Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Monnyɛ Atiefo Awerɛfirifo

Monnyɛ Atiefo Awerɛfirifo

Monnyɛ Atiefo Awerɛfirifo

“Monyɛ asɛm no yɛfo, na monnyɛ atiefo nko nnsisi mo ho.”—YAKOBO 1:22.

1. Anwonwade ahorow bɛn na tete Israelfo no nyaa hokwan hui?

“ADE a werɛ remfi da,” yɛ asɛm a ɛfata sen biara a yebetumi de akyerɛkyerɛ anwonwade a Yehowa yɛe wɔ Misraim no mu. Akyinnye biara nni ho sɛ na Ɔhaw Du no mu biara yɛ nwonwa ankasa. Nea edii saa ɔhaw no akyi ne Israelfo a wogyee wɔn anwonwakwan so ma wɔfaa Po Kɔkɔɔ a na emu apae mu no. (Deuteronomium 34:10-12) Sɛ na wowɔ hɔ na saa nsɛm no sisii a, akyinnye biara nni ho sɛ anka wo werɛ remfi Nea ɔmaa esii no da. Nanso, odwontofo no too dwom sɛ: “Wɔn [Israelfo no] werɛ fii Nyankopɔn a ogyee wɔn, ɔyɛɛ nneɛma akɛse Misraim, ɔyɛɛ anwonwade, Ham asase so, ne ahude, mmɛw po ho no.”—Dwom 106:21, 22.

2. Dɛn na ɛkyerɛ sɛ anisɔ a Israelfo no nyae wɔ Onyankopɔn nnwuma akɛse ho no ankyɛ?

2 Bere a Israelfo no twaa Po Kɔkɔɔ no akyi no, ‘Wosuroo Yehowa, na wogyee Yehowa dii.’ (Exodus 14:31) Israel mmarima ne Mose boom too nkonimdi dwom maa Yehowa, na Miriam ne mmea foforo no de mpintin ne asaw gyee so. (Exodus 15:1, 20) Yiw, Onyankopɔn nkurɔfo ani gyee Yehowa nnwuma akɛse no ho. Nanso anisɔ a wonya maa Nea ɔyɛɛ saa nneɛma no ankyɛ. Bere tiaa bi akyi no, wɔn mu pii yɛɛ wɔn ade te sɛ nea wɔyare awerɛfiri. Wɔbɛyɛɛ anwiinwiifo tiaa Yehowa na wɔn ani ansɔ nea ɔyɛ maa wɔn no. Ebinom de wɔn ho hyɛɛ abosonsom ne nna mu ɔbrasɛe mu.—Numeri 14:27; 25:1-9.

Dɛn na Ebetumi Ama Yɛn Werɛ Afi Ade?

3. Esiane yɛn sintɔ nti, dɛn na yɛn werɛ betumi afi?

3 Anisɔ a Israelfo ankyerɛ no haw adwene ankasa. Nanso, ade koro no ara betumi ato yɛn. Ɛwom, yenhuu Onyankopɔn anwonwade ahorow a ɛte saa pɛn. Nanso, akyinnye biara nni ho sɛ nsɛm bi asisi wɔ yɛne Onyankopɔn ntam abusuabɔ mu a yɛn werɛ ntumi mfi da. Yɛn mu binom betumi akae bere a yegyee Bible mu nokware no toom no. Mmere foforo a yebetumi akae ne mpae a yɛbɔe de hyiraa yɛn ho so maa Yehowa, ne yɛn nsu mu asubɔ sɛ nokware Kristofo no. Yɛn mu dodow no ara ahu sɛnea Yehowa adi aboa yɛn wɔ mmere afoforo mu wɔ yɛn asetra mu. (Dwom 118:15) Nea ɛsen ne nyinaa no, ɛdenam Onyankopɔn ankasa Ba, Yesu Kristo afɔrebɔ wu no so no, yɛanya nkwagye ho anidaso. (Yohane 3:16) Nanso esiane yɛn sintɔ nti, sɛ yɛn kɔn dɔ nneɛma bɔne na yehyia asetra mu dadwen a, yɛn werɛ betumi afi nneɛma pa a Yehowa ayɛ ama yɛn no ntɛm ara.

