Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Munyi Yehowa Ayɛ Wɔ Ne Nneyɛe Akɛse Ho!

Munyi Yehowa Ayɛ Wɔ Ne Nneyɛe Akɛse Ho!

Munyi Yehowa Ayɛ Wɔ Ne Nneyɛe Akɛse Ho!

“Me kra, kamfo [Yehowa, “NW”] . . . efisɛ Otumfoɔ no ayɛ me ade kɛse.”—Luka 1:46-49.

1. Nneyɛe akɛse bɛn nti na yeyi Yehowa ayɛ ma ɛyɛ nea ɛfata?

ƐFATA sɛ yeyi Yehowa ayɛ wɔ ne nneyɛe akɛse ho. Bere a odiyifo Mose kaa sɛnea woyii Israel fii Misraim ho asɛm no, ɔkae sɛ: “Mo ani ahu [Yehowa, NW] nneyɛe akɛse a ɔyɛe no nyinaa.” (Deuteronomium 11:1-7) Saa ara na bere a ɔbɔfo Gabriel kaa Yesu a wɔbɛwo no ho asɛm kyerɛɛ ɔbaabun Maria no, ɔbea no kae sɛ: “Me kra, kamfo [Yehowa, NW] . . . efisɛ Otumfoɔ no ayɛ me ade kɛse.” (Luka 1:46-49) Sɛ́ Yehowa Adansefo no, yɛkamfo no wɔ ne nneyɛe akɛse te sɛ gye a ogyee Israel fii Misraim nkoasom mu ne ne Dɔba no a wonyinsɛn no anwonwakwan so no ho.

2. (a) Dɛn na Onyankopɔn ‘daa atirimpɔw’ kyerɛ ma adesamma asoɔmmerɛfo? (b) Dɛn na Yohane hui wɔ supɔw Patmo so?

2 Wɔde Yehowa nneyɛe akɛse no pii abata ne ‘daa atirimpɔw’ a ɛne sɛ ɔnam Mesia ne N’ahenni nniso so behyira adesamma asoɔmmerɛfo no ho. (Efesofo 3:8-13) Na saa atirimpɔw no reda adi nkakrankakra bere a wɔmaa ɔsomafo Yohane a na ne mfe akɔ anim no hwɛɛ ɔpon bi a na wɔabue wɔ ɔsoro wɔ anisoadehu mu no. Ɔtee ɛnne bi te sɛ torobɛnto a ɛkae sɛ: “Foro bra ha na mɛkyerɛ wo nea etwa sɛ eyinom akyi no ɛba.” (Adiyisɛm 4:1) Bere a “Onyankopɔn asɛm ne Yesu adanse nti” na Roma aban no atwa Yohane asu ma wakɔtra supɔw Patmo so no, onyaa “Yesu Kristo adiyi.” Nea ɔsomafo no hui na ɔtee no daa Onyankopɔn daa atirimpɔw ho nsɛm pii adi, na ɛnam so maa nokware Kristofo nyaa honhom fam nhumu ne nkuranhyɛ a ɛyɛ ne bere mu de.—Adiyisɛm 1:1, 9, 10.

3. Mpanyimfo 24 a Yohane huu wɔn wɔ anisoadehu mu no gyina hɔ ma henanom?

3 Yohane hwɛɛ ɔsoro pon a na wɔabue no mu huu mpanyimfo 24 a wɔtete ahengua so bobɔ abotiri te sɛ ahemfo. Wɔhwehwee ase Onyankopɔn anim kae sɛ: “[Yehowa, NW], wofata sɛ wugye anuonyam ne nidi ne tumi, efisɛ wo na wobɔɔ nneɛma nyinaa, na wopɛ nti na ɛyeyɛe na wɔbɔe.” (Adiyisɛm 4:11) Saa mpanyimfo no gyina hɔ ma Kristofo a wɔasra wɔn a wɔanyan wɔn afi awufo mu no nyinaa a wɔanya dibea a ɛkorɔn a Onyankopɔn de hyɛɛ wɔn bɔ no. Yehowa nneyɛe akɛse a ɛfa adebɔ ho no kaa wɔn ma woyii no ayɛ. Yɛn nso, Yehowa ‘daa tumi ne ne nyamesu’ a yehu no yɛ yɛn nwonwa. (Romafo 1:20) Na dodow a yesua Yehowa ho ade no, dodow no ara na yenya nea yebegyina so akamfo ne nneyɛe akɛse no.

