Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ W’anim Kodi Nkonim Koraa!

Kɔ W’anim Kodi Nkonim Koraa!

Kɔ W’anim Kodi Nkonim Koraa!

“Hwɛ, ɔpɔnkɔ fitaa bi ni, na nea ɔte no so no kura ta. Na wɔmaa no abotiri, na ofii adi a ɔredi nkonim na wakodi nkonim.”—ADIYISƐM 6:2.

1. Nsɛm a na ebesisi daakye bɛn na Yohane hui wɔ anisoadehu mu?

ONYANKOPƆN honhom kaa ɔsomafo Yohane ma otumi huu nsɛm a na ebesisi bɛyɛ mfirihyia 1,800 a na ɛbɛba no siei, na ɔkaa Kristo a na wɔde no besi agua so sɛ Ɔhene no ho asɛm. Na ehia sɛ Yohane nya gyidi na ama wagye nea ohui wɔ anisoadehu mu no adi. Ɛnnɛ yɛwɔ adanse pefee a ɛkyerɛ sɛ saa agua so a wɔde ɔhene no sii yi bae wɔ afe 1914 mu. Yɛde gyidi aniwa hu sɛ Yesu Kristo afi ‘adi redi nkonim na wakodi nkonim koraa.’

2. Ɔkwan bɛn so na Ɔbonsam yɛɛ n’ade wɔ Ahenni no a wɔde sii hɔ no ho, na eyi yɛ dɛn ho adanse?

2 Bere a wɔde Ahenni no sii hɔ no, wotuu Satan fii soro, na ama ɔde abufuw reko denneennen, nanso biribiara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ obedi nkonim. (Adiyisɛm 12:7-12) N’abufuw no ama wiase nsɛm tebea mu ayɛ den kɛse sen biara. Ɛte sɛ nea adesamma abusua mu repaapae no. Wɔ Yehowa Adansefo fam no, eyi yɛ adanse pefee a ɛkyerɛ sɛ wɔn Hene no rekɔ n’anim ‘akodi nkonim koraa.’

Wɔrehyehyɛ Wiase Foforo Abusua Bi

3, 4. (a) Efi bere a wɔde Ahenni no sii hɔ no, ahyehyɛde mu nsakrae bɛn na wɔayɛ wɔ Kristofo asafo no mu, na dɛn nti na ɛho hia? (b) Sɛnea Yesaia ka siei no, mfaso bɛn na nsakrae yi de aba?

3 Bere a wɔde Ahenni no sii hɔ no, na ɛbere adu sɛ wɔma Kristofo asafo a wɔasan ahyehyɛ—a saa bere no na wɔama wɔn Ahenni adwuma—no dwumadi yɛ te sɛ afeha a edi kan no mu Kristofo asafo no de. Enti, Engiresi Ɔwɛn-Aban a ɛbae June 1 ne 15, 1938 no susuw sɛnea ɛsɛ sɛ Kristofo ahyehyɛde no yɛ adwuma no ho. Akyiri yi, nea ɛbae December 15, 1971 no daa ɛnnɛyi Sodikuw no adi pefee wɔ asɛmti a ɛne “Nsonsonoe a Ɛda Sodikuw no ne Mmara Kwan so Ahyehyɛde Ntam” no mu. Wɔ afe 1972 mu no, wɔpaw mpanyimfo akuw sɛ wɔmmoa wɔn asafo ahorow na wɔmma wɔn akwankyerɛ.

4 Ɔhwɛ ho nhyehyɛe pa a wɔsan yɛe no hyɛɛ Kristofo asafo no den kɛse. Nea ɛde mmoa yi bae kɛse nso ne nsiesiei ahorow a Sodikuw no yɛe de mpanyimfo no nnwuma ho akwankyerɛ mae, a ntetee a ɛfa sɛnea wodi asɛm ho ka ho. Wɔkaa nkɔso a ɛbɛba Onyankopɔn asase so ahyehyɛde no dwumadi mu nkakrankakra ne mfaso a ebefi mu aba no ho asɛm siei wɔ Yesaia 60:17 sɛ: “Kɔbere ananmu na mede sika mesi maba, na dade ananmu na mede dwetɛ mesi maba, na kɔbere asi nnua ananmu, na dade asi abo ananmu. Na mɛma asomdwoe adi wo so panyin ahwɛ wo, na mede trenee mayɛ wo kãfo.” Nsakrae a ɛfata yi ma wonyaa Onyankopɔn nhyira, na ɛyɛɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn ani sɔɔ wɔn a na wɔafi nsiyɛ mu abɛboa N’ahenni no.