4, 5. (a) Ɔkwan bɛn so na Yakobo bɔ yɛn kɔkɔ wɔ asiane a ɛwɔ atiefo awerɛfirifo a yɛbɛyɛ no ho? (b) Ɔkwan bɛn so na yebetumi de Yakobo mfatoho a ɛfa onipa ne ahwehwɛ ho no adi dwuma

4 Wɔ Yesu nua, Yakobo, krataa a ɔkyerɛw kɔmaa ne mfɛfo Kristofo mu no, ɔbɔɔ wɔn kɔkɔ wɔ asiane a ɛne sɛ wobetumi ayɛ atiefo awerɛfirifo no ho. Ɔkyerɛwee sɛ: “Monyɛ asɛm no yɛfo, na monnyɛ atiefo nko nnsisi mo ho. Na sɛ obi yɛ asɛm no tiefo na sɛ ɔnyɛ ɔyɛfo a, ɔte sɛ onipa a ɔhwɛ n’anim suban ahwehwɛ mu; na ɔhwɛ ne ho na ɔkɔ, na ntɛm ara na ne werɛ afi su ko a okurae.” (Yakobo 1:22-24) Dɛn na na Yakobo nam saa nsɛm a ɔkae no so rekyerɛ?

5 Sɛ yɛsɔre anɔpa a, yɛtaa hwɛ ahwehwɛ mu hwɛ sɛnea ɛsɛ sɛ yesiesie yɛn ho fa. Bere a yɛyɛ nnwuma ahorow na adwene no kɔ nneɛma foforo so no, yensusuw sɛnea na yɛte wɔ ahwehwɛ no mu ho bio. Eyi betumi asi wɔ honhom fam nso. Bere a yɛhwɛ Onyankopɔn Asɛm mu no, yebetumi de sɛnea yɛte no atoto sɛnea Yehowa hwɛ kwan sɛ yɛyɛ ho. Yɛnam saa kwan yi so hu yɛn mmerɛwyɛ ahorow. Ɛsɛ sɛ eyi a yehu no kanyan yɛn ma yɛyɛ yɛn nipasu mu nsakrae. Nanso bere a yɛyɛ yɛn da biara da nnwuma na yɛpere sɛ yebedi yɛn haw ahorow ho dwuma no, ɛnyɛ den koraa sɛ yebegyae honhom fam nneɛma ho susuw. (Mateo 5:3; Luka 21:34) Ɛte sɛ nea yɛn werɛ fi adɔe a Onyankopɔn yɛ ma yɛn no. Sɛ ɛba saa a, ɛma yɛn koma tumi tɔ kɔ bɔne so.

6. Kyerɛwnsɛm mu asɛm bɛn na yesusuw ho a ebetumi aboa yɛn na yɛn werɛ amfi Yehowa asɛm?

6 Ɔsomafo Paulo kaa Israelfo awerɛfirifo a na wɔwɔ sare so no ho asɛm wɔ ne krataa a ɔkyerɛw kɔmaa Korintofo no mu. Sɛnea afeha a edi kan Kristofo no nyaa Paulo nsɛm no so mfaso no, saa ara na nea ɔkyerɛwee no ho a yebesusuw no bɛboa yɛn na yɛn werɛ amfi Yehowa asɛm. Ɛnde momma yensusuw 1 Korintofo 10:1-12 ho.

Pa Wiase Akɔnnɔ

7. Nneɛma a Yehowa yɛ maa Israelfo bɛn na edi adanse sɛ na ɔdɔ wɔn?

7 Nea Paulo ka faa Israelfo ho no yɛ kɔkɔbɔ ma Kristofo. Nsɛm a Paulo kyerɛwee no bi ne sɛ: “Anuanom, mempɛ sɛ mekora mo so sɛ yɛn agyanom nyinaa hyɛɛ omununkum no ase, na wɔn nyinaa faa ɛpo no mu, na wɔbɔɔ wɔn nyinaa asu too Mose so, omununkum ne ɛpo no mu.” (1 Korintofo 10:1-4) Ná Mose bere so Israelfo no ahu Onyankopɔn tumi kɛse a ɔdaa no adi no, a nea ɛka ho ne omununkum dum a ɛyɛ nwonwa a na edi wɔn anim awia a ɛboaa wɔn ma woguan faa Po Kɔkɔɔ no mu no. (Exodus 13:21; 14:21, 22) Yiw, akyinnye biara nni ho sɛ saa Israelfo no huu sɛnea na Yehowa dɔ wɔn no.

