Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Sɛ Yehowa wɔ ɔpɛ sɛ ɔnam ogye afɔre no so de bɔne befiri a, dɛn nti na ehia sɛ Kristofo ka wɔn bɔne kyerɛ asafo mu mpanyimfo no?

Sɛnea yetumi hu wɔ Dawid ne Bat-Seba asɛm no mu no, esiane nokware ahonu a Dawid nyae nti, Yehowa de Dawid bɔne firii no, ɛmfa ho sɛ na ɛyɛ bɔne a anibere wom. Bere a odiyifo Natan kɔɔ Dawid kyɛn no, ogye toom pefee sɛ: “Mayɛ [Yehowa, NW] bɔne.”—2 Samuel 12:13.

Nanso, ɛnyɛ ɔbɔnefo ahonu a efi komam nko na Yehowa gye tom na ɔde ne bɔne firi no, na mmom ɔsan yɛ ɔdɔ nsiesiei de boa ɔbɔnefo no ma ɔsan nya honhom fam ahoɔden. Wɔ Dawid asɛm no mu no, mmoa no nam odiyifo Natan so na ɛbae. Ɛnnɛ, yɛwɔ mpanyimfo a wɔn ho akokwaw honhom fam wɔ Kristofo asafo no mu. Osuani Yakobo kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Mo mu bi yare [honhom fam] anaa? Ɔmfrɛ asafo no mu mpanyimfo, na wɔmmɛbɔ no so mpae, na wɔnsra no ngo [Yehowa, NW] din mu. Na gyidi mpaebɔ begye ɔyarefo no nkwa, na [Yehowa, NW] bɛma no so, na sɛ wayɛ bɔne bi a, wɔde befiri no.”—Yakobo 5:14, 15.

Asafo mu mpanyimfo a wɔn ho akokwaw betumi ayɛ pii de aboa adwudwo komam yaw a ɔbɔnefo a wanu ne ho no di no ano. Wɔbɔ mmɔden sɛ wobesuasua Yehowa bere a wɔne ɔbɔnefo no di nsɛm no. Ɛwom sɛ ebia ebehia sɛ wɔde nteɛso a emu yɛ den ma de, nanso wɔrenyɛ katee da. Mmom no, wofi ayamhyehye mu susuw onipa no ahiade titiriw ho. Wofi boasetɔ mu bɔ mmɔden sɛ wɔbɛteɛ onipa a wayɛ bɔne no so denam Onyankopɔn Asɛm a wɔde di dwuma so. (Galatifo 6:1) Sɛ obi amfi ne pɛ mu anka ne bɔne mpo a, obetumi anu ne ho bere a mpanyimfo akɔ ne nkyɛn, sɛnea Dawid yɛe bere a Natan kɔɔ no nkyɛn no. Enti mpanyimfo no mmoa a wɔde ma no boa ɔbɔnefo no ma ɔkwati asiane a ɛne sɛ ɔbɛyɛ bɔne no bio ne aniberesɛm a ɛyɛ sɛ ɔbɛyɛ ɔbɔnefo a wapirim ne koma no.—Hebrifo 10:26-31.

Nokwasɛm ni, ɛnyɛ mmerɛw sɛ obi bɛka nneyɛe bi a ɛyɛ no aniwu akyerɛ afoforo de ahwehwɛ fafiri. Egye animia ankasa. Nanso, susuw yɛ a worenyɛ saa no nso ho kakra hwɛ. Ɔbarima bi a wantumi anka ne bɔne a anibere wom ankyerɛ asafo mu mpanyimfo no kae sɛ: “Midii yaw me komam a na entumi nkɔ. Meyɛɛ asɛnka adwuma no pii, nanso anyi me komam yaw a na midi no amfi me so.” Ɔtee nka sɛ ka a ɔbɛka ne bɔne akyerɛ Onyankopɔn no ara dɔɔso, nanso ɛda adi sɛ na ɛnte saa, efisɛ ɔtee nka te sɛ Ɔhene Dawid ara pɛ. (Dwom 51:8, 11) Hwɛ ye ara a eye sɛ yebegye mmoa a Yehowa nam asafo mu mpanyimfo so de ma no atom!