Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Onyankopɔn Akwankyerɛ A Wogyina So Paw Aware Mu Ɔhokafo

Onyankopɔn Akwankyerɛ A Wogyina So Paw Aware Mu Ɔhokafo

Onyankopɔn Akwankyerɛ A Wogyina So Paw Aware Mu Ɔhokafo

“Mebue w’adwenem, na makyerɛ wo ɔkwan a wobɛfa so, m’ani wɔ wo so, na metu wo fo.”—DWOM 32:8.

1. Nneɛma bɛn na ehia na ama aware ayɛ yiye?

AFUNIBUFO bi huruw fi apa a ogyina so no so bu fa so wɔ wim. Bere a ɔdannan ne ho wɔ wim no, ɔteɛ ne nsa ma ne yɔnko a ne ti hwɛ fam na ne nan hwɛ soro no so no mu. Awarefo bi a wɔde skate ahyehyɛ wɔn nan ase retu mmirika wɔ asukyenee so. Prɛko pɛ ɔbarima no pagya ne hokafo no na ɔtow no kɔ wim. Ɔbea no twa ne ho na ɔsan si skate no so ma ɛyɛ fɛ, na ɔkɔ so ne ɔbarima no twa wɔn ho wɔ asukyenee no so. Ɛte sɛ nea nneɛma abien no nyinaa yɛ nyɛ den. Nanso, hena na ɔbɛsɔ ahwɛ bere a onsuaa sɛnea wɔyɛ no, onni obi a ne ho akokwaw a ɔne no bɛyɛ, na ne titiriw no onni ɛho akwankyerɛ a ɛfata. Saa ara na aware pa betumi ayɛ te sɛ nea ɛbae ara kwa. Nanso, ɛno nso gyina ɔhokafo pa, ade a wɔyɛ bom, ne ne titiriw no, afotu a nyansa wom so. Nokwarem no, akwankyerɛ pa ho hia.

2. (a) Hena na ɔde aware nhyehyɛe no sii hɔ, na atirimpɔw bɛn ntia? (b) Ɔkwan bɛn so na wɔafa ayɛ aware binom ho nhyehyɛe?

2 Ɛnyɛ nwonwa sɛ ɔbarima anaa ɔbea a ɔnwaree besusuw aware mu hokafo ho—obi a ɔne no bɛbɔ bra. Efi bere a Yehowa Nyankopɔn hyehyɛe no, ɔbarima ne ɔbea aware abɛyɛ asetra mu ade. Nanso ɛnyɛ ɔbarima a odi kan, Adam na ɔpaw ne yere. Yehowa na ofi ɔdɔ mu de no maa no. (Genesis 2:18-24) Ná ɛsɛ sɛ awarefo a wodi kan no ase dɔre sɛnea ɛbɛyɛ a awiei koraa no nnipa bɛyɛ asase so ma. Saa nkabom a edi kan no akyi no, okunu ne ɔyere no awofo na na wɔtaa yɛ aware ho nhyehyɛe, na ɛtɔ mmere bi a wɔn a wɔbɛware no pene so ansa na wɔayɛ. (Genesis 21:21; 24:2-4, 58; 38:6; Yosua 15:16, 17) Ɛwom sɛ aware a wɔhyehyɛ da so ara kɔ so wɔ aman bi so de, nanso ɛnnɛ, nnipa pii ankasa na wɔpaw wɔn aware mu hokafo.

3. Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ wɔpaw aware mu hokafo?

3 Ɔkwan bɛn na ɛsɛ sɛ wɔfa so paw aware mu hokafo? Honam ani hwɛbea na ɛtwetwe ebinom—nea ɛyɛ wɔn aniwa fɛ a wɔpɛ. Afoforo nso hwehwɛ ahonyade, obi a ɔbɛhwɛ wɔn yiye ama wɔanya wɔn ahiade ne nea wɔpɛ. Nanso so eyi mu biara betumi ama obi anya aware a ɛyɛ anigye na abotɔyam wom? Mmebusɛm 31:30 ka sɛ: “Osoowayɛ yɛ nnaadaa, na ahoɔfɛ yɛ ahuhude; ɔbea a osuro [Yehowa, NW] na wobeyi no ayɛ.” Asɛntitiriw bi wom: Sɛ worepaw ɔhokafo a, susuw Yehowa ho.

