Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Monkɔ So Wɔ Otwa Adwuma No Mu!

Monkɔ So Wɔ Otwa Adwuma No Mu!

Monkɔ So Wɔ Otwa Adwuma No Mu!

“Wɔn a wɔde nusu gu de ahurusi betwa.”—DWOM 126:5.

1. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ ‘yɛsrɛ otwa Wura no ma ɔma otwa adwumayɛfo ba’ ne twa no mu nnɛ?

YESU KRISTO Galilea asɛnka ɔsatu a ɛto so abiɛsa akyi no, ɔka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: “Otwa adwuma no dɔɔso, na adwumayɛfo no de, wosua.” (Mateo 9:37) Saa ara na na tebea no te wɔ Yudea. (Luka 10:2) Sɛ saa na na ɛte wɔ bɛyɛ mfirihyia 2,000 ni de a, ɛnde na tebea no te dɛn nnɛ? Wiɛ, ɔsom afe a etwaam mu no, Yehowa Adansefo bɛboro 6,000,000 yɛɛ adwuma wɔ sɛnkyerɛnne kwan so otwa adwuma no mu wɔ wiase no mu nnipa 6,000,000,000 a wɔn mu pii ‘sam hɔ sɛ nguan a wonni hwɛfo’ no mu. Enti Yesu asɛm a ɔkae sɛ ‘yɛnsrɛ otwa Wura no ma ɔmma adwumayɛfo mmra ne twa adwuma no mu’ no fata nnɛ sɛnea na ɛte wɔ mfeha bi a atwam no.—Mateo 9:36, 38.

2. Dɛn na ɛma nkurɔfo hu yɛn?

2 Yehowa Nyankopɔn, otwa Wura no abua adesrɛ a ɛne sɛ ɔmfa adwumayɛfo pii mmra no. Na hwɛ anigye ara a ɛyɛ sɛ yenya otwa adwuma a Onyankopɔn kyerɛ kwan yi mu kyɛfa! Ɛwom sɛ sɛ wɔde yɛn toto amanaman no ho a, yesua de, nanso nsi a yɛde yɛ Ahenni asɛnka ne asuafoyɛ adwuma no ma wohu yɛn wɔ wiase nyinaa. Wɔ aman pii so no, nsɛm ho amanneɛbɔfo taa ka yɛn ho asɛm. Sɛ obi bɔ ɔpon akyi dɔn wɔ television so agodi bi mu a, ebetumi ama afoforo aka sɛ Yehowa Adansefo na wɔaba no. Yiw, yɛn Kristofo adwuma a yɛyɛ sɛ sɛnkyerɛnne kwan so otwa adwumayɛfo no agye din yiye wɔ afeha a ɛso so 21 yi mu.

3. (a) Yɛyɛ dɛn hu sɛ nkurɔfo huu afeha a edi kan Ahenni asɛnka adwuma no? (b) Dɛn nti na yebetumi aka sɛ abɔfo taa yɛn asɛnka adwuma no akyi?

3 Wiase no huu afeha a edi kan Ahenni asɛnka adwuma no nso, na wɔtaa wɔn a na wɔbɔ asɛmpa no ho dawuru no. Enti, ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Ɛyɛ me sɛ Onyankopɔn de yɛn asomafo adi akyiri sɛ wɔn a wɔayi wɔn ama owu, efisɛ yɛayɛ ahwɛde ama wiase ne abɔfo ne nnipa.” (1 Korintofo 4:9) Saa ara na boasetɔ a yɛda no adi sɛ Ahenni adawurubɔfo ɛmfa ho ɔtaa no ma wiase no hu yɛn, na ɛho hia abɔfo no. Adiyisɛm 14:6 ka sɛ: “Na mihuu ɔbɔfo foforo a otu nam ɔsoro mfinimfini a okura daa asɛmpa bi rekɔka akyerɛ wɔn a wɔte asase so, ne aman ne mmusuakuw ne kasa ne nkurɔfo nyinaa.” Yiw, abɔfo taa yɛn akyi wɔ yɛn som adwuma—yɛn otwa adwuma—no mu!—Hebrifo 1:13, 14.

‘Wɔbɛtan Mo’

4, 5. (a) Kɔkɔbɔ bɛn na Yesu de maa n’asuafo no? (b) Dɛn nti na ‘nnipa nyinaa tan’ Onyankopɔn nnɛyi asomfo?