5. (a) Satan yɛɛ n’ade dɛn wɔ hyira a Yehowa hyiraa Ne nkurɔfo no ho? (b) Nea ɛne Filipifo 1:7 hyia no, ɔkwan bɛn so na Yehowa nkurɔfo ayɛ wɔn ade wɔ Satan abufuw ho?

5 Satan huu ɔdɔ mu a Onyankopɔn fi hwɛɛ ne nkurɔfo ne akwankyerɛ a Ɔde maa wɔn bere a wɔde Ahenni no sii hɔ no. Sɛ nhwɛso no, wɔ afe 1931 mu no, saa Kristofo kuw ketewa yi daa no adi wɔ baguam sɛ wɔnyɛ Bible Asuafo kɛkɛ. Nea ɛne Yesaia 43:10 hyia no, na wɔyɛ Yehowa Adansefo! Sɛ́ ɛyɛ asɛm a ɛne asɛm hyia anaa ɛnte saa no, Ɔbonsam de ɔtaa a na ɛso bi mmae da baa wɔn so wɔ wiase nyinaa. Wɔ aman a na wonim sɛ nyamesom mu ahofadi wom te sɛ United States, Canada, ne Germany mu mpo no, wɔmaa Adansefo no dii ako pii wɔ mmara kwan so sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya ɔsom mu ahofadi. Eduu afe 1988 no, na U.S. Asɛnnibea Kunini no ahwehwɛ nsɛm 71 a ɛfa Yehowa Adansefo ho mu abu Yehowa Adansefo bem wɔ emu nkyem abiɛsa mu abien mu. Ɛnnɛ, mmara kwan so akodi rekɔ so wɔ wiase nyinaa sɛnea ɛbɛyɛ a, te sɛ nea ɛkɔɔ so wɔ afeha a edi kan no mu no, wobetumi ‘ayi wɔn ho ano asɛmpa no ho.’—Filipifo 1:7.

6. So bara a wɔbara Yehowa nkurɔfo ne anohyeto ahorow a wɔde ma wɔn no asiw wɔn anim a wɔbɛkɔ no kwan? Kyerɛkyerɛ mu.

6 Wɔ 1930 mfe no mu, nna a na edi Wiase Ko II no anim mu no, sɛ yɛbɛbobɔ aman abiɛsa pɛ din a, kankabi nniso ahorow baraa Yehowa Adansefo adwuma no anaasɛ wɔde anohyeto mae wɔ ho wɔ Germany, Spain, ne Japan. Nanso wɔ afe 2000 mu no, Onyankopɔn Ahenni ho adawurubɔfo a wɔyɛ nnam bɛyɛ 500,000 na na wɔwɔ aman abiɛsa yi nkutoo mu. Ná ɛno yɛ bɛyɛ Adansefo dodow a na wɔwɔ wiase nyinaa wɔ afe 1936 mu no mmɔho du! Ɛda adi pefee sɛ, bere a Yehowa nkurɔfo Kannifo nkonimdifo, Yesu Kristo, di wɔn anim no, bara a wɔbɛbara wɔn ne anohyeto ahorow ntumi nsiw wɔn anim a wɔbɛkɔ no kwan.

