Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

‘Nyansa Bɛma Yɛn Nna Adɔɔso’

‘Nyansa Bɛma Yɛn Nna Adɔɔso’

‘Nyansa Bɛma Yɛn Nna Adɔɔso’

SƐ YƐREKA asetram nsɛnnennen ho asɛm a, hena na obegye hia a nyansa ho hia no ho kyim? Nokware nyansa yɛ tumi a wotumi de nimdeɛ ne ntease di dwuma yiye. Ɛbɔ nkwaseasɛm ne agyimisɛm abira ankasa. Enti Kyerɛwnsɛm no tu yɛn fo sɛ yennya nyansa. (Mmebusɛm 4:7) Nokwarem no, nea enti a wɔkyerɛw Bible mu nhoma a ɛne Mmebusɛm no titiriw ne sɛ wɔde behu nyansa ne nteɛso. Ne nnianim nsɛm no kenkan sɛ: “Israel hene Salomo, Dawid ba no, mmebusɛm ni: Sɛ wɔmfa nhu nyansa ne nteɛso, sɛ wɔmfa nhu nhumu nsɛm mu.”—Mmebusɛm 1:1, 2.

Wo de susuw nkyerɛkyerɛ a edi mũ a ɛwɔ Mmebusɛm ti ahorow a edi kan no mu no ho hwɛ. Te sɛ agya bi a ɔwɔ dɔ a ɔrehyɛ ne ba nkuran no, Salomo ka kyerɛ n’akenkanfo sɛ wonnye nteɛso na wɔnwɛn wɔn aso mma nyansa. (Ti 1 ne 2) Ɔkyerɛ yɛn sɛnea yebetumi ne Yehowa anya abusuabɔ na yɛakora yɛn koma so. (Ti 3 ne 4) Otu yɛn fo sɛ yenkura abrabɔ fam ahotew mu. (Ti 5 ne 6) Yiw, nea ɛsom bo ma yɛn ne ɔkwan a obi a ne bra asɛe fa so daadaa nkurɔfo a ɔda no adi kyerɛ yɛn no. (Ti 7) Na hwɛ sɛnea obiara ani gye nyansa a wɔka ho asɛm sɛnkyerɛnne kwan so sɛ onipa no ho! (Ti 8) Ansa na Ɔhene Salomo bɛkɔ so abu mmɛ ntiatiaa wɔ ti ahorow mu akyiri yi no, ɔbɔ nea wadi kan aka ho asɛm no nyinaa mua ma ɛyɛ anigye.—Ti 9.

‘Bra Bedi M’aduan na Nom Me Nsã’

Mmebusɛm no fã a edi kan no awiei nyɛ asɛm a wɔabɔ no mua a ɛnyɛ anigye a ɛka afotu a wɔadi kan de ama no ho nsɛm kɛkɛ. Mmom no, wɔka wɔ ho sɛ ɛbɛ a ɛka koma a ɛyɛ dɛ, na ɛhyɛ ɔkenkanfo nkuran ma ɔhwehwɛ nyansa.

Bible mu nhoma Mmebusɛm ti 9 no de nsɛm yi na efi ase: “Nyansa asi ne dan, wasen n’adum ason.” (Mmebusɛm 9:1) Nhomanimfo bi kyerɛ sɛ, asɛm a ɛne “adum ason” no kyerɛ “ofie kɛse a wɔasi atwa abangua bi ho ahyia, a ofie no fã biara si adum abiɛsa so, na odum biako si ɔfã a ɛto so abiɛsa a ɛne ofie no kwan di nhwɛanim no ase.” Ne nyinaa mu no, nokware nyansa asi ofie a ɛwɔ ahoɔden a egye ahɔho pii.

Wɔasiesie biribiara ama apontow. Ɛnam wɔ hɔ, saa ara na nsã nso wɔ hɔ. Nyansa ama n’ani aku aduan no ne ɔpon no siesie ho. “Wakum ne mmoa, wafra ne nsã, na wasiesie ne pon nso.” (Mmebusɛm 9:2) Ɛda adi sɛ honhom fam aduan a ɛma nhumu a ɛsɛ sɛ yesusuw ho wɔ saa sɛnkyerɛnne kwan so pon yi so.—Yesaia 55:1, 2.

Henanom na wɔto nsa frɛ wɔn ba nokware nyansa pon a watow no ase? “Wasoma ne mmaawa, ɔkɔteɛm kurow mu sorɔnsorɔmmea so sɛ: Nea ɔyɛ atetekwaa mmãn ha! Na nea onni ti no, ose no sɛ: Mommra mmedi m’aduan bi, na monnom me nsã a mafra no bi. Munnyaw ntetekwaa na munnya nkwa, na monnantew nhumu kwan so.”Mmebusɛm 9:3-6.

