara ne nea na wɔn awofo no wɔ no. Na na ɛyɛ dɛn? Na ɛyɛ sintɔ ne owu. Enti ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Sɛnea ɛnam onipa biako [Adam] so na bɔne baa wiase, na owu nam bɔne so bae no, saa na ɛyɛe na owu trɛw kaa nnipa nyinaa, efisɛ wɔn nyinaa ayɛ bɔne.”—Romafo 5:12.

Ɔsɛmpɔw Titiriw No—Tumidi

Bere a Adam ne Hawa tew atua tiaa Onyankopɔn no, wotwaa ne tumidi a ɛyɛ hokwan a ɔwɔ sɛ odi tumi no mpoa. Na anka Yehowa betumi asɛe wɔn na wabɔ nnipa baanu foforo bio, nanso na ɛno remma ɔsɛmpɔw a ɛne sɛ hena nniso na ɛteɛ na eye ma nnipa no ntwa. Enti sɛ na Onyankopɔn ma kwan ma nnipa ankasa de wɔn adwene di wɔn asetra ho nsɛm ho dwuma a, na wɔn ankasa betumi abua koraa sɛ ebia nnipa nniso a Onyankopɔn ho nnim betumi ayɛ yiye anaa.

Dɛn na mfirihyia mpempem pii a abɛsen wɔ nnipa abakɔsɛm mu no ma ɛda adi? Saa mfirihyia mpempem no nyinaa mu no, nnipa abɔ mmɔden asɔ asetra, sikasɛm, amammui, ne nyamesom nhyehyɛe ahorow pii ahwɛ. Nanso, abɔnefosɛm ne amanehunu akɔ so ara. Nokwarem no, wɔ yɛn bere yi mu titiriw no, ‘nnipa bɔne asisifo akɔ wɔn anim wɔ bɔne mu.’—2 Timoteo 3:13.

Wɔnam nyansahu ne mfiridwuma so yɛɛ nneɛma pii wɔ afeha a ɛto so 20 no mu. Na yehuu amane a ɛsen biara wɔ adesamma abakɔsɛm mu nso wɔ mu. Na ɛmfa ho nkɔanim a wɔanya wɔ ayaresa mu no, Onyankopɔn mmara da so ara yɛ nokware: Nnipa a wɔatwe wɔn ho afi Onyankopɔn—nkwamafo—ho no yare, wɔbɔ nkwakoraa ne mmerewa, na wowuwu. Hwɛ sɛnea ada adi pefee sɛ nnipa ntumi ‘ntutu wɔn anammɔn’!

Onyankopɔn Tumidi Ada Adi Pefee

Nnipa ho a wɔatwe afi Onyankopɔn ho yi ada no adi koraa sɛ nnipa nniso a Onyankopɔn ho nnim ntumi nyɛ yiye da. Onyankopɔn nniso nkutoo na ebetumi ama yɛanya anigye, biakoyɛ, akwahosan pa, ne nkwa. Afei nso, Yehowa Nyankopɔn Asɛm, Kyerɛw Kronkron Bible a mfomso nnim no da no adi sɛ, yɛte nnipa nniso a Onyankopɔn ho nnim no “nna a edi akyiri” mu. (2 Timoteo 3:1-5) Eyi a Yehowa ama ho kwan no ne abɔnefosɛm ne amanehunu rebɛn n’awiei.

Onyankopɔn de ne ho begye nnipa nsɛm mu nnansa yi ara. Kyerɛwnsɛm no ka kyerɛ yɛn sɛ: “Ahene [nnipa nniso a ɛwɔ hɔ mprempren] no nna no mu no, ɔsoro Nyankopɔn bɛma [ɔsoro] ahenni a wɔrensɛe no da, na wɔrennyaw n’ahenni mma ɔman foforo bi so [nnipa nniso renni asase so bio], na ebebubu ahenni horow [mprempren nniso ahorow] no nyinaa ama asã, na ɛno de, ebegyina daa.”—Daniel 2:44.