8. Dɛn na efii honhom fam nneɛma a Israelfo werɛ fii no mu bae?

8 Paulo toa so sɛ: “Nanso wɔn mu fa kɛse no ara ansɔ Onyankopɔn ani; na wɔdwɛree wɔn sare so hɔ.” (1 Korintofo 10:5) Awerɛhosɛm bɛn ara ni! Israelfo a wofii Misraim no dodow no ara antumi anhyɛn Bɔhyɛ Asase no so. Esiane sɛ wɔankyerɛ gyidi na wɔhweree Onyankopɔn anim dom nti, wowuwui wɔ sare no so. (Hebrifo 3:16-19) Dɛn na yebetumi asua afi eyi mu? Paulo ka sɛ: “Wɔde eyinom ayɛ nhwɛso ama yɛn, na yɛn kɔn annɔ bɔne sɛnea wɔn kɔn dɔe no.”—1 Korintofo 10:6.

9. Ɔkwan bɛn so na Yehowa maa ne nkurɔfo nsa kaa wɔn ahiade, na dɛn na Israelfo yɛe wɔ ho?

9 Ná Israelfo no wɔ nneɛma pii a ebetumi ama wɔakura wɔn honhom fam yiyedi mu bere a na wɔwɔ sare so no. Wɔne Yehowa yɛɛ apam, na wɔbɛyɛɛ ɔman a wɔahyira wɔn ho so ama no. Bio nso, wɔmaa wɔn asɔfokuw, ntamadan a na ɛyɛ beae a wɔsom, ne nneɛma a wɔde bɛbɔ afɔre ama Yehowa. Nanso, sɛ anka wɔbɛkyerɛ honhom fam nneɛma yi ho anigye no, wogyaee wɔn ho mu ma enti wɔn ani ansɔ honam fam nneɛma a Onyankopɔn de maa wɔn no.—Numeri 11:4-6.

10. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛkae Onyankopɔn bere nyinaa?

10 Nea ɛnte sɛ Israelfo a na wɔwɔ sare so no, Yehowa nkurɔfo a wɔwɔ hɔ nnɛ no wɔ Onyankopɔn anim dom. Nanso, sɛ́ ankorankoro no, ɛsɛ sɛ yɛkɔ so kae Onyankopɔn. Saa a yɛbɛyɛ no bɛboa yɛn ma yɛapo pɛsɛmenkominya akɔnnɔ biara a ebetumi afura yɛn ani wɔ honhom fam no. Ɛsɛ sɛ yesi yɛn bo sɛ ‘yɛbɛpa mmusubɔ ne wiase akɔnnɔ, na yɛde adwenemtew ne trenee ne onyamesom pa atra wiase bere yi mu.’ (Tito 2:12) Ɛnsɛ sɛ yɛn mu binom a yɛne Kristofo asafo no abɔ fi yɛn mmofraase no susuw sɛ yɛrehwere biribi pa bi. Sɛ nsusuwii a ɛte saa ba yɛn adwenem da bi a, ɛbɛyɛ papa sɛ yɛkae Yehowa ne nhyira a ɛso nni a wasiesie ama yɛn no.—Hebrifo 12:2, 3.

Osetie Koraa a Yɛbɛyɛ Ama Yehowa

11, 12. Ɔkwan bɛn so na obi betumi ayɛ ɔbosonsonni bere a ɔnsom ahoni?

11 Paulo bɔ yɛn kɔkɔ bio bere a ɔkyerɛw sɛ: “Nso monnyɛ abosonsomfo sɛ wɔn mu binom yɛe no, sɛnea wɔakyerɛw sɛ: Nkurɔfo no traa ase didii, nomee, na wɔsɔre gorui.” (1 Korintofo 10:7) Ná Paulo retwe adwene asi bere a Israelfo no hyɛɛ Aaron ma ɔyɛɛ sika honi no so. (Exodus 32:1-4) Ɛwom sɛ ɛda adi sɛ yɛnnan yɛn ho nkɔsom abosom ankasa de, nanso yebetumi ayɛ abosonsomfo denam yɛn pɛsɛmenkominya akɔnnɔ a yɛbɛma atwetwe yɛn afi koma mũ a yɛde bɛsom Yehowa ho no so.—Kolosefo 3:5.

