Bɔneka A Ɛma Ahotɔ
Bɔneka A Ɛma Ahotɔ
“MIMUAA m’ano no, me nnompe gurowee, m’apini a misii daa nyinaa nti. Na awia ne anadwo wo nsa yɛɛ me so duru, me mu nsu twee, na mikisae sɛ awia bere mu.” (Dwom 32:3, 4) Ɛbɛyɛ sɛ nsɛm a ɛkanyan nkate yi da yaw kɛse a tete Israel hene Dawid dii no adi, yaw a n’ankasa de baa ne ho so denam bɔne a anibere wom a wanka na mmom ɔkataa so no so.
Ná Dawid yɛ ɔbarima a ɔbɔ mmɔden wɔ nneɛma pii mu. Ná ɔyɛ ɔkofo kokodurufo, ɔmanyɛfo a ne ho akokwaw, anwensɛm kyerɛwfo, ne dwontofo. Nanso wannye ne ho anni, na mmom ɔde ne ho too ne Nyankopɔn so. (1 Samuel 17:45, 46) Wɔkaa ne ho asɛm sɛ ɔbarima a ne koma ‘di mu Yehowa ho.’ (1 Ahene 11:4) Nanso ɔyɛɛ bɔne bi a na enye koraa, na ɛbɛyɛ sɛ ɛno ho asɛm na ɔkae wɔ Dwom 32 no. Yebetumi asua nneɛma pii afi nea ɛma ɔyɛɛ bɔne no mu a yɛbɛhwehwɛ no mu. Yebehu asiane a ɛsɛ sɛ yɛkwati ne afei hia a ehia sɛ yɛka yɛn bɔne na ama yɛasan ne Onyankopɔn ntam abusuabɔ ayɛ yiye.
Ɔhene Nokwafo Bi Yɛɛ Bɔne
Ná Israel man no retu Amonfo so sa, nanso na Dawid te Yerusalem. Anwummere bi a na ɔnam n’ahemfi atifi no, ohuu ɔbea hoɔfɛfo bi sɛ ɔreguare wɔ fie bi a ɛbɛn mu. Wantumi anni ne ho so, na mmom onyaa ne ho akɔnnɔ a emu yɛ den. Bere a ohui sɛ ɔbea no ne Bat-Seba, Uria a ɔka n’asraafodɔm ho yere no, Dawid soma ma wɔkɔfrɛɛ no, na ɔne no sɛee aware. Bere bi akyi no, Bat-Seba ma wɔkɔka kyerɛɛ Dawid sɛ, wanyinsɛn.—2 Samuel 11:1-5.
Ná Dawid ho akyere no. Sɛ wɔn bɔne no da adi a, na wɔn baanu no nyinaa benya owu asotwe. (Leviticus 20:10) Enti ɔfaa adwene bi. Ɔmaa wɔkɔfrɛɛ Bat-Seba kunu Uria fii akono bae. Bere a Dawid bisaa Uria ɔko no ho nsɛm pii wiei no, ɔka kyerɛɛ no sɛ ɔnkɔ fie. Dawid hwɛɛ kwan sɛ na eyi bɛma ayɛ sɛ Bat-Seba ba no agya ne Uria.—2 Samuel 11:6-9.
Nea ɛhaw Dawid adwene ne sɛ, Uria ankɔ ne yere nkyɛn. Uria kae sɛ ɛnyɛ papa sɛ ɔbɛkɔ fie bere a asraafo no rehu amane wɔ akono no. Sɛ Israel asraafo retu sa a, mmarima mfa wɔn ho nka wɔn ankasa yerenom mpo. Ná ɛnsɛ sɛ wogu wɔn ho fĩ. (1 Samuel 21:5) Enti Dawid too nsa frɛɛ Uria adidi, na ɔma ɔboroo nsa, nanso ne nyinaa akyi no, wankɔ ne yere nkyɛn wɔ fie. Uria nokwaredi no buu Dawid fɔ wɔ bɔne a anibere wom a ɔyɛe no ho.—2 Samuel 11:10-13.
