Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Akwankyerɛ a Ɛyɛ Ne Bere Mu De a Wɔde Boa Mmofra

Akwankyerɛ a Ɛyɛ Ne Bere Mu De a Wɔde Boa Mmofra

Mumfi Ahotoso A Emu Yɛ Den Mu Nnyina Hɔ Pɛ

Akwankyerɛ a Ɛyɛ Ne Bere Mu De a Wɔde Boa Mmofra

EPAFRA yɛ afeha a edi kan no mu Kristoni a na watu kwan kɔ Roma. Nanso, biribi pa bi nti ɔkɔɔ so dwen Kolose, kurow bi a ɛwɔ Asia Kumaa ho. Ná waka asɛmpa no wɔ hɔ, na akyinnye biara nni ho sɛ na waboa Kolosefo no bi ma wɔabɛyɛ Yesu Kristo asuafo. (Kolosefo 1:7) Ná Epafra dwen ne mfɛfo gyidifo a wɔwɔ Kolose no ho yiye, efisɛ ɔsomafo Paulo fi Roma kyerɛwee sɛ: “Epafra . . . kyia mo. Daa odi apere ma mo, mpaebɔ mu, sɛ munnyina hɔ pɛ na moayɛ ma, Onyankopɔn apɛde nyinaa mu.”—Kolosefo 4:12.

Saa ara na nnɛyi Kristofo a wɔyɛ agyanom ne ɛnanom bɔ wɔn mma honhom fam yiyedi ho mpae denneennen. Saa awofo yi bɔ mmɔden de Onyankopɔn ho dɔ dua wɔn mma nkumaa komam sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛyɛ den wɔ gyidi mu.

Kristofo mmofra pii ahwehwɛ mmoa a wɔde bedi ɔhaw ahorow a wohyia wɔ sukuu mu ne mmeae foforo ho dwuma. Abeawa bi a wadi mfe 15 kae sɛ: “Yɛn haw ahorow no mu reyɛ den. Asetra ayɛ hu. Yehia mmoa!” So wɔabua mmofra a wɔte saa abisade ne awofo a wosuro Onyankopɔn mpaebɔ no? Yiw! Wɔnam “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no so de Bible akwankyerɛ ama. (Mateo 24:45) Nhoma a yehu wɔ ha no aboa mmofra ɔpehaha pii ma ‘wɔafi ahotoso a emu yɛ den mu agyina hɔ pɛ.’ Ma yensusuw saa nhoma ahorow yi mu kakraa bi ho nhwɛ.

“Monhwɛ . . . Adansefo Foforo 15,000!”

Wɔ August 1941 mu no, atiefo 115,000 hyiaam wɔ St. Louis, Missouri, U.S.A., yɛɛ Yehowa Adansefo nhyiam kɛse a ebesi saa bere no na wɔnyɛɛ bi da no. Wɔ da a etwa to—“Mmofra Da”—no, mmofra bɛyɛ 15,000 a na wɔte bɛn asɛnka agua no wɛn wɔn aso tiee Joseph F. Rutherford bere a na ɔrekasa afa asɛm “Ɔhene no Mma” no ho no. Bere a Rutherford a na wadi mfe 71 de ne kasa no reba awiei no, ɔde agya nne kae sɛ:

“Mo . . . mmofra nyinaa a moagye atom . . . sɛ mubetie Onyankopɔn ne ne Hene no, mesrɛ sɛ monsɔre nnyina hɔ.” Mmofra no boom sɔree. Onua Rutherford de ɛnne a emu yɛ den kae sɛ: “Monhwɛ Ahenni no ho adansefo foforo a wɔboro 15,000!” Wɔbɔɔ wɔn nsam kɛse. Ɔkasafo no de kaa ho sɛ: “Mo a mobɛyɛ nea mubetumi nyinaa de aka Onyankopɔn ahenni ho asɛm akyerɛ afoforo nyinaa no . . . , mesrɛ sɛ monka Yiw.” Mmofra no de nne kɛse gyee so “Yiw!” Afei ɔde nhoma foforo Children, a wɔde nsambɔ kɛse kyerɛɛ ho anisɔ no, kyerɛe.

Ɔkasa a ɛka koma yi akyi no, mmofra no too santen tenteenten wɔ asɛnka agua no so, baabi a Onua Rutherford de nhoma foforo no bi maa wɔn sɛ akyɛde no. Nea ɛkɔɔ so no maa atiefo no sui. Obi a na ɔwɔ hɔ bi kae sɛ: “Obi a ne koma yɛ den sɛ ɔbo nkutoo na nea ɛkɔɔ so a na mmofra no [rekyerɛ] wɔn Nyankopɔn, Yehowa, mu ahotoso ne gyidi koraa no renka ne koma.”

