Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

‘Ɔtreneeni Benya Nhyira’

‘Ɔtreneeni Benya Nhyira’

‘Ɔtreneeni Benya Nhyira’

ODWONTOFO Dawid kae ne nkwakoraabere mu sɛ: “Mayɛ abofra, na afei mabɔ akora, nanso minhuu onipa trenee a wɔapa no anaasɛ n’asefo srɛ aduan.” (Dwom 37:25) Yehowa Nyankopɔn dɔ treneefo na ɔhwɛ wɔn yiye. Wɔ N’asɛm Bible mu no, otu nokware asomfo fo sɛ wɔnhwehwɛ trenee.—Sefania 2:3.

Ɔtreneeni a obi bɛyɛ ne sɛ obedi Onyankopɔn gyinapɛn ahorow a ɛfa papa ne bɔne ho no so. Bere a Bible mu nhoma a ɛne Mmebusɛm ti 10 retu yɛn fo sɛ yenni Onyankopɔn apɛde so no, ɛtwe yɛn adwene si honhom fam nhyira pii a wɔn a wɔyɛ saa nya so. Emu bi ne honhom fam aduan a ahoɔden wom pii, adwuma a mfaso ne abotɔyam wom, ne Onyankopɔn ne onipa ntam abusuabɔ pa. Ɛnde, ma yensusuw Mmebusɛm 10:1-14 ho.

Ade a Ɛhyɛ Nkuran Yiye

Ti no nsɛm a edi anim no ma yehu Mmebusɛm nhoma no fã a edi hɔ no kyerɛwfo. Ɛkenkan sɛ: “Salomo mmebusɛm.” Bere a tete Israel hene Salomo rekyerɛ ade a ɛbɛboa ma yɛayɛ adetrenee no, ɔkae sɛ: “Ɔba nyansafo ma n’agya ani gye, na ɔba kwasea yɛ ne na awerɛhow.”Mmebusɛm 10:1.

Hwɛ awerɛhow a awofo di bere a wɔn mma mu biako gyae nokware Nyankopɔn teasefo no som no! Ɔhene nyansafo no hyɛɛ da kaa ɛna no awerɛhow ho asɛm, a ɛbɛyɛ sɛ ɛkyerɛ sɛ ɔno na odi awerɛhow kɛse. Ɛbaa saa ankasa wɔ Doris fam. * Ɔka sɛ: “Bere a yɛn babarima a wadi mfirihyia 21 fii nokware no mu no, me ne me kunu, Frank werɛ howee yiye. Midii yaw kɛse sen Frank. Mfirihyia 12 a atwam no mpopaa yawdi no.”

Mmofra betumi ama wɔn agya ani agye na wobetumi ahyɛ wɔn na awerɛhow. Ɛmmra sɛ yɛbɛda nyansa adi na yɛama yɛn awofo ani agye. Na ɔkwan biara so no, momma yɛmma yɛn soro Agya, Yehowa, koma ani nnye.

‘Ɔkɔm Renne Ɔtreneeni Kra’

Ɔhene no ka sɛ: “Ɔbɔnefo akorade nyɛ mfaso bi, na trenee gye onipa fi owu mu.” (Mmebusɛm 10:2) Saa nsɛm yi som bo ankasa ma nokware Kristofo a wɔte awiei bere yi mu no. (Daniel 12:4) Wiase bɔne no sɛe abɛn. Nnipa ahobammɔ biara—ahode, sika, anaa asraafo—rennye obiara wɔ “ahohia kɛse” a ɛreba no mu. (Adiyisɛm 7:9, 10, 13, 14) “Tẽefo [nko] na ɛbɛtra asase no so, na wɔn a wɔyɛ pɛ no na ɛbɛtra mu.” (Mmebusɛm 2:21) Ɛnde, momma yɛnkɔ so ‘nhwehwɛ Onyankopɔn ahenni ne ne trenee kan.’—Mateo 6:33.

Ɛnsɛ sɛ Yehowa asomfo twɛn wiase foforo a wɔahyɛ ho bɔ no ansa na wɔanya Onyankopɔn nhyira ahorow. [Yehowa, “NW”] mma ɔkɔm nne ɔtreneeni kra, na abɔnefo adepɛ de, ɔka gu.” (Mmebusɛm 10:3) Yehowa nam “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no so ama yɛn honhom fam aduan pii. (Mateo 24:45) Akyinnye biara nni ho sɛ ɔtreneeni wɔ nneɛma a obegyina so ‘de koma pa ato ahurusi dwom.’ (Yesaia 65:14) Ne kra ani gye nimdeɛ ho. N’ani gye honhom fam akorade hwehwɛ ho. Ɔbɔnefo nni anigye a ɛte saa.