4 Bere a wɔsomaa Yesu asuafo no sɛ otwa adwumayɛfo no, wodii akwankyerɛ a ɛne sɛ ‘wɔnyɛ anifere sɛ awɔ, nanso wɔnyɛ kronn sɛ mmorɔnoma’ no so. Yesu de kaa ho sɛ: “Monhwɛ mo ho yiye nnipa ho; na wobeyi mo ama mpanyimfo gua, na wɔaka mo mpire wɔn hyia adan mu. Na me nti wɔde mo bɛkɔ amradofo ne ahene anim na adi adanse akyerɛ wɔne amanaman. . . . Na me din nti nnipa nyinaa bɛtan mo; na nea obegyina ano akodu awiei no, ɔno na wobegye no nkwa.”—Mateo 10:16-22.

5 ‘Wɔtan yɛn’ nnɛ efisɛ “wiase nyinaa da ɔbɔne no,” Satan Ɔbonsam, a ɔyɛ Onyankopɔn ne Ne nkurɔfo tamfo kɛse no mu. (1 Yohane 5:19) Yɛn atamfo hu yɛn honhom fam yiyedi no, nanso wɔpo sɛ wɔbɛka sɛ efi Yehowa. Asɔretiafo hu yɛn anim a ɛyɛ sereserew no bere a yɛde anigye yɛ otwa adwuma no. Biakoyɛ a ɛwɔ yɛn ntam no yɛ wɔn nwonwa! Nokwarem no, wobetumi de amemenemfe agye atom bere a wotu kwan kɔ ɔman foforo so na wohu sɛ Yehowa Adansefo a wɔwɔ hɔ no reyɛ adwuma koro no ara a wohu sɛ wɔyɛ wɔ wɔn kurom no. Ɛwom, yenim sɛ wɔ bere a ɛsɛ mu no, yɛn atamfo mpo behu Yehowa nea ɔtaa yɛn akyi na ɔka yɛn bom no.—Hesekiel 38:10-12, 23.

6. Ahotoso bɛn na yɛwɔ bere a yɛyɛ otwa adwuma no, na nsɛmmisa bɛn na ɛsɔre?

6 Otwa Wura no de “ɔsoro ne asase so tumi nyinaa ama” ne Ba, Yesu Kristo. (Mateo 28:18) Enti Yehowa de Yesu di dwuma ma ɔnam ɔsoro abɔfo ne “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no so de otwa adwuma no ho akwankyerɛ ma yɛn wɔ asase so ha. (Mateo 24:45-47; Adiyisɛm 14:6, 7) Nanso yɛbɛyɛ dɛn agyina atamfo ɔsɔretia ano na yɛakura yɛn anigye mu bere a yɛbɔ yɛn ho mmɔden wɔ otwa adwuma no mu no?

7. Sɛ yehyia ɔsɔretia anaa ɔtaa a, suban bɛn na ɛsɛ sɛ yɛda no adi?

7 Sɛ yehyia ɔsɔretia anaasɛ mpo ɔtaa ankasa a, momma yɛnhwehwɛ Onyankopɔn mmoa sɛnea ɛbɛyɛ a yebetumi akura suban a na Paulo wɔ no bi mu. Ɔkyerɛwee sɛ: “Wɔyaw yɛn a, yehyira, wɔtaa yɛn a, yɛpene so, wɔsɛe yɛn din a, yɛsrɛ.” (1 Korintofo 4:12, 13) Ɛtɔ mmere bi a, saa suban yi ne yɛn baguam asɛnka adwuma no a yɛde anifere bɛyɛ no tumi sesa yɛn asɔretiafo no suban wɔ yɛn ho.

8. Awerɛhyem bɛn na wunya fi Yesu nsɛm a wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Mateo 10:28 no mu?

8 Owu a wɔde hunahuna yɛn mpo ntumi mmrɛ nsi a yɛde yɛ adwuma sɛ otwa adwumayɛfo no ase. Yɛde akokoduru bɔ Ahenni nkrasɛm no ho dawuru wɔ petee mu sɛnea yebetumi biara. Na yenya awerɛhyem a ɛma denhyɛ fi Yesu nsɛm yi mu: “Munnsuro wɔn a wokum ɔhonam na wontumi nkum ɔkra, na mmom munsuro nea obetumi asɛe ɔkra ne ɔhonam amanehunu kurom.” (Mateo 10:28) Yenim sɛ yɛn soro Agya no ne nkwa Mafo. Otua wɔn a wokura wɔn mudi mu ma no, na wɔde gyidi kɔ so wɔ otwa adwuma no mu no ka.

Nkrasɛm a Egye Nkwa

9. Ɔkwan bɛn so na ebinom tiee Hesekiel nsɛm no, na ɔkwan bɛn so na biribi a ɛte saa ara rekɔ so nnɛ?

