Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Sɛ Onyankopɔn Wɔ Yɛn Afa A, Hena Na Ɔne Yɛn Bedi Asi?”

“Sɛ Onyankopɔn Wɔ Yɛn Afa A, Hena Na Ɔne Yɛn Bedi Asi?”

“Sɛ Onyankopɔn Wɔ Yɛn Afa A, Hena Na Ɔne Yɛn Bedi Asi?”

“Na afei yebese eyinom ho dɛn? Sɛ Onyankopɔn wɔ yɛn afa a, hena na ɔne yɛn bedi asi?”—ROMAFO 8:31.

1. Henanom na wɔkaa Israelfo ho fii Misraim, na dɛn na ɛma wɔyɛɛ saa?

BERE a Israelfo dii mfirihyia 215 wɔ Misraim a na wɔde saa bere no mu fã kɛse no ara asom sɛ nkoa, na wɔrefi adi akonya ahofadi no, “afrafrafo pii nso ne wɔn kɔe.” (Exodus 12:38) Na saa nkurɔfo a wɔnyɛ Israelfo yi ahu ɔhaw ahorow du a ɛyɛ hu a ɛde ɔsɛe baa Misraim so, na ɛmaa n’atoro anyame bɛyɛɛ asereserede no. Bere koro no ara, na wɔahu—ne titiriw efi ɔhaw a ɛto so anan no so rekɔ no—sɛnea Yehowa tumi bɔ ne nkurɔfo ho ban no. (Exodus 8:23, 24) Ɛwom sɛ na wonni Yehowa atirimpɔw ahorow ho nimdeɛ pii de, nanso na wonim ade biako sɛ: Misraim anyame antumi ammɔ Misrifo ho ban, bere a na Yehowa ada ne ho adi sɛ ogyina Israelfo no akyi denneennen no.

2. Dɛn nti na Rahab boaa Israelfo akwansrafo no, na dɛn nti na ahotoso a onyae wɔ wɔn Nyankopɔn mu no nyɛ nea na ɛmfata?

2 Mfirihyia aduanan akyi, aka kakraa bi ma Israelfo no adu Bɔhyɛ Asase no so no, Yosua a odii Mose ade no somaa mmarima baanu sɛ wɔnkɔsra asase no. Wohyiaa Rahab, a ɔyɛ Yerikoni no wɔ hɔ. Ɛdenam nea na wate afa Yehowa anwonwade ahorow a na wayɛ de abɔ Israelfo no ho ban fi mfirihyia 40 a wofii Misraim so no, na onim sɛ sɛ ɔpɛ Onyankopɔn nhyira a, na ɛsɛ sɛ ɔboa Ne nkurɔfo no. Esiane gyinae a nyansa wom a osii nti, wɔbɔɔ ɔne ne fiefo ho ban a wɔansɛe wɔn bere a Israelfo no ko faa kurow no akyiri yi no. Anwonwakwan a wɔfaa so gyee wɔn no ankasa yɛɛ adanse a edi mũ a ɛkyerɛ sɛ na Onyankopɔn wɔ wɔn afa. Enti, Israelfo Nyankopɔn mu ahotoso a Rahab nyae no nyɛ ahotoso a na ɛmfata.—Yosua 2:1, 9-13; 6:15-17, 25.

3. (a) Anwonwade bɛn na Yesu yɛɛ no beae bi a ɛbɛn Yeriko a na wɔasan akyekye no, na ɔkwan bɛn so na Yudafo asɔfo yɛɛ wɔn ade wɔ ho? (b) Dɛn na Yudafo binom ne akyiri yi nnipa pii a na wɔnyɛ Yudafo, behui?