Yehowa Nyankopɔn tumidi a wɔnam ɔsoro Ahenni so bɛsan ho no ne Bible no asɛmti. Yesu de eyi yɛɛ ne nkyerɛkyerɛ titiriw. Ɔkae sɛ: “Wɔbɛka ahenni ho asɛmpa yi wiase nyinaa de adi amanaman nyinaa adanse; ɛno ansa na awiei no bɛba.”—Mateo 24:14.

Sɛ Onyankopɔn nniso besi nnipa de ananmu a, henanom na wobenya wɔn ti adidi mu, na henanom na wɔrennya wɔn ti nnidi mu? Wɔma yɛn awerɛhyem wɔ Mmebusɛm 2:21, 22 sɛ: “Tẽefo [wɔn a wogyina Onyankopɔn nniso akyi] na ɛbɛtra asase no so, na wɔn a wɔyɛ pɛ no na ɛbɛtra mu; na wobegu abɔnefo [wɔn a wonnyina Onyankopɔn nniso akyi] ase afi asase so na wɔatu nkontompofo afi so.” Odwontofo a honhom kaa no no too dwom sɛ: “Aka kakraa sɛ na ɔbɔnefo nni hɔ, . . . Na ahobrɛasefo benya asase no adi, na wɔagye wɔn ani asomdwoe bebree mu. Treneefo benya asase no adi, na wɔatra so daapem.”—Dwom 37:10, 11, 29.

Wiase Foforo a Anigye Wom

Wɔ Onyankopɔn Ahenni nniso no ase no, wɔn a wobenya wɔn ti adidi mu wɔ mprempren nneɛma nhyehyɛe bɔne yi awiei no bɛkɔ asase a wɔayi abɔnefosɛm ne amanehunu afi so no so. Wɔde Onyankopɔn akwankyerɛ na ɛbɛma adesamma, na bere bi akyi no, “[Yehowa, NW] hu bɛyɛ asase ma, sɛ nsu kata po so no.” (Yesaia 11:9) Nkyerɛkyerɛ pa a ɛhyɛ nkuran yi de adesamma abusua a asomdwoe ne biakoyɛ wom ankasa na ɛbɛba. Enti ɔko, awudi, basabasayɛ, mmonnaato, awi, anaa nsɛmmɔnedi foforo biara befi hɔ.

Adesamma asoɔmmerɛfo a wɔte Onyankopɔn wiase foforo mu no benya honam fam nneɛma a ɛyɛ anigye. Wobeyi nneɛma bɔne a efi atua a wɔtewee wɔ Onyankopɔn so mu bae no nyinaa afi hɔ. Sintɔ, nkwakoraabɔ ne mmerewabɔ, ne owu bɛyɛ nneɛma a atwam. Bible no ma yɛn awerɛhyem sɛ: “Ɔmanfo no mu bi renka sɛ: Magurow!” Afei nso, Kyerɛwnsɛm no hyɛ bɔ sɛ: “Ɛno na afuraefo aniwa bebue, na asotifo aso atue; ɛno na apakye behuruw sɛ ɔforote, na mum tɛkrɛma ato dwom.” (Yesaia 33:24; 35:5, 6) Hwɛ anigye a ɛyɛ sɛ yebenya akwahosan pa da biara da—afebɔɔ!

Wɔ Onyankopɔn akwankyerɛ a ɔdɔ wom ase no, saa wiase foforo no mufo de wɔn ahoɔden ne wɔn nyansa bɛhyehyɛ wiase nyinaa paradise. Ohia, ɔkɔm, ne afie a wonnya ntra mu bɛyɛ ade a afi hɔ koraa, efisɛ Yesaia nkɔmhyɛ no ka sɛ: “Wobesisi adan atra mu, na wɔayeyɛ bobe nturo adi mu aba. Wɔrensisi adan mma obi ntra mu, na wɔrennua mma obi nni.” (Yesaia 65:21, 22) Nokwarem no, “wɔbɛtratra wɔn bobe ne wɔn borɔdɔma ase, na obi bi renyi wɔn hu.”—Mika 4:4.

