Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Hyɛ Yehowa Mu Ahotoso a Wowɔ no Mu Den

Hyɛ Yehowa Mu Ahotoso a Wowɔ no Mu Den

Hyɛ Yehowa Mu Ahotoso a Wowɔ no Mu Den

Wɔrebɔ pɔw bɔne bi. Asase no so atumfoɔ nyinaa ayɛ biako rebɛhyehyɛ mmara foforo. Wɔpɛ sɛ wɔde owu asotwe ma obiara a ɔde ne ho bɛhyɛ ɔsom a Ɔman no mpene so mu no.

SO WUNIM asɛm yi? Nkurɔfo a wɔnam mmara so bɔɔ mmusu ho nhwɛso pii wɔ abakɔsɛm mu. Atifi hɔ asɛm no sii wɔ Persia Ahemman no mu wɔ odiyifo Daniel bere so. Mmara a Ɔhene Dario hyɛe no kae sɛ: “Obiara a obebisa onyame bi anaa onipa bi hɔ ade biara adaduasa yi, gye wo, ɔhene, hɔ no, wɔde no bɛto agyata amoa mu.”—Daniel 6:7-9.

Dɛn na na Daniel bɛyɛ bere a wɔde owu hunahuna no yi? So na ɔbɛkɔ so de ne ho ato ne Nyankopɔn, Yehowa so, anaasɛ na obegyae mu asiesie ayɛ sɛnea ɔhene ahyɛ no? Kyerɛwtohɔ no ka kyerɛ yɛn sɛ: “Daniel tee sɛ wɔakurukyerɛw kyerɛw no, ɔkɔɔ ne fi, nso n’abansoro dan mu mfɛnsere a ɛkyerɛ Yerusalem abuebue, na ɔkotow ne nankoroma anim da koro mprɛnsa, na ɔbɔ mpae da ase, ne Nyankopɔn anim sɛ ɔyɛ kan no ara.” (Daniel 6:10) Wunim asɛm no nkae no yiye. Daniel gyidi nti, wɔde no kɔtoo agyata amoa mu, nanso Yehowa ‘siw agyata no ano,’ na ogyee n’akoa nokwafo no.—Hebrifo 11:33; Daniel 6:16-22.

Bere Aso sɛ Wɔyɛ Nhwehwɛmu

Ɛnnɛ, Yehowa asomfo te wiase bi a ɛyɛ hu mu, na wohyia ahunahuna pii honam fam ne honhom fam. Sɛ nhwɛso no, bere a abusua ntam ntawntawdi a ɛyɛ hu kɔɔ so wɔ aman bi mu no, wokunkum Adansefo no mu pii. Wɔ mmeae bi no, Yehowa asomfo ahyia aduankɔm, sikasɛm mu ahokyere, asiane ahorow, ɔyare a emu yɛ den, ne tebea horow a ɛde wɔn asetra to asiane mu. Afei nso, wɔagyina ɔtaa, adwuma mu nhyɛso, ne bɔne ho sɔhwɛ pii a emu biara betumi asɛe wɔn honhom fam yiyedi ano. Nokwarem no, Ɔtamfo kɛse, Satan, asi ne bo sɛ ɔnam ɔkwan biara a obetumi so bɛsɛe Yehowa asomfo.—1 Petro 5:8.