‘Nsiyɛ Ma Obi Yɛ Ɔdefo’

Ɔtreneeni nya nhyira wɔ ɔkwan foforo so. “Ohia behia nea ɔtwentwɛn ne nsa ase, na nsiyɛfo nsa ma wonya wɔn ho. Nea ɔboaboa ano ahohuru bere no yɛ ɔba nyansafo, na nea ɔtɔ nko twabere no yɛ ɔba a ɔhyɛ aniwu.”Mmebusɛm 10:4, 5.

Ɔhene no nsɛm a mfaso wɔ so paa ne nea ɔka kyerɛ adwumayɛfo wɔ otwabere mu no. Otwabere nyɛ bere a wɔtɔ nko. Ɛyɛ bere a wɔyɛ nsi na wɔyɛ adwuma bere tenteenten. Nokwarem no, ɛyɛ bere a egye ntɛmpɛ.

Bere a na Yesu nim sɛ nea yetwa no nyɛ awi, na mmom nnipa no, ɔka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: “Otwa adwuma no dɔɔso, na adwumayɛfo no de, wosua. Enti monsrɛ otwa Wura no, [Yehowa Nyankopɔn] na ɔmma adwumayɛfo mmra ne twa adwuma no mu!” (Mateo 9:35-38) Wɔ afe 2000 mu no, nnipa bɛboro ɔpepem 14 na wɔbaa Yesu wu Nkaedi no ase—wɔsen Yehowa Adansefo dodow mmɔho abien. Ɛnde, hena na obetumi agye kyim sɛ ‘mfuw no nnya nhoa mmaa otwa’? (Yohane 4:35) Nokware asomfo srɛ otwa Wura no sɛ ɔmma adwumayɛfo pii mmra, bere a wɔyere wɔn ho denneennen wɔ asuafoyɛ adwuma no mu ma ɛne wɔn mpaebɔ hyia no. (Mateo 28:19, 20) Na hwɛ sɛnea Yehowa ahyira wɔn mmɔdenbɔ no so! Wɔ 2000 ɔsom afe no mu no, wɔbɔɔ nnipa foforo bɛboro 280,000 asu. Eyinom nso bɔ mmɔden sɛ wɔbɛba abɛyɛ Onyankopɔn Asɛm akyerɛkyerɛfo. Ɛmmra sɛ yebenya anigye ne abotɔyam wɔ otwabere yi mu denam asuafoyɛ adwuma no mu kyɛfa a yebenya akosi ase so.

‘Nhyira Da N’atifi’

Salomo toaa so sɛ: “Nhyira da ɔtreneeni atifi, na akakabensɛm kata abɔnefo ano.”Mmebusɛm 10:6.

Obi a ne komam tew na ɔteɛ no ma ne trenee da adi pii. Ne kasa yɛ dɛ na ɛhyɛ den, ne nneyɛe hyɛ nkuran na ne yam ye. Afoforo ani gye ne fekubɔ ho. Wobu onipa a ɔte saa—wohyira no—kyerɛ sɛ wɔka ne ho nsɛm pa.

Nanso, ɔbɔnefo tan afoforo anaasɛ ɔyɛ wɔn bɔne, na n’adwene ara ne sɛ obepira afoforo. Ebia ne kasa bɛyɛ dɛ, na ebia ‘ɔbɛkata akakabensɛm’ a ɛwɔ ne komam no so, nanso awiei koraa no, ɔbɛbobɔ akuturuku anaasɛ wadidi atɛm. (Mateo 12:34, 35) Anaasɛ ɔkwan foforo so no, ‘akakabensɛm bɛkata abɔnefo ano.’ (Mmebusɛm 10:6) Eyi kyerɛ sɛ ɔbɔnefo nsa taa ka nea ɔda no adi a ɛne ntɔkwaw no fi afoforo hɔ. Sɛnea yɛbɛka no no, eyi kata n’ano na ɛma ɔyɛ komm. Nhyira bɛn na onipa a ɔte saa bɛhwɛ kwan afi afoforo hɔ?

Israel hene no kyerɛwee sɛ: “Ɔtreneeni nkae yɛ nhyira, na abɔnefo din bɛporɔw.” (Mmebusɛm 10:7) Afoforo kae ɔtreneeni wɔ ɔkwan a ɛfata so, na nea ɛho hia sen biara no, Yehowa Nyankopɔn kae no. Yesu nam nokware a odi kosii owu mu no so ‘nyaa din a ɛkyɛn’ abɔfo de. (Hebrifo 1:3, 4) Nokware Kristofo kae mmarima ne mmea a wɔtraa ase ansa na Kristofo mmere reba no sɛ nhwɛsofo a wosuasua wɔn. (Hebrifo 12:1, 2) Hwɛ sɛnea eyi yɛ soronko wɔ abɔnefo din, a ɛyɛ abofono ne atantanne no ho! Yiw, “din pa na ɛsɛ sɛ wɔpaw sen ahonyade pii, na anuonyam ye sen dwetɛ ne sika.” (Mmebusɛm 22:1) Ɛmmra sɛ yebenya din pa wɔ Yehowa ne yɛn yɔnko nipa anim.

