Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Adamfo Pira”

“Adamfo Pira”

“Adamfo Pira”

ƆSOMAFO Paulo hui sɛ na ɛho hia sɛ ɔde nteɛso bi ma afeha a edi kan no mu Kristofo a na wɔwɔ Galatia no. Ɛda adi sɛ sɛnea ɛbɛyɛ na wɔmfa ne ho abufuw nti, obisae sɛ: “Na sɛ meka nokware mekyerɛ mo nti, madan mo tamfo anaa?”—Galatifo 4:16.

‘Nokware’ a Paulo ‘kae’ no amma wammɛyɛ wɔn tamfo. Nokwarem no, na ɔreyɛ ade a ɛne Bible mu nnyinasosɛm hyia: “Adamfo pira yɛ nokware.” (Mmebusɛm 27:6, King James Version) Na onim sɛ ebetumi ahaw wɔn a na wɔredi mfomso no. Nanso, na onim nso sɛ sɛ ɔma nteɛso a ɛfata pare ɔdebɔneyɛfo bi a, na ebetumi ama onii no ahwere Yehowa Nyankopɔn dɔ. (Hebrifo 12:5-7) Enti, sɛ́ adamfo nokwafo a na asafo no daakye yiyedi ho hia no no, Paulo antwentwɛn ne nan ase sɛ ɔde afotu a nteɛso wom bɛma.

Ɛnnɛ, Yehowa Adansefo redi wɔn ahyɛde a ɛne sɛ ‘wɔnkɔyɛ amanaman nyinaa asuafo, nkyerɛkyerɛ wɔn sɛ wonni nea Yesu Kristo ahyɛ nyinaa so’ no ho dwuma. Ne yɛ mu no, saa Kristofo komapafo yi nkata Bible mu nokware ahorow a ɛpa atoro nkyerɛkyerɛ ne nneyɛe a ɛne Kristofo abrabɔ nhyia ho ntama no so. (Mateo 15:9; 23:9; 28:19, 20; 1 Korintofo 6:9, 10) Sɛ́ anka wɔbɛyɛ atamfo a ɛsɛ sɛ wɔpo wɔn no, wɔrekyerɛ afoforo ho anigye sɛ nokware nnamfo ankasa.

Bere a Onyankopɔn honhom maa odwontofo no nyaa nhumu no, ɔkyerɛwee sɛ: “Ma ɔtreneeni mmɔ me na ɔnka m’anim adɔe so, ɛyɛ tiri so ngo a me ti rempo.”—Dwom 141:5.