Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nya Adekyɛ Mu Anigye!

Nya Adekyɛ Mu Anigye!

Nya Adekyɛ Mu Anigye!

“Anigye wɔ ɔma mu mmom sen ogye.”—ASOMAFO NO NNWUMA 20:35, NW.

1. Ɔkwan bɛn so na Yehowa da adekyɛ mu anigye adi?

ANIGYE a nokware no a yehu ma yenya ne nhyira ahorow a efi mu ba no yɛ akyɛde a efi Onyankopɔn hɔ. Wɔn a wɔabehu Yehowa no wɔ nneɛma pii a ɛsɛ sɛ wogyina so ma wɔn ani gye. Nanso, bere a anigye wɔ akyɛde a yɛn nsa ka mu no, anigye wɔ ma a yɛde bi ma mu nso. Yehowa yɛ “akyɛde pa nyinaa ne adekyɛde a ɛyɛ pɛ nyinaa” Mafo, na ɔyɛ ‘anigye Nyankopɔn.’ (Yakobo 1:17; 1 Timoteo 1:11) Ɔde nkyerɛkyerɛ pa ma wɔn a wotie nyinaa, na n’ani gye wɔn a wɔyɛ osetie ma ne nkyerɛkyerɛ no ho, sɛnea awofo ani gye bere a wɔn mma tie wɔn nkyerɛkyerɛ a ɔdɔ wom no.—Mmebusɛm 27:11.

2. (a) Dɛn na Yesu ka faa adekyɛ ho? (b) Sɛ yɛkyerɛkyerɛ afoforo Bible mu nokware a, anigye bɛn na yenya?

2 Saa ara na bere a na Yesu wɔ asase so no, n’ani gyei sɛ nkurɔfo tiee ne nkyerɛkyerɛ wɔ ɔkwan a ɛfata so no. Ɔsomafo Paulo faa Yesu asɛm kae sɛ: “Anigye wɔ ɔma mu mmom sen ogye.” (Asomafo no Nnwuma 20:35, NW) Anigye a yenya bere a yɛkyerɛkyerɛ afoforo Bible mu nokware no mfi nya a yɛanya obi ma wagye yɛn som mu gyidi ahorow atom kɛkɛ nti. Nea ɛsen saa koraa no, ɛyɛ anigye sɛ yenim sɛ yɛde adepa bi ne biribi a ɛsom bo daa na ɛrema no. Sɛ yɛkyɛ ade honhom fam a, yebetumi aboa nkurɔfo ma wɔanya mfaso nnɛ de akosi daa.—1 Timoteo 4:8.

Adekyɛ De Anigye Ba

3. (a) Ɔkwan bɛn so na ɔsomafo Paulo ne Yohane daa anigye a wonyae wɔ afoforo a wɔboaa wɔn honhom fam mu no adi? (b) Dɛn nti na Bible mu nokware a yɛde bɛkyerɛkyerɛ yɛn mma no yɛ ɔdɔ a yɛda no adi?

3 Yiw, sɛnea Yehowa ne Yesu ani gye honhom fam akyɛde a wɔde ma ho no, saa ara na Kristofo nso ani gye ho. Ɔsomafo Paulo ani gyei sɛ ohui sɛ waboa afoforo ma wɔasua Onyankopɔn Asɛm mu nokware no. Ɔkyerɛw kɔmaa Tesalonika asafo no sɛ: “Hena ne yɛn anidaso anaa anigye anaa ahoahoa abotiri, yɛn Awurade Yesu Kristo anim wɔ ne ba mu? So ɛnyɛ mo anaa? Mone yɛn anuonyam ne yɛn anigye.” (1 Tesalonikafo 2:19, 20) Saa ara na bere a ɔsomafo Yohane reka ne honhom fam mma ho asɛm no, ɔkyerɛwee sɛ: “Minni anigye a ɛsen eyi, sɛ mete sɛ me mma nam nokware mu.” (3 Yohane 4) Susuw anigye a ɛwɔ yɛn ankasa mma a yɛtete wɔn ma wɔbɛyɛ yɛn honhom fam mma mu no nso ho hwɛ! Mmofra a yɛbɛtete wɔn ‘Yehowa kasakyerɛ ne nyansakyerɛ mu’ no yɛ ɔdɔ a awofo da no adi. (Efesofo 6:4) Awofo nam saayɛ so da no adi sɛ wodwen wɔn mma nkumaa daa yiyedi ho. Sɛ mmofra no yɛ osetie a, awofo no nya anigye ne abotɔyam kɛse.