Ka Yehowa Nneyɛe a Ɛfata Ayeyi no Ho Asɛm Kyerɛ!

4, 5. Ma sɛnea Dawid yii Yehowa ayɛ no ho nhwɛso.

4 Odwontofo Dawid yii Onyankopɔn ayɛ wɔ Ne nneyɛe akɛse ho. Sɛ nhwɛso no, Dawid too dwom sɛ: “Monto ayeyi dwom mma [Yehowa, NW] a ɔte Sion, monka ne nneyɛe nkyerɛ, aman mu, [Yehowa, NW], hu me mmɔbɔ, hwɛ m’amane a efi m’atamfo, wo a woma me so fi owu abobowano, na menka w’ayeyi nyinaa menkyerɛ, Sion babea aponkɛse mu, na minni ahurusi wo nkwagye mu.” (Dwom 9:11, 13, 14) Bere a Dawid de asɔredan no nsusuwso maa ne ba Salomo akyi no, ohyiraa Onyankopɔn yii no ayɛ sɛ: “Wo [Yehowa, NW] na kɛseyɛ ne mmaninyɛ ne anuonyam ne nimdi ne aseda wɔ wo. . . . [Yehowa, NW], na ahenni wɔ wo, na wo na woama wo ho so di ade nyinaa so ti. Na afei, yɛn Nyankopɔn, yɛn de, yɛda wo ase, na yeyi w’anuonyam din no ayɛ.”—1 Beresosɛm 29:10-13.

5 Kyerɛwnsɛm no ka kyerɛ yɛn mpɛn pii—yiw, ɛhyɛ yɛn nkuran—sɛ yenyi Onyankopɔn ayɛ, sɛnea Dawid yɛe no. Onyankopɔn ho ayeyisɛm pii wɔ Nnwom nhoma no mu, na wɔkyerɛ sɛ Dawid na ɔkyerɛw bɛyɛ saa nnwom yi mu fã. Oyii Yehowa ayɛ daa no ase bere nyinaa. (Dwom 69:30) Bio nso, wofi tete de nsɛm a honhom kaa Dawid ne afoforo ma wɔkae no adi dwuma de ayi Yehowa ayɛ.

6. Ɔkwan bɛn so na Nnwom a efi honhom mu no so wɔ yɛn mfaso?

6 Hwɛ mfaso ara a ɛwɔ Nnwom no so ma Yehowa asomfo! Sɛ yɛpɛ sɛ yɛda Onyankopɔn ase wɔ ne nneyɛe akɛse a ɔyɛ ma yɛn nyinaa ho a, yɛn adwene betumi adan akɔ nsɛm a ɛyɛ dɛ a ɛwɔ Nnwom no mu no so. Sɛ nhwɛso no, sɛ ade kye na yɛsɔre a, yebetumi aka nsɛm te sɛ eyinom: “Eye sɛ wɔda [Yehowa, NW] ase na wɔto dwom ma wo din, ɔsorosoroni, sɛ wɔka w’adɔe anɔpa ne wo nokwaredi anadwo, . . . Na wo, [Yehowa, NW], woma m’ani gye wo nneyɛe ho, wo nsa ano nnwuma ho na medi ahurusi.” (Dwom 92:1-4) Sɛ yetumi di akwanside bi a ɛbrɛ yɛn honhom fam nkɔso ase so a, ebetumi aka yɛn ma yɛada yɛn anigye ne anisɔ adi wɔ mpaebɔ mu sɛnea odwontofo no yɛe wɔ ne dwonto mu no sɛ: “Mommra mma yɛnto anigye dwom mma [Yehowa, NW], momma yɛmmɔ ose mma yɛn nkwagye botan. Momma yɛmfa aseda mmra n’anim, na yɛmfa nnwom nni ahurusi mma no.”—Dwom 95:1, 2.

7. (a) Dɛn na ɛfata sɛ yɛhyɛ no nsow wɔ nnwom a Kristofo to no mu pii ho? (b) Dɛn ne ade biako a enti ɛsɛ sɛ yedu asafo nhyiam ase ntɛm na yɛtwɛn kosi sɛ yɛbɛpɔn?

