Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Mma Adwenem Naayɛ Nnsɛe Wo Gyidi

Mma Adwenem Naayɛ Nnsɛe Wo Gyidi

Mma Adwenem Naayɛ Nnsɛe Wo Gyidi

Da bi wɔ hɔ a wote nka sɛ wo ho ye. Ade bɛkye no na woyare. Prɛko pɛ, wote nka sɛ woayɛ mmerɛw. Wo ti pae wo, na wo honam nyinaa tutu wo. Dɛn na aba? Ɔyare mmoawa a wɔn ho yɛ hu atow ahyɛ wo nipadua mu nkwaadɔm a ɛko tia nyarewa no so. Sɛ woanhwɛ ho asɛm anka a, ɔyare mmoawa a wɔaba wo mu yi betumi asɛe w’akwahosan koraa—na wɔakum wo mpo.

NOKWAREM no, sɛ wonte apɔw na sɛ ɔyare mmoawa yi ba wo mu a, wotumi wo paa. Sɛ nhwɛso no, aduruyɛ ho sɛnkyerɛwfo Peter Wingate ka sɛ, sɛ aduan pa a wunnya nni ma wo nipadua yɛ mmerɛw a, “ahoɔden a wode bɛko atia ɔyare mmoawa no so tew araa ma, kakra a ɛbɛba wo nipadua mu no betumi akum wo.”

Sɛ saa na ɛte a, ɛnde hena na ɔbɛpɛ sɛ odi kɔm? Akyinnye biara nni ho sɛ woyɛ nea wubetumi biara sɛ wubenya aduan pa adi na woate apɔw. Na ɛda adi sɛ wobɔ mmɔden biara sɛ womma kwan mma ɔyare mmoawa biara mma wo nipadua mu. Nanso, sɛ ɛba sɛ ɛsɛ sɛ wukura wo ‘gyidi mu pintinn’ a, so wode ahwɛyiye a ɛte saa yɛ w’ade? (Tito 2:2) Sɛ nhwɛso no, so woma w’ani da hɔ wɔ asiane a adwenem naayɛ de ba no ho? Eyi betumi ahyɛn w’adwene ne wo komam ntɛm ara asɛe wo gyidi ne abusuabɔ a ɛda wo ne Yehowa ntam no. Ɛte sɛ nea ebinom mfa wɔn adwene nkɔ asiane yi so no. Wogyae wɔn ho mu ma adwenem naayɛ denam honhom fam kɔm a wɔma ɛde wɔn so. So ebetumi aba sɛ saa na ebia woreyɛ?

Adwenem Naayɛ—So Bere Nyinaa na Enye?

Ɛwom, ɛnyɛ adwenem naayɛ nyinaa na enye. Ɛtɔ mmere bi a ehia sɛ wotwentwɛn gye a wubegye biribi atom no ase kosi sɛ wubehu mu yiye ansa. Nyamesom mu ahyɛde a ɛne sɛ ɛsɛ sɛ wugye biribiara di, na ɛnsɛ sɛ wugye biribiara ho kyim no yɛ asiane ne nnaadaa. Nokwarem no, Bible ka sɛ ɔdɔ ‘gye ade nyinaa di.’ (1 Korintofo 13:7) Akyinnye biara nni ho sɛ Kristoni a ɔwɔ dɔ gye wɔn a wɔada wɔn ho adi sɛ wɔyɛ anokwafo no di. Nanso, Onyankopɔn Asɛm nso bɔ yɛn kɔkɔ wɔ ‘asɛm biara a yebegye adi’ ho. (Mmebusɛm 14:15) Ɛtɔ mmere bi a, obi nneyɛe a atwam nti ɛmfata sɛ wogye no di. Bible bɔ kɔkɔ sɛ: “[Obi a n’ano yɛ dɛ ka] adɔkɔdɔkɔsɛm a, nnye no nni.”—Mmebusɛm 26:24, 25.