Wɔ saa nhyiam a werɛ remfi da no ase no, mmofra 1,300 na wɔbɔɔ wɔn asu de yɛɛ wɔn ahosohyira ma Yehowa no ho sɛnkyerɛnne. Wɔn mu pii akɔ so akura wɔn gyidi mu pintinn de abedu nnɛ. Wɔboa wɔ asafo ahorow mu, wɔsom sɛ Betel adwumayɛfo, anaasɛ wɔsom sɛ asɛmpatrɛwfo wɔ amannɔne nsase so. Nokwarem no, “Mmofra Da” ne Children nhoma no nyaa mmofra pii koma so nkɛntɛnso kɛse!

“Ɛte sɛ Nea Ɛba Wɔ Bere a Ɛfata Mu”

Wɔ 1970 mfe no mu no, Yehowa Adansefo tintim nhoma abiɛsa foforo a ɛkaa mmofra ɔpehaha pii koma. Eyinom ne Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse no a Yebetie No, Your Youth—Getting the Best out of It, ne Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm. Wɔ afe 1982 mu no, “Mmofra Bisa Sɛ . . .” nsɛm a edidi so fii ase baa Nyan! nsɛmma nhoma no mu. Saa nsɛm yi aka mmofra ne mpanyin nyinaa koma. Abofra bi a wadi mfe 14 kae sɛ: “Anadwo biara meda Onyankopɔn ase sɛ ɔma wotintimii.” Abofra bi a wadi mfe 13 kae sɛ: “M’ani gye nsɛm no ho, ɛte sɛ nea ɛba wɔ bere a ɛfata mu.” Awofo ne Kristofo mpanyimfo a wɔapaw wɔn agye atom sɛ saa nsɛm yi ba ne bere mu na mfaso wɔ so.

Eduu afe 1989 mu no, “Mmofra Bisa Sɛ . . .” nsɛm no bɛyɛ 200 na na aba Nyan! mu. Wɔ “Onyankopɔn Ahofama” Ɔmantam Nhyiam ase saa afe no, woyii Questions Young People Ask—Answers That Work nhoma no adi. So aboa mmofra ma wɔayɛ den wɔ gyidi no mu? Mmofra baasa kyerɛwee sɛ: “Saa nhoma yi aboa yɛn yiye paa ma yɛate yɛn haw ahorow ase ahu ɔkwan a yɛbɛfa so adi ho dwuma. Yɛda mo ase sɛ mudwen yɛn yiyedi ho.” Mmofra pii a wɔakenkan bi wɔ wiase nyinaa gye tom saa.

“Akum Yɛn Kɔm”

Wɔ afe 1999 mu no, Yehowa Adansefo yɛɛ mmofra akwankyerɛ ho ade foforo a ɛbaa ne bere mu—video a ɛne Young People Ask—How Can I Make Real Friends? Wɔkyerɛɛ ho anigye kɛse. Abofra bi a wadi mfe 14 kae sɛ: “Saa video yi duu me komam tɔnn.” Ɛna bi a onni ɔhokafo kae sɛ: “Yɛde bɛka yɛn honhom fam aduan ho daa.” Ababaa bi kae sɛ: “Ɛyɛ anigye sɛ wubehu sɛ yɛn Adamfo pa Yehowa no dɔ mmofra a wɔwɔ n’ahyehyɛde a ɛwɔ wiase nyinaa mu no na odwen wɔn ho.”

Dɛn na video no atumi ayɛ? Mmofra ka sɛ: “Aboa me ama mahwɛ me fekubɔ yiye, ama me ne nnipa pii bɔ wɔ asafo no mu, na mede Yehowa ayɛ m’adamfo.” “Aboa me ma matumi agyina m’atipɛnfo nkɛntɛnso ano.” “Ama mayɛ den wɔ me bo a masi sɛ mɛsom Yehowa sɛnea metumi no mu.” Na awarefo bi kyerɛwee sɛ: “Yefi komam da mo ase sɛ moama yɛn ‘aduan’ yi. Akum yɛn kɔm.”

“Akoa nokwafo ne ɔbadwemma” a wɔasra no no adi ahyɛde a Onyankopɔn de ama no no ho dwuma, na wama wɔn a wobegye atom no nyinaa honhom fam aduan. Na hwɛ sɛnea ɛyɛ anigye sɛ wubehu sɛ Kyerɛwnsɛm mu akwankyerɛ a ɛte saa reboa mmofra nnɛ ma ‘wɔafi ahotoso a emu yɛ den mu agyina hɔ pɛ wɔ Onyankopɔn apɛde nyinaa mu’!