Onyankopɔn Akwankyerɛ a Ɔdɔ Wom

4. Mmoa bɛn na Onyankopɔn de ma wɔ aware mu hokafo a wɔpaw ho?

4 Yɛn soro Agya a ɔwɔ dɔ, Yehowa, akyerɛw N’asɛm ama yɛn na akyerɛ yɛn kwan wɔ biribiara mu. Ɔka sɛ: “Me [Yehowa, NW], wo Nyankopɔn, mene nea ɔkyerɛ wo nea eye ma wo, na ogya wo kɔ ɔkwan a fa so no so.” (Yesaia 48:17) Enti ɛnyɛ nwonwa sɛ yebehu sɛnea wɔpaw aware mu hokafo ho akwankyerɛ a mfaso wɔ so bere nyinaa wɔ Bible mu. Yehowa pɛ sɛ yɛn aware tra hɔ daa na ɛyɛ anigye. Enti, wama yɛn nneɛma a ɛbɛboa yɛn ma yɛate akwankyerɛ ahorow yi ase na yɛde adi dwuma. So ɛnyɛ eyi ne nea yɛbɛhwɛ kwan sɛ yɛn Bɔfo a ɔdɔ yɛn no de bɛma yɛn?—Dwom 19:8.

5. Dɛn na ehia paa na ama wɔanya aware mu anigye a ɛtra hɔ daa?

5 Bere a Yehowa de aware nhyehyɛe no sii hɔ no, na n’atirimpɔw ne sɛ ɛbɛtra hɔ daa. (Marko 10:6-12; 1 Korintofo 7:10, 11) Enti ‘ɔtan awaregu,’ gye sɛ egyina “aguamammɔ” nkutoo so. (Malaki 2:13-16; Mateo 19:9) Enti aware mu hokafo a yɛbɛpaw no yɛ anammɔn ahorow a anibere wom a yebetumi atu no mu biako, na ɛnsɛ sɛ yebu no adewa. Gyinaesi kakraa bi na ebetumi de anigye anaa awerɛhow aba te sɛ aware. Bere a ɔhokafo pa a obi bɛpaw no betumi ama wanya asetra pa ne abotɔyam no, ɔhokafo a ɔmfata a ɔbɛpaw no betumi ama wadi awerɛhow daa. (Mmebusɛm 21:19; 26:21) Sɛ anigye bɛkɔ so atra aware mu a, ehia sɛ wofi nyansam paw ɔhokafo na wonya ɔpɛ sɛ wɔbɛma aware no atra hɔ daa, efisɛ Onyankopɔn hyehyɛɛ aware sɛ ayɔnkofa a ebegyina biakoyɛ so na atumi ayɛ yiye.—Mateo 19:6.

6. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ mmerante ne mmabaa titiriw hwɛ yiye wɔ aware mu hokafo a wɔbɛpaw ho, na ɔkwan bɛn so na wobetumi asi gyinae a nyansa wom sen biara?

6 Ehia titiriw sɛ mmerante ne mmabaa hwɛ yiye na ahoɔfɛ ne nkate a ano yɛ den ansɛe wɔn adwene bere a wɔpaw ɔhokafo no. Nokwarem no, ayɔnkofa a egyina nneɛma a ɛte saa nkutoo so no betumi akowie animtiaabu ne ɔtan mpo mu. (2 Samuel 13:15) Nea ɛne no bɔ abira no, yebetumi anya ɔdɔ a ɛtra hɔ daa bere a yehu sɛnea yɛn hokafo no te na yɛte yɛn ho yɛn ho ase yiye nso no. Ɛsɛ sɛ yehu nso sɛ ɛnyɛ nea yɛn koma pɛ mfiase no na ebia eye ma yɛn. (Yeremia 17:9) Enti na ɔsoro akwankyerɛ a ɛwɔ Bible mu no ho hia paa no. Ɛboa yɛn ma yehu sɛnea yebetumi asisi gyinae a nyansa wom sen biara wɔ asetram. Odwontofo no gyinaa Yehowa ananmu kae sɛ: “Mebue w’adwenem, na makyerɛ wo ɔkwan a wobɛfa so, m’ani wɔ wo so, na metu wo fo.” (Dwom 32:8; Hebrifo 4:12) Bere a aware betumi ama yɛanya ɔdɔ ne ayɔnkofa a yefi awosu mu hia no, ɛsan de nsɛnnennen a ehia sɛ yɛde ahokokwaw ne nhumu di ho dwuma ba.