Ɔsomafo Yohane nso bɔ Kristofo kɔkɔ wɔ nsɛm a wonnim mu a wobegye adi ho. Ɔkyerɛwee sɛ: “Munnnye ahonhom nyinaa nnni, na mmom monsɔ ahonhom no nhwɛ sɛ wofi Nyankopɔn anaa.” (1 Yohane 4:1) ‘Asɛm,’ nkyerɛkyerɛ, anaa nsusuwii bi betumi ayɛ sɛ nea efi Nyankopɔn. Nanso, so efi ne nkyɛn ampa? W’adwenem a wobɛma ayɛ wo nãã, anaasɛ gye a wunnye nni ntɛm pa ara no betumi ayɛ ahobammɔ kɛse efisɛ ɔsomafo Yohane ka sɛ, “nnaadaafo bebree aba wiase.”—2 Yohane 7.

Adwenem Naayɛ a Enni Nnyinaso

Yiw, ɛyɛ nea ɛho taa hia sɛ wode nokwaredi ne ahobrɛase bɛhwehwɛ asɛm bi mu de ahu nokware a ɛwom no. Nanso eyi nkyerɛ sɛ wobɛma adwenem naayɛ a enni nnyinaso na ɛsɛe ade asɔre wɔ wo tirim ne wo komam—adwenem naayɛ a ebetumi asɛe yɛn gyidi ne abusuabɔ a ase atim no. Wɔkyerɛ adwenem naayɛ yi ase sɛ “gyidi anaa nsusuwii bi a wonhu mu yiye a ɛtaa sɛe gyinaesi.” So wokae sɛnea Satan maa Hawa adwenem yɛɛ no nãã wɔ Yehowa ho no? Obisaa no sɛ: “Ampa na Onyankopɔn aka sɛ: Munnni turom ha nnua nyinaa bi?” (Genesis 3:1) Adwenem naayɛ a saa asɛmmisa a na ɛte sɛ nea asɛm biara nni ho no ma ɛsɔree no sɛee ne gyinaesi. Saa na Satan taa yɛ n’ade. Te sɛ ɔkyerɛwfo a ɔkyerɛw nsɛm de twiri afoforo no, onim sɛnea wɔde adɛfɛdɛfɛ, nsɛm a enni nnyinaso papa, ne atosɛm di dwuma yiye. Satan nam adwenem naayɛ a ɔde adi dwuma anifere kwan so saa no so asɛe abusuabɔ ahorow a edi mũ pii.—Galatifo 5:7-9.

Osuani Yakobo tee sɛnea saa adwenem naayɛ yi tumi sɛe ade no ase yiye. Ɔkyerɛw hokwan kɛse a yɛanya sɛ yebetumi akɔ Onyankopɔn nkyɛn akɔhwehwɛ mmoa bere a yɛkɔ sɔhwɛ mu no ho asɛm. Nanso Yakobo de kɔkɔbɔ ma sɛ, sɛ yɛbɔ Onyankopɔn mpae a, ‘yemmisa wɔ gyidi mu, na yennnye biribiara ho kyim.’ Sɛ yegye yɛne Onyankopɔn ntam abusuabɔ ho kyim a, ɛma yɛyɛ te sɛ “ɛpo asorɔkye a mframa bɔ de no redi akɔneaba.” Yɛyɛ sɛ ‘onipa a ne kra yɛ nta a ohinhim n’akwan nyinaa mu.’ (Yakobo 1:6, 8) Yɛn adwenem yɛ yɛn nãã wɔ yɛn gyidi ho ma yehinhim. Afei sɛnea ɛtoo Hawa no, yegyae yɛn ho mu ma adaemone nkyerɛkyerɛ ne nyansapɛ ahorow.

