Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Monhwɛ Nyisaa ne Akunafo Wɔ Wɔn Ahohia Mu

Monhwɛ Nyisaa ne Akunafo Wɔ Wɔn Ahohia Mu

Monhwɛ Nyisaa ne Akunafo Wɔ Wɔn Ahohia Mu

Ɛnyɛ den sɛ yebehu sɛ yɛte wiase a ɔdɔ nnim mu. Bere a ɔsomafo Paulo reka nnipa a wɔbɛtra ase wɔ “nna a edi akyiri” mu ho asɛm no, ɔkyerɛwee sɛ: “Mmere a emu yɛ den bɛba. Efisɛ nnipa bɛyɛ ahopɛfo, . . . wɔn a wonni dɔ.” (2 Timoteo 3:1-3) Hwɛ sɛnea saa nsɛm no yɛ nokware!

ABRABƆ a yɛwom wɔ yɛn bere yi mu no nti na nnipa pii nna mmɔborohunu adi no. Afoforo yiyedi ho asɛm ho nhia nkurɔfo koraa, na wɔ ebinom mpo fam no, wɔn ankasa abusuafo asɛm mfa wɔn ho.

Eyi haw nnipa pii a esiane nsɛm tebea horow nti wɔabɛyɛ ahiafo no. Esiane akodi, asiane, ne nnipa a wɔatu a wɔrehwehwɛ guankɔbea nti, akunafo ne nyisaa kɔ so dɔɔso. (Ɔsɛnkafo 3:19) Amanaman Nkabom Mmofra Foto no amanneɛbɔ bi ka sɛ: “[Mmofra] bɛboro ɔpepem 1 na ɔko ama wɔayɛ nyisaa anaa wɔne wɔn mmusua ntam atetew.” Wunim ɛnanom a wonni ahokafo, wɔagyaw wɔn, anaa wɔagyae wɔn aware pii a ɛyɛ den sɛ wɔbɛtra ase na wɔn nko atete wɔn mmusua no nso. Nea ɛsɛe asɛm no koraa ne nokwasɛm a ɛyɛ sɛ aman bi hyia sikasɛm mu ahokyere a ano yɛ den a ɛma wɔn manfo pii di hia buruburoo.

Esiane eyi nti, so anidaso bi wɔ hɔ ma wɔn a wɔwɔ ahohia mu no? Ɛbɛyɛ dɛn na akunafo ne nyisaa a wɔrehu amane no atumi anya ahotɔ? So wobeyi ɔhaw yi afi hɔ da bi?

Adɔe a Wɔdaa no Adi Wɔ Bible Mmere Mu

Akunafo ne nyisaa honam fam ne honhom fam ahiade ho dwumadi ayɛ Onyankopɔn som fã bere nyinaa. Sɛ na Israelfo no retwa wɔn aba anaa wɔretew wɔn nnuaba a, na ɛnsɛ sɛ wɔkɔsesa nea ɛka wɔ wɔn afuw mu no, na na ɛnsɛ sɛ wokodi mpɛpɛwa nso. Na ɛsɛ sɛ wogyaw mpɛpɛwa no “ma ɔhɔho, ayisaa ne okunafo.” (Deuteronomium 24:19-21) Mose Mmara no kaa no pefee sɛ: “Monnhyɛ ɔbaakunafo anaa ayisaa so.” (Exodus 22:22, 23) Yebetumi de akunafo ne nyisaa a wɔka wɔn ho asɛm wɔ Bible mu no agyina hɔ ama ahiafo ma afata, efisɛ sɛ okunu a ɔyɛ agya anaa awofo baanu no wu a, na abusuafo nkae no betumi ayɛ ankonam na wɔadi hia buruburoo. Tete agya Hiob kae sɛ: “Efisɛ miyi ɔmanehunufo a osũ frɛ ɔboafo, ne ayisaa ne nea onni boafo.”—Hiob 29:12.

