Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

‘Monhwɛ! Nnipakuw Kɛse No!’

‘Monhwɛ! Nnipakuw Kɛse No!’

Mumfi Ahotoso a Emu Yɛ Den Mu Nnyina Hɔ Pɛ

‘Monhwɛ! Nnipakuw Kɛse No!’

NÁ ƐYƐ asɛm a akyere Yehowa asomfo adwene mfe pii. Na wofi bere tenten abɔ mmɔden sɛ wobegyina Kyerɛwnsɛm no so akyerɛkyerɛ mu. Na ama wɔasusuw asɛm no ho mpɛn pii. Nanso, awiei koraa no, wonyaa Bible mu mmuae no, na ɛmaa atiefo a na wɔwɔ ɔmantam nhyiam ase wɔ Washington, D.C., wɔ afe 1935 mu no ani gyei kɛse.

Ná asɛm no nyinaa gyina ɔsɛmpɔw biako so: Henanom ne “nnipakuw kɛse” a wɔaka wɔn ho asɛm wɔ Adiyisɛm 7:9 no? So saa gyidifo kuw yi bɛtra soro?

Asɛmmisa a Akyɛ

Nnipa ko a “nnipakuw kɛse” no yɛ kyeree Kristofo adwene fi ɔsomafo Yohane bere so de beduu yɛn bere yi so. Bible Asuafo no buu nnipakuw kɛse no sɛ ɔsoro kuw a wonni mu papa, ekuw a na emufo wɔ Bible ho nimdeɛ nanso wɔanyere wɔn ho antrɛw mu.

Nanso, na nnipa bi wɔ hɔ a wɔde wɔn ho abɔ Kristofo a wɔasra wɔn no a wɔbɛyɛɛ nsi kɛse wɔ asɛmpaka adwuma no mu. Ná wonni anidaso biara sɛ wɔbɛkɔ soro. Nokwarem no, na wɔn anidaso no ne baguam kasa a Yehowa nkurɔfo mae fi afe 1918 besi afe 1922 mu a na n’asɛmti ne “Ɔpepem Pii a Wɔte Ase Nnɛ no Renwu Da” no hyia. Ná nnipa a wɔte saa no benya daa nkwa wɔ asase so.

October 15, 1923, Engiresi Ɔwɛn-Aban no susuw Yesu bɛ a ɛfa nguanten ne mpapo ho no ho kae sɛ: “Nguanten no ne amanaman mufo nyinaa a wɔmfaa honhom nwoo wɔn nanso wɔyɛ adetrenee, na wogye Yesu Kristo tom wɔ wɔn adwenem sɛ Awurade, wɔwɔ anidaso, na wɔrehwɛ bere pa kwan wɔ ne nniso ase no.”—Mateo 25:31-46.

Hann no Hyerɛn Kɛse

Wɔ afe 1931 mu no, Vindication, Nhoma a Edi Kan no, susuw Hesekiel ti 9 ho, na ɛdaa wɔn a wɔahyɛ wɔn moma so agyirae a wɔbɛkora wɔn so wɔ wiase awiei no adi sɛ wɔne nguanten a wɔwɔ Yesu bɛ no mu no. Vindication, Nhoma a Ɛto so Abiɛsa (a wotintimii wɔ afe 1932 mu) no kyerɛkyerɛɛ komapa a Yehonadab a ɔnyɛ Israelni, a ɔtraa Israel hene a wɔasra no, Ɔhene Yehu, teaseɛnam mu ne no kɔe kɔhwɛɛ nsi a Yehu de kunkum atoro asomfo no, daa no adi no mu. (2 Ahene 10:15-28) Nhoma no kae sɛ: “Ná Yehonadab gyina hɔ ma nnipakuw a wɔwɔ asase so mprempren a wɔne Satan ahyehyɛde atwa abusuabɔ mu, na wɔagyina trenee afã, na wɔne nkurɔfo a Awurade bɛkora wɔn so wɔ Harmagedon, de wɔn atwa saa ahohiahia no, na wama wɔn daa nkwa wɔ asase so no anaa ɔyɛ wɔn ho mfonini. Eyinom ne ‘nguanten’ kuw no.”