7. Dɛn nti na ebinom nnye afotu a egyina Bible so ntom bere a wɔpaw aware mu hokafo no, nanso ɛhefa na adeyɛ a ɛte sɛɛ yi betumi akowie?

7 Nyansa wom sɛ yebetie nea aware Hyehyɛfo no wɔ ka wɔ sɛnea wɔpaw ɔhokafo no ho. Nanso sɛ awofo anaa Kristofo mpanyimfo de afotu a egyina Bible so ma a, yetumi bɔ gu ntɛm ara. Ebia yɛte nka sɛ wɔnte yɛn ase ankasa, na nkate a emu yɛ den betumi apiapia yɛn ma yɛadi yɛn koma akyi. Nanso bere bi akyi no sɛ nneɛma fa yɛn ani so a, ebia yebenu yɛn ho sɛ yɛantie afotu a nyansa wom a yɛn yiyedi nti wɔde maa yɛn no. (Mmebusɛm 23:19; 28:26) Yebetumi de yɛn ho akɔhyɛ aware a ɔdɔ nnim mu, awo mma a yentumi nhwɛ wɔn, na ebia yɛaware ɔhokafo a ɔnyɛ gyidini mpo. Hwɛ awerɛhow ara a ɛbɛyɛ sɛ nhyehyɛe a anka ebetumi ama yɛanya anigye kɛse no bɛdan ade a ɛma yɛn ho hiahia yɛn kɛse!

Onyamesom Pa—Ade Titiriw

8. Ɔkwan bɛn so na onyamesom pa betumi aboa ma aware agyina na ɛde anigye aba?

8 Nokwarem no, awarefo ani a ebegye wɔn ho wɔn ho no boa ma aware sɔ. Nanso gyinapɛn biako a wobekura mu no ho hia paa na ama aware agyina na ayɛ anigye. Som a nnipa baanu no nyinaa bɛbom asom Yehowa Nyankopɔn no ma wonya abusuabɔ a ɛtra hɔ daa, na ɛde biakoyɛ ba aware mu sen biribi foforo biara. (Ɔsɛnkafo 4:12) Sɛ Kristofo awarefo de wɔn aware gyina Yehowa nokware som so a, ɛka wɔn bom honhom fam, adwenem, ne abrabɔ fam. Wɔbom sua Onyankopɔn Asɛm. Wɔbom bɔ mpae, na ɛno ka wɔn koma bom. Wɔbom kɔ Kristofo nhyiam ahorow na wɔbom yɛ adwuma wɔ asɛnka mu. Eyinom nyinaa boa ma wonya honhom fam abusuabɔ a ɛka wɔn bɛn wɔn ho wɔn ho. Nea ehia sen biara no, ɛma wonya Yehowa nhyira.

9. Dɛn na Abraham yɛe bere a na ɔrepɛ yere ama Isak no, na dɛn na efii mu bae?

9 Esiane tete agya nokwafo Abraham nyamesom pa nti, ɔhwehwɛe sɛ ɔbɛsɔ Onyankopɔn ani bere a ɛbae sɛ ɔbɛpaw ɔyere ama ne ba Isak no. Abraham ka kyerɛɛ ne fiehwɛfo a ogye no di paa no sɛ: ‘Mɛma woaka Yehowa, ɔsoro Nyankopɔn ne asase Nyankopɔn, ntam sɛ worenware Kanaanfo a mete wɔn mu yi mmabea mu bi mma me ba. Na kɔ me kurow ne m’abusua mu kɔware yere ma me ba Isak. Yehowa bɛsoma ne bɔfo adi w’anim, na woakɔware yere afi hɔ abrɛ me ba.’ Rebeka bɛyɛɛ ɔyepa a na Isak dɔ no yiye.—Genesis 24:3, 4, 7, 14-21, 67.