4. Osuahu bɛn na ɛda anigye a yenya fi honhom fam akyɛde mu adi?

4 Dell yɛ bere nyinaa kwampaefo somfo ne ɛna a ɔwɔ mma baanum. Ɔka sɛ: “Mete ɔsomafo Yohane nsɛm no ase yiye efisɛ m’ani gye sɛ me mma no mu baanan ‘nam nokware no mu.’ Minim sɛ sɛ mmusua yɛ biako wɔ nokware som mu a, ɛde nidi ne anuonyam brɛ Yehowa, enti manya abotɔyam kɛse sɛ wahyira mmɔden a mebɔe de nokware no kyerɛkyerɛɛ me mma no so. Nkwa a enni awiei a me ne m’abusua benya wɔ Paradise ho akwanhwɛ a ɛyɛ anigye no ma minya anidaso, na ɛhyɛ me nkuran ma migyina, a nsɛnnennen ne akwanside ahorow mfa ho.” Awerɛhosɛm ne sɛ, esiane sɛ Dell mmabea no biako faa asetra kwan a ɛne Kristofo abrabɔ nhyia so nti wotuu no fii Kristofo asafo no mu. Nanso, Dell bɔ mmɔden sɛ obekura adwempa mu. Ɔka sɛ: “Mehwɛ kwan sɛ da bi me babea no befi ahobrɛase ne koma pa mu asan aba Yehowa nkyɛn. Nanso, meda Onyankopɔn ase sɛ me mma dodow no ara kɔ so som no nokwaredi mu. Anigye a manya no ayɛ ade a ɛhyɛ me den ankasa.”—Nehemia 8:10.

Nnamfo a Ɛtra Hɔ Daa a Yɛbɛfa

5. Sɛ yɛde yɛn ho ma yɛ asuafoyɛ adwuma no a, dɛn na yehu a ɛma yenya abotɔyam?

5 Yesu ka kyerɛɛ n’adiyifo no sɛ wɔnyɛ nkurɔfo Kristo asuafo na wɔnkyerɛkyerɛ wɔn Yehowa ne n’ahwehwɛde ho ade. (Mateo 28:19, 20) Yehowa ne Yesu nyinaa afi ayamye mu aboa nkurɔfo ma wɔahu nokware no. Enti bere a yɛde yɛn ho ma yɛ asuafoyɛ adwuma no, yenya abotɔyam wɔ hu a yehu sɛ yɛresuasua Yehowa ne Yesu nhwɛso no mu, sɛnea tete Kristofo no yɛe no. (1 Korintofo 11:1) Enti sɛ yɛne Ade Nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn ne ne Dɔba no yɛ biako a, yenya atirimpɔw ankasa wɔ yɛn asetra mu. Hwɛ anigye a ɛyɛ sɛ wɔbɛkan yɛn afra Onyankopɔn “adwumayɛboafo” mu! (1 Korintofo 3:9) Na so ɛnyɛ anigye sɛ abɔfo mpo yɛ asɛmpaka adwuma yi bi?—Adiyisɛm 14:6, 7.

6. Sɛ yenya honhom fam adekyɛ no mu kyɛfa a, henanom na wɔbɛyɛ yɛn nnamfo?

6 Nokwarem no, ɛdenam honhom fam adekyɛ adwuma yi mu kyɛfa a yenya so no, yebetumi abɛyɛ wɔn a wɔkyɛn Onyankopɔn adwumayɛboafo—yebetumi ne no afa adamfo a ɛtra hɔ daa. Esiane Abraham gyidi nti, wɔfrɛɛ no Yehowa adamfo. (Yakobo 2:23) Bere a yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛyɛ Onyankopɔn apɛde no, yɛn nso yebetumi abɛyɛ Onyankopɔn nnamfo. Sɛ yɛyɛ saa a, yɛbɛyɛ Yesu nnamfo nso. Ɔka kyerɛɛ n’asuafo sɛ: “Mafrɛ mo nnamfo, efisɛ nneɛma a mate m’agya nkyɛn nyinaa maka makyerɛ mo.” (Yohane 15:15) Nnipa pii ani gye sɛ yebebu wɔn sɛ nnipa atitiriw anaa aban mpanyimfo nnamfo, nanso wobetumi abu yɛn sɛ nnipa atitiriw baanu a wɔsen biara wɔ amansan nyinaa mu no nnamfo!