Honhom Fam Akwahosan Pa a Yebekura Mu

Ɛnde, ɔkwan bɛn so na yebetumi abɔ yɛn ho ban afi adwenem naayɛ a ɛsɛe ade ho? Mmuae no yɛ tiawa koraa: sɛ yɛbɛpo Satan nnaadaasɛm koraa na yɛanya Onyankopɔn nsiesiei a ɛbɛma ‘yɛde gyidi agyina hɔ pintinn’ no mu mfaso akosi ase.—1 Petro 5:8-10.

Ade a ehia paa ne honhom fam aduan a yebedi no yiye. Ɔkyerɛwfo Wingate a yedii kan kaa ne ho asɛm no kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Sɛ nipadua no regye n’ahome mpo a, ehia ahoɔden a ɛbɛma nipadua no mu nnuru ayɛ adwuma ama ne nkwaa atitiriw no atumi ayɛ adwuma; na ehia sɛ bere nyinaa nkwammoaa foforo si nea ayɛ dedaw no ananmu.” Saa ara na yɛn honhom fam akwahosan nso te. Sɛ yɛannidi daa wɔ honhom fam a, yɛn gyidi, te sɛ nipadua a ennya aduan no, de nkakrankakra bɛsɛe na awiei koraa no awu. Yesu Kristo sii eyi so dua bere a ɔkae sɛ: “Ɛnyɛ abodoo nko so na onipa nam bɛtra ase, na asɛm biara a efi Onyankopɔn anom so.”—Mateo 4:4.

Susuw ɛno ho hwɛ. Nea edi kan koraa no, yɛyɛ dɛn nya gyidi a ɛyɛ den? Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Gyidi no fi asɛnka mu.” (Romafo 10:17) Ɔkyerɛ sɛ, yɛnam Onyankopɔn Asɛm a yetiei so na edii kan nyaa gyidi ne ahotoso wɔ Yehowa, ne bɔhyɛ ahorow, ne n’ahyehyɛde no mu. Ɛyɛ nokware sɛ, yɛannye biribiara a yɛtee anni ara kɛkɛ. Yɛyɛɛ nea nkurɔfo a na wɔte Beroia kurow no mu yɛe no bi. Yɛtoo yɛn bo ase ‘hwehwɛɛ Kyerɛwnsɛm no mu hwɛe sɛ nneɛma no te saa anaa.’ (Asomafo no Nnwuma 17:11) Yɛsɔɔ ‘nea Onyankopɔn pɛ a eye na ɛsɔ ani na ɛyɛ pɛ’ no hwɛe, na yɛhwɛ hui sɛ nea yɛtee no ne nokware no. (Romafo 12:2; 1 Tesalonikafo 5:21) Efi saa bere no, ɛda adi sɛ yɛahyɛ yɛn gyidi mu den, efisɛ yɛabehu pefee sɛ Onyankopɔn Asɛm ne ne bɔhyɛ ahorow nni huammɔ da.—Yosua 23:14; Yesaia 55:10, 11.

Kwati sɛ Wubedi Kɔm Wɔ Honhom Fam

Afei asɛm no ne sɛ yebekura yɛn gyidi mu na yɛakwati adwenem naayɛ biara a ebetumi ama ahotoso a yɛwɔ wɔ Yehowa ne n’ahyehyɛde mu no mu agow. Sɛ yebetumi ayɛ eyi a, ɛsɛ sɛ yɛkɔ so hwehwɛ Kyerɛwnsɛm no mu daa. Ɔsomafo Paulo bɔ kɔkɔ sɛ: “Akyiri nna bi mu ebinom bɛfam nnaadaa ahonhom ne ahonhommɔne kyerɛkyerɛ ho atwe wɔn ho afi gyidi no ho.” (1 Timoteo 4:1) Saa nnaadaa ahonhom ne nkyerɛkyerɛ yi ma ebinom adwenem yɛ wɔn nãã na ɛma wɔtwe wɔn ho fi Onyankopɔn ho. Dɛn na ɛbɔ yɛn ho ban? Sɛ yɛbɛkɔ so de ‘gyidi ne kyerɛ pa a yedii akyiri no nsɛm ayɛn yɛn ho.’—1 Timoteo 4:6.