Wɔ Kristofo asafo no mfiase no, na wɔn a esiane wɔn awofo anaa wɔn kununom a wɔawuwu nti wɔrehu amane na wohia mmoa ankasa a wɔbɛhwɛ wɔn no yɛ nokware som fã titiriw. Osuani Yakobo a na saafo no yiyedi ho asɛm hia no no kyerɛwee sɛ: “Onyamesom a ɛho tew na ɛho nni fĩ agya Onyankopɔn anim ne sɛ obi kɔhwɛ nyisaa ne akunafo wɔn ahohia mu, na oyi ne ho fi wiase nkekae mu.”—Yakobo 1:27.

Bere a Yakobo bobɔɔ nyisaa ne akunafo din wiei no, ɔkyerɛɛ sɛnea afoforo a na wodi hia ne wɔn a na ahia wɔn buruburoo no ho hia no kɛse no nso. (Yakobo 2:5, 6, 15, 16) Ɔsomafo Paulo susuw afoforo ho saa ara. Bere a wɔmaa ɔne Barnaba baabi a wɔbɛyɛ asɛnka adwuma no, na ‘ahiafo a wɔbɛkae wɔn’ no ho asɛm ka akwankyerɛ a wɔde maa wɔn no ho. Paulo tumi de ahonim pa kae sɛ: “Ɛno ara nso na meyɛɛ ho nsi.” (Galatifo 2:9, 10) Kristofo asafo no nnwuma a wɔyɛe bere a wɔhyehyɛe akyi bere tiaa bi ho kyerɛwtohɔ da no adi sɛ: “Nanso obiara nni wɔn mu a biribi hia no; . . . na wɔkyekyɛɛ mu maa obiara sɛnea ehia no.” (Asomafo no Nnwuma 4:34, 35) Yiw, wɔtoaa nhyehyɛe a wɔyɛe wɔ tete Israel de hwɛɛ nyisaa, akunafo, ne ahiafo no so wɔ Kristofo asafo no mu.

Nokwarem no, na mmoa a wɔde mae no nnɔɔso pii, na na egyina nneɛma a asafo ahorow no mu biara wɔ so. Na wɔnsɛe sika, na wɔn a wɔboaa wɔn no yɛ wɔn a na wohia mmoa ankasa. Ná ɛnsɛ sɛ Kristoni biara didi saa nhyehyɛe yi ho ɔkwammɔne so, na na ɛnsɛ sɛ wɔde adesoa biara a ɛho nhia to asafo no so. Eyi daa adi pefee wɔ Paulo akwankyerɛ ahorow a ɔde mae wɔ 1 Timoteo 5:3-16 no mu. Ɛhɔ no yehu sɛ sɛ ahiafo no abusuafo betumi aboa a, wɔn na na ɛsɛ sɛ wodi asɛyɛde no ho dwuma. Na ɛsɛ sɛ akunafo a ahia wɔn no du ahwehwɛde ahorow bi ho ansa na wɔafata sɛ wɔma wɔn mmoa. Eyi nyinaa da nhyehyɛe a nyansa wom a Yehowa nam so hwɛ wɔn a ahia wɔn no adi. Nanso, ɛda adi nso sɛ ɛsɛ sɛ wɔkari pɛ sɛnea ɛbɛyɛ a obi nnidi ayamye a wɔda no adi no ho wɔ ɔkwan a ɛmfata so.—2 Tesalonikafo 3:10-12.

Nyisaa ne Akunafo a Yɛbɛhwɛ Wɔn Nnɛ

Wɔda so ara de nnyinasosɛm a Onyankopɔn asomfo de dii dwuma tete no di dwuma wɔ Yehowa Adansefo asafo ahorow mu, sɛ ɛba sɛ wɔresusuw wɔn a wɔwɔ ahohia mu no ho na wɔaboa wɔn a. Onuadɔ ne ade a ɛda adi wom sɛnea Yesu kae no: “Sɛ mododɔ mo ho a, nnipa nyinaa behu sɛ moyɛ m’asuafo.” (Yohane 13:35) Sɛ asiane anaa ɔko anaa ɔmanko ama ebinom redi hia anaa wɔrehu amane a, amanaman ntam onuayɛ kuw no ho pere wɔn sɛ wɔbɛfa akwan bi so aboa wɔn wɔ honhom fam ne honam fam. Ma yɛnhwɛ nnɛyi osuahu ahorow bi a ɛkyerɛ nea wɔreyɛ wɔ eyi mu.