3 Mfeha dunum akyi no, Yesu Kristo saa onifuraefo bi a ɔsrɛsrɛ ade yare wɔ beae bi a ɛbɛn Yeriko kurow a na wɔasan akyekye no. (Marko 10:46-52; Luka 18:35-43) Saa barima yi srɛɛ Yesu sɛ onhu no mmɔbɔ a ɛkyerɛ sɛ na ogye tom sɛ Onyankopɔn wɔ Yesu afa. Nanso, Yudafo nyamesom akannifo no ne wɔn akyidifo dodow no ara annye anwonwade horow a Yesu yɛe no antom sɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ na ɔreyɛ Onyankopɔn adwuma. Mmom no, wɔhwehwɛɛ ne ho mfomso. (Marko 2:15, 16; 3:1-6; Luka 7:31-35) Bere mpo a wokum Yesu na wohui sɛ wasɔre afi awufo mu no, na wɔmpɛ sɛ wogye tom sɛ na eyi yɛ Onyankopɔn adwuma. Mmom no, wodii anim taa Yesu akyidifo no, bɔɔ mmɔden sɛ wobesiw wɔn adwuma a ɛne ‘Awurade Yesu ho asɛmpa a wɔka no’ kwan. Nanso Yudafo binom, ne akyiri yi wɔn a wɔnyɛ Yudafo no, hyɛɛ saa nneɛma yi nsow susuw ho wɔ ɔkwan a ɛfata so. Wɔn fam no, na ɛda adi sɛ Onyankopɔn apo Yudafo akannifo a na wobu wɔn ho atreneefo no, na na ɔwɔ Yesu Kristo akyidifo ahobrɛasefo no afa.—Asomafo no Nnwuma 11:19-21.

Henanom na Onyankopɔn Wɔ Wɔn Afa Nnɛ?

4, 5. (a) Ɔkwan bɛn so na nnipa binom te nka wɔ ɔsom a wɔbɛpaw ho? (b) Sɛ worehwehwɛ nokware som a, asɛntitiriw a ɛho hia bɛn na ɛsɛ sɛ wubisa?

4 Ɛdefa ɔsom a ɛyɛ nokware ho no, ɔsɔfo bi kae wɔ nsɛm bi a wobisabisaa no wɔ TV so nnansa yi mu sɛ: “Bere a mɛka sɛ ɔsom bi yɛ nokware ne bere a obi de bɔ ne bra na ɛma ɔyɛ onipa pa no.” Nokwarem no, nokware som ma nkurɔfo yɛ nnipa pa. Nanso, so nokwasɛm a ɛyɛ sɛ ɔsom bi ma emu nnipa yɛ nnipa pa no nkutoo kyerɛ sɛ Onyankopɔn wɔ n’afa? So ɛno nkutoo ne nea wogyina so kyerɛ sɛ ɔsom bi yɛ nokware?

5 Obiara ani gye ho sɛ ɔno ankasa betumi apaw biribi a ɔpɛ, a hokwan a ɔwɔ sɛ ɔpaw ne som ka ho. Nanso, hokwan a obi wɔ sɛ ɔpaw biribi a ɔpɛ no ankasa nkyerɛ sɛ ɔbɛpaw nea ɛfata. Sɛ nhwɛso no, nea nnipa binom gyina so paw wɔn som ne nnipa dodow a wɔwom, nneɛma a ɔsom no wɔ, nneɛma a wɔde kyerɛ wɔ gua so, anaa abusuasɛm. Eyinom mu biara nyɛ nea wogyina so tumi kyerɛ sɛ ɔsom bi yɛ nokware anaasɛ ɛnyɛ nokware. Asɛmmisa a ɛho hia wɔ eyi mu ne sɛ: Ɔsom bɛn na ɛhyɛ emufo nkuran sɛ wɔnyɛ Onyankopɔn apɛde na ɛde adanse a emu yɛ den ma sɛ Onyankopɔn wɔ wɔn afa, ma enti emufo tumi de ahotoso ka sɛ, “Onyankopɔn wɔ yɛn afa”?

6. Yesu nsɛm bɛn na ɛma yehu nsonsonoe a ɛda nokware som ne atoro som ntam?

6 Yesu de biribi a wobegyina so ahu nsonsonoe a ɛwɔ nokware som ne atoro som ntam sii hɔ bere a ɔkae sɛ: ‘Na monhwɛ mo ho yiye atoro adiyifo ho, na wɔnam nguanten nhoma mu ba mo nkyɛn, na wɔn mu de, wɔyɛ mpataku adifudepɛfo. Wɔn aba na mode behu wɔn.’ (Mateo 7:15, 16; Malaki 3:18) Ma yɛnhwehwɛ nokware som “aba,” anaa agyiraehyɛde no bi, sɛnea ɛbɛyɛ a, yebetumi ahu wɔn a Onyankopɔn wɔ wɔn afa nnɛ no pefee.