Nyansa asoma ne mmaawa sɛ wɔnkɔto nsa mfrɛ nkurɔfo. Wɔakɔ mmorɔn a wobetumi ato nsa afrɛ nnipa pii so. Wɔto nsa frɛ obiara—wɔn a ‘wonni ti,’ anaa wɔn a wonni ntease ne ntetekwaa nso. (Mmebusɛm 9:4) Na wɔhyɛ wɔn nkwa ho bɔ. Akyinnye biara nni ho sɛ, ɛkame ayɛ sɛ obiara betumi anya Onyankopɔn Asɛm mu nyansa, a Mmebusɛm nhoma no mu de ka ho no bi. Ɛnnɛ, sɛ́ nokware nyansa asomafo no, Yehowa Adansefo ayere wɔn ho reto nsa afrɛ nnipa wɔ baabiara a wobehu wɔn, sɛ wommesua Bible no. Nokwarem no, nimdeɛ yi a wobenya no betumi de wɔn akɔ daa nkwa mu.—Yohane 17:3.

Ɛsɛ sɛ Kristofo fi ahobrɛase mu gye nyansa nteɛso tom. Ɛsɛ sɛ mmofra ne wɔn a nnansa yi ara na wɔrefi ase asua Yehowa ho ade titiriw no yɛ saa. Esiane sɛ wonni Onyankopɔn akwan ho nimdeɛ pii nti, wobetumi ayɛ nkurɔfo a ‘wonni ti.’ Ɛnyɛ sɛ adwene a wokura nyinaa nye, na mmom egye bere ne mmɔdenbɔ na ama obi anya koma a ɛsɔ Yehowa Nyankopɔn ani ankasa. Eyi hwehwɛ sɛ obi ma ne nsusuwii, n’apɛde, ne ne botae ahorow yɛ nea ɛsɔ Onyankopɔn ani. Hwɛ sɛnea ehia sɛ ‘wɔpɛ asɛm no nufusu kronkron no.’—1 Petro 2:2.

Nokwarem no, so ɛnsɛ sɛ yɛn nyinaa sua ade tra “mfitiasesɛm” no? Nokwarem no, ɛsɛ sɛ yenya “Onyankopɔn ade a emu dɔ” ho anigye, na yenya aduan a ɛyɛ den a ɛfata nnipa a wɔanyin mu ahoɔden. (Hebrifo 5:12-6:1; 1 Korintofo 2:10) “Akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no a Yesu Kristo hwɛ wɔn so tẽẽ no de nsi ma obiara honhom fam aduan ɛbere a ɛsɛ mu. (Mateo 24:45-47) Ɛmmra sɛ yebedidi nyansa pon so denam nsi a yɛde besua Onyankopɔn Asɛm ne Bible ho nhoma ahorow a akoa kuw no yɛ no so.

“Nka Ɔfɛwdifo Anim”

Nteɛso ne animka nso ka nyansa nkyerɛkyerɛ ho. Ɛnyɛ obiara na ogye nyansa adeyɛ yi tom. Enti, kɔkɔbɔ bi wɔ Mmebusɛm nhoma no fã a edi kan no awiei sɛ: “Nea ɔteɛ ɔfɛwdifo so no soa aniwu, na nea ɔka ɔbɔnefo anim no nya nkekae. Nka ɔfɛwdifo anim na wantan wo.Mmebusɛm 9:7, 8a.

Ɔfɛwdifo nya nea ɔrebɔ mmɔden aboa no ma wateɛ ne kwan no ho menasepɔw ne ɔtan. Ɔbɔnefo ani nsɔ mfaso a ɛwɔ animka so. Hwɛ sɛnea nyansa nnim sɛ wobɛbɔ mmɔden de Onyankopɔn Asɛm mu nokware a ɛho wɔ nyam akyerɛkyerɛ obi a ɔtan nokware no anaasɛ ɔpɛ sɛ odi ho fɛw kɛkɛ no! Bere a na ɔsomafo Paulo reka asɛm wɔ Antiokia no, ohyiaa Yudafo kuw bi a na wɔn ani nnye nokware no ho. Wɔbɔɔ mmɔden sɛ wɔne no begye akyinnye denam abususɛm a wɔka tiaa no so, nanso nea Paulo kae ara ne sɛ: “Na sɛ musum [Onyankopɔn asɛm] kyene na mubu mo ho sɛ monsɛ daa nkwa no yi, hwɛ, yɛdan akɔ amanaman no nkyɛn.”—Asomafo no Nnwuma 13:45, 46.