Pedro nkae ne maame a owui bere a na wadi afe biako ne fã pɛ no ahe biara. Bere a Pedro dii mfirihyia anum no, ne papa nso wui. Enti ɛkaa Pedro ne ne nuabarimanom nkutoo. Ná Yehowa Adansefo ba wɔn papa hɔ dedaw, enti wofii ase ne Pedro ne ne nuabarimanom mpanyimfo no nyinaa yɛɛ ofie Bible adesua.

Pedro ka sɛ: “Yefii ase kɔɔ asafo nhyiam ahorow dapɛn a edi hɔ no ara. Bere a yɛne anuanom bɔɔ fekuw no, yehuu ɔdɔ a wɔdaa no adi kyerɛɛ yɛn no. Na asafo no yɛ guankɔbea ma me efisɛ anuanom mmarima ne mmea no daa ɔdɔ adi kyerɛɛ me te sɛ nea wɔyɛ m’awofo.” Pedro ka sɛ na Kristofo mpanyimfo no mu biako frɛ me kɔ ne fie. Ɛhɔ no, na Pedro ne abusuafo no bɔ nkɔmmɔ gye wɔn ani. Pedro a ofii ase kɔɔ asɛnka bere a na wadi bɛyɛ mfirihyia 11 na ɔbɔɔ asu bere a na wadi mfirihyia 15 no ka sɛ: “Eyinom yɛ nneɛma a m’ani gye ho a mekae.” Asafo no mufo no boaa ne nuanom mmarima mpanyimfo no nso ma wonyaa nkɔso pii honhom fam.

David asɛm no nso wɔ hɔ. Wogyaw ɔne ne nuabea a ɔne no yɛ nta no bere a wɔn awofo tetew mu no. Wɔn nananom ne wɔn sewaa bi na ɛtetee wɔn. “Bere a yenyinii na yehuu yɛn tebea no, yɛbɔɔ hu, na awerɛhow hyɛɛ yɛn so. Na yehia biribi a yɛde yɛn ho bɛto so. Me sewaa bɛyɛɛ Yehowa Dansefo, na eyi nti wɔde Bible mu nokware no kyerɛkyerɛɛ yɛn. Anuanom no daa ɔdɔ adi kyerɛɛ yɛn, na wɔfaa yɛn nnamfo. Ná wɔn ani gye yɛn ho, na wɔhyɛɛ yɛn nkuran sɛ yɛmfa botae ahorow nsisi yɛn ani so na yɛnkɔ so nyɛ Yehowa adwuma. Bere a midii mfirihyia du no, na asafo mu somfo bi bɛfa me kɔ asɛnka. Sɛ mekɔ ɔmantam nhyiam ahorow a na onua foforo fa me ho ka nyinaa. Na obiako mpo boaa me ma mitumi yii ntoboa wɔ Ahenni Asa so.”

David bɔɔ asu bere a na wadi mfirihyia 17, na akyiri yi ofii ase somee wɔ Yehowa Adansefo baa dwumadibea a ɛwɔ Mexico no. Mprempren mpo ɔka sɛ: “Mpanyimfo pii boa me wɔ me ntetee mu, na wɔma me afotu a mfaso wɔ so. Saa kwan yi so no, meredi te a mete nka sɛ minni ahobammɔ ne ankonam a mayɛ no so.”

Abel, asafo mu panyin bi a ɔwɔ Mexico, baabi a akunafo pii hia mmoa no ka sɛ: “Migye di sɛ ahiade titiriw a akunafo hia ne nkate fam mmoa. Ɛtɔ mmere bi a wonya adwenemhaw; wɔte nka sɛ wɔayɛ ankonam. Enti, ɛho hia paa sɛ yɛboa wɔn, na yetie wɔn. Yɛn, [asafo mu mpanyimfo no] yɛtaa srasra wɔn. Ɛyɛ papa sɛ yegye bere susuw wɔn nsɛnnennen ho. Eyi boa ma wonya honhom fam awerɛkyekye.” Nanso, ɛtɔ mmere bi a sika fam mmoa nso ho hia. Abel kae nnansa yi sɛ: “Yɛresi ɔdan ama onuawa kunafo bi. Yɛde Memeneda ne nna foforo bi awia na ɛyɛ ne fie no ho adwuma.”