Bere a yehyia tebea horow a ɛte saa no, dɛn na yebetumi ayɛ? Bere a ɛnyɛ nwonwa sɛ obi bɛbɔ hu bere a ne nkwa da asiane mu no, yebetumi ama ɔsomafo Paulo awerɛkyekyesɛm yi atra yɛn adwenem: “[Yehowa] ankasa aka sɛ: Merennyaw wo, nanso merempa wo da. Na ɛma yɛde nnam ka sɛ: [Yehowa, NW] ne me boafo, merensuro; onipa betumi ayɛ me dɛn?” (Hebrifo 13:5, 6) Yebetumi anya ahotoso sɛ saa ara na Yehowa te nka wɔ n’asomfo ho nnɛ. Nanso ɛsono sɛ yebehu Yehowa bɔhyɛ na ɛsono sɛ yebegye adi sɛ obedi ama yɛn no koraa. Enti ehia paa sɛ yɛhwehwɛ nea Yehowa mu ahotoso a yɛwɔ no gyina so mu na afei yɛyɛ nea yebetumi biara de hyɛ saa ahotoso no mu den na yekura mu. Sɛ yɛyɛ saa a, “Onyankopɔn asomdwoe a ɛtra adwene nyinaa so no bɛhwɛ [yɛn] koma ne [yɛn] adwene so Kristo Yesu mu.” (Filipifo 4:7) Enti sɛ yehyia sɔhwɛ ahorow a, yebetumi asusuw nneɛma ho yiye na yɛafi nyansam ayɛ ho ade.

Nea Yebegyina So Anya Yehowa Mu Ahotoso

Akyinnye biara nni ho sɛ yɛwɔ nneɛma pii a enti ɛsɛ sɛ yenya yɛn Bɔfo, Yehowa mu ahotoso. Nea edi mu kan ne nokwasɛm a ɛyɛ sɛ Yehowa yɛ ɔdɔ Nyankopɔn a ofi komam hwɛ n’asomfo yiye. Wɔayɛ sɛnea Yehowa fi ɔdɔ mu hwɛɛ n’asomfo so no ho kyerɛwtohɔ pii wɔ Bible no mu. Bere a Mose reka sɛnea Yehowa ne ne nkurɔfo a wɔapaw wɔn, Israel dii ho asɛm no, ɔkyerɛwee sɛ: “Ohuu no sare asase so ne nkyerekyerewa so, sare paradada so nkekaboa sũ mu: otwaa ne ho hyiae, ɔhwɛɛ no so yiye, ɔkoraa no so sɛ n’aniwa kurutiayisi.” (Deuteronomium 32:10) Ɛnnɛ bere yi mu no, Yehowa kɔ so hwɛ n’asomfo, sɛ kuw ne ankorankoro, so yiye. Sɛ nhwɛso no, bere a Adansefo bi hyiaa aduankɔm a ano yɛ den wɔ ɔmanko bi a esii wɔ Bosnia mu no, Yehowa hwɛ hui sɛ wobenya nneɛma a ehia wɔn denam akokoduru mu a anuanom a wofi Croatia ne Austria de wɔn nkwa too asiane mu tuu kwan faa asasesin a na ɛyɛ hu yiye mu de mmoa kɔmaa wɔn nuanom no so. *

Esiane sɛ Yehowa Nyankopɔn ne Ade Nyinaa So Tumfoɔ nti, akyinnye biara nni ho sɛ obetumi abɔ n’asomfo ho ban wɔ tebea biara mu. (Yesaia 33:22; Adiyisɛm 4:8) Nanso sɛ Yehowa ma kwan ma n’asomfo no binom di nokware kodu owu mu mpo a, ɔwowaw wɔn na ɔboa wɔn ma wogyina wɔn mudi mu, na ɛma wɔyɛ pintinn, kura wɔn anigye ne odwo mu kodu awiei. Enti yebetumi anya ahotoso koro no ara a odwontofo no nyae no bi: “Onyankopɔn yɛ yɛn guankɔbea ne ahoɔden, ahohia mu boafo pa a wɔanya no nhui. Enti kansesɛ asase ani dan butuw, na mmepɔw tutu gu po bun mu.”—Dwom 46:1, 2.

Bible no nso ma yehu sɛ Yehowa yɛ Onyankopɔn nokwafo. Eyi kyerɛ sɛ odi ne bɔhyɛ so bere nyinaa. Nokwarem no, Bible ka ne ho asɛm sɛ Onyankopɔn a “onni atoro.” (Tito 1:2) Esiane sɛ Yehowa sii ɔpɛ a ɔwɔ sɛ ɔbɛbɔ n’asomfo ho ban agye wɔn so dua mpɛn pii nti, yebetumi anya awerɛhyem koraa sɛ ɛnyɛ sɛ obetumi adi ne bɔhyɛ ahorow so nko na mmom wayɛ krado sɛ ɔbɛma abam.—Hiob 42:2.