Wɔn a Onyankopɔn Wɔ Wɔn Afa no Agyiraehyɛde Ahorow

7. Sɛ́ obi bɛma ne nkyerɛkyerɛ ayɛ nea egyina Bible so nkutoo no kyerɛ dɛn?

7 Wɔde wɔn nkyerɛkyerɛ ahorow gyina Bible no so. Yesu kae sɛ: “Me kyerɛkyerɛ nyɛ me dea, na nea ɔsomaa me no dea. Sɛ obi pɛ sɛ ɔyɛ n’apɛde a, obehu sɛ kyerɛ no fi Nyankopɔn anaasɛ efi m’ankasa me tirim na meka.” Afei nso: “Nea ofi Nyankopɔn mu no tie Nyankopɔn asɛm.” (Yohane 7:16, 17; 8:47) Nokwarem no, sɛ Onyankopɔn begyina obi afã a, ɛsɛ sɛ onii no kyerɛkyerɛ nea Onyankopɔn da no adi wɔ N’asɛm mu nkutoo na ɔpo nkyerɛkyerɛ a egyina nnipa nyansa anaa atetesɛm so.—Yesaia 29:13; Mateo 15:3-9; Kolosefo 2:8.

8. Dɛn nti na ɛho hia sɛ yɛde Onyankopɔn din di dwuma wɔ ɔsom mu?

8 Wɔde Onyankopɔn din, Yehowa no di dwuma, na wɔbɔ no dawuru. Yesaia ka siei sɛ: “Da no mobɛka sɛ: Monkamfo [Yehowa, NW], mommɔ ne din. Momma wonhu ne nneyɛe, aman mu. Monka sɛ wɔama ne din so! Monto dwom mma [Yehowa, NW], na wayɛ ade akɛse; momma wonhu eyi asase nyinaa so.” (Yesaia 12:4, 5) Yesu kyerɛkyerɛɛ n’akyidifo no sɛ wɔmmɔ mpae sɛ: “Yɛn Agya a wowɔ soro, wo din ho ntew.” (Mateo 6:9) Enti, sɛ́ obi yɛ Yudani anaasɛ ɔnyɛ Yudani no, ɛsɛ sɛ Kristofo som sɛ ‘ɔman ma Onyankopɔn din.’ (Asomafo no Nnwuma 15:14) Ɛda adi sɛ Onyankopɔn ani gye ho sɛ obegyina wɔn a wodi ahurusi sɛ wɔyɛ ‘ɔman ma ne din’ no afa.

9. (a) Dɛn nti na wɔn a wɔsom nokware som wɔ anigye? (b) Ɔkwan bɛn so na Yesaia de nokware som totoo atoro som ho?

9 Wɔda Onyankopɔn nipasu a ɛyɛ anigye no adi. Sɛ́ “asɛmpa” no kyerɛwfo no, Yehowa yɛ ‘anigye Nyankopɔn.’ (1 Timoteo 1:11) Enti ɛbɛyɛ dɛn na n’asomfo bɛyɛ nkurɔfo a wonni anigye anaasɛ wonni anidaso bere nyinaa? Ɛmfa ho wiase amanehunu ne ankorankoro nsɛnnennen no, nokware Kristofo kɔ so nya anigye efisɛ wodi honhom fam aduan pa daa. Yesaia de wɔn toto wɔn a wɔsom atoro som ho sɛ: “Enti sɛ [Yehowa, NW] Nyankopɔn se ni: Hwɛ, me nkoa bedidi, na mo de, mubedi kɔm; hwɛ, me nkoa bɛnom, na mo de, mubedi sukɔm; hwɛ, me nkoa ani begye, na mo de, mo ani bewuwu; hwɛ, me nkoa de koma pa bɛto ahurusi dwom, na mo de, mode koma mu yaw bɛteɛm, na mode honhom a abubu asũ yɔɔ.”—Yesaia 65:13, 14.

10. Ɔkwan bɛn so na wɔn a wɔsom nokware som nsɔ akwan dodow bi nhwɛ ansa na wɔahu nkyerɛkyerɛ a eye?

