Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ma W’ani Nnye Yehowa Ho Nimdeɛ Mu

Ma W’ani Nnye Yehowa Ho Nimdeɛ Mu

Ma W’ani Nnye Yehowa Ho Nimdeɛ Mu

“[Anigye, “NW”] ne wɔn a wɔte Nyankopɔn asɛm na wodi so!”—LUKA 11:28.

1. Bere bɛn na Yehowa fii ase ne adesamma dii nkitaho?

YEHOWA dɔ nnipa, na wɔn yiyedi ho hia no kɛse. Enti, ɛnyɛ nwonwa sɛ ɔne wɔn di nkitaho. Saa nkitahodi yi fii ase wɔ Eden turom. Sɛnea Genesis 3:8 kyerɛ no, bere bi Adam ne Hawa ‘tee Yehowa Nyankopɔn nka’ “anwummere mfare mu.” Ebinom susuw sɛ eyi kyerɛ sɛ na Yehowa taa ne Adam di nkitaho saa bere yi, na ebetumi aba sɛ na ɔyɛ saa da biara. Sɛnea ɛte biara no, Bible da no adi pefee sɛ ɛnyɛ akwankyerɛ nko na Onyankopɔn de kɔmaa onipa a odi kan no, na mmom, ɔkyerɛkyerɛɛ no nneɛma a na ɛsɛ sɛ ohu na ama watumi adi n’asɛyɛde ahorow ho dwuma nso.—Genesis 1:28-30.

2. Ɔkwan bɛn so na nnipa baanu a wodi kan no twee wɔn ho fii Yehowa akwankyerɛ ho, na dɛn na efii mu bae?

2 Yehowa maa Adam ne Hawa nkwa, na ɔmaa wɔn mmoa ne asase, nyinaa so tumi. Nanso, ade biako pɛ na ɔbaraa wɔn—na ɛnsɛ sɛ wodi papa ne bɔne hu dua no bi. Satan piapiaa Adam ne Hawa ma wobuu Onyankopɔn ahyɛde so. (Genesis 2:16, 17; 3:1-6) Wɔyɛɛ nea wɔn ankasa pɛ, sii nea ɛteɛ ne nea ɛnteɛ ho gyinae maa wɔn ho. Saayɛ mu no, wodii nkwaseasɛm twee wɔn ho fii wɔn Bɔfo a ɔdɔ wɔn no akwankyerɛ ase. Nea efii mu bae no yɛɛ bɔne maa wɔne wɔn asefo a na wonnya nwoo wɔn no. Adam ne Hawa bobɔɔ nkwakoraa ne mmerewa, na awiei koraa no, wowui a na wonni owusɔre ho anidaso biara. Wɔn asefo nyaa bɔne ne nea ɛde ba a ɛne owu no fii awo mu.—Romafo 5:12.

3. Dɛn nti na Yehowa ne Kain dii nkitaho, na ɔkwan bɛn so na Kain yɛɛ n’ade?

3 Ɛmfa ho Eden atuatew no, Yehowa kɔɔ so ne n’abɔde a wɔyɛ nnipa no dii nkitaho. Ná bɔne reyɛ adi Kain a ɔyɛ Adam ne Hawa babarima a odi kan no so. Yehowa bɔɔ no kɔkɔ sɛ ɔrekɔ bɔne mu, na otuu no fo sɛ ‘ɔnyɛ ade pa.’ Kain poo afotu a ɔdɔ wom yi na okum ne nua no. (Genesis 4:3-8) Enti, nnipa baasa a wodii kan wɔ asase so no nyinaa poo akwankyerɛ a emu da hɔ a nea ɔmaa wɔn nkwa, Onyankopɔn a ɔkyerɛkyerɛ ne nkurɔfo sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi anya so mfaso, no de maa wɔn no. (Yesaia 48:17) Hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ eyi maa Yehowa abam bui!