7. Adeyɛ a ɛda nsow bɛn na ɛkɔɔ so wɔ afe 1958 mu, na nsakrae a ɛyɛ nwonwa bɛn na aba fi saa bere no?

7 Hwɛ sɛnea Yehowa Adansefo anim a na wɔbɛkɔ yi daa adi bere a wɔyɛɛ nhyiam kɛse a ɛsen biara a wɔayɛ pɛn, Onyankopɔn Apɛde Amanaman Ntam Nhyiam a nnipa 253, 922 baa ase wɔ New York City wɔ afe 1958 mu no. Eduu afe 1970 no na wɔreyɛ wɔn adwuma no wɔ aman abiɛsa a yɛabobɔ din dedaw no mu, gye nea na wɔfrɛ no East Germany saa bere no nkutoo. Nanso, na wɔda so ara abara Adansefo no wɔ ɔman kɛse Soviet Union ne aman a na wɔne wɔn ayɛ Warsaw Apam no mu. Ɛnnɛ, Adansefo a wɔyɛ nnam bɛboro ɔpepem fã na wɔwɔ saa kan Komunis aman yi mu.

8. Dɛn na afi hyira a Yehowa ahyira ne nkurɔfo no mu aba, na dɛn na Ɔwɛn-Aban bi a ɛbaa afe 1950 mu ka faa eyi ho?

8 Esiane sɛ Yehowa Adansefo akɔ so ‘ahwehwɛ Onyankopɔn ahenni ne ne trenee kan’ nti wɔanya nkɔso. (Mateo 6:33) Yesaia nkɔmhyɛ no anya ne mmamu ankasa dedaw: “Nea osua koraa no bɛdan apem, na akumaa adan ɔman a ɛyɛ den. Me, [Yehowa, NW], mɛyɛ no ntɛm ne bere mu.” (Yesaia 60:22) Na wɔkɔɔ so dɔɔso. Mfirihyia du a etwaam yi ara mu no, Ahenni nniso no adawurubɔfo a wɔka ho asɛm no nyaa nkɔanim bɛboro nnipa 1,750,000. Eyinom fi wɔn pɛ mu abɛka kuw a 1950 Ɔwɛn-Aban bi kaa wɔn ho asɛm yi ho: “Onyankopɔn resiesie wiase foforo abusua bi mprempren. . . . Nnipakuw yi betwa Harmagedon, . . . wɔn na wobedi kan akɔ ‘asase foforo’ no so . . . wɔahyehyɛ wɔn teokrase kwan so, na wonim nhyehyɛe ahorow.” Asɛm no de baa awiei sɛ: “Enti, momma yɛn nyinaa nkɔ yɛn anim sɛ wiase foforo no abusua!”

9. Ɔkwan bɛn so na nneɛma a Yehowa Adansefo asua mfe pii a abɛsen kɔ mu no so aba mfaso?

9 Bere kɔɔ so no, wiase foforo abusua yi anya nimdeɛ a ɛso aba mfaso kɛse nnɛ na ebia ɛso bɛba mfaso mpo wɔ Harmagedon akyi nsiesie adwuma no mu. Sɛ nhwɛso no, Adansefo no asua sɛnea wɔyɛ nhyiam akɛse ho nhyehyɛe, sɛnea wɔde mmoa kɔma wɔn a asiane ato wɔn no ntɛm, na wosisi adan ahoɔhare so. Saa adwuma yi ama nnipa pii akamfo Yehowa Adansefo anya obu ama wɔn.

Adwemmɔne Ahorow a Wɔteɛ No

10, 11. Kyerɛkyerɛ sɛnea wɔateɛ adwemmɔne ahorow a nkurɔfo wɔ wɔ Yehowa Adansefo ho no mu.

10 Nanso, nnipa bi wɔ hɔ a wɔbɔ Yehowa Adansefo sobo sɛ wɔyɛ nnipa a ɛsono wɔn nneyɛe. Nea ɛma wɔka eyi titiriw ne Adansefo no gyinabea a egyina Bible no so wɔ nneɛma te sɛ mogya a wɔde ma wɔ ayaresa mu, ɔfa biara a wonnyina wɔ amammuisɛm mu, sigaretnom, ne abrabɔ ho no. Nanso, ɔmanfo pii afi ase regye atom sɛ mfaso wɔ adwenhorow a Adansefo no kura no so. Sɛ nhwɛso no, oduruyɛfo bi a ɔwɔ Poland ne Yehowa Adansefo adwumayɛbea no kasae wɔ telefon so kae sɛ, ɔne ne nnamfonom a wɔwɔ ayaresabea hɔ de nnɔnhwerew pii asusuw mogya a wɔde ma ho. Nea ɛkɔfaa asɛm no bae ne asɛm bi a epuei wɔ Poland atesɛm krataa Dziennik Zachodni mu no. Oduruyɛfo no kae sɛ: “Ɛyɛ me yaw sɛ yɛde mogya di dwuma tra so wɔ aduruyɛ mu. Ɛsɛ sɛ yɛsesa eyi, na ɛyɛ me anigye sɛ obi akɔfa asɛm yi aba. M’ani begye sɛ menya ho nsɛm pii.”