Esiane sɛ Onyankopɔn ne nnipa asoɔmmerɛfo bɛhwɛ asase yiye nti ɛbɛsow aba. Yɛwɔ Kyerɛwnsɛm mu awerɛhyem yi sɛ: “Sare so ne nkyerekyerewa benya anika, na anhwea pradada adi ahurusi, na ahan sɛ nhwiren; . . . na nsu betue sare so, na nsuwansuwa asen anhwea pradada so.” (Yesaia 35:1, 6) “Asase no so aburofuw bedu mmepɔw atifi.”—Dwom 72:16.

Na nnipa ɔpepepem pii a wɔawuwu no nso ɛ? Wobenyan wɔn a wɔwɔ Onyankopɔn nkae mu no, efisɛ “owusɔre a wɔn a wɔteɛ ne wɔn a wɔnteɛ bɛsɔre no bɛba.” (Asomafo no Nnwuma 24:15) Yiw, wobenyan awufo aba nkwa mu bio. Wɔbɛkyerɛkyerɛ wɔn Onyankopɔn nniso ho nokwasɛm ahorow a ɛyɛ anigye, na wɔbɛma wɔanya hokwan atra ase daa wɔ Paradise.—Yohane 5:28, 29.

Yehowa Nyankopɔn nam saa kwan yi so bɛsesa tebea a ɛyɛ hu a amanehunu, yare, ne owu a akyekyere adesamma mfirihyia mpempem pii wom no koraa. Yare nni hɔ bio! Dɛmdi nni hɔ bio! Owu nni hɔ bio! Onyankopɔn ‘bɛpopa wɔn aniwam nusu nyinaa. Na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne ɛyaw bi nni hɔ bio, efisɛ kan nneɛma no atwam.’—Adiyisɛm 21:3, 4.

Saa na Onyankopɔn de amanehunu bɛba awiei. Ɔbɛsɛe wiase a aporɔw yi na ɔde nneɛma nhyehyɛe foforo koraa a “trenee te mu” aba. (2 Petro 3:13) Asɛmpa bɛn ara ni! Yehia saa wiase foforo no denneennen. Na yɛrentwɛn bere tenten bio na aba ma yɛahu. Yɛnam Bible nkɔmhyɛ ahorow a anya mmamu so hu sɛ wiase foforo no abɛn pɛɛ, na amanehunu ho kwan a Onyankopɔn ama no awiei rebɛn.—Mateo 24:3-14.

[Adaka wɔ kratafa 8]

Huammɔ a Nnipa Nniso Adi

Ɛdefa nnipa nniso ho no, kan Germany Ɔmampanyin Helmut Schmidt kae sɛ: “Yɛn nnipa . . . adi wiase so bi ne bi bere nyinaa, na mpɛn pii na yɛadi so ɔkwammɔne so koraa. . . . Yennii so asomdwoe mu koraa da.” Human Development Report 1999 kae sɛ: “Aman nyinaa bɔ amanneɛ sɛ, ɔmanfo basabasayɛ, nsɛmmɔnedi pii, basabasayɛ pii a ɛkɔ so wɔ fie no ama wɔn gyinapɛn resɛe. . . . Asiane ahorow a ɛrekɔ so wɔ wiase no reyɛ kɛse, ɛredɔɔso sen nea aman no betumi adi ho dwuma, na ɛrebunkam amanaman no so koraa.”

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 8]

‘Wobegye wɔn ani asomdwoe bebree mu ankasa.’—Dwom 37:11

[Mfonini Ahorow Fibea wɔ kratafa 5]

Third from top, mother and child: FAO photo/B. Imevbore; bottom, explosion: U.S. National Archives photo