Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

‘Ogyinaa mu Koduu Awiei’

‘Ogyinaa mu Koduu Awiei’

‘Ogyinaa mu Koduu Awiei’

WƆ VIDEO bi a wɔyɛɛ no 1993 mu a woyi kyerɛ adwumayɛfo a wɔyɛ foforo wɔ Yehowa Adansefo adwumayɛbea ti mu no, Lyman Alexander Swingle kaa sɛnea ɔte nka sɛ ɛsɛ sɛ yɛsom Yehowa no ho asɛm sɛ: “Hyɛ wo mpaboa kosi owu mu!” *

Onua Swingle a odii mfe 90 no yɛɛ nea ɔhyɛɛ afoforo nkuran sɛ wɔnyɛ no ara. ‘Ogyinaa mu koduu awiei.’ (Mateo 24:13) Ɛwom sɛ na ɔrehu amane ne honam mu de nanso ɔkɔɔ Yehowa Adansefo Sodikuw a na ɔyɛ emuni no nhyiam a wɔyɛɛ no Wukuda, March 7 no bi. Eduu Benada no, ne tebea no mu yɛɛ den, na March 14 ɛbɔɔ anɔpa 4:26 no, oduruyɛfo a ɔhwɛ no no kae sɛ wawu.

Lyman Swingle fii n’adwuma ase wɔ Yehowa Adansefo adwumayɛbea ti a ɛwɔ Brooklyn, New York, no wɔ April 5, 1930. Ɛkaa kakra na anka ɔde mfe 71 somee wɔ hɔ. Wodii kan maa Lyman adwuma wɔ baabi a wɔpam nhoma no, na afei wɔde no kɔɔ baabi a wotintim nhoma, na ɔboae nso ma wɔyɛɛ adubiri. Nokwarem no, Onua Swingle de bɛyɛ mfirihyia 25 na ɛyɛɛ adwuma wɔ adubiri dan no mu. Afei nso ɔde bɛyɛ mfe 20 yɛɛ adwuma sɛ adwumayɛbea ti hɔ akyerɛwfo no muni. Ɔde ne mfe 17 a etwa to no yɛɛ adwuma wɔ Fotosanfo Adwumayɛbea hɔ.

Ná Lyman yɛ obi a ɔde akokoduru ka Onyankopɔn Ahenni ho asɛm. Bere a ɔkɔɔ Brooklyn foforo no, na ɔne ne yɔnko a ɔne no te dan mu, Arthur Worsley taa de Adansefo no ahyɛmma biako fa Hudson Asubɔnten no so. Na bere a wɔde akasam di dwuma no, wɔde adapɛn awiei pii kaa Ahenni nkrasɛm no kyerɛɛ nkurɔfo a wɔtete nkurow a ɛdeda nsu ho no.

Wɔwoo Onua Swingle wɔ November 6, 1910, wɔ Lincoln, Nebraska, nanso ankyɛ na abusua no tu kɔɔ Salt Lake City, Utah. Bere a wɔwɔ hɔ wɔ 1913 mu no, n’awofo bɛyɛɛ Bible Asuafo, sɛnea na wɔfrɛ Yehowa Adansefo saa bere no. Swingle abusua no gyee ahɔho a wofi Adansefo no Brooklyn adwumayɛbea ti hɔ bɛma kasa no kɔɔ wɔn fie mfe pii, na saa mmarima yi nyaa Lyman so nkɛntɛnso pa. Wɔ 1923 mu bere a na wadi mfe 12 no, wɔbɔɔ no asu de yɛɛ n’ahosohyira ma Onyankopɔn ho sɛnkyerɛnne.

Bere a Lyman de mfe 26 asom sɛ ɔhokwafo wɔ Brooklyn no, n’asetra yɛɛ anigye kɛse bere a ɔwaree Crystal Zircher wɔ June 8, 1956 mu no. Wɔboom yɛɛ asɛnka adwuma bere nyinaa kosii sɛ Crystal wui wɔ 1998 mu. Bɛyɛ mfe abiɛsa ansa na Crystal rewu no, ne fã dwudwoe ma odii dɛm kɛse. Sɛnea na Lyman hwɛ no no daa ahofama ho nhwɛso a ɛfata sɛ obiara suasua adi, titiriw wɔn a wohuu Lyman sɛ ofi ɔdɔ mu pia mmubuafo akongua a ne yere te mu wɔ anammɔn kwan a ɛda kar kwan ho ma Crystal de Ɔwɛn-Aban ne Nyan! ma nkurɔfo a wotwam so no.

Na Onua Swingle yɛ obi a ɔka ne nsɛm penpen, ɔbarima a ɔpɛ nnipa a wɔn a wɔbaa ne nkyɛn nyinaa ani gyee ne ho. Te sɛ n’agya ne ne na no, na ɔwɔ Bible mu anidaso a ɛne sɛ ɔne Yesu Kristo bɛtra wɔ ɔsoro Ahenni mu, anidaso a yɛwɔ ahotoso sɛ mprempren ne nsa aka no.—1 Tesalonikafo 4:15-18; Adiyisɛm 14:13.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 2 Nea eyi kyerɛ ne sɛ obi bewu wɔ n’adwuma a ɔyɛ mu.

[Mfonini wɔ kratafa 31]

Onua Swingle de bɛyɛ mfe 25 yɛɛ adwuma wɔ adubiri dan no mu

[Mfonini wɔ kratafa 31]

Ná biribiara ntumi ntetew Lyman ne Crystal ntam