Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ade Kɛse A Mahwere Nyinaa AKYi no, mewɔ anigye ne abotɔyam

Ade Kɛse A Mahwere Nyinaa AKYi no, mewɔ anigye ne abotɔyam

Asetram Nsɛm

Ade Kɛse A Mahwere Nyinaa AKYi no, mewɔ anigye ne abotɔyam

SƐNEA NANCY E. PORTER KA KYERƐE

Na ɛyɛ June 5, 1947, anwummere bi a na ɔhyew wom wɔ Bahamas, supɔw a ɛda United States mpoano anafo fam apuei no. Ɔpanyin bi a ɔhwɛ atubrafo nsɛm so no baa me ne me kunu, George, nkyɛn a na yɛnhwɛ no kwan. Ɔde krataa bi a emu nsɛm kyerɛ sɛ wonhia yɛn wɔ supɔw no so bio, ma enti ɛsɛ sɛ “yefi ɔman no mu ntɛm ara” maa yɛn!

NÁ ME ne George ne Yehowa Adansefo asɛmpatrɛwfo a yedi kan a yɛaba Nassau, kurow a ɛso sen biara wɔ Bahamas, no mu. Bere a yewiee Gilead adesuakuw a ɛto so awotwe asɛmpatrɛwfo sukuu a na ɛwɔ New York atifi fam no na wɔmaa yɛn dwumadi wɔ ha. Dɛn na na yɛayɛ a ɛma wɔsɔre tiaa yɛn denneennen saa wɔ asram abiɛsa pɛ a na yɛde atra hɔ no mu no? Na dɛn nti na bɛboro mfirihyia 50 akyi ni no, meda so ara wɔ ha?

Asɛnka Ho Ntetee a Minyae

Me papa, Harry Kilner, nyaa sɛnea mabɔ me bra no so nkɛntɛnso kɛse. Ɔyɛɛ nhwɛso a ɛkyɛn so maa me, de nneɛma pii bɔɔ afɔre bɛyɛɛ Yehowa Dansefo. Ɛwom sɛ na onni ahoɔden pii de, nanso dapɛn awiei biara na ɔkɔ asɛnka, de Ahenni nneɛma di kan nnamyɛ so. (Mateo 6:33) Ná ahia yɛn paa, nanso wɔ 1930 mfe no mu no na baabi a osiesie mpaboa no yɛ honhom fam dwumadibea titiriw wɔ Lethbridge, Alberta, Canada. Wɔn a mekae wɔn fi me mmofraase ne Yehowa Adansefo bere nyinaa asomfo, a wɔfrɛ wɔn akwampaefo, a na wɔba yɛn fie bɛka wɔn suahu ahorow kyerɛ yɛn no.

Mifii m’akwampae adwuma ase wɔ 1943 mu wɔ Fort Macleod ne Claresholm, Alberta. Eduu saa bere no na wɔabara yɛn asɛnka adwuma no wɔ Canada esiane atosɛm a asɔretiafo trɛw mu wɔ Wiase Ko II mu no nti. Ná yɛn asasesin no tenten yɛ kilomita 100 fi tia kosi tia, nanso esiane sɛ na yennyinii a na yɛn ho yɛ den nti, na ɛnyɛ yɛn den sɛ yɛbɛnantew anaasɛ yɛde sakre bɛkɔ nkuraase ne mfuw a ɛwɔ hɔ no mu. Saa bere yi, minyaa hokwan ne wɔn a na wɔawie Gilead no kɔsraa nkurɔfo, na wɔn suahu ahorow no kanyan adwene a na mewɔ sɛ mɛyɛ ɔsɛmpatrɛwfo no kɛse.

Mewaree George Porter, a na ofi Saskatchewan, Canada wɔ 1945 mu. Ná n’awofo ayɛ Adansefo a wɔyɛ nsi fi 1916, na na ɔno nso apaw bere nyinaa som adwuma sɛ n’adwuma. Baabi a wodii kan maa yɛn dwumadi ne Lynn Valley a ɛyɛ fɛ a ɛwɔ Vancouver Atifi fam, Canada no. Ɛno akyi ankyɛ na wɔtoo nsa frɛɛ yɛn kɔɔ Gilead.