10 Wɔde wɔn nneyɛe ne wɔn gyinaesi ahorow nyinaa gyina Bible nnyinasosɛm ahorow so. Mmebusɛm kyerɛwfo no tu yɛn fo sɛ: “Fa wo koma nyinaa bata [Yehowa, NW] ho, na mfa wo ho ntweri wo nhumu. Hu no w’akwan nyinaa mu, na ɔno na ɔbɛteɛ w’akwan.” (Mmebusɛm 3:5, 6) Onyankopɔn gyina wɔn a wɔhwehwɛ n’ankwankyerɛ no afa, na ɛnyɛ wɔn a wɔhwehwɛ nnipa a wobu wɔn ani gu Onyankopɔn nyansa so nkyerɛkyerɛ a enhyia akwankyerɛ no. Mpɛn dodow a obi wɔ ɔpɛ sɛ ɔbɛbɔ ne bra sɛnea Onyankopɔn Asɛm kyerɛ no, ɔrensɔ akwan dodow bi nhwɛ ansa na wahu nkyerɛkyerɛ a eye.—Dwom 119:33; 1 Korintofo 1:19-21.

11. (a) Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ wɔkyekyɛ nokware som mufo mu yɛ wɔn asɔfokuw ne asɔremma? (b) Nhwɛso bɛn na ɛsɛ sɛ wɔn a wodi Onyankopɔn nkurɔfo anim no yɛ ma nguankuw no?

11 Wɔahyehyɛ wɔn te sɛ afeha a edi kan no mu Kristofo asafo no. Yesu de nnyinasosɛm sii hɔ sɛ: “Wɔmmfrɛ mo Rabi; na obiako ne mo kyerɛkyerɛfo, na mo nyinaa yɛ anuanom. Na mommfrɛ obiara mo agya asase so; na obiako ne mo agya, ɔne nea ɔwɔ soro no. Nanso wɔmmfrɛ mo akyerɛkyerɛfo; na obiako ne mo kyerɛkyerɛfo, ɔne Kristo no. Na mo mu kɛse no nyɛ mo somfo.” (Mateo 23:8-11) Asɔfokuw a wɔyɛ ahantan a wodi wɔn ankasa ho ni a wɔmoma wɔn ho abodin akɛse na wɔma wɔn ho so sen asɔremma nni anuanom asafo mu. (Hiob 32:21, 22) Wɔka kyerɛ wɔn a wɔyɛn Onyankopɔn nguankuw no sɛ wɔnnyɛ no ‘ɔhyɛ so, na mmom ɔdɔ so, sɛnea Onyankopɔn pɛ; ɛnyɛ adifudepɛ nti, na mmom koma a ɛpɛ nti; ɛnyɛ sɛ wɔn a wodi asafotow no so bakoma, na mmom wɔnyɛ nhwɛso mma nguankuw no.’ (1 Petro 5:2, 3) Kristofo ahwɛfo anokwafo mmɔ mmɔden sɛ wɔbɛhyɛ afoforo gyidi so. Sɛ Onyankopɔn yɔnko adwumayɛfo no, wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ nhwɛso pa.—2 Korintofo 1:24.

12. Ɛdefa nnipa nniso ahorow ho no, gyinabea a ɛkari pɛ bɛn na Onyankopɔn hwehwɛ fi wɔn a wɔpɛ sɛ ogyina wɔn afa no hɔ?

12 Wɔbrɛ wɔn ho ase hyɛ nnipa nniso ahorow ase nanso wɔkɔ so yɛ nkurɔfo a wonni afã biara. Obi a ‘ɔmmrɛ ne ho ase nhyɛ tumi a ɛwɔ anuonyam’ no ase no ntumi nhwɛ kwan sɛ Onyankopɔn begyina n’afa. Dɛn ntia? Efisɛ “tumi a ɛwowɔ hɔ no, Onyankopɔn na wahyɛ ato hɔ. Enti obiara a ɔne tumi no di asi no, ɔne nea Onyankopɔn ahyɛ ato hɔ di asi.” (Romafo 13:1, 2) Nanso, Yesu hui sɛ nsɛnnennen bi betumi asɔre bere a ɔkae sɛ: “Momfa Kaesare de mma Kaesare, na momfa Onyankopɔn de mma Onyankopɔn!” no. (Marko 12:17) Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔpɛ sɛ Onyankopɔn gyina wɔn afa no ‘kɔ so hwehwɛ Onyankopɔn ahenni ne ne trenee kan,’ bere a bere koro no ara no wodi ɔman no mmara horow a ɛne wɔn asɛyɛde ahorow a ɛkorɔn a wɔwɔ wɔ Onyankopɔn anim no hyia so no. (Mateo 6:33; Asomafo no Nnwuma 5:29) Yesu sii ɔfã biara a wonni so dua bere a ɔkaa n’asuafo no ho asɛm sɛ: “Womfi wiase, sɛnea me nso mimfi wiase no.” Akyiri yi ɔde kaa ho sɛ: “M’ahenni mfi wi yi ase.”—Yohane 17:16; 18:36.