Akwan a Yebetumi Afa So Ahyɛ Yɛn Ahotoso Mu Den

Ɛwom sɛ yɛwɔ biribiara a yebetumi agyina so anya Yehowa mu ahotoso de, nanso ɛnsɛ sɛ yɛtoto asɛm no ase. Eyi te saa efisɛ ɛnyɛ wiase no nyinaa na wɔwɔ Onyankopɔn mu gyidi pii, na su a ɛte saa betumi ama ahotoso a yɛwɔ wɔ Yehowa mu no abrɛ ase. Enti, ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden denneennen sɛ yɛbɛhyɛ saa ahotoso no mu den akura mu. Yehowa nim eyi yiye, na wama yɛn nea yebegyina so ayɛ saa.

Nea edi kan koraa no, ɔde N’asɛm a wɔakyerɛw, Bible no, a wɔakyerɛw nnwuma akɛse pii a ɔyɛ maa n’asomfo wom no ama. Wo de susuw ho hwɛ, ahotoso bɛn na wubetumi anya wɔ obi mu bere a ne din nkutoo na wunim no? Sɛ wubenya bi mpo a, ɛyɛ kakraa bi. Ehia sɛ wuhu n’akwan ne ne nnwuma na ama woanya ne mu ahotoso, so ɛnte saa? Bere a yɛkenkan Bible mu nsɛm a ɛtete saa na yedwennwen ho no, Yehowa ne n’akwan a ɛyɛ nwonwa no ho nimdeɛ a yɛwɔ no yɛ kɛse, na ɛma yehu nea enti a yebetumi de yɛn ho ato no so no yiye. Ne saa nti, ne mu ahotoso a yɛwɔ no mu yɛ den. Odwontofo no yɛɛ nhwɛso a ɛkyɛn so bere a ɔkae wɔ mpaebɔ bi a emu yɛ den mu sɛ: “Mɛkae [Yah, NW] nneyɛe maka, yiw, mɛkae wo tete anwonwade, na masusuw w’adwuma nyinaa ho, na madwen wo nneyɛe ho.”—Dwom 77:11, 12.

Yɛwɔ honhom fam aduan pii nso wɔ Bible ho nhoma a Yehowa ahyehyɛde no ayɛ aka Bible no ho no mu. Emu bi ne Onyankopɔn nnɛyi asomfo ho nsɛm a ɛka koma a ɛkyerɛ sɛnea Yehowa tumi de mmoa mae bere a wohyiaa tebea horow a emu yɛ den no. Sɛ nhwɛso no, Martin Poetzinger, a akyiri yi ɔbɛyɛɛ Yehowa Adansefo Sodikuw no muni no yaree denneennen bere a na ɔresom sɛ ɔkwampaefo wɔ Europa nkurow a na ɛne ne kurom ware mu no. Ná onni sika, na na oduruyɛfo biara mpɛ sɛ ɔhwɛ no. Nanso Yehowa annyaw no. Awiei koraa no, ɔkɔɔ oduruyɛfo panyin bi a ɔwɔ ɛhɔnom ayaresabea no nkyɛn. Esiane sɛ na ɔbarima yamyefo yi gye Bible di yiye nti, ɔhwɛɛ Onua Poetzinger te sɛ nea anka ɔbɛhwɛ ne ba, na wannye no sika biara. Akyinnye biara nni ho sɛ afoforo ho nsɛm a ɛtete saa a yɛbɛkenkan no betumi ahyɛ yɛn ahotoso wɔ yɛn soro Agya no mu den.