Bere a yɛbɔ mmɔden sɛ yɛde Ahenni ho asɛmpa no bɛkɔ nnipa komapafo nkyɛn no, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye sɛ yɛne fɛwdifo rennye akyinnye. Kristo Yesu kyerɛkyerɛɛ n’asuafo sɛ: “Na mohyɛn ofi bi mu a, munkyia emufo no. Na sɛ ɛsɛ ofi no a, mo asomdwoe mmra so; na sɛ ɛnsɛ no a, mo asomdwoe nsan mmra mo nkyɛn. Na obiara a ɔrennye mo na ɔrentie mo asɛm no, mufi ofi anaa kurow no mu rekɔ a, momporoporow mo nan ase tutuw.”—Mateo 10:12-14.

Sɛnea onyansafo yɛ n’ade wɔ animka ho ne sɛnea ɔfɛwdifo yɛ n’ade wɔ ho no bɔ abira. Salomo kae sɛ: “Ka onyansafo anim, na ɔbɛdɔ wo. Tu onyansafo fo, na ɔbɛkɔ so ahu nyansa.” (Mmebusɛm 9:8b, 9a) Onyansafo nim sɛ “asotwe biara asotwe, mprempren de, ɛnyɛ yɛn sɛ anigyede, na mmom awerɛhowde, nanso akyiri no, ɛsow asomdwoe aba a ɛyɛ trenee ma wɔn a wɔnam so asɔ wɔn ahwɛ no.” (Hebrifo 12:11) Ɛwom sɛ afotu no betumi ayɛ yaw de, nanso dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛyɛ biribi hyɛ ananmu anaa yɛtete yɛn ho bere a yenim sɛ sɛ yegye tom a ɛbɛma yɛayɛ anyansafo no?

Ɔhene nyansafo no toaa so sɛ: “Ma ɔtreneeni nhu de, na ɔbɛkɔ so n’adenim mu.” (Mmebusɛm 9:9b) Obiara nni hɔ a onim nyansa dodo anaa wanyin dodo sɛ obesua ade. Hwɛ anigye a ɛyɛ sɛ yehu sɛ wɔn a wɔn mfe akɔ anim gye nokware no na wohyira wɔn ho so ma Yehowa! Ɛmmra sɛ yɛn nso yɛbɛbɔ mmɔden akɔ so anya ɔpɛ sɛ yebesua ade na ama yɛn adwenem ada hɔ.

“Wɔde Nkwa Mfe Bɛka Wo Ho”

Bere a Salomo resi ɔsɛmpɔw a yɛresusuw ho no mu asɛntitiriw so dua no, ɔkaa nea enti a ɛsɛ sɛ yenya nyansa no ho asɛm. Ɔkyerɛwee sɛ: “Nyansa mfiase ne [Yehowa, “NW”] suro, na ɔkronkronni no ho nimdeɛ ne nhumu.” (Mmebusɛm 9:10) Sɛ yɛannya nokware Nyankopɔn no ho suro a emu dɔ a, yentumi nnya Onyankopɔn nyansa. Obi betumi anya adwene a nimdeɛ ahyɛ no ma, nanso sɛ onni Yehowa ho suro a, ontumi mfa saa nimdeɛ no nni dwuma wɔ ɔkwan a ɛhyɛ Ɔbɔadeɛ no anuonyam so. Obetumi akeka nokwasɛm bi a wogye tom ho nsɛm a ɛnyɛ nokware mpo, na ama wayɛ ɔkwasea. Afei nso, Yehowa, Ɔkronkronni no, ho nimdeɛ hia na ama yɛanya ntease, nyansa su a ɛda nsow.

Aba bɛn na nyansa sow? (Mmebusɛm 8:12-21, 35) Israel hene no kae sɛ: “Me na wo nna de bɛdɔɔso, na wɔde nkwa mfe bɛka wo ho.” (Mmebusɛm 9:11) Fekuw a wɔkɔ so ne nyansa bɔ de onyinkyɛ ne nkwa mfe na ɛba. Yiw, “nyansa gye ne wura nkwa.”—Ɔsɛnkafo 7:12.

Ɛyɛ yɛn ankasa asɛyɛde sɛ yɛbɛyere yɛn ho anya nyansa. Bere a Salomo resi nokwasɛm yi so dua no, ɔkae sɛ: “Sɛ wuhu nyansa a, wuhu fa, na sɛ wudi fɛw a, wo nko na wobɛsoa.” (Mmebusɛm 9:12) Onyansafo nya ne nyansa so mfaso, na wɔbɔ fɛwdifo nkutoo sobo wɔ n’ankasa amanehunu ho. Nokwarem no, yetwa nea yegu. Ɛnde, ɛmmra sɛ ‘yɛbɛyɛ asõ atie nyansa.’—Mmebusɛm 2:2.