7. (a) Ɔkwan bɛn so na ɔbea bi nyaa adamfo ankasa? (b) So woanya osuahu a ɛte saa ara?

7 Afei nso, sɛ yɛboa nkurɔfo ma wobehu Onyankopɔn a, wɔn nso bɛyɛ yɛn nnamfo, na ɛma yenya anigye soronko. Joan a ɔte United States no fii ase ne ɔbea bi a ne din de Thelma suaa Bible no. Ɛwom sɛ Thelma abusua sɔre tiaa n’adesua no de, nanso wannyae, na wɔbɔɔ no asu wɔ afe biako akyi. Joan kyerɛwee sɛ: “Yɛn fekubɔ no anso hɔ ara; mmom no, ɛbɛyɛɛ adamfofa a atra hɔ mfirihyia 35 ni. Yɛabom akɔ asɛnka ne nhyiam ahorow mpɛn pii. Bere kɔɔ so no, mitu kɔtraa baabi foforo a ɛwɔ akyiri kilomita 800. Nanso, Thelma da so kyerɛw me nkrataa a ɔdɔ wom na ɛka koma sen biara, na ɔka kyerɛ me sɛ, osusuw me ho anigye so, na ɔda me ase sɛ meyɛ n’adamfo ne nhwɛsofo na mekyerɛkyerɛɛ no Bible mu nokware no. Adamfo a ɔbɛn na ɔwɔ dɔ saa a manya no yɛ mmɔden a mebɔe sɛ mɛboa no ma wasom Yehowa no so akatua a ɛyɛ anigye.”

8. Adwempa bɛn na ɛbɛboa yɛn wɔ asɛnka adwuma no mu?

8 Anidaso a yɛwɔ sɛ yebenya obi a ɔpɛ sɛ osua nokware no betumi aboa yɛn ma yɛagyina, sɛ ɛba mpo sɛ nnipa pii a yehyia wɔn no nkyerɛ Yehowa Asɛm ho anigye papa anaasɛ wɔnkyerɛ ho anigye koraa a. Anibiannaso a ɛte saa no betumi asɔ yɛn gyidi ne yɛn boasetɔ ahwɛ. Nanso, adwempa a yebenya bɛboa yɛn. Fausto a ofi Guatemala kae sɛ: “Sɛ midi afoforo adanse a, misusuw anigye kɛse a ɛbɛyɛ sɛ onipa a merekasa kyerɛ no no bɛba abɛyɛ onua anaa onuawa no ho. Minya adwene sɛ anyɛ yiye koraa no, onipa biako a mehyia no no begye Onyankopɔn Asɛm mu nokware no atom. Saa adwene no hyɛ me nkuran na ɛma minya anigye ankasa.”

Ademude a Yɛbɛhyehyɛ no Ɔsoro

9. Dɛn na Yesu ka faa ademude a ɛwɔ soro ho, na dɛn na yebetumi asua afi eyi mu?

9 Yɛn mma anaa nnipa foforo a yɛbɛyɛ wɔn asuafo no nyɛ mmerɛw bere nyinaa. Ebetumi agye bere, boasetɔ ne animia. Nanso, kae sɛ, nnipa pii na wɔwɔ ɔpɛ sɛ wɔbɛyɛ adwuma denneennen de apɛ honam fam nneɛma pii asie, nneɛma a ɛntaa mfa anigye mmrɛ wɔn na ɛntra hɔ daa no. Yesu ka kyerɛɛ n’atiefo sɛ ɛyɛ papa sɛ wɔbɛyɛ honhom fam nneɛma ho adwuma. Ɔkae sɛ: “Monnhyehyɛ ademude asase so, nea nwewee ne nkannare sɛe no, na awifo bubu kowia. Na monhyehyɛ ademude ɔsoro, nea nwewee ne nkannare nsɛe no na awifo mmubu nkowia.” (Mateo 6:19, 20) Sɛ yedi honhom fam botae ahorow—a kyɛfa a yebenya wɔ asuafoyɛ adwuma a ɛho hia no mu ka ho—akyi a, yɛnam hu a yebehu sɛ yɛreyɛ Onyankopɔn apɛde na obetua yɛn ka no so betumi anya abotɔyam. Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Onyankopɔn nyɛ nea ɔnteɛ a ne werɛ befi mo adwuma ne mo dɔ mmɔden a mobɔe ne din ho.”—Hebrifo 6:10.