9 Bere a odiyifo Hesekiel de akokoduru kaa Yehowa asɛm kyerɛɛ “amanaman atuatewfo”—Israel ne Yuda ahemman—no, na ebinom ani gye sɛ wɔbɛte asɛm a ɔbɛka no. (Hesekiel 2:3) Yehowa kae sɛ: “Hwɛ, woyɛ wɔn sɛ dwom dɛdɛ, sɛ obi a ne nne yɛ dɛ na onim sankubɔ yiye; na wɔte wo nsɛm de, nanso wonni so.” (Hesekiel 33:32) Ɛwom sɛ na wɔn ani gye Hesekiel nsɛm no ho de, nanso wɔamfa anyɛ adwuma. Dɛn na ɛrekɔ so nnɛ? Sɛ nkaefo a wɔasra wɔn no ne wɔn ayɔnkofo de akokoduru ka Yehowa asɛm a, ebinom ani gye ho sɛ wɔbɛte Ahenni nhyira ahorow no ho asɛm, nanso wɔnkyerɛ ho anisɔ, mmɛyɛ asuafo, na ama wɔabɛyɛ otwa adwuma no bi.

10, 11. Wɔ afeha a ɛto so 20 fã a edi kan mu no, dɛn na wɔyɛe de bɔɔ asɛm a egye nkwa no ho dawuru, na dɛn na efii mu bae?

10 Ɔkwan foforo so no, nnipa pii agye otwa adwuma no atom, na wɔanya Onyankopɔn nkrasɛm a wɔka kyerɛ no mu kyɛfa. Sɛ nhwɛso no, wɔ Kristofo nhyiam ahorow a wɔyɛe fi 1922 kosi 1928 mu no, wɔbɔɔ atemmu nsɛm a ɛfa Satan nhyehyɛe bɔne ho no ho dawuru pefee. Radio dwumadibea ahorow bɔɔ nsɛm a ano yɛ den a wɔkae wɔ nhyiam ahorow ase no ho dawuru. Ɛno akyi no, Onyankopɔn nkurɔfo kyekyɛɛ eyi a wotintimii no ɔpepem pii.

11 Wɔ 1930 mfe no awiei mu no, wofii adansedi adwuma foforo—amanneɛbɔ aprententu—ase. Mfitiase no, Yehowa nkurɔfo de nkrataa a wɔakyerɛkyerɛw so sensɛn wɔn ho de bɔɔ baguam ɔkasa ho dawuru. Akyiri yi wɔde ntaboo a wɔakyerɛkyerɛw so te sɛ “Nyamesom yɛ afiri ne nnaadaa” ne “Som Onyankopɔn ne Ɔhene Kristo No” na edii dwuma. Bere a wɔbɔɔ nsra faa mmɔnten so no, nnipa a wɔretwam huu wɔn. Onua bi a onyaa saa adwuma yi mu kyɛfa bere nyinaa wɔ London, England, mmɔnten so no kae sɛ: ‘Eyi boae pii maa wohuu Yehowa Adansefo, na ɛhyɛɛ wɔn den.’

12. Wɔ Onyankopɔn atemmusɛm akyi no, dɛn na yɛaka aka asɛm a yɛka wɔ yɛn asɛnka adwuma mu no ho, na henanom na ɛnnɛ wɔde biakoyɛ reka asɛmpa no?

12 Bere a yɛbɔ Onyankopɔn atemmusɛm ho dawuru no, yɛka Ahenni asɛm no fã a ɛyɛ anigye no nso. Akokoduru a yɛde ka asɛm no wɔ wiase nyinaa no boa yɛn ma yɛhwehwɛ wɔn a wɔsɛ no. (Mateo 10:11) Wɔn a wɔasra wɔn kuw no mufo a wotwa to no mu pii tiee ɔfrɛ a emu da hɔ pefee yi wɔ 1920 ne 1930 mfe no mu. Afei wɔ nhyiam bi a wɔyɛe wɔ 1935 mu ase no, wɔde amanneɛbɔ a ɛyɛ anigye a ɛne sɛ “nnipakuw kɛse” anaasɛ “nguan foforo” benya daakye a anigye wom wɔ asase so paradise mu mae. (Adiyisɛm 7:9; Yohane 10:16) Ná wɔatie Onyankopɔn atemmusɛm no, na na wɔne wɔn a wɔasra wɔn no ayɛ biako wɔ asɛmpa a egye nkwa a na wɔka kyerɛ no mu.

13, 14. (a) Awerɛkyekyesɛm bɛn na yebetumi anya afi Dwom 126:5, 6 mu? (b) Sɛ yɛkɔ so gu aba na yegugu so nsu a, dɛn na ebefi mu aba?