‘Onipa a Ɔnam Pɛyɛ Mu no Bɛnantew Dwoodwoo’

Bere a Salomo de onyansafo ne ɔkwasea reyɛ ntotoho no, ɔkae sɛ: “Komam nyansafo gye mmara nsɛm, na ogyimfo kurokurofo bɛhwe ase.” (Mmebusɛm 10:8) Onyansafo nim yiye sɛ “enni ɔbarima nsam, sɛnea ɔnam a obetutu n’anammɔn.” (Yeremia 10:23) Ohu hia a ɛho hia sɛ ɔhwehwɛ akwankyerɛ fi Yehowa hɔ na ogye Onyankopɔn mmara ahorow tom koraa. Nanso, ogyimfo kurokurofo nte nokwasɛm titiriw yi ase. Agyimisɛm a ɔkeka no sɛe no.

Ɔtreneeni nya asetra a ɛyɛ dwoodwoo a ɔbɔnefo nnya no nso. “Nea ɔnam pɛyɛ mu no nam dwoodwoo, na nea ɔkyea n’akwan no, wobehu no. Nea obu ani no yi awerɛhow, na ogyimfo kurokurofo bɛhwe ase.”Mmebusɛm 10:9, 10.

Onipa a ɔnam pɛyɛ mu di nokware wɔ ne nsɛnnii mu. Afoforo bu no, na wɔde wɔn ho to no so. Ɔnokwafo yɛ odwumayɛni a ɔsom bo, na mpɛn pii no, wɔde asɛyɛde a emu yɛ duru hyɛ ne nsa. Edin a ogye sɛ ɔyɛ nokwaredifo no ma otumi kɔ so nya adwuma bere a adwuma ho yɛ den mpo no. Afei nso, nokware a odi no ma anigye ne asomdwoe ba ne fie. (Dwom 34:13, 14) Ɔte nka sɛ ɔne n’abusua te dwoodwoo. Nokwarem no, asetra a ɛyɛ dwoodwoo yɛ aba a nokwaredi sow.

Ɛnte saa wɔ onipa a pɛsɛmenkominya ma odi atoro no fam. Ebia ɔdaadaafo bɛbɔ mmɔden sɛ ɔnam akɔntɔnkyesɛm so anaa ɔde ne nipadua bɛkasa de akata n’atorodi so. (Mmebusɛm 6:12-14) Ebia adwemmɔne anaa nnaadaa adwene a enti obubu n’aniwa no betumi ama nkurɔfo a ɔdaadaa wɔn no adwene ahaw wɔn kɛse. Nanso, ɛrenkyɛ na onipa a ɔte saa no akɔntɔnkyesɛm no ada adi. Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Nnipa binom bɔne da adi ansa di anim de wɔn rekɔ atemmu mu, na ebinom de nso di wɔn akyi. Saa ara na nnwuma pa nso da adi ansa, na nea ɛnna adi no mpo ntumi nhintaw.” (1 Timoteo 5:24, 25) Ɛmfa ho onipa a ɔredi atoro no—sɛ́ ɔyɛ ɔwofo, adamfo, aware mu ɔhokafo, anaa ɔmannifo no—awiei koraa no, atorodi no bɛda adi. Hena na obetumi de ne ho ato onipa a wagye din sɛ ɔyɛ ɔtorofo no so?

‘N’ano Yɛ Nkwa Nsuti’

Salomo kae sɛ: “Ɔtreneeni ano yɛ nkwa nsuti, na akakabensɛm kata abɔnefo ano.” (Mmebusɛm 10:11) Asɛm a wɔde ano ka betumi asa obi yare anaasɛ apira no. Ebetumi ama obi ho atɔ no na n’ani agye, anaasɛ apira no.

