Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Dɛn Nti Na Ɛsɛ Sɛ Wusua Bible No?

Dɛn Nti Na Ɛsɛ Sɛ Wusua Bible No?

Dɛn Nti Na Ɛsɛ Sɛ Wusua Bible No?

NÁ Bill yɛ aberante a ne ho yɛ den, onim nhoma, na ɔwɔ sika. Nanso na onni abotɔyam. Ná onni asetra mu atirimpɔw biara, na na ɛhaw no yiye. Nea ɛbɛyɛ na wanya asetra mu atirimpɔw no, ɔbɔɔ mmɔden yɛɛ nyamesom ahorow mu nhwehwɛmu, nanso wanhu nea na ɔrehwehwɛ no. Wɔ 1991 mu no, ohyiaa Yehowa Dansefo bi a ɔmaa no nhoma bi a ɛka nea Bible ka fa asetra mu atirimpɔw ho. Wɔyɛɛ Bible adesua ho nhyehyɛe sɛnea ɛbɛyɛ a Bill bɛte asɛmti yi ne afoforo ase.

Bill ka sɛ: “Yɛyɛɛ yɛn Bible adesua a edi kan, na esiane sɛ na yɛtaa twe adwene si Bible no so mpɛn pii nti, mihui sɛ eyi na merehwehwɛ no. Ná Bible mu mmuae ahorow no yɛ anigye paa. Saa adesua no akyi no, mituu kar kɔɔ bepɔw so, na bere a misi fii mu no, anigye ma meteɛɛm denneennen. M’ani gyei sɛ afei de na merenya me nsɛmmisa ho mmuae.”

Ɛwom sɛ ɛnyɛ obiara a ohu Bible mu nokware no na ɔde anigye teɛm. Nanso, asetra mu nsɛmmisa atitiriw ho mmuae a nnipa pii nya no ma wɔn ani gye kɛse. Wɔte nka te sɛ ɔbarima bi a ɔwɔ Yesu bɛ mu a ohuu ademude bi a wɔde asie afuw mu no. Yesu kae sɛ: “Ɛho anigye nti ɔkɔ kɔtɔn nea ɔwɔ nyinaa de kɔtɔɔ afuw no.”—Mateo 13:44.

Nea Ɛde Asetra a Atirimpɔw Wom Ba

Ná Bill asusuw asɛmmisa titiriw bi ho, Dɛn ne asetra mu atirimpɔw? Nyansapɛfo, nyamekyerɛfo, ne nyansahufo apere saa asɛmmisa no ho mfe mpempem pii ni. Ankorankoro akyerɛw nhoma pii de abɔ mmɔden sɛ wɔbɛma ho mmuae. Wɔn brɛ ayɛ ɔkwa, na wɔn mu pii aka sɛ wɔrentumi nnya saa asɛmmisa no ho mmuae. Nanso, ɛho mmuae wɔ hɔ. Mmuae no mu dɔ de, nanso ɛnyɛ den. Wɔakyerɛkyerɛ mu wɔ Bible no mu. Nea ɛde asetra a anigye ne atirimpɔw wom ba ni: Ɛsɛ sɛ yɛne Yehowa, yɛn Bɔfo ne yɛn soro Agya no nya abusuabɔ pa. Yɛbɛyɛ dɛn atumi ayɛ saa?

Onyankopɔn a yɛbɛbɛn no no wɔ afã abien a ɛte sɛ nea ɛbɔ abira. Wɔn a wɔyɛ saa no suro no na wɔsan dɔ no. Ma yensusuw kyerɛw nsɛm abien a ɛkyerɛkyerɛ saa asɛm no mu ho. Tete no, ɔhene nyansafo Salomo de ahwɛyiye yɛɛ nnipa asetra mu nhwehwɛmu na ɔkyerɛw nea ohui no wɔ Bible nhoma a ɛne Ɔsɛnkafo no mu. Bere a ɔrebɔ nea ohui no mua no, ɔkyerɛwee sɛ: ‘Asɛm no awiei, ne nea yɛate nyinaa ne sɛ: Suro Onyankopɔn, na di ne mmara nsɛm so. Na eyi ne nnipa nyinaa asɛde.’ (Ɔsɛnkafo 12:13) Bere a mfehaha pii akyi no wobisaa Yesu sɛ Mmara a wɔde maa Mose no mu nea ɛsen biara ne dɛn no, obuae sɛ: ‘Yehowa wo Nyankopɔn wo koma nyinaa mu ne wo kra nyinaa mu ne w’adwene nyinaa mu!’ (Mateo 22:37) So ɛte sɛ nea Onyankopɔn a ɛsɛ sɛ yesuro no na yɛsan dɔ no no kyere w’adwene? Ma yɛnhwehwɛ hia a osuro ne ɔdɔ ho hia ne sɛnea edi dwuma bom ma yetumi ne Onyankopɔn nya abusuabɔ pa no mu.

Nea Onyankopɔn Suro Kyerɛ

Sɛ yɛn som bɛsɔ Onyankopɔn ani a, osuro pa ho hia. Bible ka sɛ: “Nyansa mfiase ne [Yehowa, NW] suro.” (Dwom 111:10) Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Momma yɛmfa aseda mmra, mfa so nsom Nyankopɔn sɛnea ɛsɔ n’ani wɔ fɛre ne ahodaso mu.” (Hebrifo 12:28) Saa ara na ɔbɔfo bi a ɔsomafo Yohane huu no sɛ otu nam ɔsoro mfinimfini fii asɛmpa a na ɔreka no ase sɛ: “Munsuro Onyankopɔn na monhyɛ no anuonyam.”—Adiyisɛm 14:6, 7.