13 Nea ɛkyekyee Onyankopɔn otwa adwumayɛfo, ne titiriw, wɔn a wohyia ɔtaa no werɛ kɛse ne nsɛm a ɛwɔ Dwom 126:5, 6 yi: “Wɔn a wɔde nusu gu de ahurusi betwa. Ɔde nusu nennam kura aba a wogu, ɔde ahurusi kura n’afiafi bɛba.” Odwontofo no nsɛm a ɛfa aba a wogu ne otwa ho no kyerɛkyerɛ sɛnea Yehowa hwɛɛ nkaefo a wofii tete Babilon nnommumfa mu bae no so na ohyiraa wɔn no mu. Wɔn ani gyei wɔ ahofadi a wonyae no ho, nanso ɛbɛyɛ sɛ wɔde nusu na eguu aba wɔ asase a na ada mpan a na wɔnyɛɛ so adwuma wɔ mfe 70 a wɔde tu kɔe no mu. Nanso, wɔn a wɔkɔɔ so guu aba na wosisii adan no nyaa wɔn adwuma no so akatua pa.

14 Yebetumi ate nusu wɔ ɔtaa mu anaasɛ bere a yɛn anaa yɛn mfɛfo gyidifo rehu amane esiane trenee nti no. (1 Petro 3:14) Wɔ yɛn otwa adwuma mu no, ebia mfitiase no, yebehyia tebea a emu yɛ den esiane sɛ ɛte sɛ nea yennyaa yɛn mmɔdenbɔ so mfaso biara no nti. Nanso sɛ yɛkɔ so gu aba na yegugu so nsu a, Onyankopɔn bɛma anyin, na mpɛn pii no, aboro sɛnea yɛhwɛɛ kwan no so. (1 Korintofo 3:6) Nea etumi fi Bible ne Bible ho nhoma a yɛkyekyɛ mu ba no betumi akyerɛkyerɛ eyi mu yiye.

15. Ma mfaso a ɛwɔ Kristofo nhoma horow so wɔ otwa adwuma no mu ho nhwɛso.

15 Susuw ɔbarima bi a wɔfrɛ no Jim nhwɛso yi ho hwɛ. Bere a ne maame wui no, ohuu Life—How Did It Get Here? By Evolution or by Creation? nhoma no wɔ ne nneɛma mu.  * Ɔde anigye kenkanee. Wɔ Jim ne Ɔdansefo bi a ɔbaa ne nkyɛn wɔ kwan ho nkɔmmɔbɔ mu no, ɔpenee sankɔhwɛ so, na eyi kowiee Bible adesua mu. Jim nyaa honhom fam nkɔso ntɛmntɛm, hyiraa ne ho so maa Yehowa, na wɔbɔɔ no asu. Ɔkaa nea wasua no ho asɛm kyerɛɛ n’abusuafo afoforo. Ɛnam so ma ne nuabea ne ne nuabarima bɛyɛɛ Yehowa Adansefo, na akyiri yi, Jim nyaa hokwan kɔsomee sɛ bere nyinaa odwumayɛni a watu ne ho ama wɔ Betel wɔ London.

Wɔtaa Yɛn Nanso Yɛn Ani Gye

16. (a) Dɛn nti na yɛanya nnipa wɔ otwa adwuma no mu? (b) Kɔkɔbɔ bɛn na Yesu de mae wɔ nea ebefi asɛmpa no mu aba ho, nanso su bɛn na yɛda no adi bere a yɛkɔ nkurɔfo nkyɛn no?

16 Dɛn nti na yɛanya nkɔso pii saa wɔ otwa adwuma no mu? Efisɛ Kristofo a wɔasra wɔn ne wɔn ayɔnkofo atie Yesu akwankyerɛ ahorow yi: “Nea meka mekyerɛ mo esum mu no, monka no hann mu, na nea mote no mo asom no, mompae mu nka no adan atifi.” (Mateo 10:27) Nanso yebetumi ahwɛ amanehunu kwan, efisɛ Yesu bɔɔ kɔkɔ sɛ: “Na onua beyi onua ama owu, na agya ayi ɔba ama, na mma asɔre atia awofo, na wɔama wɔakum wɔn.” Yesu toaa so sɛ: “Munnsusuw sɛ mede asomdwoe baa asase so; ɛnyɛ asomdwoe na mede bae, na mmom nkrante.” (Mateo 10:21, 34) Yesu anhyɛ da amma sɛ ɔrebɛtetew mmusua mu. Nanso ɛtɔ mmere bi a asɛmpa no na ɛma ɛba saa. Saa ara na ɛte wɔ Onyankopɔn asomfo fam nnɛ. Sɛ yɛkɔsra mmusua a, ɛnyɛ yɛn adwene ne sɛ yɛrekɔtetew wɔn mu. Nea yɛpɛ ne sɛ obiara begye asɛmpa no atom. Enti yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛkɔ abusua bi mufo nyinaa nkyɛn wɔ ayamye ne ɔdɔ a ɛma wɔn a “wɔpɛ daa nkwa” no ani agye yɛn nkrasɛm no ho so.—Asomafo no Nnwuma 13:48, NW.

17. Ