Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ade A Ehia Na Ama Woate Bible no Ase

Ade A Ehia Na Ama Woate Bible no Ase

Ade A Ehia Na Ama Woate Bible no Ase

BIBLE no yɛ nhoma a ɛda nsow. N’akyerɛwfo kyerɛ sɛ Onyankopɔn honhom na ɛkaa wɔn ma wɔkyerɛwee, na emu nsɛm no de adanse a ɛfata ma a ɛkyerɛ sɛ nea ɛka no yɛ nokware. (2 Timoteo 3:16) Nea ɛka ho nso ne sɛ, Bible no kyerɛ faako a yefi bae, nea enti a yɛwɔ ha, ne baabi a yɛrekɔ. Akyinnye biara nni ho sɛ ɛyɛ nhoma a ɛfata sɛ yesusuw ho!

Ebetumi aba sɛ woabɔ mmɔden sɛ wobɛkenkan Bible no, nanso asete yɛ wo den. Ebia na wunnim baabi a ɛsɛ sɛ wohwehwɛ wo nsɛmmisa ho mmuae fi. Sɛ ɛte saa a, ɛnyɛ wo nko. Wo tebea no te sɛ ɔbarima bi a ɔtraa ase wɔ afeha a edi kan no mu no. Na ɔte teaseɛnam mu retu kwan fi Yerusalem akɔ ne kurom, Etiopia. Ná Etiopiani panyin no rekenkan Yesaia nkɔmhyɛ nhoma a ɛwɔ Bible mu a saa bere no, na wɔkyerɛwee adi bɛyɛ mfirihyia ahanson no.

Mpofirim ara, ɔbarima bi a ɔde mmirika di teaseɛnam no nkyɛnmu ne no kasae. Na saa barima no ne Filipo, Yesu suani no, na obisaa Etiopiani no sɛ: “So wote nea wokan yi ase anaa?” Etiopiani no buae sɛ: “Ɛbɛyɛ dɛn na metumi, gye sɛ obi kyerɛ me?” Enti ɔfrɛɛ Filipo sɛ ɔmforo mmra teaseɛnam no mu. Filipo kyerɛkyerɛɛ asɛm a na ɔbarima no rekenkan no ase na ‘ɔkaa no Yesu ho asɛmpa no.’—Asomafo no Nnwuma 8:30-35.

Sɛnea Filipo boaa Etiopiani no ma ɔtee Onyankopɔn Asɛm ase tete no, saa ara na Yehowa Adansefo boa nkurɔfo ma wɔte Bible no ase nnɛ. Wɔn ani begye sɛ wɔbɛboa wo nso. Mpɛn pii no, ɛyɛ papa sɛ wubesua Bible no nnidiso nnidiso, na wode Kyerɛwnsɛm mu nkyerɛkyerɛ a ɛnyɛ den no afi ase. (Hebrifo 6:1) Bere a wunya nkɔanim no, wubetumi asua nea ɔsomafo Paulo frɛɛ no “aduan a ɛyɛ den”—a ɛne, nokware a emu dɔ no. (Hebrifo 5:14) Ɛwom sɛ Bible no na woresua de, nanso nhoma foforo—nhoma a wɔde sua Bible—betumi aboa wo ma woahu na woate nea Bible kyerɛkyerɛ wɔ nsɛmti pii ho no ase.

Wubetumi ayɛ adesua ho nhyehyɛe wɔ bere ne baabi a eye ma wo. Ebinom mpo sua ade wɔ telefon so. Wɔnyɛ adesua no te sɛ nea wɔwɔ sukuu dan mu; ɛyɛ kokoam nhyehyɛe a wɔyɛ ma ɛne wo nsɛm tebea hyia, a sɛnea wo nsɛm tebea ne wo nhomanim te nso ka ho. Enhia sɛ wutua Bible adesua a ɛte saa ho ka biara. (Mateo 10:8) Wɔnyɛ sɔhwɛ biara wom, na ɛrenhyɛ wo aniwu. Wubenya wo nsɛmmisa ho mmuae, na wubesua sɛnea wobɛbɛn Onyankopɔn. Ɛnde dɛn nti na ɛsɛ sɛ wusua Bible no? Susuw nneɛma bi a enti Bible adesua betumi ama w’asetra ayɛ anigye no ho hwɛ.