13. Dwuma bɛn na ɔdɔ di wɔ Onyankopɔn nkurɔfo a wobehu wɔn no mu?

13 Wɔnhwɛ nnipa anim bere a ‘wɔyɛ nnipa nyinaa yiye no.’ (Galatifo 6:10) Animhwɛ nni Kristofo dɔ mu, egye nnipa nyinaa tom a wɔn honam ani hwɛbea, sikasɛm anaa nhomanim, ɔman a wofi mu, anaa kasa a wɔka mfa ho. Nnipa nyinaa a wɔyɛ wɔn yiye ne titiriw no wɔn a wɔne wɔn wɔ gyidi biako no boa ma yehu wɔn a Onyankopɔn wɔ wɔn afa. Yesu kae sɛ: “Sɛ mododɔ mo ho a, nnipa nyinaa behu sɛ moyɛ m’asuafo.”—Yohane 13:35; Asomafo no Nnwuma 10:34, 35.

14. So wogye nkurɔfo a wɔwɔ Onyankopɔn anim dom no tom wɔ baabiara? Kyerɛkyerɛ mu.

14 Wɔwɔ ɔpɛ sɛ wobegyina ɔtaa ano ayɛ Onyankopɔn apɛde. Yesu dii kan bɔɔ n’akyidifo kɔkɔ sɛ: “Sɛ wɔataa me a, wɔbɛtaa mo nso; sɛ wɔadi m’asɛm so a, wobedi mo de so bi.” (Yohane 15:20; Mateo 5:11, 12; 2 Timoteo 3:12) Bere biara mmae a nnipa dodow no ara akyerɛ nkurɔfo a Onyankopɔn wɔ wɔn afa no ho anigye, na saa na na ɛte wɔ Noa a ɔnam ne gyidi so buu wiase fɔ no fam. (Hebrifo 11:7) Ɛnnɛ, ɛnsɛ sɛ wɔn a wɔpɛ sɛ Onyankopɔn gyina wɔn afa no brɛ Onyankopɔn asɛm ase anaasɛ wogyae Onyankopɔn nnyinasosɛm mu siesie sɛnea ɛbɛyɛ a ɔtaa remma wɔn so. Bere tenten a wɔsom Onyankopɔn nokwaredi mu no, wonim sɛ nnipa ‘betwiri wɔn agu wɔn abrabɔ pa ho fi.’—1 Petro 2:12; 3:16; 4:4.

Bere a Ɛsɛ sɛ Yesusuw Nokwasɛm Ahorow Ho

15, 16. (a) Nsɛmmisa bɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛahu nyamesom kuw a Onyankopɔn wɔ wɔn afa no? (b) Gyinae bɛn na nnipa ɔpepem pii asi, na dɛn ntia?

15 Bisa wo ho sɛ, ‘Nyamesom kuw bɛn na wonim wɔn sɛ wɔbata Onyankopɔn Asɛm ho denneennen, bere mpo a ne nkyerɛkyerɛ ne nnipa dodow ara gyidi nhyia no? Henanom na wosi Onyankopɔn din ankasa so dua, na wɔde di dwuma de da wɔn ho adi? Henanom na wɔde ahotoso ka sɛ Onyankopɔn Ahenni no nkutoo ne nnipa haw ahorow nyinaa ano aduru? Henanom na wɔbata Bible gyinapɛn a ɛfa abrabɔ pa ho no ho ma wobu wɔn sɛ wɔyɛ ntetekwaa? Kuw bɛn na wonim wɔn sɛ wonni asɔfokuw a wotua wɔn ka, na emufo nyinaa yɛ asɛmpakafo? Henanom na wɔkamfo wɔn sɛ wɔyɛ ɔman mma a wodi mmara so, nanso wɔmfa wɔn ho nhyehyɛ amammuisɛm mu? Henanom na wofi ɔdɔ mu de wɔn bere ne wɔn sika boa afoforo ma wosua Onyankopɔn ne n’atirimpɔw ahorow ho ade? Na ɛmfa ho nneɛma pa yi nyinaa no, henanom na wobu wɔn animtiaa, di wɔn ho fɛw, na wɔtaa wɔn?’