Ade foforo a ɛsom bo a Yehowa de ma yɛn de hyɛ yɛn ahotoso wɔ ne mu den ne mpaebɔ hokwan a ɛsom bo no. Ɔsomafo Paulo fi ɔdɔ mu ka kyerɛ yɛn sɛ: “Monnna nnnwen biribiara nnhaw mo ho, na mmom ade nyinaa mu momfa mpaebɔ ne ɔsrɛ, ɛne aseda mma mo adesrɛ nnu Nyankopɔn asom.” (Filipifo 4:6) “Ade nyinaa” no betumi ayɛ yɛn nkate, ahiade, akwanhwɛ ne yɛn dadwen. Bere dodow a yefi komam bɔ mpae no, dodow no ara na ahotoso a yɛwɔ wɔ Yehowa mu no bɛyɛ den.

Bere a na Yesu Kristo wɔ asase so no, ɛtɔ mmere bi a na ne nkutoo kɔ baabi a biribi ntwetwe n’adwene kɔbɔ mpae. (Mateo 14:23; Marko 1:35) Ɔbɔɔ N’agya mpae anadwo mũ nyinaa ansa na ɔresisi gyinae atitiriw bi mpo. (Luka 6:12, 13) Ɛnyɛ nwonwa sɛ na ahotoso a Yesu wɔ wɔ Yehowa mu no yɛ den araa ma enti otumi gyinaa sɔhwɛ a ɛsen biara a aba obi so pɛn no ano. Ne nsɛm a etwa to wɔ asɛndua no so ne: “Agya, wo nsam na mede me honhom mehyɛ.” Saa asɛm a ofi ahotoso mu kae no kyerɛ sɛ okuraa n’ahotoso wɔ N’agya mu no mu koduu awiei, ɛmfa ho sɛ Yehowa amfa ne ho annye nsɛm mu annye no no.—Luka 23:46.

Afei nso ɔkwan foforo a yebetumi ahyɛ Yehowa mu ahotoso mu den ne sɛ yɛne wɔn a wofi koma mũ nyinaa mu de wɔn ho to no so no bɛbɔ daa. Yehowa hyɛɛ ne nkurɔfo sɛ wonhyiam daa nsua ne ho ade pii na wɔnhyɛ wɔn ho wɔn ho nkuran. (Deuteronomium 31:12; Hebrifo 10:24, 25) Fekubɔ a ɛte saa hyɛɛ wɔn ahotoso wɔ Yehowa mu no mu den, na ɛma wotumi gyinaa gyidi ho sɔhwɛ a emu yɛ den ano. Wɔ Afrika man bi a wɔbaraa asɛnka adwuma no mu no, wɔde polisifo ahobammɔ, nkrataa a wɔde tu kwan, aware ho nkrataa, ayaresabea a wɔbɛkɔ, ne adwumayɛ kamee Yehowa Adansefo. Bere a ɔmanko sii baabi no, asafo bi a ɛbɛn hɔ mufo 39, a mmofra ka ho traa ɛtwene ketewa bi a ɛwɔ sare so ase bɛyɛ asram anan, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛkwati atuo a na wɔretoto wɔ wɔn kurom no. Wɔ tebea a na emu yɛ den kɛse saa mu no, Bible mu asɛm ne nhyiam ahorow hyɛɛ wɔn den kɛse. Wɔnam saayɛ so tumi faa sɔhwɛ no mu a annya wɔn honhom fam yiyedi so nkɛntɛnso bɔne biara. Osuahu yi ma mfaso a ɛwɔ hyia a yɛne Yehowa nkurɔfo behyiam daa so no da adi pefee.

Awiei koraa no, sɛ yɛbɛhyɛ Yehowa mu ahotoso a yɛwɔ no mu den a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ Ahenni asɛnka adwuma no, a daa yɛasiesie yɛn ho sɛ yɛbɛka asɛmpa no akyerɛ afoforo. Ɔdawurubɔfo kumaa bi a ɔyɛ nsi a na wanya mogya mu kokoram wɔ Canada suahu a ɛka koma yi maa eyi daa adi. Aniberesɛm a na ne yare no yɛ nyinaa akyi no, na ɔpɛ sɛ ɔyɛ ɔkwampaefo, kyerɛ sɛ, bere nyinaa somfo. Bere a ne yare no ano brɛɛ ase kakra no, otumi nyaa ahoɔden de ɔsram biako somee sɛ akwampaefo boafo. Afei ne tebea no mu bɛyɛɛ den, na asram kakraa bi akyi no, owui. Nanso ɔkɔɔ so ara yɛɛ den honhom fam koduu awiei, na ahotoso a na ɔwɔ wɔ Yehowa mu no anhinhim da. Ne maame kae sɛ: “Odwen afoforo ho sen n’ankasa ne ho koduu awiei. Ná ɔhyɛ wɔn nkuran sɛ wonsua Bible no, na na ɔka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Yebehyia wɔ Paradise.’”