12 Bere foforo nso, Paulo kyerɛw wɔn a sɛ anka wobedwen honhom fam nneɛma ho no, honam fam nneɛma nkutoo ho na na wodwen no ho asɛm. Ɛdefa wɔn a na “wɔyɛ Kristo asɛndua no atamfo” ho no, ɔkyerɛwee sɛ: “Wɔn awiei ne ɔsɛe, wɔn nyame ne yafunu.” (Filipifo 3:18, 19) Ɛnyɛ ahoni a wɔasen na wɔsomee. Ɛyɛ honam fam nneɛma ho akɔnnɔ. Ɛwom, ɛnyɛ akɔnnɔ nyinaa na ɛyɛ bɔne. Yehowa de nnipa ahiade ne nneɛma ahorow a yebetumi de agye yɛn ani bɔɔ yɛn. Nanso wɔn a wɔde anigyede akyidi di wɔne Onyankopɔn ntam abusuabɔ anim kan no, bɛdan abosonsomfo ankasa.—2 Timoteo 3:1-5.

13. Dɛn na yebetumi asua afi sika nantwi ba honi no asɛm no mu?

13 Bere a Israelfo no fii Misraim no, wɔyɛɛ sika honi a wɔbɛsom. Abosonsom ho kɔkɔbɔ akyi no, asuade foforo a ɛho hia wɔ asɛm yi mu. Israelfo no buu Yehowa akwankyerɛ a emu da hɔ pefee so. (Exodus 20:4-6) Nanso, na ɛnyɛ wɔn adwene ne sɛ wɔrepo Yehowa sɛ wɔn Nyankopɔn. Wɔbɔɔ afɔre ahorow maa nantwi ba honi no, na wɔtoo afahyɛ no din ‘Yehowa afahyɛ.’ Ɔkwan bi so no wodii mfomso susuwii sɛ Onyankopɔn bebu n’ani agu wɔn asoɔden no so. Ná eyi yɛ animtiaa a wobu Yehowa, na ɛhyɛɛ no abufuw kɛse.—Exodus 32:5, 7-10; Dwom 106:19, 20.

14, 15. (a) Dɛn nti na na Israelfo no nni anoyi biara wɔ yɛ a wɔyɛɛ atiefo awerɛfirifo no ho? (b) Sɛ yɛasi yɛn bo sɛ yɛrenyɛ atiefo awerɛfirifo a, dɛn na yɛbɛyɛ wɔ Yehowa mmara ho?

14 Ɛbɛyɛ nwonwa paa sɛ Yehowa Dansefo bi de ne ho bɛkɔ akɔbɔ atoro som. Nanso, ebinom betumi apo Yehowa akwankyerɛ wɔ akwan bi so bere a wɔda so wɔ asafo no mu. Ná Israelfo no nni anoyi biara wɔ atiefo awerɛfirifo a wɔyɛe no ho. Wɔtee Mmara Nsɛm Du no, na wɔn anim na Mose de Onyankopɔn ahyɛde yi maa wɔn: “Monnyɛ me so dwetɛ anyame ne sika anyame; monnyɛ bi mmfa.” (Exodus 20:18, 19, 22, 23) Nanso, Israelfo no som sika nantwi ba honi no.

15 Sɛ yɛn nso yɛbɛyɛ atiefo awerɛfirifo a, yɛrennya anoyi biara. Yɛwɔ asetram afã pii ho akwankyerɛ a efi Onyankopɔn nkyɛn wɔ Kyerɛwnsɛm no mu. Sɛ nhwɛso no, Yehowa Asɛm kasa tia bosea a obi bɛbɔ a ontua pefee. (Dwom 37:21) Wɔhyɛ mmofra sɛ wontie wɔn awofo asɛm, na wɔhwɛ kwan sɛ agyanom bɛtete wɔn mma ‘Yehowa nyansakyerɛ’ mu. (Efesofo 6:1-4) Wɔde akwankyerɛ ma Kristofo ahokwafo sɛ wɔnware “Awurade mu nko,” na wɔka kyerɛ Onyankopɔn asomfo a wɔaware sɛ: “Wonni aware ni, ade nyinaa mu, na wonngu aware mpa ho fi; efisɛ nguaman ne awaresɛefo de, Onyankopɔn bebu wɔn atɛn.” (1 Korintofo 7:39; Hebrifo 13:4) Sɛ yɛasi yɛn bo sɛ yɛrenyɛ atiefo awerɛfirifo a, yɛbɛfa eyinom ne akwankyerɛ afoforo a efi Onyankopɔn nkyɛn no aniberesɛm paa, na yɛadi so.