Ná afiri a Dawid nam ne bɔne so sumii no reyi n’ankasa. Bere a na ne ho yeraw no no, ohui sɛ na aka ade biako pɛ a ɔbɛyɛ. Ɔkyerɛw krataa de maa Uria sɛ ɔmfa nkɔma ɔsahene Yoab wɔ akono. Ná krataa no mu nsɛm da adi pefee: “Momma Uria nkodi dɔm a ɛyɛ den no ano, na montwe mo ho mfi n’akyi, na wɔmmɔ no na ɔntɔ.” Ná ɛte sɛ nea ɔhene tumfoɔ yi nam kyerɛwdua so akum Uria de akata ne mmarato no so.—2 Samuel 11:14-17.
Bere a Bat-Seba kunayɛ bere twaam ara pɛ no, Dawid waree no. Bere bi akyi no, wɔwoo wɔn ba no. Bere a eyinom nyinaa rekɔ so no, Dawid anka ne bɔne no ho asɛm biara. Yeremia 17:9; 2 Samuel 11:25.
Ɛbɛyɛ sɛ na ɔrebɔ mmɔden sɛ obebu ne ho bem wɔ ne nneyɛe no ho. So ɛnyɛ akono na Uria wui sɛnea na afoforo awu no ara? Bio nso, so ne yere nkyɛn a wankɔ no nkyerɛ ne hene so asoɔden a ɔyɛe? ‘Koma daadaafo’ no bɛbɔ mmɔden sɛ ɔnam nsɛm pii so bebu obi bem wɔ ne bɔne ho.—Mfomso Ahorow a Ekowie Bɔne Mu
Ɛyɛɛ dɛn na Dawid a ɔdɔ trenee no guu ne ho anim ase sɛee aware na odii awu? Ɛda adi sɛ ɔde bere pii na eguu ne bɔne ho aba no. Ebia yebebisa nea enti a na Dawid nka ne mmarima no ho a ɔreboa wɔn ma wɔatu Yehowa atamfo so sa no ho asɛm. Nea ɛne no bɔ abira no, na Dawid redwudwo ne ho wɔ n’ahemfie, baabi a na onnwen nea ɛrekɔ so wɔ akono no ho pii na ama ayi akɔnnɔ bɔne a onyae wɔ ne sraani nokwafo yere ho no afi ne tirim. Ɛnnɛ, ɛyɛ ahobammɔ ma nokware Kristofo sɛ wɔne wɔn asafo ahorow no bɛbom de wɔn ho ahyɛ honhom fam nneɛma mu denneennen na wɔanya asɛnka adwuma no mu kyɛfa daa.—1 Timoteo 6:12.
Wɔhyɛɛ Israelfo hene sɛ ɔnkyerɛw Mmara no bi mfa na ɔnkenkan no daa. Bible no ma yehu nea enti a eyi te saa: “Na wasua [Yehowa, NW] ne Nyankopɔn suro, ne mmara yi mu nsɛm nyinaa ne ahyɛde yi hwɛ ne ɛsodi, na ne koma amma ne ho so ansen ne nuanom, na wamman amfi mmara nsɛm no ho ankɔ nifa, anaa benkum.” (Deuteronomium 17:18-20) Ebetumi aba sɛ bere a Dawid yɛɛ bɔne a anibere wom yi no, na onni akwankyerɛ yi so. Akyinnye biara nni ho sɛ Onyankopɔn Asɛm a yebesua no daa na yɛadwennwen ho no bɛbɔ yɛn ho ban afi bɔne a yɛbɛyɛ ho wɔ mmere a emu yɛ den yi mu.—Mmebusɛm 2:10-12.