7 Yɛtaa ma yɛn nne so to ayeyi nnwom ma Yehowa wɔ asafo nhyiam, ɔmansin ne ɔmantam nhyiam ahorow ase. Ɛfata sɛ yɛhyɛ no nsow sɛ nnwom yi mu pii gyina nsɛm a efi honhom mu a ɛwɔ Nnwom nhoma no mu no so. Hwɛ anigye ara a yenya sɛ yɛwɔ ayeyi nnwom a ɛhyɛ nkuran a yɛto ma Yehowa nnɛ! Ayeyi nnwom a yɛbɛto ama Nyankopɔn no ne ade titiriw biako a enti ɛsɛ sɛ yedu yɛn asafo nhyiam ahorow ase ntɛm na yɛtwɛn kosi bere a yɛbɛpɔn, na ama yɛatumi ne yɛn mfɛfo gyidifo de dwom ne mpaebɔ ayi Yehowa ayɛ.

‘Munyi Yah Ayɛ!’

8. Dɛn na ɛda adi pefee wɔ asɛmfua “Haleluia” mu, na wɔtaa kyerɛ ase dɛn?

8 Yehowa a yebeyi no ayɛ no da adi pefee wɔ asɛmfua “Haleluia,” a ɛyɛ Hebri asɛmfua a wɔkyerɛw no sɛnea wɔbɔ din no ara a ɛkame ayɛ sɛ wɔkyerɛ ase, “Munyi Yah ayɛ” bere nyinaa no mu. Sɛ nhwɛso no, yehu nsato a emu yɛ hyew yi wɔ Dwom 135:1-3, NW: “Munyi Yah ayɛ. Munyi Yehowa din ayɛ, Yehowa nkoa, munyi no ayɛ, mo a mugyina Yehowa fi, yɛn Nyankopɔn fi adiwo. Munyi Yah ayɛ, na Yehowa ye. Monto dwom mma ne din, na ɛyɛ dɛ.”

9. Dɛn na ɛka yɛn ma yeyi Yehowa ayɛ?

9 Sɛ yedwennwen Onyankopɔn abɔde a ɛyɛ nwonwa ne nneɛma a ɔyɛ ma yɛn nyinaa ho a, ɛho anisɔ a yenya no ka yɛn ma yeyi no ayɛ. Sɛ yesusuw anwonwade a Yehowa yɛ maa ne nkurɔfo tete no ho a, yɛn koma ka yɛn ma yɛkamfo no. Na sɛ yedwennwen nneɛma akɛse a Yehowa ahyɛ ho bɔ sɛ ɔbɛyɛ no ho a, yɛhwehwɛ akwan a yɛbɛfa so ayi no ayɛ na yɛada no ase.

10, 11. Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ te a yɛte ase ankasa no ma yeyi Onyankopɔn ayɛ?

10 Te a yɛte ase ankasa no ma yenya biribi pa gyina so yi Yah ayɛ. Dawid too dwom sɛ: “Meda wo ase sɛ woyɛɛ me ma ɛyɛ hu ne nwonwa; wo nneyɛe yɛ nwonwa, na me kra nim saa yiye.” (Dwom 139:14) Yiw, ‘wɔyɛɛ yɛn maa ɛyɛɛ nwonwa’ na yɛwɔ akyɛde a ɛsom bo te sɛ hu a yehu ade, te a yɛte asɛm, ne dwen a yetumi dwen. Ɛnde so ɛmfata sɛ yɛbɔ yɛn bra wɔ ɔkwan a ɛbɛma yɛayi yɛn Bɔfo no ayɛ so? Saa ara na Paulo kae bere a ɔkyerɛwee sɛ: “Enti sɛ mudidi oo, monom oo, moyɛ biribiara oo, monyɛ ne nyinaa nhyɛ Onyankopɔn anuonyam!”—1 Korintofo 10:31.

11 Sɛ yɛdɔ Yehowa ampa a, yɛbɛyɛ biribiara de ahyɛ no anuonyam. Yesu kae sɛ mmara no mu nea edi kan ne: “Dɔ [Yehowa, NW] wo Nyankopɔn fi wo koma nyinaa mu ne wo kra nyinaa mu ne w’adwene nyinaa mu ne w’ahoɔden nyinaa mu.” (Marko 12:30; Deuteronomium 6:5) Akyinnye biara nni ho sɛ ɛsɛ sɛ yɛdɔ Yehowa na yeyi no ayɛ sɛ yɛn Bɔfo ne “akyɛde pa nyinaa ne adekyɛde a ɛyɛ pɛ nyinaa” Mafo. (Yakobo 1:17; Yesaia 51:13; Asomafo no Nnwuma 17:28) Ntease wom sɛ yɛyɛ saa efisɛ yɛn adwene, yɛn honhom fam gyinabea, ne yɛn honam fam ahoɔden—yɛn nipasu ne nea yetumi yɛ nyinaa—fi Yehowa nkyɛn. Sɛ́ yɛn Bɔfo no, ɛfata sɛ yɛdɔ no na yeyi no ayɛ.