16. Dɛn na efii sika nantwi ba honi a wɔsomee no mu bae?

16 Yehowa annye mmɔden a Israelfo no bɔe sɛ wɔbɛsom no wɔ wɔn ankasa akwan so no antom. Mmom no, ɔsɛee wɔn mu 3,000, a ɛbɛyɛ sɛ efi dwuma titiriw a wodii wɔ sika nantwi ba honi no som mu no nti. Yehowa de ɔhaw baa abɔnefo foforo so. (Exodus 32:28, 35) Hwɛ asuade ara a ɛyɛ ma wɔn a wɔkenkan Onyankopɔn Asɛm nanso wɔpaw nea wɔpɛ sɛ wodi so no!

“Munguan Aguamammɔ”

17. Asɛm a esii bɛn na na 1 Korintofo 10:8 reka ho asɛm no?

17 Paulo twee adwene sii baabi a honam akɔnnɔ betumi ama yɛn werɛ afi honhom fam nneɛma so bere a ɔkae sɛ: “Nso mommma yɛmmmɔ aguaman sɛ wɔn mu binom bɔe na wɔn mu mpem aduonu abiɛsa totɔe da koro no.” (1 Korintofo 10:8) Paulo twee adwene sii biribi a esii wɔ Moab Tataw so bere a Israelfo no de mfirihyia 40 anantew sare so akyi no so. Ná Yehowa boaa Israelfo ma wodii nsase a ɛwɔ Yordan apuei fam so nkonim nkyɛe biara, nanso wɔn mu pii yɛɛ awerɛfirifo ne bonniayɛfo. Bere a woduu Bɔhyɛ Asase no hye so no, wɔtoo wɔn brada ma wɔde wɔn ho kɔhyɛɛ nna mu ɔbrasɛe ne Baal-Peor som mu. Wɔsɛee wɔn mu nnipa 24,000, a na wɔn mu 1,000 yɛ wɔn a wodii basabasayɛ no anim.—Numeri 25:9.

18. Nneyɛe bɛn na ebetumi akowie nna mu ɔbrasɛe mu?

18 Wonim Yehowa nkurɔfo a wɔwɔ hɔ nnɛ no sɛ nnipa a wokura abrabɔ gyinapɛn a ɛkorɔn mu. Nanso sɛ Kristofo binom hyia nna mu ɔbrasɛe ho sɔhwɛ a, wɔma wɔn werɛ fi Onyankopɔn ne ne mmara. Wɔabɛdan atiefo awerɛfirifo. Mfitiase no, ebia na sɔhwɛ no nyɛ aguaman a wɔbɛbɔ. Ebetumi ayɛ nguamansɛm a wɔbɛpɛ sɛ wɔhwɛ, aseresɛm anaa ahohyehyɛ a ɛmfata, anaa nnipa a wɔn bra asɛe a wɔne wɔn benya abusuabɔ a emu yɛ den. Saa nneɛma yi nyinaa ama Kristofo de wɔn ho ahyɛ nneyɛe bɔne mu.—1 Korintofo 15:33; Yakobo 4:4.

19. Kyerɛwnsɛm mu afotusɛm bɛn na ɛboa yɛn ma ‘yeguan aguamammɔ’?

19 Sɛ yehyia ɔbrasɛe ho sɔhwɛ a, ɛnsɛ sɛ yɛma yɛn werɛ fi Yehowa. Mmom no, ɛsɛ sɛ yedi nkaesɛm a ɛwɔ N’asɛm mu so. (Dwom 119:1, 2) Sɛ́ Kristofo no, yɛn mu dodow no ara bɔ mmɔden biara sɛ yebekura abrabɔ fam ahotew mu, na ade a ɛteɛ wɔ Onyankopɔn ani so a yɛbɛyɛ no hwehwɛ sɛ yɛbɔ yɛn ho mmɔden bere nyinaa. (1 Korintofo 9:27) Paulo kyerɛw kɔmaa Kristofo a na wɔwɔ Roma no sɛ: “Mo asoɔmmerɛw no atrɛw adu nnipa nyinaa asom; enti m’ani gye mo ho, nanso mepɛ sɛ moyɛ papa ho anyansafo, na moyɛ kronn wɔ bɔne ho.” (Romafo 16:19) Sɛnea wɔsɛee Israelfo 24,000 wɔn bɔne ho no, ɛrenkyɛ Yehowa de atemmu a emu yɛ den bɛba aguamammɔfo ne nnebɔneyɛfo foforo so. (Efesofo 5:3-6) Enti, sɛ anka yɛbɛyɛ atiefo awerɛfirifo no, ɛsɛ sɛ yɛkɔ so ‘guan aguamammɔ.’—1 Korintofo 6:18.