11 Wɔ nhyiam bi a wɔyɛe wɔ afe a etwaam mu no, ayaresabea mpanyimfo a wofi Canada, Europa, Israel, ne United States no susuw nea wɔbɛyɛ de aboa nnuruyɛfo ho ma wɔasa ayarefo yare a wɔremma wɔn mogya. Wɔdaa no adi wɔ nhyiam yi a wɔyɛe wɔ Switzerland no ase sɛ, nea ɛne adwene a nnipa kura nhyia no, nnipa dodow a wɔmaa wɔn mogya a wowuwui no dɔɔso sen ayarefo a wɔannye mogya no koraa. Adansefo a wɔyare no tumi fi ayaresabea ntɛm sen wɔn a wɔma wɔn mogya no, na ɛno nso mma wɔmmɔ ka pii wɔ wɔn ayaresa ho.

12. Ma sɛnea nnipa bi a wɔagye din akamfo Yehowa Adansefo wɔ afã biara a wonni wɔ amammuisɛm mu no ho nhwɛso bi.

12 Wɔaka afã biara a Yehowa Adansefo annyina ansa na Wiase Ko II refi ase, ne ɔko no mu, bere a wogyinaa Nasifo ntua a wɔde baa wɔn so ano no ho nsɛm a ɛfata pii nso. Video a wɔato din Jehovah’s Witnesses Stand Firm Against Nazi Assault, a Yehowa Adansefo yɛe a woyi kyerɛe bere a edi kan koraa ma ɛfatae wɔ Ravensbrück nneduaban mu wɔ Germany wɔ November 6, 1996 no ama nkurɔfo akeka nsɛm a ɛhyɛ nkuran pii. Bere a na wɔrebue adekyerɛde a ɛte saa ara ano wɔ nneduaban a egyee dimmɔne a ɛwɔ Bergen-Belsen ano wɔ April 18, 1998 mu no, Amammui Ntetee Asoɛe a ɛwɔ Lower Saxony no kwankyerɛfo, Ɔbenfo Wolfgang Scheel, kae sɛ: “Abakɔsɛm mu nokwasɛm ahorow a ɛyɛ animguase ma yɛn biako ne si a Yehowa Adansefo sii wɔn bo kɛse koraa poo Ɔman Kwasafo Amammu sen nea Kristofo asɔreasɔre yɛe no. . . . Ɛmfa ho adwene a yɛwɔ wɔ Yehowa Adansefo nkyerɛkyerɛ ne nsi a wɔyɛ ho no, gyina a wogyinaa pintinn wɔ Nasi nniso mu no fata obu.”

13, 14. (a) Asɛm a ɛfata bɛn na obi a na wɔnhwɛ kwan sɛ ɔbɛyɛ saa ka faa tete Kristofo no ho? (b) Ma nsɛm a ɛfata a wɔaka afa Onyankopɔn nkurɔfo ho nnɛ ho nhwɛso ahorow.