12. Wote nka dɛn wɔ Yehowa nneyɛe akɛse ne nsɛm a ɛwɔ Dwom 40:5 no ho?

12 Yehowa nneyɛe akɛse no ma yenya nneɛma pii a yebegyina so adɔ no na yɛayi no ayɛ! Dawid too dwom sɛ: “[Yehowa, NW], me Nyankopɔn, w’anwonwade ne w’adwene, woama adɔɔso ama yɛn, wɔrentumi mfa biribi nto wo ho; anka mɛka na makasa ho, ɛdɔɔso sen sɛ wobetumi akan.” (Dwom 40:5) Dawid antumi ankan Yehowa anwonwade nyinaa, na saa ara na yɛn nso yentumi nyɛ. Nanso bere biara a yebehu Onyankopɔn nneyɛe akɛse no, momma yenyi no ayɛ.

Nneyɛe a Ɛne Onyankopɔn Daa Atirimpɔw Wɔ Abusuabɔ

13. Ɔkwan bɛn so na yɛn anidaso bata Onyankopɔn nneyɛe akɛse ho?

13 Yɛn daakye anidaso bata Onyankopɔn nnwuma akɛse a ɛfata a ɛne ne daa atirimpɔw wɔ abusuabɔ no ho. Eden atuatew no akyi no, Yehowa de nkɔmhyɛ a edi kan a anidaso wom no mae. Bere a Onyankopɔn rebu ɔwɔ no atɛn no, ɔkae sɛ: “Mede ɔtan mɛto wo ne ɔbea no ntam, ɛne w’asefo ne n’asefo ntam. Ɔno na ɔbɛbɔ wo ti; na wo nso woaka ne nantin.” (Genesis 3:15) Ɔbea no Aseni a wɔahyɛ no ho bɔ ho anidaso no traa adesamma anokwafo komam bere a Yehowa yɛɛ anwonwade kɛse a ɛne sɛ ɔkoraa Noa ne n’abusua so fii wiase nyinaa Nsuyiri a ɛpopaa wiase bɔne bi mu no. (2 Petro 2:5) Nkɔmhyɛ kwan so bɔhyɛ a ɔde maa gyidifo te sɛ Abraham ne Dawid no maa yenyaa nea Yehowa nam saa Aseni no so bɛyɛ no mu nhumu a ɛkɔ akyiri.—Genesis 22:15-18; 2 Samuel 7:12.

14. Dɛn ne Yehowa nneyɛe akɛse a wayɛ ama adesamma no ho nhwɛso a ɛkyɛn so?

14 Adeyɛ a ɛkyɛn so a ɛda Yehowa adi sɛ nea ɔyɛ nneɛma akɛse ma adesamma no sii bere a ɔde ne Ba a ɔwoo no koro—Aseni a wɔahyɛ ne ho bɔ, Yesu Kristo—mae sɛ agyede no. (Yohane 3:16; Asomafo no Nnwuma 2:29-36) Agyede no na ɛma yenyaa nea yebegyina so apata yɛne Onyankopɔn ntam. (Mateo 20:28; Romafo 5:11) Yehowa kaa wɔn a wɔapata wɔne ne ntam a wodi kan no boom wɔ Kristofo asafo a wɔhyehyɛe wɔ Pentekoste 33 Y.B. no mu. Ɛdenam honhom kronkron no mmoa so no, wɔkaa asɛmpa no wɔ baabiara, daa sɛnea Yesu wu ne ne sɔre no bue kwan ma adesamma asoɔmmerɛfo ma wonya daa nhyira wɔ Onyankopɔn soro Ahenni no nniso ase no adi.

15. Ɔkwan bɛn so na Yehowa ayɛ ade anwonwakwan so wɔ yɛn bere yi so?