Onyankopɔn ho suro yi a ehia paa ma asetra a atirimpɔw wom no nte sɛ osuro a ahunahuna de ba no. Sɛ ɔsɛmmɔnedifo tirimɔdenfo bi hunahuna yɛn a, yebetumi abɔ hu. Nanso Onyankopɔn suro—anaa osuro pa—yɛ nidi ne obu a emu dɔ a yɛde ma yɛn Bɔfo no. Ɛsan kyerɛ osuro pa a yebenya sɛ yɛrenyɛ ade a ɛnsɔ Onyankopɔn ani efisɛ ɔne ɔtemmufo kunini ne Ade Nyinaa So Tumfoɔ, a ɔwɔ tumi ne hokwan sɛ ɔtwe obiara a ɔyɛ asoɔden no aso.

Osuro ne Ɔdɔ Bom Yɛ Adwuma

Nanso, Yehowa mpɛ sɛ nnipa bɛsom no esiane sɛ wosuro no ara kwa nti. Yehowa da nsow sɛ Onyankopɔn a ɔwɔ dɔ. Ɛkaa ɔsomafo Yohane ma ɔkyerɛwee sɛ: “Onyankopɔn ne dɔ.” (1 Yohane 4:8) Yehowa Nyankopɔn ne adesamma adi no adɔe so paa, na ɔpɛ sɛ nnipa kyerɛ ho anisɔ denam ɔdɔ a wɔn nso wɔbɛdɔ no no so. Nanso, ɔkwan bɛn so na ɔdɔ a ɛte saa no ne osuro pa hyia? Nokwarem no, abien no nyinaa wɔ abusuabɔ. Odwontofo no kyerɛwee sɛ: “[Yehowa, NW] yi ne tirim asɛm kyerɛ wɔn a wosuro no.”—Dwom 25:14.

Susuw sɛnea abofra da obu ne nidi adi kyerɛ agya a ne ho yɛ den na onim nyansa no ho hwɛ. Bere koro no ara no, abofra a ɔte saa no bɛda ɔdɔ adi akyerɛ agya a ɔdɔ no no. Abofra no de ne ho bɛto agya no so, na wagye akwankyerɛ afi ne nkyɛn, bere a ɔwɔ ahotoso sɛ obenya n’akwankyerɛ ahorow so mfaso no. Saa ara na sɛ yɛdɔ Yehowa na yesuro no a, yebetie n’akwankyerɛ, na eyi bɛboa yɛn. Hyɛ nea Yehowa ka kyerɛɛ Israelfo yi nsow: “O, sɛ anka wobenya koma a ɛte sɛɛ na wɔde asuro me adi me mmara nsɛm so nna nyinaa, na asi wɔn ne wɔn mma yiye daa ɛ!”—Deuteronomium 5:29.

Yiw, osuro pa mfa nnipa nkɔ nkoasom mu, na mmom ɛma ahofadi, ɛmma wonni awerɛhow, na mmom wɔn ani gye. Yesaia hyɛɛ Yesu ho nkɔm sɛ: “[Yehowa, NW] suro bɛyɛ no huam.” (Yesaia 11:3) Na odwontofo no kyerɛwee sɛ: “Nhyira ne onipa a osuro [Yehowa, NW], na onya ne mmara ho anika pii.”—Dwom 112:1.

Ɛda adi pefee sɛ, sɛ yennim Onyankopɔn a, yentumi nsuro no, na saa ara nso na yentumi nnɔ no. Enti na Bible a yebesua no ho hia paa saa no. Adesua a ɛte saa boa yɛn ma yɛte Onyankopɔn nipasu ase, na ɛma yehu nyansa a ɛwɔ n’akwankyerɛ a yebedi so no mu. Bere a yɛbɛn Onyankopɔn kɛse no, yɛpɛ sɛ yɛyɛ n’apɛde na ɛkanyan yɛn ma yedi n’ahyɛde so, bere a yenim sɛ ɛso bɛba yɛn mfaso no.—1 Yohane 5:3.

Ɛyɛ anigye sɛ obi behu sɛ ɔnam kwan pa so wɔ asetra mu. Eyi te saa wɔ Bill a yɛkaa ne ho asɛm mfiase no fam. Ɔkae nnansa yi sɛ: “Mfirihyia akron a atwam ni fi bere a wɔne me fii Bible adesua ase bere a edi kan koraa no, me ne Yehowa ntam abusuabɔ mu ayɛ den. Ahurusi a mede teɛɛm mfiase no abɛyɛ asetra kwan a ɛyɛ anigye ampa. Mewɔ asetra ho adwempa bere nyinaa. Minya nnwuma a mfaso wɔ so yɛ daa, a menhwehwɛ anigyede hunu akyi kwan bio. Yehowa abɛyɛ obi ankasa ama me, na minim sɛ odwen me ho paa.”

Wɔ asɛm a edi hɔ mu no, yɛbɛsan asusuw sɛnea wɔn a wɔde Yehowa ho nimdeɛ di dwuma no nya anigye ne ɛso mfaso no ho.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 5]

Onyankopɔn A Yɛbɛbɛn No No Kyerɛ Sɛ Yɛbɛdɔ No Asan Asuro No

[Mfonini wɔ kratafa 6]

Yesu ani gyei wɔ Yehowa suro mu