Yehowa Da Ne Ho Adi Kyerɛ Tetefo No

4. Ahotoso bɛn na na Yehowa wɔ wɔ Adam asefo mu, na anidaso asɛm bɛn na ogyinaa ɛno so kae?

4 Ɛwom sɛ na Yehowa wɔ hokwan koraa sɛ ɔne nnipa gyae nkitahodi de, nanso wanyɛ saa. Na ɔwɔ ahotoso sɛ Adam asefo mu bi behu nyansa adi N’akwankyerɛ so. Sɛ nhwɛso no, bere a na Yehowa rebu Adam ne Hawa atɛn no, ɔkaa ‘aseni’ bi a na ɔbɛko atia Ɔwɔ no, Satan Bonsam, ho asɛm siei. Bere bi akyi no, na ɔbɛbɔ Satan ti asɛe no koraa. (Genesis 3:15) Ná saa nkɔmhyɛ yi yɛ anidaso asɛm a ɛyɛ anigye ma “wɔn a wɔte Nyankopɔn asɛm na wodi so!” no.—Luka 11:28.

5, 6. Akwan bɛn so na Yehowa ne ne nkurɔfo dii nkitaho ansa na afeha a edi kan Y.B. reba, na eyi boaa wɔn dɛn?

5 Yehowa kaa n’apɛde ho asɛm kyerɛɛ tete agyanom te sɛ Noa, Abraham, Isak, Yakob, ne Hiob. (Genesis 6:13; Exodus 33:1; Hiob 38:1-3) Akyiri yi, ɔnam Mose so de mmara apam no maa Israel man no. Wonyaa Mose Mmara no so mfaso akwan pii so. Israel nam ɛso a wodii no so tew wɔn ho fii aman foforo nyinaa ho sɛ Onyankopɔn man titiriw. Onyankopɔn hyɛɛ Israelfo no bɔ sɛ sɛ wodi Mmara no so a, ɛnyɛ honam fam nko na obehyira wɔn na mmom honhom fam nso, na na ɔbɛyɛ wɔn ahene asɔfokuw, ɔman kronkron. Ná aduandi ne ahotew ho mmara a ɛma wonyaa akwahosan pa mpo wɔ Mmara no mu. Nanso, Yehowa bɔɔ wɔn kɔkɔ wɔ awerɛhosɛm a sɛ wɔyɛ asoɔden a ɛbɛba wɔn so ho nso.—Exodus 19:5, 6; Deuteronomium 28:1-68.

6 Bere kɔɔ so no, wɔde nhoma foforo a efi honhom mu kaa Bible nhoma ahorow no ho. Abakɔsɛm kyerɛwtohɔ ka sɛnea Yehowa ne amanaman no ne ne nkurɔfo dii ho asɛm. Anwensɛm nhoma kaa ne su ahorow ho asɛm dɛdɛɛdɛ. Nkɔmhyɛ nhoma no kaa Yehowa apɛde a na ɛbɛbam daakye ho nsɛm siei. Anokwafo a wɔtraa ase tete no suaa saa nhoma ahorow a efi honhom mu no yiye na wɔde dii dwuma. Wɔn mu biako kyerɛwee sɛ: “W’asɛm yɛ me nan ase kanea, ne me kwan so hann.” (Dwom 119:105) Yehowa kyerɛkyerɛɛ wɔn a na wɔpɛ sɛ wotie no ma wonyaa nhumu.

Hann no Hyerɛn

7. Ɛwom sɛ Yesu yɛɛ anwonwade ahorow de, nanso dɛn titiriw na na wɔde nim no, na dɛn ntia?