15 Yɛn bere yi so no, Yehowa ayɛ ade anwonwakwan so de aboaboa Kristofo a wɔasra wɔn a wotwa to no ano. Wɔakura mframa a ɛsɛe ade no mu na ama wɔatumi asɔ 144,000 nkaefo a wɔne Kristo bedi ade wɔ soro no ano. (Adiyisɛm 7:1-4; 20:6) Onyankopɔn ahwɛ ama wɔayi Kristofo a wɔasra wɔn no afi honhom fam nkoasom, “Babilon Kɛse,” wiase nyinaa atoro som ahemman no mu. (Adiyisɛm 17:1-5) Dɛn na saa ogye a wonyae wɔ 1919 mu ne ɔsoro ahobammɔ a efi saa bere no reba wɔanya no ama nkaefo a wɔasra wɔn no ayɛ? Sɛ wɔbɛhyerɛn wɔ adanse a etwa to a wɔde ma no mu, ansa na Yehowa de Satan nneɛma nhyehyɛe bɔne no aba awiei wɔ “ahohiahia kɛse” a ɛreba ntɛmntɛm no mu.—Mateo 24:21; Daniel 12:3; Adiyisɛm 7:14.

16. Dɛn na Ahenni asɛnka adwuma a wɔreyɛ wɔ wiase nyinaa no de reba?

16 Yehowa Adansefo a wɔasra wɔn no de nsi adi wiase nyinaa Ahenni Asɛnka adwuma no anim. Ne saa nti, “nguan foforo” a wɔredɔɔso rebɛyɛ Yehowa asomfo nnɛ. (Yohane 10:16) Yedi ahurusi sɛ hokwan da so wɔ hɔ ma asase sofo a wɔbrɛ wɔn ho ase sɛ wɔbɛba abɛka yɛn ho ma yɛayi Yehowa ayɛ. Wɔbɛkora wɔn a wogye nsato a ɛne “bra” no so no so ma wɔatwa ahohiahia kɛse no, na wɔanya hokwan ayi Yehowa ayɛ daa daa.—Adiyisɛm 22:17.

Nnipa Mpempem Pii Ba Nokware Som Mu

17. (a) Ɔkwan bɛn so na Yehowa nam yɛn asɛnka adwuma no so reyɛ nneɛma akɛse? (b) Ɔkwan bɛn so na Sakaria 8:23 renya mmamu?

17 Mprempren, Yehowa nam yɛn asɛnka adwuma no so reyɛ nnwuma akɛse a ɛfata ayeyi. (Marko 13:10) Mfe kakra a abɛsen yi mu no, wɔabue ‘apon akɛse a emu adwumayɛ dɔɔso ano.’ (1 Korintofo 16:9) Eyi ama wɔatumi aka asɛmpa no wɔ nsasesin akɛse a kan no na nokware no ho atamfo mma kwan no mu. Nnipa a bere bi na wɔte honhom fam sum mu no regye nsato a ese wɔmmɛsom Yehowa no so. Wɔrema nkɔmhyɛ nsɛm yi anya mmamu: “Sɛ asafo [Yehowa, NW] se ni: Nna no mu na mmarima du a wofi amanaman kasa nyinaa mu besuso Yudani biako atade mmuano mu aka sɛ: Yɛne mo bɛkɔ, na yɛate sɛ Onyankopɔn ne mo na ɛte.” (Sakaria 8:23) ‘Wɔn’ a mmarima du yi so wɔn atade mmuano mu no gyina hɔ mahonhom fam Yudafo, ɛnnɛyi Kristofo nkaefo a wɔasra wɔn no. Esiane sɛ du betumi agyina hɔ ama biribi a edi mũ wɔ asase so nti, “mmarima du” no gyina hɔ ma “nnipakuw kɛse” a wɔne “Nyankopɔn Israel” bom ma wɔyɛ “kuw biako” no. (Adiyisɛm 7:9, 10; Galatifo 6:16) Hwɛ anigye ara a ɛyɛ sɛ yehu sɛ nnipa pii ne Yehowa Nyankopɔn asomfo abom de ɔsom kronn rema nnɛ!

18, 19. Adanse bɛn a ɛwɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ Yehowa rehyira asɛnka adwuma no so?

