Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nnua A Etumi Gyina Kyɛ

Nnua A Etumi Gyina Kyɛ

Nnua A Etumi Gyina Kyɛ

Ɛte sɛ nea ɛrenyɛ papa sɛ wubesi wo fie wɔ ɔbotan so, titiriw bere a ɛwɔ bepɔw atifi tɔnn no. Nanso ɛmfa ho sɛ ɛda adi sɛ ɛhɔ tebea nye no, bepɔw so nnua bi tumi gye ntini denneennen wɔ mmepɔw a ɛte saa so, gyina awɔw bere a ano yɛ den ne ahohuru bere mu awia ano.

MPƐN pii no, saa nnua a etumi gyina wim tebea biara ano yi nyɛ akɛse te sɛ nnua a ɛte saa ara a ɛwɔ asasetaw so no. Nnua no dutan betumi ayɛ nea ɛho asisi apɔwapɔw na akyinkyim, na entumi nyin frɔmfrɔm. Ebi mpo te sɛ dua a esi kuku mu—a wim tebea a enye ne dɔte a ɛnnɔɔso a esi mu no ama ne nnubaa apompan.

Esiane sɛ enyin wɔ asase so beae a wim tebea nye koraa nti, ebia wubesusuw sɛ nnua a ɛte saa ntumi nnyin nkyɛ. Nanso, ɛnte saa koraa. Ebinom kyerɛ sɛ Methuselah, dua a ɛte sɛ aborɔbɛ dua, a etumi nyin wɔ beae a ne korɔn yɛ mita 3,000 wɔ White Mountains a ɛwɔ California so no adi mfirihyia 4,700. The Guinness Book of Records 1997 no ka saa dua yi ho asɛm sɛ dua a anyin sen dua biara wɔ okyinnsoromma yi so. Edmund Schulman a ɔyɛɛ tete nnua yi mu nhwehwɛmu no kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Ɛte sɛ nea . . . tebea bɔne a dua a ɛte sɛ aborɔbɛ dua yi tumi gyina ano no na ɛma etumi nyin kyɛ no. Mmeae a ɛhɔ yɛ den na abotan wɔ hɔ a ne korɔn bɛyɛ mita 3,000 no na nnua [a ɛte sɛ aborɔbɛ dua] a ɛwɔ White Mountains so no mu nea akyɛ sen biara no nyinaa sisi.” Afei nso Schulman hui sɛ, nnua foforo a anyin sen biara a ɛte sɛ aborɔbɛ dua no nso nyinii wɔ wim tebea a enye koraa mu.

Ɛwom sɛ ɛsɛ sɛ nnua yi gyina tebea a enye ano de, nanso nneɛma abien na ɛma saa nnua yi tumi gyina kyɛ. Baabi a ɛno nkutoo sisi, a afifide kakraa bi pɛ na ɛwɔ hɔ no bɔ ho ban fi ogya a ɛhyew mfuw, ade a ɛsɛe nnua akɛse pii no ho. Na ne ntini no tintim abotan no so denneennen araa ma gye sɛ asasewosow nkutoo na ebetumi atutu no.

Wɔde Onyankopɔn asomfo anokwafo toto nnua ho wɔ Bible mu. (Dwom 1:1-3; Yeremia 17:7, 8) Wɔn nso betumi ahyia ɔhaw esiane tebea a wɔwom no nti. Ɔtaa, akwahosan pa a wonni, anaasɛ ohia buruburoo betumi asɔ wɔn gyidi ahwɛ paa, titiriw bere a sɔhwɛ ahorow no kɔ so mfe pii no. Nanso wɔn Bɔfo a ɔbɔɔ nnua a etumi gyina ɔhaw ano yiye no ma n’asomfo awerɛhyem sɛ ɔbɛboa wɔn. Bible hyɛ wɔn a wogyina wɔn mudi mu no bɔ sɛ: “Ɔbɛma mo ase atim, ɔbɛhyɛ mo den.”—1 Petro 5:9, 10.

‘Obi mudi mu a obekura, agyina pintinn, anaa ne bo ase a ɔbɛtɔ’ no ne adwene a ɛwɔ Hela adeyɛ asɛm a wɔkyerɛ ase “gyina mu” wɔ Bible mu no mu. Sɛnea ɛte wɔ bepɔw so nnua fam no, ntini a ɛyɛ den na etumi ma egyina. Wɔ Kristofo fam no, wohia sɛ wogye ntini wɔ Yesu Kristo mu na ama wɔagyina pintinn. Paulo kyerɛwee sɛ: “Enti sɛnea mugyee Awurade Kristo Yesu no, monnantew no mu sa, sɛ wɔn a wɔagye ntini, na wɔde wɔn asi no so, na wɔayɛ den gyidi mu, sɛnea wɔkyerɛkyerɛ mo no, na wɔboro so, aseda mu.”—Kolosefo 2:6, 7.

Paulo huu hia a honhom fam ntini a ɛyɛ den ho hia. Paulo ankasa ne “ɔhonam mu nsɔe” dii apere, na ogyinaa ɔtaa a ano yɛ den ano wɔ ne som adwuma mu. (2 Korintofo 11:23-27; 12:7) Nanso ohui sɛ obetumi akɔ so wɔ Onyankopɔn ahoɔden mu. Ɔkae sɛ: “Mitumi ade nyinaa yɛ, nea ɔhyɛ me den no mu.”—Filipifo 4:13.

Sɛnea Paulo nhwɛso no ma ɛda adi no, ɔtaa ano a Kristofo tumi gyina no nnyina tebea horow a eye so. Te sɛ bepɔw so nnua a etumi gyina tebea bɔne ano mfehaha pii no, sɛ yegye ntini wɔ Kristo mu na yɛde yɛn ho to ahoɔden a Onyankopɔn de ma so a, yebetumi agyina pintinn. Bio nso, sɛ yegyina kosi awiei a, yɛwɔ anidaso a ɛne sɛ yebehu ɔsoro bɔhyɛ yi mmamu: “Me man nna bɛyɛ sɛ dua nna.”—Yesaia 65:22; Mateo 24:13.