7 Eduu afeha a edi kan no mu no, na Yudafo nyamesom akuw no de nnipa atetesɛm aka Mmara no ho. Wɔde Mmara no dii dwuma ɔkwammɔne so, na sɛ anka ɛbɛma wɔanya nhumu no, ɛbɛyɛɛ adesoa, esiane saa atetesɛm no nti. (Mateo 23:2-4) Nanso, wɔ afe 29 Y.B. mu no, Yesu puei sɛ Mesia no. Ɛnyɛ ne nkwa a na ɔde bɛto hɔ ama adesamma no nkutoo ne adwuma a wɔsomaa no sɛ ɔmmɛyɛ na mmom sɛ ‘ommedi nokware no ho adanse’ nso. Ɛwom sɛ ɔyɛɛ anwonwade ahorow de, nanso na wonim no sɛ ‘ɔkyerɛkyerɛfo’ titiriw. Ná ne nkyerɛkyerɛ no te sɛ hann a ɛhyerɛn esum a akata nkurɔfo no adwene so no so. Yesu ankasa ka ma ɛfatae sɛ: “Mene wiase hann.”—Yohane 8:12; 11:28; 18:37.

8. Nhoma a efi honhom mu bɛn na wɔkyerɛw no afeha a edi kan Y.B., na ɔkwan bɛn so na ɛboaa tete Kristofo no?

8 Akyiri yi wɔde Nsɛmpa no, Yesu asetra ho nsɛm ho kyerɛwtohɔ anan no, ne Asomafo no Nnwuma, kyerɛwtohɔ a ɛfa sɛnea Kristosom trɛwee wɔ Yesu wu akyi ho no, kaa ho. Ná nkrataa a efi honhom mu a Yesu asuafo kyerɛwee, ne nkɔmhyɛ nhoma a ɛne Adiyisɛm no nso wɔ hɔ. Saa nhoma ahorow yi ne Hebri Kyerɛwnsɛm no na ɛka bom yɛ Bible no. Ɛdenam nhoma ahorow a efi honhom mu yi mmoa so no, Kristofo ne “ahotefo nyinaa” betumi anya nokware no “tɛtrɛtɛ ne tenten ne korɔn ne emudɔ no ahuye.” (Efesofo 3:14-18) Ná wobetumi anya “Kristo adwene.” (1 Korintofo 2:16) Nanso, tete Kristofo no ante Yehowa atirimpɔw ahorow no nyinaa ase anwie. Ɔsomafo Paulo kyerɛw mfɛfo gyidifo sɛ: “Sesɛɛ de, yɛnam ahwehwɛ so hwɛ ade wɔ bɛ mu.” (1 Korintofo 13:12) Ná ahwehwɛ a ɛte saa no mma wonhu ade yiye. Akyiri yi na na wɔbɛte Onyankopɔn Asɛm no ase koraa.

9. Nhumu bɛn na wɔanya wɔ “nna a edi akyiri” yi mu?

9 Ɛnnɛ, yɛte mmere bi a wɔfrɛ no “nna a edi akyiri,” mmere a “emu yɛ den,” mu. (2 Timoteo 3:1) Odiyifo Daniel ka siei sɛ ‘nokware nimdeɛ bɛdɔɔso’ saa bere yi mu. (Daniel 12:4) Enti, Yehowa, Nkitahodifo Kɛse no, ama nnipa komapafo ate N’asɛm no ase. Ɛnnɛ nnipa pii ate ase sɛ wɔde Kristo Yesu sii agua so wɔ soro a aniwa nhu no wɔ afe 1914 mu. Wonim nso sɛ ɛrenkyɛ na ɔde abɔnefosɛm nyinaa aba awiei wɔ asase so na wadan okyinnsoromma yi ma ayɛ wiase nyinaa paradise. Wɔreka Ahenni ho asɛmpa a ɛho hia yi wɔ asase nyinaa so nnɛ.—Mateo 24:14.

10. Wɔ mfehaha pii a abɛsen kɔ mu no, nkurɔfo ayɛ wɔn ade dɛn wɔ Yehowa afotu ho?

10 Yiw, wɔ abakɔsɛm nyinaa mu no, Yehowa aka n’apɛde ne n’atirimpɔw ho asɛm akyerɛ nnipa wɔ asase so. Bible ka nnipa pii a wotiei, wɔde Onyankopɔn nyansa yɛɛ adwuma, na wonyaa nhyira ho asɛm. Ɛka afoforo a wɔpoo Onyankopɔn afotu a ɔdɔ wom, dii Adam ne Hawa kwammɔne akyi, nso ho asɛm. Yesu kyerɛkyerɛɛ saa tebea yi mu bere a ɔkaa sɛnkyerɛnne akwan abien ho asɛm no. Biako kɔ ɔsɛe mu. Nnipa pii a wɔpo Onyankopɔn Asɛm no fa nea ɛso trɛw no so. Ɔkwan foforo no kɔ daa nkwa mu. Ɛwom sɛ ɛyɛ hihiaa de, nanso ɛno ne ɔkwan a nnipa kakraa bi a wogye Bible tom sɛ ɛyɛ Onyankopɔn Asɛm, na wɔbɔ wɔn bra ma ɛne no hyia no, fa so.—Mateo 7:13, 14.

Nea Yɛwɔ a Yɛbɛma Yɛn Ani Asɔ

11. Bible mu nimdeɛ ne emu gyidi a yɛwɔ no yɛ dɛn ho adanse?

11 So woka wɔn a wɔapaw ɔkwan a ɛkɔ nkwa mu no ho? Sɛ ɛte saa a, akyinnye biara nni ho sɛ wopɛ sɛ wokɔ so nantew so. Wobɛyɛ dɛn atumi ayɛ saa? Fa anisɔ susuw nhyira ahorow a Bible mu nokware a wuhui no ama woanya wɔ w’asetram no ho daa. Asɛmpa no a woagye atom ankasa no yɛ Onyankopɔn nhyira ho adanse. Yesu daa eyi adi bere a ɔkaa nsɛm yi wɔ mpae a ɔbɔɔ N’agya mu no: “Agya, ɔsoro ne asase wura, miyi wo ayɛ sɛ wode nneɛma yi ahintaw anyansafo ne animdefo, na woayi akyerɛ nkokoaa.” (Mateo 11:25) Apofofo ne towgyefo tee Yesu nkyerɛkyerɛ yi ase, bere a nyamesom akannifo a wonim nhoma yiye no ante ase. Yesu kae bio sɛ: “Obi ntumi mma me nkyɛn, gye sɛ agya a ɔsomaa me no twe no.” (Yohane 6:44) Sɛ woabehu Bible no na wugye di na wudi ne nkyerɛkyerɛ so a, eyi yɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ Yehowa atwe wo. Ɛyɛ ade a ɛsɛ sɛ ɛma w’ani gye.

12. Akwan bɛn so na Bible ma yenya nhumu?

12 Nokware ahorow a ɛma obi nya ahofadi ne nhumu wɔ Onyankopɔn Asɛm mu. Wɔn a wɔde Bible mu nimdeɛ bɔ wɔn bra no ade wɔn ho afi gyidihunu, atoro nkyerɛkyerɛ, ne nimdeɛ a wonni a ahyɛ nnipa ɔpepem pii asetra so no ho. Sɛ nhwɛso no, nokware a ɛfa ɔkra ho a yenim no ama yɛade yɛn ho afi osuro biara a ɛne sɛ awufo betumi apira yɛn anaasɛ yɛn adɔfo a wɔawuwu rehu amane no ho. (Hesekiel 18:4) Abɔfo bɔne ho nokwasɛm a yɛahu no aboa yɛn ma yɛakwati ahonhonsɛmdi ho asiane ahorow. Owusɔre nkyerɛkyerɛ no yɛ awerɛkyekye ma wɔn a wɔn adɔfo awuwu. (Yohane 11:25) Bible nkɔmhyɛ ahorow ma yehu baabi a yɛadu, na ɛma yenya Onyankopɔn bɔhyɛ ahorow a ɛfa daakye ho no mu ahotoso. Ɛhyɛ anidaso a yɛwɔ sɛ yɛbɛtra ase daa no nso mu den.

13. Ɔkwan bɛn so na yenya Onyankopɔn Asɛm so a yedi no so mfaso wɔ honam fam?

13 Onyankopɔn nnyinasosɛm ahorow a ɛwɔ Bible mu no kyerɛkyerɛ sɛ yɛmmɔ yɛn bra wɔ ɔkwan bi so a ɛbɛma yɛanya mfaso ahorow honam fam. Sɛ nhwɛso no, yesua sɛ yɛbɛkwati nneyɛe ahorow a egu yɛn nipadua ho fĩ te sɛ tawa ne nnuru afoforo a wɔde di dwuma kwammɔne so. Yɛkwati asabow. (2 Korintofo 7:1) Onyankopɔn abrabɔ ho mmara a yedi so no bɔ yɛn ho ban fi nyarewa a wonya fi nna mu ho. (1 Korintofo 6:18) Sɛ yedi Onyankopɔn afotu a ese yɛnkwati sikanibere no so a, yɛrensɛe yɛn asomdwoe, sɛnea nnipa pii adi ahonyade akyi asɛe wɔn de no. (1 Timoteo 6:10) Akwan bɛn so na woanya mfaso honam fam esiane Onyankopɔn Asɛm a wode dii dwuma nti?

14. Nkɛntɛnso bɛn na honhom kronkron nya wɔ yɛn asetra mu?

14 Sɛ yɛtra ase sɛnea Onyankopɔn Asɛm kyerɛ a, yenya Yehowa honhom kronkron. Yenya su a ɛte sɛ Kristo de, a su ahorow a ɛfata te sɛ mmɔborohunu ne ayamhyehye ka ho. (Efesofo 4:24, 32) Onyankopɔn honhom nso ma yɛsow n’aba—ɔdɔ, anigye, asomdwoe, abodwokyɛre, ayamye, papayɛ, gyidi, odwo, ne anidahɔ. (Galatifo 5:22, 23) Saa su ahorow yi ma yɛne afoforo a yɛn abusuafo ka ho nya abusuabɔ a anigye wom na mfaso wɔ so. Yenya ahoɔden a ɛboa yɛn ma yɛde akokoduru gyina ahokyere ano. So wuhu sɛnea honhom kronkron ama w’asetra atu mpɔn no?

15. Sɛ yɛma yɛn asetra ne Onyankopɔn apɛde hyia a, ɔkwan bɛn so na yenya so mfaso?

15 Sɛ yɛma yɛn asetra ne Onyankopɔn apɛde hyia a, yɛhyɛ yɛne Yehowa ntam abusuabɔ mu den. Ahotoso a yɛwɔ sɛ ɔte yɛn ase na ɔdɔ yɛn no mu yɛ den. Yɛnam osuahu so hu sɛ ogyina yɛn akyi wɔ mmere a emu yɛ den mu. (Dwom 18:18) Yehu sɛ otie yɛn mpaebɔ ankasa. (Dwom 65:2) Yɛde yɛn ho to n’akwankyerɛ so a yɛwɔ ahotoso sɛ ɛbɛboa yɛn. Na yɛwɔ anidaso a ɛyɛ anigye sɛ wɔ bere a ɛsɛ mu no, Onyankopɔn de n’anokwafo bɛba pɛyɛ mu, na wama wɔn n’akyɛde a ɛne daa nkwa. (Romafo 6:23) Osuani Yakobo kyerɛwee sɛ: “Mommɛn Onyankopɔn, na ɔbɛbɛn mo.” (Yakobo 4:8) So woate nka sɛ wo ne Yehowa ntam abusuabɔ mu ayɛ den bere a woabɛn no no?

Agyapade a Biribiara Ne No Nsɛ

16. Nsakrae bɛn na afeha a edi kan no mu Kristofo binom yɛe?

16 Paulo kaee afeha a edi kan no mu Kristofo a na wɔde honhom asra wɔn no sɛ bere bi na anka wɔn mu binom yɛ nguaman, awaresɛefo, mmarima a wɔne mmarima da, awifo, aniberefo, asabofo, amaanefo, ne amimfo. (1 Korintofo 6:9-11) Bible mu nokware no ma wɔyɛɛ nsakrae ahorow; ‘woguaree’ wɔn. Bɔ mmɔden fa w’adwene bu nea anka w’asetra bɛyɛ sɛ ɛnyɛ nokware a ɛma ahofadi a woasua afi Bible mu no a. Akyinnye biara nni ho sɛ nokware no yɛ agyapade a biribiara ne no nsɛ. Hwɛ sɛnea yɛn ani agye sɛ Yehowa ne yɛn di nkitaho!