Wɔ afe 1934 mu no, Ɔwɛn-Aban no maa emu daa hɔ sɛ ɛsɛ sɛ Kristofo a wɔwɔ asase so anidaso no hyira wɔn ho so ma Yehowa na wɔbɔ wɔn asu. Nokwarem no, na asase so kuw yi ho hann no rehyerɛn kɛse!—Mmebusɛm 4:18.

Ntease Hann a Ɛhyerɛn

Adiyisɛm 7:9-17 ho ntease ho hann rebɛhyerɛn yiye. (Dwom 97:11) Ɔwɛn-Aban no daa anidaso a ɛne sɛ ɔmantam nhyiam a na wɔbɛyɛ wɔ May 30 kosi June 3, 1935, wɔ Washington, D.C., U.S.A. no, bɛyɛ “awerɛkyekye ne mfaso ankasa” ama wɔn a Yehonadab yɛ wɔn ho mfonini no adi. Na ɛdaa adi saa ankasa!

Wɔ kasa bi a ɛkanyan adwene a na n’asɛmti ne “Nnipakuw Kɛse No,” a J. F. Rutherford ma maa nhyiamfo 20,000 tiei mu no, ofi Kyerɛwnsɛm mu daa no adi sɛ nnɛyi “nguan foforo” no ara ne “nnipakuw kɛse” a wɔn ho asɛm wɔ Adiyisɛm 7:9 no. (Yohane 10:16) Wɔ ɔkasa yi awiei no, ɔkasafo no bisae sɛ: “Yɛsrɛ mo, wɔn a wɔwɔ anidaso sɛ wɔbɛtra asase so daa no bɛsɔre agyina hɔ anaa?” Bere a atiefo no fã kɛse no ara sɔre gyinae no, Rutherford kae sɛ: “Monhwɛ! Nnipakuw Kɛse No!” Ɛhɔ yɛɛ komm, na afei wɔbɔ gyee so kɛse. Ade kyee no, wɔbɔɔ Yehowa Adansefo foforo 840 asu, a na wɔn mu dodow no ara kyerɛ sɛ wɔyɛ nnipakuw kɛse no mufo.

Mmae a Ɛda Nsow

Ansa na afe 1935 reba no, nnipa dodow no ara a wotiee Bible mu asɛm no na wɔdaa nsiyɛ adi wɔ asɛmpaka adwuma no mu no ani gyee ho sɛ wɔbɛtra ase daa wɔ Paradise asase so. Ná wonni ɔpɛ biara sɛ wɔbɛkɔ soro, efisɛ na Onyankopɔn mmaa wɔn ɔsoro asetra ho anidaso. Da a wɔdaa wɔn ho adi sɛ wɔyɛ nguan foforo no mu nnipakuw kɛse no daa no adi sɛ ɛkame ayɛ sɛ eduu afe 1935 no na wɔreyɛ apaw Kristofo a wɔasra wɔn 144,000 no awie.—Adiyisɛm 7:4.

Bere a Wiase Ko II fii ase no, Satan Bonsam yeree ne ho denneennen sɛ obesiw wɔn a wɔbɛyɛ nnipakuw kɛse no mufo anoboaboa no ano. Wosiw Ahenni ho asɛmpaka adwuma no ano wɔ aman pii mu. Wɔ saa mmere bɔne no mu, ne aka kakra ma J. F. Rutherford awu wɔ January 1942 mu no, Rutherford kae sɛ: “Ɛte sɛ nea ‘nnipakuw kɛse’ no dodow renyɛ kɛse ankasa.”

Nanso, esiane Onyankopɔn nhyira nti, nneɛma asesa. Wɔn a wɔasra wɔn no ne wɔn ahokafo, nguan foforo no, a ‘wɔafi ahotoso mu agyina pintinn’ no, ayɛ asuafoyɛ adwuma no. (Kolosefo 4:12; Mateo 24:14; 28:19, 20) Eduu afe 1946 no na Yehowa Adansefo dodow a wɔreka asɛm no wɔ wiase nyinaa no yɛ 176,456—na eyi mu dodow no ara yɛ nnipakuw kɛse no mufo. Wɔ afe 2000 mu no, na Adansefo bɛboro 6,000,000 na wɔresom Yehowa nokwaredi mu wɔ nsase 235 so—wɔyɛ nnipakuw kɛse ampa! Na wɔn dodow gu so rekɔ anim.