“Ɔbea Kwasea Yɛ Ɔkasafo”

Bere a Salomo reyɛ ntotoho no, ɔkae sɛ: “Ɔbea kwasea yɛ ɔkasafo, tibɔnkɔso a onnim hwee; ɔtra ne fi abobowano, kurow mu sorɔnsorɔn hɔ agua so, sɛ ɔrefrɛ wɔn a wɔresen ɔkwan so, wɔnam wɔn nkwammɔne so tẽe no sɛ: Nea ɔyɛ atetekwaa mman ha!”Mmebusɛm 9:13-16a.

Wɔka ɔkwasea ho asɛm sɛ ɔbea a onnim nyansa a ɔkasa gyegyeegye. Ɔno nso asi ne fie. Wafa adwuma ato ne ho so sɛ ɔbɛfrɛ obiara a ɔyɛ atetekwaa. Enti wɔn a wɔretwam no wɔ hokwan sɛ wɔpaw nea wɔbɛyɛ. So wobegye nyansa frɛ so anaa kwasea de so?

“Nsu a Wowia Yɛ Fremfrem”

Nyansa ne kwasea nyinaa frɛ atiefo sɛ ‘wɔmman ha.’ Nanso, ɔfrɛ no gu ahorow. Nyansa frɛ nkurɔfo sɛ wɔmmɛnom nsã, nni nam, ne aduan. Nea kwasea de frɛfrɛ nkurɔfo no kae yɛn ɔbea guamanfo akwan no. Salomo kae sɛ: “Nea onni ti nso, ose no sɛ: Nsu a wowia yɛ fremfrem, na ahintaduan yɛ dɛ!”Mmebusɛm 9:16b, 17.

Sɛ́ anka “ɔbea Gyimifo” bɛma nsã a wɔafra no, ɔde nsu a wɔawia na ɛma. (Mmebusɛm 9:13, New International Version) Wɔ Kyerɛwnsɛm mu no, wɔde nna mu kyɛfa a obi ne ne yere a ɔdɔ no nya toto nsu a emu dwo a obi nom ho. (Mmebusɛm 5:15-17) Ɛnde, nsu a wowia gyina hɔ ma nna mu nkitahodi a ɛyɛ ɔbrasɛe a wɔyɛ sie. Wɔma nsu a ɛte saa no yɛ sɛ nea ɛyɛ fremfrem—ɛyɛ dɛ sen nsã—esiane sɛ wowia na ɛte sɛ nea obiara nhu nti. Wɔma ahintaduan no yɛ te sɛ nea ɛyɛ dɛ kɛse sen nyansa aduan ne nam no, esiane sɛ wɔnam kwammɔne so na enya nti. Sɛ́ obi bebu biribi a wɔabara a wɔyɛ no sum ase sɛ anigyede no kyerɛ kwasea a ɔyɛ.

Bere a nkwa ho bɔhyɛ wɔ nyansa frɛ mu no, ɔbea kwasea no nka nea sɛ obi fa n’akwan no so a ebefi mu aba ho asɛm biara. Nanso, Salomo bɔɔ kɔkɔ sɛ: “Nso onnim sɛ nsamanfo wɔ hɔ, asaman abun mu na wɔn a wahyia wɔn no wɔ.” (Mmebusɛm 9:18) Nhomanimfo bi kyerɛwee sɛ: “Ɔbea Gyimifo no dan no nyɛ ofie na mmom ɔboda kɛse. Sɛ wohyɛn mu a woremfi mu mfi ani kann.” Nyansa nnim sɛ wobɛbɔ brabɔne; edi awu.

Yesu Kristo kae sɛ: “Monhyɛn ɔpon teateaa no mu; na ɔpon a ɛso ne ɔkwan a ɛtrɛw no ne nea ɛkɔ ɔsɛe mu no, na wɔn a wɔhyɛn mu no yɛ pii. Na ɔpon teateaa ne ɔkwan hihiaa no ne nea ɛkɔ nkwa mu, na wɔn a wohu no sua.” (Mateo 7:13, 14) Ɛmmra sɛ yebedidi nyansa pon so bere nyinaa, na yɛaka wɔn a wɔnam nkwa kwan so no ho.

[Mfonini wɔ kratafa 31]

Onyansafo gye nteɛso tom

[Mfonini wɔ kratafa 31]

Ɛyɛ ankorankoro asɛyɛde sɛ wɔhwehwɛ nyansa