10. Kyerɛwnsɛm mu asɛyɛde bɛn na ɛda okununom ne ɔyerenom so?

10 Sɛ yɛyɛ Kristofo a yɛnwaree a, onyamesom pa bɛboa yɛn ma yɛanya su ahorow a ɛbɛboa yɛn ma yɛadu Kyerɛwnsɛm mu ahwehwɛde ma aware no ho. Asɛyɛde ahorow a ɛsɛ sɛ okunu ne ɔyere di akyi ne nea ɔsomafo Paulo kae yi: “Ɔyerenom, mommrɛ mo ho ase mma mo ankasa mo kununom, sɛ moyɛ ma Awurade. . . . Okununom, monnɔ mo yerenom, sɛnea Kristo nso dɔ asafo no na ɔde ne ho mae maa no. . . . Ɛsɛ okununom sɛ wɔdɔ wɔn ankasa wɔn yerenom sɛ wɔn ankasa nipadua. . . . Mo mmiako mmiako nso, momma obiara nnɔ n’ankasa ne yere saa ara sɛ ne ho; na ɔyere de, ɔmfɛre ne kunu.” (Efesofo 5:22-33) Sɛnea yetumi hu no, Paulo afotu a efi honhom mu no si hia a ɔdɔ ne obu ho hia so dua. Afotu yi a yebedi akyi no hwehwɛ sɛ yenya Yehowa ho suro pa. Ɛhwehwɛ sɛ yefi yɛn koma nyinaa mu de yɛn ho hyem wɔ bere a eye ne nea enye nyinaa mu. Ɛsɛ sɛ Kristofo a wɔresusuw aware ho no tumi di asɛyɛde yi ho dwuma.

Bere a Ɛsɛ sɛ Woware Ho Gyinae a Wubesi

11. (a) Bere a ɛsɛ sɛ obi ware ho afotu bɛn na ɛwɔ Kyerɛwnsɛm no mu? (b) Nhwɛso bɛn na ɛkyerɛ sɛ nyansa wom sɛ yebedi Bible mu afotu a ɛwɔ 1 Korintofo 7:36 no so?

11 Hu a yebehu bere a yɛaso aware no ho hia paa. Esiane sɛ ɛsono ankorankoro biara nti, Kyerɛwnsɛm no nhyɛ mfe bi. Nanso ɛkyerɛ sɛ eye sɛ yɛtwɛn kosi sɛ ‘mmerateberem ahohyehye,’ bere a nna ho akɔnnɔ betumi ama yɛasi gyinae a ɛnteɛ no betwam. (1 Korintofo 7:36, NW) Michelle ka sɛ: “Bere a mihui sɛ me nnamfonom reyɛ aware nhyehyɛe na wɔreware, bere a na wɔn mu dodow no ara nnya nnii mfe aduonu no, na ɛtɔ mmere bi a ɛyɛ den sɛ mede afotu yi bedi dwuma. Nanso mihui sɛ afotu no fi Yehowa, na nea ɛso bɛba yɛn mfaso nkutoo na ɔka kyerɛ yɛn. Bere a na meretwɛn ansa na maware no, mitumi de m’adwene sii me ne Yehowa ntam abusuabɔ, ne asetra mu osuahu a wuntumi nnya bere a wunnya nnii mfe aduonu no so. Mfe bi akyi no, na masiesie me ho yiye sɛ medi asɛyɛde ahorow ne afei nsɛnnennen a ɛsɔre wɔ aware mu no ho dwuma.”

12. Dɛn nti na nyansa nnim sɛ obi bɛpere ne ho aware?

12 Mpɛn pii no, wɔn a wɔpere wɔn ho ware no hu sɛ wɔn ahiade ahorow ne nneɛma a wɔpɛ sakra bere a wonyin no. Afei wobehu sɛ wɔn ani nnye nneɛma a mfitiase no na wɔn ani gye ho no ho bio. Kristoni abeawa bi sii ne bo sɛ ɔbɛware bere a na wadi mfe 16. Ne nanabea ne ne maame nyinaa waree bere a na wɔadi saa mfe no ara. Bere a aberante bi a na n’ani gye ne ho anware no saa bere no, ɔpaw obi foforo a na ɔwɔ ɔpɛ sɛ ɔbɛware no. Nanso akyiri yi, odii pere a ɔperee ne ho sii gyinae no ho yaw yiye.