13 Sɛ nnipa atitiriw anaa asɛnnibea horow di ma Yehowa Adansefo wɔ nsɛmpɔw a emu yɛ den ho a, etumi tew Adansefo no ho adwemmɔne a nkurɔfo wɔ so, na ɛma wonya wɔn ho adwempa. Eyi ma wɔtaa nya hokwan ne nkurɔfo a na wɔmpɛ sɛ wotie wɔn no kasa. Enti Yehowa Adansefo ani gye nneyɛe a ɛte saa ho, na wɔn ani sɔ ankasa. Eyi kae yɛn nea esii wɔ afeha a edi kan no mu wɔ Yerusalem no. Bere a Sanhedrin, Yudafo asɛnnibea kɛse no, pɛe sɛ wokunkum Kristofo no esiane nsiyɛ a na wɔde ka asɛm no nti no, Gamaliel, “mmarakyerɛfo a ɔman no nyinaa bu no” no, bɔɔ kɔkɔ kae sɛ: “Israel mmarima, monhwɛ mo ho yiye nnipa yi ho wɔ nea mo ne wɔn rebedi yi ho. . . . Munyi mo ho mfi nnipa yi ho, na munnyaa wɔn! Na sɛ ebia agyina yi anaa adwuma yi fi nnipa a, ɛbɛsɛe. Na sɛ nso efi Onyankopɔn a, muntumi nsɛe wɔn, na moammɛyɛ sɛ mo ne Onyankopɔn po na ɛreko.”—Asomafo no Nnwuma 5:33-39.

14 Te sɛ Gamaliel no, nnansa yi nnipa atitiriw bi aka nyamesom mu ahofadi ho asɛm ama Yehowa Adansefo. Sɛ nhwɛso no, Amanaman Ntam Nteteebea Ma Nyamesom mu Ahofadi ne Gyidi no kan guamtrani kae sɛ: “Ɛnsɛ sɛ wɔde ɔsom hokwan kame ɔsom bi esiane sɛ ɔmanfo nnye ɔsom no gyidi ahorow ntom anaasɛ ɛyɛ soronko nti.” Na ɔbenfo bi a ɔwɔ nyamesom adesuabea a ɛwɔ Leipzig sukuupɔn mu bisaa asɛm bi a ɛho hia faa agyinatufo a German nniso paw wɔn sɛ wɔnyɛ nhwehwɛmu wɔ nyamesom akuw nketewa mu no ho sɛ: “Dɛn nti na ɛsɛ sɛ ɔsom nketewa no nkutoo na ɛsɛ sɛ wɔyɛ mu nhwehwɛmu na asɔre akɛse abien [Roma Katolek Asɔre ne Lutheran Asɔre] no nka ho?” Yɛnam kan German aban panyin bi, nea ɔkyerɛw nsɛm a edi hɔ yi so betumi anya mmuae: “Akyinnye biara nni ho sɛ asɔre ahorow no mufo a wɔyɛ katee na wɔhyɛ akyi kyerɛ nea ɛsɛ sɛ aban agyinatufo no yɛ.”

Hena Nkyɛn na Yɛhwɛ Mmoa Kwan?

15, 16. (a) Dɛn nti na Gamaliel adeyɛ no antumi anyɛ nea tumi wom ahe biara? (b) Ɔkwan bɛn so na nnipa atitiriw baasa bi antumi anyɛ biribi titiriw amma Yesu?

15 Nea Gamaliel kae no si nokwasɛm a ɛyɛ sɛ adwuma a Onyankopɔn taa akyi ntumi ngu da no so dua. Akyinnye biara nni ho sɛ tete Kristofo no nyaa ne nsɛm a ɔka kyerɛɛ Sanhedrin no so mfaso, nanso wɔn werɛ amfi sɛ Yesu nsɛm a ɔka faa n’akyidifo ho sɛ wɔbɛtaa wɔn no nso yɛ nokware. Gamaliel adeyɛ no maa nyamesom akannifo gyaee nhyehyɛe a na wɔayɛ sɛ wobekum wɔn no de, nanso ɛno anyi ɔtaa no amfi hɔ koraa, efisɛ yɛkenkan sɛ: “Na wotiee no, na wɔfrɛɛ asomafo no bae, na wɔhwee wɔn hyɛɛ wɔn sɛ wɔnnkasa Yesu din mu, na wogyaa wɔn.”—Asomafo no Nnwuma 5:40.