Me ne nnipa a wɔawie asɔfodi sukuu pii akasa mfe pii ni, na mahu sɛnea wɔn adesua wɔ nyamekyerɛ ho no asɛe wɔn gyidi wɔ Onyankopɔn ne N’asɛm, Bible no ho no. Nea ɛne no bɔ abira no, nea yesuae wɔ Gilead no boaa yɛn ma yetumi susuw nneɛma ho yiye na nea ɛsen biara no, ɛhyɛɛ yɛn gyidi wɔ Yehowa Nyankopɔn ne N’asɛm mu no den. Wɔde yɛn ayɔnkofo a yɛne wɔn wiee sukuu no kɔɔ China, Singapore, India, aman bi mu wɔ Afrika, South America, ne mmeae ahorow. Meda so ara kae sɛnea yɛn ani gyei bere a yehui sɛ wɔama yɛn dwumadi wɔ Bahamas supɔw ahorow a osu tɔ na owia bɔ kɛse wɔ hɔ no.

Nea Ɛyɛe a Yetumi Traa Hɔ

Sɛ yɛde toto akwan a yɛn ayɔnkofo no tutui no ho a, na kwan a yetwa kɔɔ Bahamas no yɛ tiaa koraa. Yɛn ani baa yɛn ho so no, na yɛwɔ kurow a ɔhyew wom, wim yɛ bruu, nsu ani te sɛ nsramma bo, wɔde kɔla ahorow aka ɛhɔ adan ho, na sakre dɔɔso wɔ hɔ no mu. Nanso nea ɛmaa m’ani dii kan gyei ne Adansefo kuw ketewa bi a wɔyɛ nnipa baanum a na wɔretwɛn yɛn bere a yɛn hyɛn no duu hɔ no. Ankyɛ na yehui sɛ nsonsonoe kɛse da ɛhɔnom amammerɛ ne yɛn de ntam koraa. Sɛ nhwɛso no, wɔka kyerɛɛ me kunu sɛ ɔmmfrɛ me me dɔfo pa wɔ baguam efisɛ wɔn a wɔsɛe aware wɔ hɔ nkutoo na wɔfrɛ wɔn adɔfo saa.

Ankyɛ na asɔfo a na ɛkame ayɛ sɛ ɛhaw wɔn sɛ yɛne nkurɔfo no adi afra no twaa atoro too yɛn so sɛ yɛyɛ komunisfo. Ɛno nti na wɔhyɛɛ yɛn sɛ yemfi ɔman no mu no. Nanso Adansefo no—a saa bere no na wonnu 20—kyerɛw ho asɛm ntɛm ara maa nnipa bɛyɛ apem de wɔn nsa hyehyɛɛ ase de kɔmaa mpanyimfo no sɛ wɔmma yɛntra hɔ. Eyi nti, wɔannya ampam yɛn.

Yɛkɔ Asasesin Foforo Mu

Bible mu nokware no fifii pii wɔ komapafo a wɔdɔ Onyankopɔn no mu, enti wɔde Gilead asɛmpatrɛwfo pii baa Bahamas. Enti wosii baa dwumadibea wɔ hɔ wɔ 1950 mu. Mfe du akyi no, Milton Henschel, a na ɔyɛ adwuma wɔ adwumayɛbea a ɛwɔ Brooklyn, New York, no bɛsraa Bahamas na obisaa asɛmpatrɛwfo a yɛwɔ hɔ no sɛ ebia obi bɛpɛ sɛ ɔkɔ kobue asɛnka adwuma no ano wɔ Bahamas supɔw foforo so anaa. Me ne George tuu yɛn ho mae, na ɛno na ɛma yɛkɔtraa Long Island mfe 11 no.