13. Mpɛn pii no, dɛn na wɔn a wɔpere wɔn ho ware no tɔ mu sin?

13 Sɛ woresusuw aware ho a, ehia sɛ wote nea ɛwom no nyinaa ase yiye. Mperewa-ware betumi de ɔhaw ahorow pii a ɛda adi sɛ awarefo a wonnyinii no nsiesiee wɔn ho sɛ wobedi ho dwuma aba. Ebetumi aba sɛ wɔn ho nkokwawee na wonni osuahu a ɛsɛ a wɔde bedi aware mu dadwen ne abayɛn ho dwuma. Sɛ yɛbɛware a, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ hu sɛ yɛasiesie yɛn ho honam fam, adwenem, ne honhom fam sɛ yɛde yɛn ho bɛhyɛ ayɔnkofa a ɛtra hɔ daa mu.

14. Dɛn na ehia na ama yɛadi tebea horow a ɛhaw adwene wɔ aware mu ho dwuma?

14 Paulo kyerɛwee sɛ wɔn a wɔware no “ho behia wɔn ɔhonam mu.” (1 Korintofo 7:28) Nsɛnnennen bɛsɔre efisɛ nnipa baanu a ɛsono wɔn mu biara na ahyia, na wɔn adwene renhyia. Esiane nnipa sintɔ nti, ebetumi ayɛ den sɛ yebedi Kyerɛwnsɛm mu asɛyɛde a ɛsɛ sɛ yedi ho dwuma wɔ aware nhyehyɛe mu no so. (1 Korintofo 11:3; Kolosefo 3:18, 19; Tito 2:4, 5; 1 Petro 3:1, 2, 7) Egye ahokokwaw ne honhom fam nnyinaso na yɛatumi adi ɔsoro akwankyerɛ akyi na yɛafi ɔdɔ mu adi tebea horow a ɛhaw adwene ho dwuma.

15. Dwuma bɛn na awofo betumi adi de asiesie wɔn mma ama aware? Ma mfatoho.

15 Awofo betumi asiesie wɔn mma ama aware denam boa a wɔbɛboa wɔn ma wɔate hia a ehia sɛ wodi ɔsoro akwankyerɛ akyi so. Ɛdenam Kyerɛwnsɛm ne Kristofo nhoma a awofo befi ahokokwaw mu de adi dwuma so no, wobetumi aboa wɔn mma ma wɔahu sɛ ebia wɔn anaa nea wɔpɛ sɛ wɔware no no asiesie ne ho ama aware nhyehyɛe no anaa. * Ná Blossom a wadi mfe 18 no susuw sɛ ɔdɔ aberante bi a ɔne no wɔ asafo mu. Ná aberante no yɛ daa kwampaefo, na na wɔpɛ sɛ wɔware. Nanso Blossom awofo ka kyerɛɛ no sɛ ɔntwɛn afe, efisɛ na wosusuw sɛ ɔda so ara yɛ abofra. Ɔkyerɛwee akyiri yi sɛ: “Ɛyɛ me anigye paa sɛ mitiee saa afotu a nyansa wom no. Wɔ afe ntam no, me ho bɛkokwawee kakra na mifii ase hui sɛ saa aberante yi nni su ahorow a ɛbɛma wayɛ aware mu hokafo pa. Awiei koraa no, ofii ahyehyɛde no mu, na biribi a anka ɛbɛyɛ asiane wɔ m’asetra mu no paree me. Hwɛ anigye a ɛyɛ sɛ wubenya awofo a wonim nyansa a wubetumi de wo ho ato wɔn nsusuwii so!”

‘Awurade Mu Nko na Ware’

16. (a) Ɔkwan bɛn so na wobetumi asɔ Kristofo ahwɛ wɔ ‘Awurade mu a wɔbɛware’ no ho? (b) Sɛ wɔsɔ Kristofo hwɛ sɛ wɔnware obi a onnye nni a, dɛn na ɛsɛ sɛ wosusuw ho?