10. (a) Dɛn nti na Yesu nyaa ɔsoro ademude? (b) Ɔkwan bɛn so na Yesu de ne ho mae, na mfaso kɛse bɛn na afoforo nyae?

10 Sɛ yɛde nsi yɛ asuafoyɛ adwuma no a, yɛhyehyɛ yɛn “ademude ɔsoro” ma ɛne nea Yesu kae no hyia. Eyi ma yenya ogye mu anigye. Sɛ yefi ayamye mu kyɛ ade a, yɛn ankasa nso nya ade. Ná Yesu ankasa asom Yehowa nokwaredi mu mfirihyia ɔpepepem pii. Susuw ademude ara a na wahyehyɛ wɔ ɔsoro no ho hwɛ! Nanso, Yesu anhwehwɛ n’ankasa yiyedi. Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: ‘Yesu na yɛn bɔne nti ɔde ne ho mae, na wayi yɛn afi wiase bɔne yi mu, sɛnea yɛn agya Onyankopɔn pɛ no te.’ (Galatifo 1:4) Ɛnyɛ asɛnka adwuma no nko na Yesu fii ayamye mu yɛe na mmom ɔde ne nkwa ankasa nso mae sɛ agyede sɛnea ɛbɛyɛ a afoforo betumi anya hokwan ahyehyɛ wɔn ademude wɔ soro.

11. Dɛn nti na honhom fam akyɛde ahorow ye sen honam fam de?

11 Sɛ yɛkyerɛkyerɛ nkurɔfo Onyankopɔn ho nsɛm a, yɛboa wɔn ma wohu sɛnea wɔn nso betumi ahyehyɛ honhom fam ademude a ɛnsɛe. Akyɛde bɛn na ɛkyɛn eyi? Sɛ wode wɔɔkye a ne bo yɛ den, kar, anaa ofie kyɛ w’adamfo bi a, akyinnye biara nni ho sɛ saa adamfo no ani bɛsɔ na n’ani agye, na w’ani begye sɛ wode kyɛɛ no. Nanso ebedu mfirihyia 20, 200, anaa 2,000 no na saa akyɛde no tebea te dɛn? Nanso, sɛ wode wo ho ma boa onipa bi ma ɔsom Yehowa a, obetumi anya saa akyɛde no so mfaso afebɔɔ.

Wɔn a Wɔpɛ Nokware no a Yɛbɛhwehwɛ Wɔn

12. Ɔkwan bɛn so na nnipa pii de wɔn ho ama de aboa afoforo wɔ honhom fam?

12 Nea ɛbɛyɛ na Yehowa nkurɔfo anya honhom fam adekyɛ no mu kyɛfa no, wɔadu asase ano. Mpempem pii agyaw wɔn nkurow ne wɔn mmusua akɔyɛ asɛmpatrɛw adwuma wɔ nsase a na ɛsɛ sɛ wosua kasa ne amammerɛ foforo so. Afoforo akɔ wɔn ankasa man mu mmeae a Ahenni adawurubɔfo ho hia kɛse no. Afoforo nso asua ananafo kasa, anya hokwan foforo aka asɛm no akyerɛ atubrafo a wɔabɛtra wɔn man mu no. Sɛ nhwɛso no, bere a awarefo bi a wɔwɔ New Jersey, U.S.A., tetee wɔn mma baanu a mprempren wɔresom wɔ Yehowa Adansefo wiase nyinaa adwumayɛbea ti wiei no, wofii ase yɛɛ akwampae adwuma na wosuaa China kasa. Bɛyɛ mfirihyia abiɛsa akyi no, wɔne wɔn a wɔka China kasa a wɔkɔ kɔlege bi a ɛbɛn wɔn no mu 74 yɛɛ Bible adesua. So wubetumi atrɛw wo som adwuma mu wɔ ɔkwan bi so sɛnea ɛbɛyɛ a wubenya anigye pii wɔ asuafoyɛ adwuma no mu?