Bere a Israel hene no rekyerɛ nea ɛka yɛn ma yɛka nsɛm bi no, ɔkae sɛ: “Ɔtan hwanyan atutuw, na ɔdɔ kata mfomso nyinaa so.” (Mmebusɛm 10:12) Ɔtan de ntawntawdi ne ntɔkwaw na ɛba adesamma abusua mu. Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔdɔ Yehowa no yi ɔtan fi wɔn asetra mu. Ɔkwan bɛn so? Denam ɔdɔ a wɔde besi ananmu so. “Ɔdɔ kata bɔne pii so.” (1 Petro 4:8) Ɔdɔ “tie ade nyinaa,” kyerɛ sɛ, “ɛkata ade nyinaa so.” (1 Korintofo 13:7; Kingdom Interlinear) Ɔdɔ pa nhwehwɛ pɛyɛ mfi nnipa a wɔnyɛ pɛ hɔ. Sɛ anka ɛbɛbɔ afoforo mfomso ahorow dawuru no, ɔdɔ a ɛte saa boa yɛn ma yebu yɛn ani gu wɔn mfomso ahorow so, gye sɛ ɛyɛ bɔne a anibere wom. Ɔdɔ gyina basabasa a wɔyɛ yɛn wɔ asɛnka mu, adwumam, anaa sukuu mu mpo ano.

Ɔhene nyansafo no toaa so sɛ: “Nhumufo anom na wohu nyansa, na abaa fata nea onni ti akyi.” (Mmebusɛm 10:13) Nhumufo nyansa kyerɛ no kwan. N’anom nsɛm a ɛhyɛ nkuran no boa afoforo ma wɔnantew trenee kwan so. Ɛnyɛ abaa—na wɔde hyɛ ɔno anaa wɔn a wotie no no ma wɔfa trenee kwan so.

“Kora Nimdeɛ”

Dɛn na ɛboa yɛn ma yɛn nsɛm ‘ba sɛ nyansa abura’ mmom sen sɛ ɛbɛworo sɛ asuwa wɔ nneɛma nketenkete ho? (Mmebusɛm 18:4) Salomo buae sɛ: “Anyansafo kora nimdeɛ, na ogyimfo ano yɛ abu a ɛbɛn.”Mmebusɛm 10:14.

Ahwehwɛde a edi kan ne sɛ ɛsɛ sɛ yɛde Onyankopɔn ho nimdeɛ a ɛma denhyɛ hyɛ yɛn adwenem. Beae koro pɛ na yebenya saa nimdeɛ no. Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Kyerɛw nyinaa fi Nyankopɔn home mu, na eye ma ɔkyerɛkyerɛ, ntɛnyi, nteɛso ne trenee mu yɛn. Na Onyankopɔn nipa ayɛ pɛ a wɔasiesie no koraa ama nnwuma pa nyinaa.” (2 Timoteo 3:16, 17) Ɛsɛ sɛ yɛkora nimdeɛ na yɛbɔre hwehwɛ Onyankopɔn Asɛm mu sɛ nea yɛrehwehwɛ akorade a ahintaw. Hwɛ anigye ne mfaso a ɛwɔ adehwehwɛ a ɛte saa so!

Sɛ wobehu nyansa wɔ yɛn ano a, ɛsɛ sɛ Kyerɛwnsɛm no mu nimdeɛ du yɛn komam nso. Yesu ka kyerɛɛ n’atiefo sɛ: “Onipa pa fi nnepa a waboaboa ano ne koma mu no mu na oyi adepa adi, na onipa bɔne fi nnebɔne a waboaboa ano ne koma mu no mu na oyi adebɔne adi; na efi nea ayɛ koma ma aboro so no mu na n’ano ka.” (Luka 6:45) Enti, ɛsɛ sɛ yɛde yɛ yɛn su sɛ yebesusuw nea yɛresua no ho. Ɛwom sɛ, adesua ne nsɛm ho a yesusuw gye mmɔdenbɔ de, nanso hwɛ sɛnea adesua a ɛte saa ma yɛyɛ den honhom fam! Ɛho nhia sɛ obi yɛ ɔkasafo a ɔkeka nsɛnhunu a ɛsɛe ade.

Yiw, onyansafo yɛ nea ɛteɛ wɔ Onyankopɔn ani so na onya afoforo so nkɛntɛnso pa. Onya honhom fam aduan pii na ɔyɛ pii wɔ Awurade adwuma a mfaso wɔ so no mu. (1 Korintofo 15:58) Esiane sɛ ɔyɛ onipa a ɔnam pɛyɛ mu nti, ɔnantew dwoodwoo na onya Onyankopɔn anim dom. Nokwarem no, ɔtreneeni nhyira dɔɔso. Ɛmmra sɛ yɛbɛhwehwɛ trenee denam yɛn asetra a yɛbɛma ɛne Onyankopɔn gyinapɛn ahorow a ɛfa papa ne bɔne ho no ahyia so.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 6 Wɔasesa din no.

[Mfonini wɔ kratafa 25]

Nokwaredi ma abusua asetra yɛ anigye

[Mfonini wɔ kratafa 26]

‘Anyansafo kora nimdeɛ’