Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wodii Ne Honhom Fam Ahiade Ho Dwuma

Wodii Ne Honhom Fam Ahiade Ho Dwuma

Ahenni Adawurubɔfo Bɔ Amanneɛ

Wodii Ne Honhom Fam Ahiade Ho Dwuma

CYPRUS yɛ supɔw bi a ɛwɔ Mediterranea Po no atifi fam apuei tɔnn. Wɔ Bible mmere mu no, Cyprus nam ne kɔbere ne ne nnua pa so gyee din. Paulo ne Barnaba kaa Ahenni ho asɛmpa no wɔ hɔ wɔ wɔn asɛmpatrɛw akwantu a edi kan mu. (Asomafo no Nnwuma 13:4-12) Ɛnnɛ, asɛmpa no da so ara renya Cyprusfo pii asetra so nkɛntɛnso pa. Akyinnye biara nni ho sɛ saa na ɛte wɔ ɔbarima bi a wɔfrɛ no Lucas a ɔwɔ ne mfe 40 mu no fam. Ɔka sɛ:

“Wɔwoo me too abusua a emu mmofra yɛ baason mu wɔ akuraa bi a na wɔyɛn anantwi wɔ hɔ ase. M’ani gyee akenkan ho fii me mmofraase pɛɛ. Me nhoma a na m’ani gye ho paa ne Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no ketewa. Bere a midii mfe du no, me ne me namfonom bi hyehyɛɛ Bible adesua kuw ketewa bi. Nanso, esiane sɛ na akuraase hɔ mpanyimfo bi frɛ yɛn ɔsom mu awaefo nti, ankyɛ na egui.

“Akyiri yi bere a na mekɔ sukuu wɔ United States no, mihyiaa nkurɔfo a wofi ɔsom ahorow mu. Ɛno kanyan honhom fam nneɛma ho anigye a na mewɔ no. Mede nna pii yɛɛ ɔsom ahorow ho nhwehwɛmu wɔ Sukuupɔn no nhomakorabea hɔ. Afei nso mekɔɔ asɔre ahorow mu, nanso ɛmfa ho mmɔden a mebɔe no, mantumi anni me honhom fam ahiade ho dwuma.

“Bere a miwiee m’adesua no, mesan kɔɔ Cyprus na meyɛɛ adwuma wɔ ayaresabea nhwehwɛmu dan bi mu sɛ kwankyerɛfo. Ná ɔbarima bi a ne mfe akɔ anim a wɔfrɛ no Antonis, a ɔyɛ Yehowa Dansefo, taa bɛsra me wɔ m’adwumam. Nanso Greece Ortodɔks Asɔre no huu ne nsrahwɛ no.

“Ankyɛ na nyamekyerɛfo bi baa me nkyɛn bɛka kyerɛɛ me sɛ ɛnsɛ sɛ me ne Yehowa Adansefo no kasa. Esiane sɛ na wɔakyerɛ me fi me mmofraase sɛ Greece Ortodɔks Asɔre no ne nokware no nti, mitiee no na mitwaa me ne Antonis nsrahwɛ no mu, fii ase ne nyamekyerɛfo no susuw Bible no ho. Afei nso mekɔɔ nkokorafie pii mu nsrahwɛ wɔ Cyprus. Na mpo, mituu kwan kɔɔ Greece atifi fam kɔhwɛɛ Bepɔw Athos, a wobu no sɛ ɛyɛ bepɔw kronkron a ɛsen biara wɔ Ortodɔks Kristofo mu no. Nanso, mannya me Bible ho nsɛmmisa no ho mmuae.

“Enti mebɔɔ Onyankopɔn mpae sɛ ɔmmoa me mma minhu nokware no. Ɛno akyi bere tiaa bi no, Antonis ba bɛsraa me bio wɔ m’adwumam, na metee nka sɛ eyi ne me mpaebɔ no ho mmuae. Enti migyaee nyamekyerɛfo no nkyɛn kɔ, na mifii ase ne Antonis suaa Bible no. Mekɔɔ so nyaa nkɔso, na wɔ October 1997 mu no, mede nsu mu asubɔ yɛɛ m’ahosohyira ma Yehowa no ho sɛnkyerɛnne.

“Mfitiase no, me yere ne yɛn mmabea mpanyimfo baanu a na wɔadi mfe 14 ne 10 saa bere no sɔre tiae. Nanso esiane suban pa a medaa no adi nti, me yere sii gyinae sɛ ɔne me bɛkɔ nhyiam wɔ Ahenni Asa so. Ayamye a Adansefo no daa no adi ne ne ho anigye a wɔkyerɛe no hyɛɛ no nkuran kɛse. Ade a n’ani gyee ho titiriw ne Bible no a na wɔde di dwuma no. Ne saa nti, me yere ne me mmabea baanu no penee so maa Yehowa Adansefo ne wɔn yɛɛ Bible adesua. Twa sɛnea m’ani gyei bere a wɔbɔɔ wɔn baasa asu wɔ “Onyankopɔn Nkɔmhyɛ Asɛm” Ɔmantam Nhyiam ase wɔ 1999 mu no ho mfonini hwɛ!

“Yiw, mihuu nokware no a mehwehwɛe no. Mprempren, yɛn abusua no nyinaa, a me yere ne yɛn mma baanan no nyinaa ka ho, de biakoyɛ resom Yehowa.”