13. Sɛ wopɛ sɛ wo som adwuma sow aba pii a, dɛn na wubetumi ayɛ?

13 Ebia wopɛ sɛ woyɛ Bible adesua nanso wuntumi nyɛɛ bi. Wɔ nsase bi so no, ɛyɛ den sɛ wubenya anigyefo. Ebia nnipa a wuhyia wɔn no nkyerɛ Bible ho anigye biara. Sɛ saa na ɛte a, wubetumi aka nea wopɛ sɛ woyɛ no ho asɛm mpɛn pii wɔ wo mpaebɔ mu, a wunim sɛ Yehowa ne Yesu Kristo nyinaa ani gye adwuma no ho na ebia wɔbɛkyerɛ wo kwan akɔ obi a ɔte sɛ oguan nkyɛn. Hwehwɛ nyansahyɛ ahorow fi w’asafo mufo a wɔwɔ osuahu kɛse, anaasɛ wɔn asɛnka adwuma sow aba pii no hɔ. Fa ntetee ne nyansahyɛ ahorow a wɔde ma wɔ Kristofo nhyiam ahorow ase no di dwuma. Ma ahwɛfo akwantufo ne wɔn yerenom afotu mmoa wo. Nea ɛsen ne nyinaa no, mpa abaw da. Onyansafo no kyerɛwee sɛ: “Gu w’aba anɔpa, na anwummere nso nyi wo nsa mfi ho, na wunnim nea ɛbɛyɛ yiye.” (Ɔsɛnkafo 11:6) Ne nyinaa mu no, kae mmarima anokwafo te sɛ Noa ne Yeremia. Ɛwom sɛ nnipa kakraa bi pɛ na wotiee wɔn asɛm a wɔakae no de, nanso wɔn som adwuma no sow aba. Nea ɛsen ne nyinaa no, ɛsɔɔ Yehowa ani.

Nea Wubetumi Nyinaa a Wobɛyɛ

14. Ɔkwan bɛn so na Yehowa bu wɔn a wɔn mfe akɔ anim wɔ ne som adwuma mu no?

14 Ebia wo nsɛm tebea mma wuntumi nyɛ nea anka wopɛ sɛ woyɛ wɔ ɔsom adwuma no mu no. Sɛ nhwɛso no, onyin betumi atew nea wubetumi ayɛ wɔ Yehowa som adwuma mu no so. Nanso, kae nea onyansafo no kyerɛwee no: “Abotiri a ɛyɛ fɛ ne dwen, wohu no trenee kwan so.” (Mmebusɛm 16:31) Yehowa fam no, n’ani sɔ wo nkwa nna a wode yɛ ne som adwuma no. Afei nso, Kyerɛwnsɛm no ka sɛ: “Na ekosi w’akorayɛ mu, [me Yehowa, NW] mene me ara, na ekosi dwen fuw mu mpo, mɛbɔ wo akɔnkɔn. Me na mayɛ, na me na mɛsoa, me na mɛbɔ wo akɔnkɔn, na mayi wo masi.” (Yesaia 46:4) Yɛn soro Agya a ɔwɔ dɔ no hyɛ yɛn bɔ sɛ ɔbɛwowaw n’anokwafo na waboa wɔn.

15. So wugye di sɛ Yehowa te wo nsɛm tebea horow ase? Dɛn ntia?

15 Ebia woreko yare, worehyia ɔhokafo a onnye nni sɔretia, abusua mu asɛyɛde ahorow a emu yɛ duru, anaa nsɛnnennen foforo bi. Yehowa hu yɛn akwanside ne yɛn nsɛm tebea horow no, na ɔdɔ yɛn esiane sɛ yɛrebɔ mmɔden biara sɛ yɛbɛsom no no nti. Ɛte saa, ɛwom mpo sɛ ebia nea yɛyɛ no nnu nea afoforo yɛ de. (Galatifo 6:4) Yehowa nim sɛ yɛnyɛ pɛ, na ɔnhwehwɛ nea ɛboro yɛn ahoɔden so. (Dwom 147:11) Sɛ yɛyɛ nea yebetumi nyinaa a, yebetumi anya ahotoso sɛ yɛsom bo wɔ Onyankopɔn ani so, na ne werɛ remfi nnwuma a yefi gyidi mu yɛ no.—Luka 21:1-4.

16. Ɔkwan bɛn so na asafo mũ no nyinaa boa ma wɔyɛ onipa biako suani?