18 Yɛn ani agye sɛ nnipa ɔpedudu pii—nokwarem no, ɔpehaha pii—regye nokware no wɔ nsase a atoro som agye ntini wɔ hɔ a na anka ɛte sɛ nea nkurɔfo rentie asɛmpa no da so. Hwɛ Yearbook of Jehovah’s Witnesses a aba foforo no mu na hwɛ nsase a mprempren Ahenni adawurubɔfo 100,000 kosi nea ɛreyɛ adu 1,000,000 rebu akontaa no. Eyi yɛ adanse a emu yɛ den a ɛkyerɛ sɛ Yehowa rehyira Ahenni asɛnka adwuma no so.—Mmebusɛm 10:22.

19 Sɛ́ Yehowa nkurɔfo no, yeyi yɛn soro Agya no ayɛ na yɛda no ase sɛ wama yɛanya asetram atirimpɔw ankasa, adwuma a mfaso wɔ so, ne daakye anidaso a ɛyɛ anigye. Yɛde ahopere retwɛn bere a Onyankopɔn bɔhyɛ ahorow bɛbam na yɛasi yɛn bo sɛ ‘yɛde yɛn ho besie Onyankopɔn dɔ mu akɔ daa nkwa mu.’ (Yuda 20, 21) Hwɛ sɛnea yɛn ani agye sɛ mprempren nnipakuw kɛse a wɔreyi Onyankopɔn ayɛ no dodow bɛyɛ 6,000,000! Ɛdenam Yehowa nhyira a ɛda adi pefee so no, wɔahyehyɛ nkaefo a wɔasra wɔn no ne wɔn ahokafo nguan foforo no wɔ asafo bɛyɛ 91,000 mu wɔ nsase 235 so. Wɔnam “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no mmɔdenbɔ so ma yɛn nyinaa honhom fam aduan di mee. (Mateo 24:45) Teokrase ahyehyɛde a ɛrenya nkɔso a ɛhyɛ ahwɛfo a wɔwɔ dɔ nsa no nam Yehowa Adansefo baa dwumadibea horow 110 so de Ahenni adwuma no ho akwankyerɛ rema. Yɛde aseda ma sɛ Yehowa akanyan ne nkurɔfo koma ma ‘wɔde wɔn ahonyade a ɛsom bo rehyɛ no anuonyam.’ (Mmebusɛm 3:9, 10) Ne saa nti yɛn asɛnka adwuma a yɛyɛ wɔ wiase nyinaa no kɔ so, na yenya mfiri a yɛde tintim nhoma, Betel ne asɛmpatrɛwfo afie, Ahenni Asa horow, ne Nhyiam Asa horow sɛnea ehia.

20. Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ Yehowa nneyɛe akɛse a ɛfata ayeyi no ho a yebesusuw no ka yɛn?

20 Yɛrentumi mmobɔ nneɛma akɛse a ɛfata ayeyi a yɛn soro Agya no ayɛ no nyinaa din. So obiara a ɔwɔ koma pa betumi aka sɛ ɔrenka Yehowa ayeyifo a wɔaboaboa wɔn ano no ho anaa? Dabida! Ɛnde, momma Onyankopɔn adɔfo nyinaa mfa anigye nteɛm sɛ: “Munyi [Yehowa, NW] ayɛ! Munyi [Yehowa, NW] ayɛ mfi soro, munyi no ayɛ ɔsorosoro. N’abɔfo nyinaa, munyi no ayɛ, . . . mmerante ne mmabaa nso, mpanyin ne mmofra: Wonyi [Yehowa, NW] din ayɛ, sɛ ne din nko na ɛsõ, n’anuonyam tra asase ne ɔsoro so.” (Dwom 148:1, 2, 12, 13) Yiw, ɛnnɛ ne daa nyinaa, momma yenyi Yehowa ayɛ wɔ ne nneyɛe akɛse ho!

Wubebua Dɛn?

• Yehowa nnwuma a ɛfata ayeyi no bi ne dɛn?

• Dɛn nti na wote nka sɛ ɛsɛ sɛ wuyi Yehowa ayɛ?

• Ɔkwan bɛn so na yɛn anidaso ne Onyankopɔn nneyɛe akɛse no wɔ abusuabɔ?

• Ɔkwan bɛn so na Yehowa nam Ahenni asɛnka adwuma no so reyɛ nneɛma a ɛfata ayeyi?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 10]

So wufi koma nyinaa mu ne afoforo bom to ayeyi nnwom ma Yehowa?

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 13]

Yedi ahurusi sɛ hokwan no da so wɔ hɔ ma ahobrɛasefo sɛ wɔbɛba abɛka yɛn ho ma yɛayi Yehowa ayɛ