Kyerɛ Yehowa Nsiesiei Ho Anisɔ Bere Nyinaa

20. Ɔkwan bɛn so na Israelfo no sɔɔ Yehowa hwɛe, na dɛn na efii mu bae?

20 Kristofo dodow no ara mfa wɔn ho nhyɛ nna mu ɔbrasɛe mu da. Nanso, ehia sɛ yɛhwɛ yiye na yɛamfa ɔkwan bi a ɛbɛma yɛanwiinwii a ebetumi ama yɛahwere Onyankopɔn anim dom no so. Paulo tuu yɛn fo sɛ: “Nso mommma yɛnnsɔ [Yehowa, NW] nhwɛ sɛnea [Israelfo] binom yɛe, na awɔ kunkum wɔn no. Nso munnnwiinwii, sɛnea wɔn mu binom nwiinwii na ɔsɛefo bɛsɛee wɔn no.” (1 Korintofo 10:9, 10) Israelfo no nwiinwii hyɛɛ Mose ne Aaron—yiw, wonwiinwii tiaa Onyankopɔn ankasa mpo—wɔ mana a na wɔnam anwonwakwan so de ama wɔn no ho. (Numeri 16:41; 21:5) So wɔn anwiinwii no haw Yehowa sen wɔn aguamammɔ no? Bible kyerɛwtohɔ no ma ɛda adi sɛ awɔ kunkum anwiinwiifo pii. (Numeri 21:6) Wɔsɛee anwiinwiifo a na wɔboro 14,700 bere bi ansa na eyi rebesi. (Numeri 16:49) Enti mommma yɛnnsɔ Yehowa boasetɔ nnhwɛ denam ne nsiesiei ahorow a yebebu no animtiaa so.

21. (a) Afotusɛm bɛn na honhom kaa Paulo ma ɔkyerɛwee? (b) Sɛnea Yakobo 1:25 kyerɛ no, ɔkwan bɛn so na yebetumi anya nokware anigye?

21 Bere a Paulo rekyerɛw ne mfɛfo Kristofo no, ɔde afotusɛm yi wiee ne kɔkɔbɔ no sɛ: “Na eyinom nyinaa ama wɔayɛ nhwɛso, na wɔakyerɛw ama yɛn a wiase bere awiei ato yɛn yi afotu. Enti nea ɛyɛ no sɛ ogyina hɔ nhwɛ yiye, na wanhwe ase.” (1 Korintofo 10:11, 12) Te sɛ Israelfo no, yɛanya nhyira pii afi Yehowa nkyɛn. Nanso, mommma yɛnnyɛ awerɛfirifo nnyi Onyankopɔn bonniayɛ wɔ nneɛma pa a ɔyɛ ma yɛn no ho te sɛ wɔn. Sɛ asetram dadwen hyɛ yɛn so a, momma yensusuw N’asɛm mu bɔhyɛ ahorow a ɛyɛ anigye no ho. Ɛmmra sɛ yɛbɛkae abusuabɔ pa a yɛne Yehowa wɔ no, na yɛnkɔ so nyɛ Ahenni asɛnka adwuma a wɔde ahyɛ yɛn nsa no. (Mateo 24:14; 28:19, 20) Akyinnye biara nni ho sɛ biribi a ɛte saa a yɛbɛyɛ no bɛma yɛanya nokware anigye, efisɛ Kyerɛwnsɛm no hyɛ bɔ sɛ: “Nea ɔkotow hwɛɛ adehyedi mmara a ɛyɛ pɛ no mu, na ɔtraa mu, na ɔnyɛ otiefo werɛfirifo, na mmom ɔyɛ adwuma no yɛfo no, onii no na wobehyira no n’adeyɛ no mu.”—Yakobo 1:25.

Wubebua Dɛn?

• Dɛn na ebetumi ama yɛayɛ atiefo awerɛfirifo?

• Dɛn nti na Onyankopɔn a yebetie no koraa no ho hia?

• Ɔkwan bɛn so na yebetumi ‘aguan aguamammɔ’?

• Su bɛn na ɛsɛ sɛ yɛda no adi wɔ Yehowa nsiesiei ho?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 15]

Israelfo no werɛ fii nnwuma akɛse a Yehowa yɛ maa wɔn no

[Mfonini wɔ kratafa 16]

Yehowa nkurɔfo asi wɔn bo sɛ wobekura abrabɔ gyinapɛn a ɛkorɔn mu