Saa supɔw yi a ɛka nsupɔw ahorow a ɛbom yɛ Bahamas ho no tenten mu yɛ kilomita 140 na ne tɛtrɛtɛ yɛ kilomita 6, na saa bere no na enni nkurow atitiriw biara. Ná afie bɛyɛ 50 na ɛwɔ ahenkurow Clarence Town mu. Ná ɛhɔ asetra nni mu biara—anyinam nkanea nni hɔ, dorobɛn mu nsu nni hɔ, wonni nea wɔde noa aduan ne nea wohwie nsu fa mu gu wɔ dan no mu. Enti na ɛsɛ sɛ yɛyɛ nsakrae tra supɔw a na atew ne ho no so saa ara. Ná wɔtaa ka nkurɔfo akwahosan ho asɛm wɔ ha paa. Yesuae sɛ sɛ yɛrekyia a, yɛrenka sɛ “Wo ho te dɛn nnɛ?” efisɛ na mmuae a yebenya no bɛyɛ obi akwahosan ho nsɛm nyinaa.

Yɛyɛɛ yɛn asɛnka adwuma no dodow no ara wɔ gyaade efisɛ na yɛtaa nya nkurɔfo wɔ gyaade apata a wɔabɔ asi bukyia wɔ ase no ase. Ná nnipa a wɔwɔ hɔnom no yɛ ahiafo nanso na wɔyɛ akuafo anaa apofofo a wɔn yam ye. Ɛnyɛ sɛ na wɔn mu dodow no ara pɛ nyamesom na mmom na gyidihunu nso agye wɔn ti. Sɛ biribi si na sɛ wɔnte ase a na wobu no sɛ ɛyɛ sɛnkyerɛnne bi.

Ná ɛmfa asɔfo no ho koraa sɛ wɔbɛkɔ nkurɔfo afie mpofirim akɔtetew Bible ho nhoma a yɛagyaw ama wɔn no mu. Enti na wɔnam saayɛ so bɔ wɔn a wosuro ade no hu, nanso ɛnyɛ obiara na osuroo wɔn. Sɛ nhwɛso no, aberewa bi a na wadi mfe 70 a n’ani yɛ den amma wɔanhunahuna no. Ná ɔpɛ sɛ n’ankasa te Bible no ase, na akyiri yi koraa no, ɔne afoforo pii bɛyɛɛ Adansefo. Bere a yenyaa anigyefo pii no, na ɛsɛ sɛ sɛ edu Kwasida bi a, George de kar twa kilomita 300 de boa saafo yi ma wɔba yɛn nhyiam ahorow ase.

Asram a edi kan a na Adansefo biara nni hɔ no, na me ne George yɛ Kristofo nhyiam ahorow nyinaa na ama yɛakura yɛn honhom fam yiyedi mu. Bio nso, yɛbɔɔ mmɔden dii nhyehyɛe a yɛyɛe a na yɛde yɛ Ɔwɛn-Aban adesua Dwoda anadwo biara ne Bible akenkan no akyi. Afei nso sɛ yɛn nsa ka Ɔwɛn-Aban ne Nyan! nsɛmma nhoma no a, na yɛkenkan emu nsɛm nyinaa ntɛm ara.

Me papa wui bere a na yɛwɔ Long Island no. Ahohoru bere a edi hɔ wɔ 1963 mu no, yɛyɛɛ nhyehyɛe maa Maame traa baabi a ɛbɛn yɛn. Ɛwom sɛ na ne mfe akɔ anim yiye de, nanso otumi yɛɛ nsakrae traa Long Island kosii bere a owui wɔ 1971 mu. Ɛnnɛ, Long Island wɔ asafo a wɔasi Ahenni Asa foforo koraa.

Awerɛhosɛm Kɛse Bi

Wɔ 1980 mu no, George hui sɛ n’akwahosan afi ase resɛe. Ɛno ne m’asetra mu osuahu a ɛyɛ awerɛhow sen biara no mfiase—me kunu a medɔ no, me yɔnko dwumayɛni, ne m’adamfo a Alzheimer, ɔyare a ɛma ɔyɛ bɔmm yɛɛ no a na mintumi nyɛ ho hwee. Ne nipasu sakrae koraa. Ne fã a etwa to a na ɛhaw adwene sen biara no dii bɛyɛ mfirihyia anan ansa na ɔrewu wɔ 1987 mu. Ɔne me kɔɔ asɛnka ne nhyiam ahorow sɛnea n’ahoɔden bɛma no kwan, ɛwom sɛ ɛtɔ mmere bi a na mmɔden a ɔbɔ yɛ saa no ma misu de. Ɔdɔ a yɛn nuanom Kristofo daa no adi no akyekye me werɛ ankasa, nanso meda so ara kae no paa.

