Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Sɛnea wɔka siei wɔ Daniel 9:24 no, bere bɛn na wɔsraa “akronkronne mu adekronkron” no?

Daniel 9:24-27 yɛ nkɔmhyɛ a ɛfa “obirɛmpɔn a wɔasra no”—Kristo—ho. Enti sra a wɔbɛsra “akronkronne mu adekronkron” a wɔkaa ho asɛm siei no mfa Yerusalem asɔrefie no mu Kronkron mu Kronkronbea no ho. Mmom no, asɛm “akronkronne mu adekronkron” no fa Onyankopɔn soro kronkronbea—ɔsoro Kronkron mu Kronkronbea—a ɛwɔ Yehowa honhom mu asɔrefie kɛse no mu no ho. *Hebrifo 8:1-5; 9:2-10, 23.

Bere bɛn na Onyankopɔn honhom mu asɔrefie no fii ase yɛɛ adwuma? Wo de, susuw nea ɛkɔɔ so bere a Yesu kɔe sɛ wɔmmɔ no asu wɔ afe 29 Y.B. mu no ho hwɛ. Efi saa bere no, Yesu dii nsɛm a ɛwɔ Dwom 40:6-8 no ho dwuma wɔ n’asetra mu. Akyiri yi ɔsomafo Paulo kyerɛe sɛ na Yesu abɔ Onyankopɔn mpae sɛ: “Afɔre ne ayɛyɛde, woampɛ, ɔhonam na woasiesie de ama me.” (Hebrifo 10:5) Ná Yesu nim sɛ Onyankopɔn ‘mpɛ’ sɛ wɔkɔ so de mmoa bɔ afɔre wɔ Yerusalem asɔrefie hɔ. Mmom no, na Yehowa asiesie ɔhonam a ɛyɛ pɛ ama Yesu sɛ ɔmfa mmɔ afɔre. Bere a Yesu rekyerɛ ɔpɛ a ofi komam wɔ no, ɔtoaa so sɛ: “Hwɛ, mereba, wɔakyerɛw me ho asɛm wɔ nhoma mmobɔwee no mu sɛ merebɛyɛ nea wo, Onyankopɔn, wopɛ.” (Hebrifo 10:7) Na dɛn na Yehowa kae? Mateo Asɛmpa no ka sɛ: “Wɔbɔɔ Yesu asu wiei no, ntɛm ara na ofii nsu no mu, na hwɛ, ɔsoro bue maa no, na ohuu Onyankopɔn honhom sɛ ɛresian sɛ aborɔnoma aba no so. Na hwɛ, ɛnne bi fi soro kae sɛ: Oyi ne me dɔba a ɔsɔ m’ani.”—Mateo 3:16, 17.

Gye a Yehowa Nyankopɔn gyee Yesu honam a ɔde bɔɔ afɔre toom no kyerɛe sɛ na afɔremuka bi a ɛsen afɔremuka ankasa a na ɛwɔ Yerusalem asɔrefie hɔ no aba. Ná eyi yɛ Onyankopɔn “apɛde” afɔremuka, anaa nhyehyɛe a ɔnam so begye Yesu desani nkwa sɛ afɔre no. (Hebrifo 10:10) Honhom kronkron a wɔde sraa Yesu no kyerɛe sɛ afei de Onyankopɔn de ne honhom mu asɔrefie nhyehyɛe no nyinaa asi hɔ. * Enti, bere a wɔbɔɔ Yesu asu no na wɔsraa Onyankopɔn soro atrae, anaasɛ woyi sii hɔ, sɛ “akronkronne mu adekronkron” wɔ honhom mu asɔrefie kɛse no nhyehyɛe mu.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 3 Sɛ wopɛ sɛ wuhu Onyankopɔn soro asɔrefie no afã horow ho nsɛm a, hwɛ July 1, 1996, Ɔwɛn-Aban, nkratafa 14-19.

[Mfonini wɔ kratafa 27]

Wɔsraa “akronkronne mu adekronkron” no bere a wɔbɔɔ Yesu asu no