16 Nnipa ɔpepem pii a wɔwɔ wiase nyinaa asusuw nokwasɛm ahorow yi ho na wɔabegye atom sɛ Yehowa Adansefo nkutoo na wɔsom nokware som. Wogyina nea Yehowa Adansefo kyerɛkyerɛ, sɛnea wɔyɛ wɔn ade, ne mfaso ahorow a wɔn som de aba so na aka saa asɛm yi. (Yesaia 48:17) Sɛnea ɛte no, nnipa ɔpepem pii na wɔreka asɛm a wɔka siei wɔ Sakaria 8:23 no sɛ: “Yɛne mo bɛkɔ, na yɛate sɛ Onyankopɔn ne mo na ɛte.”

17. Dɛn nti na ɛnyɛ ahantan sɛ Yehowa Adansefo bɛka sɛ wɔn na wɔsom nokware som?

17 So ɛyɛ ahantan sɛ Yehowa Adansefo bɛka sɛ wɔn nkutoo na Onyankopɔn wɔ wɔn afa? Nokwarem no, ɛte sɛ nea Israelfo a na wɔwɔ Misraim no kae sɛ na Onyankopɔn wɔ wɔn afa ɛmfa ho nea na Misrifo no gye di, anaa bere a afeha a edi kan no mu Kristofo no kae sɛ Onyankopɔn wɔ wɔn afa de kyerɛe sɛ na Onyankopɔn nni Yudafo nyamesomfo no afa no. Nokware no da adi pefee. Yehowa Adansefo reyɛ adwuma a Yesu ka siei sɛ n’akyidifo anokwafo bɛyɛ wɔ awiei bere mu no wɔ nsase 235 so: “Wɔbɛka ahenni ho asɛmpa yi wiase nyinaa de adi amanaman nyinaa adanse; ɛno ansa na awiei no bɛba.”—Mateo 24:14.

18, 19. (a) Ɛwom sɛ wɔsɔre tia Yehowa Adansefo de, nanso dɛn nti na ɛnsɛ sɛ wogyae wɔn asɛnka adwuma no yɛ? (b) Ɔkwan bɛn so na Dwom 41:11 foa nokwasɛm a ɛyɛ sɛ Onyankopɔn wɔ Adansefo no afa no so?

18 Yehowa Adansefo bɛkɔ so ayɛ saa adwuma yi, a wɔremma ɔtaa anaa ɔsɔretia nka wɔn adwuma no nhyɛ da. Ɛsɛ sɛ wɔyɛ Yehowa adwuma no, na wɔbɛyɛ. Mmɔden biara a afoforo bɔɔ wɔ afeha a etwaam no mu sɛ wobesiw Adansefo no kwan wɔ Onyankopɔn adwuma ho no adi nkogu koraa, efisɛ Yehowa hyɛɛ bɔ sɛ: “Akode biara a wɔbɔ hyɛ wo renyɛ yiye, na tɛkrɛma biara a ɛbɛsɔre ne wo ayi ntɛn no, wobebu no fɔ; ɛno ne [Yehowa, NW] nkoa agyapade ne wɔn trenee a efi me no, [Yehowa, NW] asɛm ni.”—Yesaia 54:17.

19 Nokwasɛm a ɛyɛ sɛ Yehowa Adansefo yɛ den na wɔyɛ nnam kɛse sen bere biara—na wɔyɛ eyi bere a wohyia ɔsɔretia wɔ wiase nyinaa—no yɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ Yehowa ani gye nea wɔreyɛ no ho. Ɔhene Dawid kae sɛ: “Eyi ho na mehu sɛ wopɛ me: Sɛ m’atamfo renni me so ahurusi.” (Dwom 41:11; 56:9, 11) Onyankopɔn atamfo ntumi nni Yehowa nkurɔfo so ahurusi da, efisɛ wɔn Kannifo, Yesu Kristo, di wɔn anim rekodi nkonim koraa!

Wubetumi Abua?

• Tetefo a na Onyankopɔn wɔ wɔn afa no bi ne henanom?

• Nokware som ho agyiraehyɛde ahorow no bi ne dɛn?

• Dɛn nti na w’ankasa wugye di sɛ Onyankopɔn wɔ Yehowa Adansefo afa?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 13]

Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔpɛ sɛ Onyankopɔn gyina wɔn afa no de wɔn nkyerɛkyerɛ gyina N’asɛm nkutoo so

[Mfonini wɔ kratafa 15]

Kristofo mpanyimfo yɛ nhwɛso ma nguankuw no