17. Ɔkwan bɛn so na wɔama Yehowa Adansefo honhom fam aduan wɔ Kristofo nhyiam ahorow ase?

17 Afei nso, susuw nhyira a yenya wɔ mmusua ahorow ntam onuayɛ kuw no mu ho hwɛ! “Akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no ma yɛn honhom fam aduan wɔ bere a ɛsɛ mu a nea ɛka ho ne Bible ahorow, nsɛmma nhoma, ne nhoma foforo a wɔyɛ no kasa ahorow pii mu no. (Mateo 24:45-47) Yehowa Adansefo a wɔwɔ nsase pii so no susuw Hebri Kyerɛwnsɛm no nhoma atitiriw awotwe mu nsɛntitiriw ho wɔ asafo nhyiam horow ase wɔ afe 2000 mu. Wosusuw Bible mu nnipa 40 asetra ho nsɛm ho wɔ Insight on the Scriptures mu. Wosusuw Onipa a Ɔsen Biara a Watra Ase Pɛn nhoma no bɛyɛ nkyekyem anan mu biako ho, na ɛkaa kakra ma wɔawie Tie Daniel Nkɔmhyɛ No! nyinaa. Yesusuw Ɔwɛn-Aban nsɛmma nhoma no mu nsɛm a ɛnyɛ adesua nsɛm aduasa asia ne adesua nsɛm 52 ho kaa ho. Afei nso, wɔde Yɛn Ahenni Som ahorow 12 ne dapɛn dapɛn baguam kasa a ɛfa Bible mu nsɛm ahorow ho siesiee Yehowa nkurɔfo. Honhom fam nimdeɛ a ɛsom bo bɛn ara na wɔde ama yɛn sɛɛ yi!

18. Akwan bɛn so na wɔboa yɛn wɔ Kristofo asafo no mu?

18 Wɔ wiase nyinaa no, asafo ahorow bɛboro 91,000 na ɛnam nhyiam ahorow ne fekubɔ so boa afoforo hyɛ wɔn nkuran. Yenya mfɛfo Kristofo a wɔn ho akokwaw na wɔwɔ ɔpɛ sɛ wɔbɛboa yɛn honhom fam no mmoa nso. (Efesofo 4:11-13) Yiw, yɛanya mfaso kɛse wɔ nokware no ho nimdeɛ a yɛn nsa aka no mu. Ɛyɛ anigye sɛ yebehu Yehowa na yɛasom no. Hwɛ sɛnea odwontofo a ɔkyerɛw eyi no nsɛm no yɛ nokware: ‘Anigye ne ɔman a Yehowa ne wɔn Nyankopɔn.’—Dwom 144:15.

So Wokae?

• Henanom na Yehowa ne wɔn dii nkitaho ansa na Kristofo mmere reba?

• Ɔkwan bɛn so na honhom fam hann no hyerɛn kɛse wɔ afeha a edi kan no mu ne yɛn bere yi so?

• Sɛ yɛde Yehowa ho nimdeɛ bɔ yɛn bra a, nhyira ahorow bɛn na yenya?

• Dɛn nti na yɛn ani gye Onyankopɔn ho nimdeɛ a yɛwɔ no mu?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 8]

Yehowa kaa n’apɛde ho asɛm kyerɛɛ Mose, Noa, ne Abraham

[Mfonini wɔ kratafa 9]

Yɛn bere yi so no, Yehowa ama yɛate N’asɛm no ase

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 10]

Susuw nhyira a yenya wɔ mmusua ahorow ntam onuayɛ no mu ho hwɛ!