Ade biako a na ɛsom bo yiye wɔ me ne George aware mu ne anigye mu a na yefi bɔ nkɔmmɔ daa no. Mprempren a George nni hɔ no, m’ani sɔ to a Yehowa to nsa frɛ n’asomfo sɛ ‘wonnnyae mpaebɔ da,’ ne sɛ ‘wonkura mpaebɔ mu ara,’ na wɔmfa “mpaebɔ ne ɔsrɛ nyinaa mmɔ mpae” no sen bere biara. (1 Tesalonikafo 5:17; Romafo 12:12; Efesofo 6:18) Hu a yebehu sɛ yɛn ho asɛm hia Yehowa no ma awerɛkyekye paa. Nokwarem no, mete nka te sɛ odwontofo a ɔtoo dwom sɛ: “Nhyira ne [Yehowa, NW] a ɔsoa yɛn adesoa ma yɛn daa daa” no. (Dwom 68:19) Da biara da mu dadwen a yɛbɛma adɔɔso ama yɛn, yɛn sintɔ ahorow a yebegye atom, na yɛakyerɛ nhyira a yenya da biara ho anisɔ sɛnea Yesu tuu yɛn fo no, ne asetra kwan a eye sen biara.—Mateo 6:34.

Ɔsom Adwuma mu Nhyira Horow a Ɛyɛ Anigye

Pii a minya yɛ wɔ Kristofo som adwuma mu no aboa me ma enti minsusuw nneɛma a atwam no ho pii. Enti matumi adi nkate a ebetumi ama manya adwenemhaw no so. Bible mu nokware a mede kyerɛkyerɛ afoforo no ama manya anigye kɛse. Ama manya honhom fam nhyehyɛe pa ne asetram nnyinaso pa.—Filipifo 3:16.

Bere bi ɔbea bi a mekaa Ahenni ho asɛm kyerɛɛ no mfirihyia 47 a atwam ni no frɛɛ me wɔ telefon so. Ne papa yɛ Bible asuafo a yedii kan nyaa wɔn bere a yeduu Bahamas wɔ 1947 mu no biako. Na ne maame, ne papa, ne ne nuanom mmarima ne mmea nyinaa bɛyɛɛ Yehowa Adansefo, na saa ara na wɔn mma ne wɔn mmanananom dodow no ara ayɛ. Nokwarem no, ɔbea yi abusuafo bɛboro 60 yɛ Adansefo. Nanso ɔno de, wannye Bible mu nokware no da. Nanso afei de, na wasiesie ne ho sɛ ɔbɛyɛ Yehowa Nyankopɔn somfo. Hwɛ anigye ara a manya sɛ Adansefo kakraa bi a na wɔwɔ Bahamas bere a me ne George baa ha no dodow akɔ anim akodu bɛboro 1,400!

Ɛtɔ mmere bi a nkurɔfo bisa me sɛ ebia ɛhaw me sɛ m’ankasa manwo mma anaa. Ɛwom, mma a obi bɛwo no betumi ayɛ nhyira. Nanso, ɔdɔ a me honhom fam mma, mmanananom, ne nanankansowa no da no adi kyerɛ me daa no yɛ biribi a ɛnyɛ wɔn a wɔwo mma nyinaa na enya. Nokwarem no, wɔn a ‘wɔyɛ yiye,’ na ‘wonya wɔn ho nnwuma pa fam’ no ne nnipa a wɔwɔ anigye sen biara. (1 Timoteo 6:18) Ɛno nti na mede me ho nyinaa hyɛ ɔsom adwuma no mu sɛnea m’ahoɔden bɛma me kwan no.

Bere bi a mekɔɔ ɛse ho ɔyaresafo bi adwumam no, ɔbea bi baa me nkyɛn bɛka kyerɛɛ me sɛ: “Wunnim me, nanso minim wo, na mepɛ sɛ wuhu sɛ medɔ wo.” Afei ɔkaa sɛnea ɔnam Bible no so behuu nokware no ne anisɔ ara a ɔwɔ ma yɛn asɛmpatrɛwfo, sɛ yɛbaa Bahamas no ho asɛm.

