Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wɔkaee Wɔn Daa

Wɔkaee Wɔn Daa

Wɔkaee Wɔn Daa

AFE biara, Yehowa Adansefo hyiam yɛ wɔn Kristofo amansin ne amantam nhyiam wɔ wɔn aman mu. Wɔyɛ eyi de nya honhom fam nkyerɛkyerɛ ne fekubɔ a ɛma denhyɛ. Nanso nneɛma foforo a wɔyɛ wɔ wɔn nhyiam no ase nso betumi ama ahɔho a wɔba ase no akae wɔn daa.

Sɛ nhwɛso no, wɔ July 1999 mu no, Adansefo mpempem pii a wɔwɔ Mozambique no hyiaam yɛɛ nnansa nhyiam a ɛma denhyɛ wɔ “Onyankopɔn Nkɔmhyɛ Asɛm” Ɔmantam Nhyiam Ahorow ase. Na ɛyɛ nhyiam a edi kan koraa ma wɔn a wɔkɔɔ nhyiam no pii. Ɛnyɛ nsɛm a wɔtee wɔ hɔ no nko na ɛmaa wɔn ani gyei, na mmom wɔn ani gyee nea wohui no nso ho.

Asɛm bi a obi kae wɔ Maputo Nhyiam Asa no so ne sɛ: “Efi bere a wɔwoo me, minhuu baabi a ɛhɔ yɛ fɛ sɛ ha da! Samina ne ahwehwɛ wɔ agyananbea hɔ, na ɛhɔ yɛ huam mpo. Ná ɛhɔ yɛ dinn a wonte mmofra a wɔreko ntɔkwaw dede. Ná obiara mpiapia ne yɔnko! Mihuu mmerante ne mmabaa a wɔrebɔ nkɔmmɔ a ɛhyɛ nkuran. Afei nso m’ani gyee sɛnea na obiara asiesie ne ho fɛfɛɛfɛ no ho. Bere foforo no, mede me mma bɛba, na mɛka akyerɛ me kunu sɛ ɛsɛ sɛ yɛba nhyiam yi ase bi.”

Yiw, afoforo hu sɛnea Yehowa Adansefo di nokware, di wɔn ho ni, na wɔn ho tew no. Dɛn nti na ɛsono Adansefo no? Efisɛ wofi nokwaredi mu bɔ mmɔden sɛ wɔde nea wɔasua afi Bible mu no bedi dwuma. Dɛn nti na afe yi, wonkɔhwɛ w’ani so ade wɔ wɔn ɔmantam nhyiam ase anaasɛ wɔn dapɛn dapɛn nhyiam a wɔyɛ wɔ wo mpɔtam hɔnom Ahenni Asa so no?

[Mfonini wɔ kratafa 32]

ZAMBIA

[Mfonini wɔ kratafa 32]

KENYA

[Mfonini wɔ kratafa 32]

MOZAMBIQUE