Afei nso Mmara Nsɛm du no mu nea etwa to ka no pefee sɛ: “Mma w’ani mmmere wo yɔnko yere.” (Exodus 20:17) Saa bere yi na Dawid wɔ yerenom ne mpenafo pii. (2 Samuel 3:2-5) Nanso ɛno ammɔ ne ho ban amfi ɔbea foforo a ne ho yɛ fɛ ho akɔnnɔ a na obenya no ho. Asɛm yi ma yɛkae aniberesɛm a ɛwɔ Yesu nsɛm yi mu: “Obiara a ɔhwɛ ɔbaa na ne kɔn dɔ no no, na wafa no ne komam dedaw.” (Mateo 5:28) Sɛ́ anka yebenya akɔnnɔ bɔne a ɛte saa no, momma yɛnyɛ ntɛm nyi mfi yɛn adwene ne yɛn komam.
Ahonu ne Mmɔborohunu
Dawid bɔne ho nokwasɛm a Bible no ka no pefee no nni hɔ sɛ ɛbɛma obi anya nna ho akɔnnɔ bɔne. Kyerɛwtohɔ no ma yenya hokwan hu sɛnea Yehowa su ahorow a ɛda nsow no biako—ne mmɔborohunu—yɛ adwuma fa.—Exodus 34:6, 7.
Bere a Bat-Seba woo ɔbabarima akyi no, Yehowa somaa Natan kɔɔ Dawid nkyɛn ma ɔne no kɔkasae. Ná eyi yɛ mmɔborohunu ade. Sɛ wankɔ Dawid nkyɛn na ɔkɔɔ so kaa n’ano toom a, ebetumi aba sɛ anka obepirim ne koma wɔ bɔneyɛ mu. (Hebrifo 3:13) Anigyesɛm ne sɛ, Dawid gyee Onyankopɔn mmɔborohunu toom. Natan nsɛm a emu da hɔ a ofi ahokokwaw mu kae no kaa Dawid koma, na ofii ahobrɛase mu gye toom sɛ wayɛ bɔne atia Onyankopɔn. Nokwasɛm ne sɛ, wɔkyerɛw Dwom 51 a ɛka Dawid bɔne a ɔne Bat-Seba yɛe no ho asɛm no bere a onuu ne ho na ɔkaa ne bɔne a anibere wom no akyi no. Sɛ yɛyɛ bɔne a anibere wom a, mommma yemmpirim yɛn koma da.—2 Samuel 12:1-13.
Wɔde Dawid bɔne firii no, nanso wɔamfa asotwe anaa nea efii ne bɔne mu bae no ankyɛ no. (Mmebusɛm 6:27) Dɛn nti na na ɛnsɛ sɛ wɔtwe n’aso? Sɛ Onyankopɔn buu n’ani guu biribiara so kɛkɛ a, anka ɛbɛbrɛ ne gyinapɛn ahorow ase. Anka ɔbɛyɛ anibiannaso sɛ Ɔsɔfopanyin Eli, a wamfa animka a ano yɛ den amma ne mma abɔnefo no na ɔmaa wɔkɔɔ so yɛɛ nneɛma bɔne no. (1 Samuel 2:22-25) Nanso Yehowa mfa n’adɔe nkame obi a ɔkyerɛ ahonu no. Ne mmɔborohunu a ɛte sɛ nsu a emu dwo no bɛboa nea wayɛ bɔne no ma wagyina nea efi bɔne mu ba no ano. Onyankopɔn dɔ a ɛma ɔde bɔne firi, ɛne yɔnko asomfo fekubɔ a ɛma denhyɛ no bɛma ɔbɔnefo no anya honhom fam ahoɔden bio. Yiw, ɛdenam Kristo agyede no so no, nea wanu ne ho no betumi ahu sɛnea ‘Onyankopɔn dom bebree’ no te.—Efesofo 1:7.