16 Kae nso sɛ, asuafoyɛ adwuma no yɛ kuw adwuma. Ɛnyɛ onipa biako na ɔma obi yɛ osuani, sɛnea ɛnyɛ nsuko biako a ɛtɔ na ɛma afifide yɛ yiye no. Nokwarem no, Ɔdansefo biako na ebia obehu onigyeni bi na ɔne no ayɛ Bible adesua. Nanso, sɛ ɔfoforo no nya ba Ahenni Asa so a, asafo mũ no nyinaa na ɛma ohu nokware no. Onuayɛ mu anigye a wɔwɔ no da no adi sɛ Onyankopɔn honhom wɔ wɔn mu. (1 Korintofo 14:24, 25) Mmofra nkumaa ne mmofra a wɔadu mpanyin afe so ma mmuae a ɛka koma, na ɛma onipa a ɔyɛ foforo no hu sɛ yɛn mmofra no nte sɛ mmofra a wɔwɔ wiase no. Wɔn a wɔyare ne wɔn a wɔn mfe akɔ anim a wɔwɔ asafo no mu no ma wɔn a wɔyɛ foforo no hu nea boasetɔ a obi benya no kyerɛ. Ɛmfa ho mfe a yɛadi anaa akwanside ahorow a yɛwom no, yɛn nyinaa di dwuma bi a ɛho hia de boa wɔn a wɔyɛ foforo no bere a Bible mu nokware ho anigye a wonya no mu yɛ den na wonya nkɔso bɛn asubɔ ho no. Ebia dɔnhwerew biara a yɛde yɛ asɛnka adwuma, sankɔhwɛ biara a yɛyɛ, nkɔmmɔ biara a yɛne onigyeni bi bɔ wɔ Ahenni Asa so no bɛyɛ sɛ nea ɛho nhia ahe biara de, nanso ɛka adwuma kɛse a Yehowa reyɛ no ho.

17, 18. (a) Asuafoyɛ adwuma mu kyɛfa a yenya akyi no, ɔkwan bɛn so na yebetumi anya adekyɛ mu anigye? (b) Sɛ yenya adekyɛ mu anigye a, na hena na yɛresuasua no?

17 Nanso, sɛ yɛde asuafoyɛ adwuma a ɛho hia a yenya mu kyɛfa no to nkyɛn a, yɛn, sɛ́ Kristofo no, yɛkyɛ ade wɔ akwan foforo so nso. Yebetumi ayi ntoboa de aboa nokware som na yɛaboa wɔn a ade ahia wɔn no. (Luka 16:9; 1 Korintofo 16:1, 2) Yebetumi ahwehwɛ hokwan ahorow de ada ahɔhoyɛ adi akyerɛ afoforo. (Romafo 12:13) Yebetumi abɔ mmɔden ‘ayɛ nnipa nyinaa yiye, ne titiriw no wɔn a wɔyɛ gyidi fifo no.’ (Galatifo 6:10) Na wɔ akwan a ɛnyɛ den nanso ɛho hia so no, yebetumi akyerɛw afoforo—krataa, afrɛ wɔn telefon so, akyɛ wɔn ade, aboa wɔn, na yɛahyɛ wɔn nkuran.

18 Sɛ yɛkyɛ ade a, yɛda no adi sɛ yesuasua yɛn soro Agya no. Yɛda onuadɔ, a ɛyɛ nokware Kristofo agyiraehyɛde no nso adi. (Yohane 13:35) Saa nneɛma yi a yɛbɛkae no betumi aboa yɛn ma yɛanya adekyɛ mu anigye.

Wubetumi Akyerɛkyerɛ Mu?

• Ɔkwan bɛn so na Yehowa ne Yesu ayɛ nhwɛso wɔ honhom fam adekyɛ mu?

• Yɛbɛyɛ dɛn atumi anya nnamfo a ɛtra hɔ daa?

• Akwan bɛn na yebetumi afa so ama yɛn asɛnka adwuma asow aba pii?

• Ɔkwan bɛn so na asafo no mufo nyinaa betumi anya adekyɛ mu anigye?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 13]

Sɛ mmofra tie ntetee a wɔde ma wɔn no a, wɔn awofo nya anigye ne abotɔyam kɛse

[Mfonini wɔ kratafa 15]

Yebetumi anya nnamfo ankasa wɔ asuafoyɛ mu

[Mfonini wɔ kratafa 16]

Yehowa bɔ yɛn akɔnkɔn wɔ akorayɛ mu

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 17]

Yenya adekyɛ mu anigye wɔ akwan a ɛnyɛ den nanso ɛho hia so