Asafo mu panyin foforo ka n’ankasa suahu a ɛfa mmoa a ɔde ma nyisaa ne akunafo no ho asɛm sɛ: “Migye di sɛ nyisaa hia Kristofo dɔ kɛse koraa sen akunafo. Mahyɛ no nsow sɛ wɔtaa te nka sɛ wɔapo wɔn sen mmofra ne mmerante ne mmabaa a wɔwɔ wɔn awofo baanu nyinaa no. Ehia sɛ yeyi onuadɔ adi kyerɛ wɔn pii. Eye sɛ yɛbɛhwehwɛ wɔn bere a yɛapɔn asafo nhyiam ahorow no, na yɛahwɛ sɛnea wɔn ho te. Onua warefo bi wɔ hɔ a na ɔyɛ ayisaa bere a na ɔyɛ abarimaa no. Mifi ɔdɔ mu kyia no bere nyinaa wɔ asafo nhyiam ase, na bere biara a obehu me no ɔyɛ me atuu. Eyi hyɛ onuadɔ ankasa mu den.”

Yehowa ‘Begye Ohiani’

Yehowa mu ahotoso yɛ ade titiriw a ɛma akunafo ne nyisaa tumi gyina wɔn tebea no ano. Wɔka ne ho asɛm sɛ: “[Yehowa, NW] kora ahɔho so, ogyina nyisaa ne akunafo akyi.” (Dwom 146:9) Onyankopɔn Ahenni a ɛwɔ Yesu Kristo nsam no nkutoo na ɛde saa ɔhaw ahorow yi ano aduru koraa bɛba. Bere a odwontofo no rekyerɛkyerɛ saa Mesia nniso no mu nkɔmhyɛ kwan so no, ɔkyerɛwee sɛ: “Obegye ohiani a osu frɛ no, ne ɔmanehunufo a onni boafo. Ɔbɛkora ɔbrɛfo ne ohiani so, na wagye ahiafo kra nkwa.”—Dwom 72:12, 13.

Bere a mprempren nneɛma nhyehyɛe no bɛn n’awiei koraa no, akyinnye biara nni ho sɛ ahokyere a Kristofo nyinaa hyia no bɛdɔɔso. (Mateo 24:9-13) Ɛho hia sɛ Kristofo ma wɔn mfɛfo Kristofo ho asɛm hia wɔn daa, na ‘wɔde ɔdɔ a emu yɛ den dodɔ wɔn ho.’ (1 Petro 4:7-10) Ehia sɛ Kristofo mmarima, titiriw no mpanyimfo, dwen wɔn a wɔyɛ nyisaa no ho na wɔda mmɔborohunu adi kyerɛ wɔn. Na mmea a wɔn ho akokwaw no betumi aboa akunafo na wɔakyekye wɔn werɛ pii. (Tito 2:3-5) Nokwarem no, obiara betumi aboa denam da a yɛbɛda no adi akyerɛ afoforo a wɔwɔ ahohia mu sɛ yedwen wɔn ho no so.

Nokware Kristofo ‘mmɔ ayamɔnwene’ bere a ‘wohu wɔn nua sɛ ahia no no.’ Wonim hia a ɛho hia koraa sɛ wotie ɔsomafo Yohane afotu no: “Me mma nkumaa, mommma yɛmmfa asɛm anaa tɛkrɛma nnnɔ, na mmom momma yɛnnɔ nneyɛe ne nokware mu.” (1 Yohane 3:17, 18) Enti momma ‘yɛnhwɛ nyisaa ne akunafo wɔ wɔn ahohia mu.’—Yakobo 1:27.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 11]

“Mommma yɛmmfa asɛm anaa tɛkrɛma nnnɔ, na mmom momma yɛnnɔ nneyɛe ne nokware mu.” 1 Yohane 3:18

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 10]

Nokware Kristofo hwɛ nyisaa ne akunafo honam fam, honhom fam, ne nkate fam