Nanso awerɛhosɛm ne sɛ, ebinom mpɛ sɛ ‘wɔde gyidi no bɛyɛn wɔn ho’—ɛmfa ho sɛ wɔmmrɛ ho ansa na wɔanya no. Sɛnea Mmebusɛm nhoma no akyerɛwfo biako kyerɛ no, sɛnkyerɛnne kwan so no, honhom fam aduan a edi mũ betumi abu yɛn so, nanso yɛmfa bi nkɔ yɛn ano na yɛadi.—Mmebusɛm 19:24; 26:15.

Eyi yɛ aniberesɛm. Ɔkyerɛwfo Wingate ka sɛ: “Sɛ nipadua no fi ase di n’ankasa ahoɔdennuru a, n’akwahosan sɛe.” Sɛ ɔkɔm de wo a, wo nipadua no fi ase di aduannuru a ɛde asie no. Sɛ eyi sa fi nipadua no mu a, nipadua no fi ase di ahoɔdennuru a wuhia na ama woakɔ so anyin na asiesie wo nkwaadɔm no. Wo nkwaa atitiriw no fi ase gogow. Wufi ase yare ntɛm ara.

Saa na ɛtoo wɔn a na wɔwɔ tete Kristofo asafo no mu binom wɔ honhom fam. Wɔbɔɔ mmɔden sɛ wɔde wɔn ho bɛto nea wɔde asie wɔ honhom fam no so. Ɛda adi sɛ wobuu wɔn ani guu kokoam adesua so, na wɔyɛɛ mmerɛw honhom fam. (Hebrifo 5:12) Ɔsomafo Paulo kyerɛkyerɛɛ asiane a ɛwɔ eyi a yɛbɛyɛ mu bere a ɔkyerɛw Hebrifo Kristofo no sɛ: “Ɛsɛ sɛ yeso nneɛma a yɛate no mu ma ɛboro so, na yɛansiane ho da bi.” Na onim sɛnea ɛnyɛ den koraa sɛ “sɛ yɛammu nkwagye kɛse a ɛte sɛɛ yi a,” yɛbɛdan akɔyɛ nneɛma bɔne no.—Hebrifo 2:1, 3.

Nea ɛyɛ nwonwa no, ɛnyɛ bere nyinaa na obi a onni aduan pa anim yɛ bosaa anaasɛ ɔfɔn. Saa ara na ebia ɛrenna adi ntɛm ara sɛ obi redi kɔm honhom fam. W’anim betumi ayɛ sɛ obi a odi yiye wɔ honhom fam bere a ebia wunnidi yiye no—nanso ɛyɛ bere tiaa bi mu pɛ! Ɔkwan biara so wobɛyɛ mmerɛw wɔ honhom fam, na woanya adwenem naayɛ a enni nnyinaso, na wuntumi mpere gyidi no. (Yuda 3) Wunim—sɛ obiara nnim mpo a—sɛnea wudidi wɔ honhom fam ankasa no yiye.

Enti, kɔ so yɛ wo kokoam adesua. Ko tia adwenem naayɛ denneennen. Sɛ wubu w’ani gu biribi a ɛte sɛ yare mmoawa ketewaa bi so, na sɛ wubu w’ani gu adwenem naayɛ so a, ebetumi apira wo. (2 Korintofo 11:3) ‘So yɛte nna a edi akyiri no mu ampa? So wubetumi agye biribiara a Bible ka no adi? So Yehowa ahyehyɛde no ni ampa? Satan bɛpɛ sɛ ɔbɛma woanya adwenem naayɛ a ɛte sɛɛ. Mma w’ani a wubebu agu honhom fam adidi so mmma ɛnnyɛ mmerɛw mmma no sɛ ɔde ne nkyerɛkyerɛ a ɛyɛ nnaadaa no besum wo afiri. (Kolosefo 2:4-7) Di afotu a wɔde maa Timoteo no akyi. Yɛ “nkyerɛwee kronkron” no ho suani pa sɛnea ɛbɛyɛ a ‘wobɛtra nea woasua na woahu mu nokware no mu.’—2 Timoteo 3:13-15.