Bere foforo nso a mifi akwamma bae no, mibehuu nhwiren fɛfɛ bi wɔ me pon ano wɔ baabi a mete mprempren wɔ Yehowa Adansefo baa dwumadibea a ɛwɔ Nassau no. Ná wɔakyerɛw asɛm bi aka ho sɛ, “Ɛyɛ yɛn anigye sɛ woaba fie.” Anisɔ ahyɛ me koma ma, na sɛ mihu nnipa a Yehowa nam N’asɛm, ne n’ahyehyɛde, ne ne honhom so anya no a, ɛma medɔ no kɛse! Ampa ara, yehu sɛnea Yehowa nsa kura yɛn mu no denam wɔn a wɔatwa yɛn ho ahyia no so.

Anisɔ Ahyɛ Me Ma

M’asetra nyɛɛ mmerɛw bere nyinaa, na saa ara na ɛnyɛ mmerɛw mprempren nso. Nanso mewɔ nneɛma pii a enti ɛsɛ sɛ mekyerɛ anisɔ—ɔsom adwuma no mu anigye, ɔdɔ a Kristofo anuanom mmarima ne mmea da no adi, ɔdɔ mu a Yehowa ahyehyɛde no fi hwɛ me, Bible mu nokware a ɛyɛ anigye no, anidaso a ɛne sɛ sɛ wonyan awufo a me ne wɔn bɛtra, ne kae a mekae Yehowa somfo nokwafo a mewaree no mfirihyia 42 no. Ansa na yɛreware no, na mabɔ mpae sɛ mɛboa me kunu bere nyinaa na watumi akɔ so ayɛ bere nyinaa som adwuma a na n’ani gye ho yiye no. Yehowa fi ayamye mu buaa saa mpaebɔ no. Enti mepɛ sɛ meda Yehowa ase wɔ ho denam nokware a medi no bere nyinaa no so.

Bahamas yɛ baabi a nsrahwɛfo taa ba bɛsɛe dɔla mpempem pii bɛhwehwɛ ha. Esiane sɛ mepawee sɛ mɛsom Yehowa baabiara a n’ahyehyɛde no de me bɛkɔ nti no, manya osuahu a ɛyɛ anigye a ɛne sɛ matu kwan afi saa supɔw ahorow yi so fi tia kosi tia, aka Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa akyerɛ. Nanso nea ehia sen biara no, mabehu ɔdɔ a edi mũ sen biara a Bahamasfo a wɔpɛ nnipa yi da no adi no, akyerɛ ho anisɔ.

Meda wɔn a wɔmaa m’awofo huu nokware no, na wɔn nso wɔde Onyankopɔn Ahenni a mɛma adi kan no ho ɔpɛ a emu yɛ den duaa m’adwene ne me komam wɔ me mmofraase no ase. Saa ara nso na sɛ mmofra a wɔsom Yehowa nnɛ no hyɛn ‘ɔpon kɛse’ a ebue kwan ma ɔsom adwuma a ɛsow aba pii no mu a, wobenya nhyira pii. (1 Korintofo 16:9) Wo nso, sɛ wode w’asetra hyɛ “anyame mu Nyankopɔn,” Yehowa anuonyam a, wubenya abotɔyam pii.—Deuteronomium 10:17; Daniel 2:47.

[Mfonini wɔ kratafa 24]

Abɔnten so asɛnka wɔ Victoria, B.C., wɔ 1944 mu

[Mfonini wɔ kratafa 24]

Me ne George kɔɔ Gilead Sukuu wɔ 1946 mu

[Mfonini wɔ kratafa 25]

Me ne George wɔ asɛmpatrɛwfo fie a ɛwɔ Nassau, Bahamas no anim, wɔ 1955 mu

[Mfonini wɔ kratafa 26]

Asɛmpatrɛwfo fie a ɛwɔ Deadman’s Cay, faako a yɛsomee fi 1961 kosi 1972 no