‘Koma a Edi Mũ’ ne ‘Honhom Foforo’
Bere a Dawid kaa ne bɔne wiei no, wamma abasamtu anni no so. Nsɛm a ɛfa bɔne ka ho a ɔkyerɛwee no ma yehu sɛnea ne ho tɔɔ no ne si a osii ne bo sɛ ɔbɛsom Onyankopɔn nokware mu no. Sɛ nhwɛso no, hwɛ Dwom 32. Yɛkenkan wɔ nkyekyem 1 sɛ: “Nhyira ne nea wɔde ne mmarato afiri no, na wɔakata ne bɔne so.” Ɛmfa ho sɛnea bɔne no yɛ anibere fa no, sɛ onipa no fi koma pa mu nu ne ho a, n’ani betumi agye. Ɔkwan biako a wɔfa so da koma pa adi ne sɛ onii no begye ne nneyɛe no ho asodi nyinaa atom sɛnea Dawid yɛe no. (2 Samuel 12:13) Wammɔ mmɔden sɛ obebu ne ho bem Yehowa anim anaasɛ ɔbɛdan ho asodi no ato afoforo so. Nkyekyem 5 ka sɛ: “Mekaa me bɔne mekyerɛɛ wo, na mankora m’amumɔyɛ so. Mekae sɛ: Mɛka me mmarato makyerɛ [Yehowa, NW]. Na wo na wuyii me bɔne so mmusu.” Komam a obi befi aka ne bɔne no de ahotɔ ba, ma enti enhia sɛ onii no ma n’ahonim haw no bio wɔ bɔne a wayɛ atwam ho.
Bere a Dawid srɛɛ Yehowa nkyɛn fafiri akyi no, ɔsrɛe sɛ: “Onyankopɔn, bɔ koma a emu tew ma me, na yɛ honhom foforo a ase tim wɔ me mu.” (Dwom 51:10) “Koma a emu tew” ne “honhom foforo” a na Dawid hwehwɛ no kyerɛ sɛ na onim sɛnea ɔtɔ kɔ bɔne so no, ne sɛ, na ohia Onyankopɔn mmoa na ɔde apopa ne komam na ama wayɛ nsakrae foforo koraa. Sɛ́ anka obesũ ne ho mmɔbɔ no, na wasi ne bo sɛ ɔbɛkɔ so asom Onyankopɔn. Ɔbɔɔ mpae sɛ: “[Yehowa, NW], bue m’ano, na mede m’ano maka w’ayeyi.”—Dwom 51:15.
Dɛn na Yehowa yɛe wɔ nokwaredi mu a Dawid fi nuu ne ho ne ne bo a na wasi sɛ ɔbɛsom no no ho? Ɔmaa Dawid awerɛhyem a ɛka koma yi: “Mebue w’adwenem, na makyerɛ wo ɔkwan a wobɛfa so, m’ani wɔ wo so, na metu wo fo.” (Dwom 32:8) Awerehyem a Yehowa ankasa de ma a ɛkyerɛ sɛ wahu ɔbɔnefo a wanu ne ho no nkate ne n’ahiade no ni. Yehowa gye too ne ho so sɛ ɔbɛma Dawid anya nhumu pii, na watumi ahu nsɛm mu akɔ akyiri. Sɛ ohyia sɔhwɛ daakye a, na obetumi ahu nea ebefi ne nneyɛe mu aba ne sɛnea ɛbɛka afoforo no, na ama watumi ayɛ n’ade nyansam.
Asɛm a esii wɔ Dawid asetram yi yɛ nkuranhyɛ ma wɔn a wɔayɛ bɔne a anibere wom nyinaa. Sɛ yɛka yɛn bɔne kyerɛ na yefi komam kyerɛ ahonu a, yɛn nsa betumi aka yɛn agyapade a ɛsom bo sen biara, yɛne Yehowa Nyankopɔn ntam abusuabɔ no. Bere tiaa mu yaw ne aniwu a ebia yebegyina ano no ye koraa sen yaw a yɛn bɔne a yɛbɛkora so no bɛma yɛadi, anaa ade bɔne a ebefi yɛn koma a yɛbɛma apirim wɔ atuatew mu mu no. (Dwom 32:9) Mmom no, yebetumi anya Onyankopɔn mmɔborohunufo a ɔwɔ ɔdɔ, ‘mmɔborohunu agya ne awerɛkyekye nyinaa Nyankopɔn’ no fafiri a ɔdɔ wom no.—2 Korintofo 1:3.
[Mfonini wɔ kratafa 31]
Dawid hwɛɛ kwan sɛ sɛ ɔma wokum Uria a, ɔbɛkwati nea ebefi ne bɔne mu aba no