16 Yehowa akwankyerɛ ma Kristofo no mu da hɔ pefee: ‘Awurade mu nko na ware.’ (1 Korintofo 7:39) Wobetumi asɔ Kristofo mmofra ne awofo ahwɛ wɔ eyi mu. Ɔkwan bɛn so? Ebia na mmerante ne mmabaa pɛ sɛ wɔware, nanso ebia na wonnya ahokafo wɔ asafo no mu. Ɔkwan bi so no, saa na ɛte. Ebetumi aba sɛ mmea no dɔɔso sen mmarima no wɔ baabi, anaasɛ ebia na obi a ɔfata nni hɔ. Ebia aberante bi a onhyiraa ne ho so wɔ asafo no mu bɛkyerɛ Kristoni ababaa bi ho anigye (anaa ababaa a onhyiraa ne ho so nso bɛkyerɛ Kristoni aberante bi ho anigye), na ebia awofo no bɛte nka sɛ ɛsɛ sɛ wobu gyinapɛn a Yehowa de asi hɔ no so. Wɔ tebea a ɛte saa mu no, ɛbɛyɛ papa sɛ yesusuw Abraham nhwɛso no ho. Ɔkwan biako a okuraa ɔne Onyankopɔn ntam abusuabɔ mu ne sɛ ɔhwɛ hui sɛ ne ba Isak bɛware Yehowa nokware somfo. Saa ara na Isak yɛe wɔ ne ba Yakob ho. Eyi gyee mmɔdenbɔ wɔ wɔn nyinaa fam, nanso ɛsɔɔ Onyankopɔn ani, na ɛma ohyiraa wɔn.—Genesis 28:1-4.

17. Dɛn nti na ɛda adi sɛ obi a onnye nni a yɛbɛware no no de ɔhaw bɛba, na dɛn titiriw paa nti na ɛsɛ sɛ ‘yɛware Awurade mu nko’?

17 Wɔn a wɔnyɛ gyidifo no mu kakraa bi pɛ na awiei koraa no wɔbɛyɛ Kristofo. Nanso mpɛn pii no, wɔn a wɔnyɛ gyidifo aware kowie amanehunu mu. Wɔn a wɔntwe kondua koro yi nni gyidi biako, gyinapɛn anaa botae koro. (2 Korintofo 6:14) Eyi betumi anya nkɔmmɔbɔ ne aware mu anigye so nkɛntɛnso bɔne. Sɛ nhwɛso no, Kristoni bea bi dii yaw kɛse wɔ nokwasɛm a ɛyɛ sɛ bere a wɔapɔn nhyiam bi a ɛma denhyɛ akyi no, ontumi nkɔ fie ne ne kunu a onnye nni no nkosusuw honhom fam nneɛma ho. Nokwarem no, nea ehia paa ne sɛ, ‘Awurade mu a obi bɛware’ no kyerɛ nokwaredi ma Yehowa. Sɛ yedi Onyankopɔn Asɛm so a, yɛn koma mmu yɛn fɔ, efisɛ na yɛreyɛ “nea ɛsɔ n’ani.”—1 Yohane 3:21, 22.

18. Sɛ yɛresusuw aware ho a, nsɛm a ɛho hia bɛn na ɛsɛ sɛ yesusuw ho, na dɛn ntia?

18 Sɛ yesusuw aware ho a, ɛsɛ sɛ yɛma nea yɛpɛ sɛ yɛware no no suban ne ne honhom fam gyinabea ho hia yɛn titiriw. Kristoni nipasu, ne Onyankopɔn ho dɔ ne ahofama a edi mu ho hia sen ahoɔfɛ. Wɔn a wɔkyerɛ asɛyɛde a ɛne sɛ wɔbɛyɛ awarefo a wɔyɛ den wɔ honhom mu ho anisɔ na wodi ho dwuma no nya Onyankopɔn anim dom. Na ade a ebetumi ahyɛ aware mu den asen biara ne sɛ awarefo no de biakoyɛ bɛsom Ɔbɔadeɛ no na wɔagye n’akwankyerɛ atom koraa. Saa kwan yi so no, wodi Yehowa ni, na aware no nya honhom fam nhyɛase pa a ɛbɛma wɔanya abusuabɔ a ɛbɛtra hɔ daa.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 15 Hwɛ Ɔwɛn-Aban a ɛbae February 15, 1999, nkratafa 4-8.

Wubebua Dɛn?

• Dɛn nti na yehia Onyankopɔn akwankyerɛ na ama yɛatumi apaw aware mu ɔhokafo pa?

• Ɔkwan bɛn so na onyamesom pa bɛboa ahyɛ aware mu abusuabɔ mu den?

• Ɔkwan bɛn so na awofo betumi asiesie wɔn mma ama aware?

• Dɛn nti na ehia sɛ ‘yɛware wɔ Awurade mu nko’?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 17]

Onyankopɔn afotu a wode bedi dwuma apaw wo hokafo no betumi ama woanya anigye pii

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 18]

‘Awurade mu nko a wɔware’ de nhyira pii ba