16 Bere a na wɔredi Yesu asɛm na Pontio Pilato, anhu Yesu ho mfomso biara no, ɔbɔɔ mmɔden sɛ obegyae no. Nanso wantumi. (Yohane 18:38, 39; 19:4, 6, 12-16) Sanhedrin no mufo baanu, Nikodemo ne Yosef a ofi Arimatea, a na wɔpɛ Yesu asɛm no mpo antumi amma asɛnnibea no annyae ade a na wɔbɛyɛ atia Yesu no. (Luka 23:50-52; Yohane 7:45-52; 19:38-40) Mmoa a nnipa tumi de ma bere a wogyina Yehowa nkurɔfo akyi—a adwene a wɔde yɛ saa mfa ho—no yɛ nea esua koraa. Wiase no bɛkɔ so atan Kristo akyidifo anokwafo, sɛnea wɔtan no no. Yehowa nkutoo na obetumi de mmoa a edi mu ama.—Asomafo no Nnwuma 2:24.

17. Adwene a ɛfata bɛn na Yehowa Adansefo kura, nanso dɛn nti na ɛmma wɔngow wɔn nsam wɔ wɔn bo a wɔasi sɛ wɔbɛkɔ so aka asɛmpa no ho?

17 Nokwarem no, Yehowa Adansefo hwɛ kwan sɛ wɔbɛkɔ so ahyia ɔtaa. Gye sɛ Satan nhyehyɛe no ahwe ase koraa ansa na ɔsɔretia afi hɔ. Ɛwom sɛ ɔtaa yi nyɛ anigye de, nanso ɛremma Adansefo no nnyae ahyɛde a wɔde ama wɔn sɛ wɔnka Ahenni no ho asɛm no. Bere a Onyankopɔn wɔ wɔn afa no, dɛn nti na ɛsɛ sɛ wogyae? Wɔhwɛ wɔn Kannifo kokodurufo, Yesu Kristo, sɛ wɔn nhwɛsofo pa.—Asomafo no Nnwuma 5:17-21, 27-32.

18. Tebea a emu yɛ den bɛn na ɛda so da Yehowa nkurɔfo anim, nanso dɛn na wogye di sɛ ebefi mu aba?

18 Nokware som ahyia ɔsɔretia a emu yɛ den fi ne mfiase pɛɛ. Ɛrenkyɛ, Gog, Satan a wakɔ animguase tebea mu fi bere a wotuu no fii soro no, bɛtow ahyɛ wɔn so. Nanso, nokware som begyina. (Hesekiel 38:14-16) “Wiase nyinaa ahene” a Satan kyerɛ wɔn kwan, “ne oguammaa no bɛko, na oguammaa no bedi wɔn so nkonim,—efisɛ ɔyɛ awuranom mu awurade ne ahene mu hene.” (Adiyisɛm 16:14; 17:14) Yiw, yɛn Hene no rekɔ n’anim akodi nkonim koraa, na ɛrenkyɛ na ‘wawie ne nkonimdi no.’ Hwɛ hokwan a yɛanya sɛ yɛne no nam, bere a yenim sɛ ɛrenkyɛ obiara renkasa ntia Yehowa asomfo bio bere a wɔka sɛ: “Onyankopɔn wɔ yɛn afa” no.—Romafo 8:31; Filipifo 1:27, 28.

Wubetumi Akyerɛkyerɛ Mu?

• Efi bere a wɔde Ahenni no sii hɔ no, dɛn na Yehowa ayɛ de ahyɛ Kristofo asafo no den?

• Dɛn na Satan ayɛ de abɔ mmɔden sɛ ɔde besiw Kristo nkonimdi no kwan, na dɛn na afi mu aba?

• Adwene a ɛkari pɛ bɛn na ɛsɛ sɛ yenya wɔ nsɛm papa a wɔn a wɔnyɛ Adansefo ka fa yɛn ho no ho?

• Dɛn na Satan bɛyɛ nnansa yi ara, na dɛn na ebefi mu aba?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 18]

Nhyiam ahorow yɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ Yehowa nkurɔfo kɔ wɔn anim

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 20]

Afã biara a Adansefo no annyina wɔ Wiase Ko II mu no da so ara de nkamfo brɛ Yehowa