Ebia wubehia mmoa na ama woatumi ayɛ eyi. Ɔkyerɛwfo a yɛfaa n’asɛm kae mfiase no de ka ho sɛ: “Sɛ ɔkɔm de obi paa a, aduannuru ne nneɛma foforo a enni yafunum nkwaa a ɛyam aduan mu no betumi ama kuro aba mu, ma sɛ enya aduan ankasa a, entumi nyam. Ebia ebehia sɛ wɔde aduan a ne yam nyɛ den ma nnipa a wɔwɔ tebea a ɛte sɛɛ mu kosi bere bi.” Egye ahwɛyiye na wɔatumi asa obi a ɔkɔm ade no akyɛ yare. Saa ara na obi a wagyae kokoam Bible adesua koraa no behia mmoa ne nkuranhyɛ pii ansa na watumi anya honhom fam nneɛma ho akɔnnɔ. Sɛ saa na wo tebea te a, hwehwɛ mmoa na fa anigye gye mmoa biara a wɔde bɛma wo no, na ama woasan anya honhom fam akwahosan ne ahoɔden.—Yakobo 5:14, 15.

Mfa ‘Ogye a Wonnye Nni Nnye Kyim’

Bere a yesusuw tebea horow a na Abraham wom ho no, yɛn mu binom betumi asusuw sɛ na Abraham wɔ nea anka obetumi agyina so agye kyim. Anka ebetumi ayɛ nea ntease wom sɛ ɔbɛka sɛ ‘onni anidaso biara sɛ ɔbɛyɛ aman pii agya’—ɛmfa ho Onyankopɔn bɔhyɛ. Dɛn ntia? Wiɛ, wɔ nnipa fam no, na ɛte sɛ nea anidaso asa no. Bible kyerɛwtohɔ no ka sɛ ‘Ohuu ne nipadua sɛ anya awu, ne Sara yafunu nso sɛ awu.’ Nanso wamma n’adwenem anyɛ no naa wɔ Onyankopɔn bɔhyɛ ahorow ho. Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Wanyɛ mmerɛw gyidi mu,” na “wamfa ogye a wonnye nni annye kyim.” Abraham gye dii koraa sɛ “nea [Onyankopɔn ahyɛ] ho bɔ no, obetumi ayɛ nso.” (Romafo 4:18-21) Ná ɔne Yehowa anya abusuabɔ a emu yɛ den a ahotoso wom mfe pii. Ɔpoo adwenem naayɛ biara a anka ebetumi ama saa abusuabɔ no mu agow no.

Sɛ ‘wokɔ so kura nsɛmpa a eye no mu’—sɛ wudidi yiye honhom fam—a, wubetumi ayɛ saa ara. (2 Timoteo 1:13) Fa asiane a ɛwɔ adwenem naayɛ mu no aniberesɛm. Satan de ne ho ahyɛ nea yebetumi afrɛ no honhom fam yare mmoawa akodi mu. Sɛ wubu w’ani gu honhom fam adidi so denam kokoam Bible adesua a worenyɛ ne Kristofo nhyiam ahorow a worenkɔ so a, woma ntua a ɛte saa nya kwan ba wo so. Fa honhom fam aduan pii a “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no fi ayamye mu de ma wɔ bere a ɛsɛ mu no di dwuma yiye. (Mateo 24:45) Kɔ so ‘tie nsɛm a eye no’ na ‘yɛ den wɔ gyidi mu.’ (1 Timoteo 6:3; Tito 2:2) Mma adwenem naayɛ nnsɛe wo gyidi.

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 21]

Wudidi yiye honhom fam kodu he?