Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nnipa Amanehunu Ho Asɛnnennen

Nnipa Amanehunu Ho Asɛnnennen

Nnipa Amanehunu Ho Asɛnnennen

“ADƐN ONYANKOPƆN ADƐN?” Wɔkyerɛw saa asɛmti no kakraa wɔ atesɛm krataa bi a nnipa pii kenkan no anim bere a asasewosow bi a ɛsɛee ade sii wɔ Asia Kumaa no. Ná mfonini a ɛka ho no yɛ agya bi a n’adwene ayɛ no basaa a okura ne babea a wɔn fie abu agu no so apira no.

Akodi, ɔkɔm, nsanyare, ne asiane ahorow ama nnipa adi yaw a enni kabea, atew nusu a enni ano, na ama nnipa a wɔn dodow nni ano awuwu. Nea ɛka amanehunu yi ho ne nnipa pii a wɔato wɔn mmonnaa, mmofra a wɔayɛ wɔn ayayade, ne nsɛmmɔnedi afoforo. Susuw nnipa dodow a wopirapira na wowuwu wɔ akwanhyia mu no ho hwɛ. Na nnipa ɔpepepem pii a esiane yare, onyin, ne wɔn adɔfo a wɔawuwu nti wɔredi awerɛhow no nso wɔ hɔ.

Amanehunu a enye koraa no sisii wɔ afeha a ɛto so 20 no mu. Efi afe 1914 besi afe 1918 no, asraafo a wowuwui wɔ Wiase Ko I mu no reyɛ adu ɔpepem du. Abakɔsɛm akyerɛwfo bi ka sɛ ekunkum nnipa a wɔnyɛ asraafo pii saa ara. Wɔ Wiase Ko II mu no, wokunkum asraafo ne ɔmanfo bɛyɛ ɔpepem 50, a na mmea, mmofra ne nkwakoraa a wonni ahobammɔ ɔpepem pii ka ho. Wɔ afeha a etwaam no mu nyinaa no, nnipa ɔpepem pii foforo huu amane wɔ mmusua asetɔre, ɔman anidan, mmusua ntam basabasayɛ, ɔkɔm, ne ohia mu. Historical Atlas of the Twentieth Century no bu akontaa sɛ nnipa bɛboro ɔpepem 180 na wowuwui esiane “nnipadɔm abufuw” a ɛtete saa nti.

Spania influensa a esii wɔ afe 1918/1919 no kunkum nnipa ɔpepem 20. Mfirihyia aduonu a atwam no mu no, AIDS kunkum nnipa bɛyɛ ɔpepem 19, na mprempren nnipa bɛyɛ ɔpepem 35 na wɔanya mmoawa a wɔde ɔyare no ba no bi. Mmofra ɔpepem pii na wonni awofo—AIDS na ekunkum wɔn. Na AIDS rekunkum nkokoaa dodow bi a yennim ano a wonyaa yare no bere a na wɔhyɛ yafunum no.

Wɔnam akwan foforo so reyɛ mmofra ayayade pii. Wɔ afe 1995 awiei no, bere a England Manchester Guardian Weekly retwe adwene asi amanneɛbɔ a Amanaman Nkabom Mmofra Foto (UNICEF), de too gua so no, ɛkae sɛ: “Wɔ ako a wodii wɔ mfirihyia du a etwaam no mu no, wɔakunkum mmofra ɔpepem 2, wɔadi ɔpepem 4-5 dɛm, ama ɔpepem 12 nni baabi te, bɛboro ɔpepem 1 ayɛ nyisaa anaasɛ wɔne wɔn awofo ntam atetew, na ehu aka ɔpepem 10 ma wɔn adwene atu afra.” Nea ɛka eyi ho no, wobu akontaa sɛ wotu nyinsɛn ɔpepem 40 kosi 50 gu—afe biara!

Dɛn na Ɛbɛba Daakye?

Nnipa pii susuw sɛ nea ɛbɛba daakye bɛyɛ hu. Nyansahufo kuw bi kae sɛ: “Nnipa nneyɛe . . . betumi asɛe wiase akosi sɛ nkwa ntumi ntra mu sɛnea yenim no.” Wɔde kaa ho sɛ: “Saa bere yi mpo, nnipa baanum biara mu biako di hia buruburoo a wɔn aduan nso wɔn di, na nnipa du biara nnya aduan pa nni.” Nyansahufo no de hokwan no “bɔɔ nnipa nyinaa kɔkɔ wɔ nea ɛreba no ho” na wɔkae sɛ: “Sɛ yɛbɛkwati amane kɛse a nnipa behu, na yɛn asetra wɔ okyinnsoromma yi so rensɛe koraa a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ nsakrae kɛse wɔ ɔkwan a yɛnam so yɛ asase ne nkwa a ɛwɔ so ho adwuma no mu.”

Dɛn nti na Onyankopɔn ama amanehunu ne atirimɔdensɛm pii ho kwan saa? Ɔkwan bɛn so na wabɔ ne tirim sɛ obedi tebea no ho dwuma? Bere bɛn na ɔbɛyɛ?

[Mfonini Ahorow Fibea wɔ kratafa 3]

Top, wheelchair: UN/DPI Photo 186410C by P.S. Sudhakaran; middle, starving children: WHO/OXFAM; bottom, emaciated man: FAO photo/B. Imevbore