Yehowa Mu Ahotoso a Yɛwɔ a Yɛbɛda no Adi

“Sɛnea nipadua a honhom nni mu awu no, saa ara nso na gyidi a nnwuma nni mu awu.” (Yakobo 2:26) Yebetumi de nea Yakobo ka faa Onyankopɔn mu gyidi ho no atoto Ne mu ahotoso nso ho. Ɛmfa ho sɛnea yɛka sɛ yɛwɔ Onyankopɔn mu ahotoso no, sɛ yɛamfa yɛn nneyɛe anna no adi a, mfaso biara nni so. Abraham nyaa Yehowa mu ahotoso kosii ase, yɛɛ saa ahotoso no ho nhwɛso denam tie a otiee n’ahyɛde kosii sɛ na wasiesie ne ho sɛ ɔde ne ba, Isak, bɛbɔ afɔre. Esiane ahotoso ne osetie soronko a Abraham daa no adi nti, wɔbɛfrɛɛ no Yehowa adamfo.—Hebrifo 11:8-10, 17- 19; Yakobo 2:23.

Ɛnsɛ sɛ yɛtwɛn ma sɔhwɛ bi a ano yɛ den to yɛn ansa na yɛada yɛn ahotoso wɔ Yehowa mu no adi. Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: “Nea odi ade ketewaa mu nokware no di pii mu nokware; na nea ɔnteɛ ade ketewaa mu no, na ɔnteɛ bebree mu nso.” (Luka 16:10) Ɛsɛ sɛ yesua sɛ yebenya Yehowa mu ahotoso wɔ yɛn da biara da dwumadi mu, na yetie no wɔ nneɛma nketenkete a ebia yebebu no sɛ enhia mpo mu. Sɛ yehu mfaso horow a efi osetie a ɛte saa mu ba no a, ɛhyɛ ahotoso a yɛwɔ wɔ yɛn soro Agya no mu den, na ɛma yetumi gyina sɔhwɛ ahorow a ɛyɛ den ano.

Bere a wiase no bɛn n’awiei a ɛyɛ hu no, Yehowa nkurɔfo behyia sɔhwɛ ne asiane pii. (Asomafo no Nnwuma 14:22; 2 Timoteo 3:12) Sɛ yɛhyɛ ahotoso a yɛwɔ wɔ Yehowa mu no mu den mprempren a, yebetumi ahwɛ kwan sɛ yebenya yɛn ti adidi mu akɔ ne wiase foforo a ɔde ahyɛ bɔ no mu—sɛ ebia yebetwa ahohiahia kɛse no anikan anaasɛ ɛdenam owusɔre a yebenya so. (2 Petro 3:13) Ɛmmra sɛ yɛremma ahotoso a yenni nsɛe abusuabɔ a ɛsom bo a yɛne Yehowa wɔ no. Sɛ ɛba saa a, wɔbɛka nea wɔka kyerɛɛ Daniel bere a wogyee no fii agyata amoa mu no bi akyerɛ yɛn nso: “Wɔanhu sẽwa biara a etii no, efisɛ ɔde ne ho too ne Nyankopɔn so.”—Daniel 6:23.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 9 Sɛ wopɛ ho nsɛm pii a, hwɛ Ɔwɛn-Aban a ɛbae, November 1, 1994, nkratafa 23-7.

[Mfonini wɔ kratafa 9]

Yehowa asomfo anokwafo te sɛ Martin Poetzinger, ho asɛm a yɛbɛkenkan no hyɛ gyidi den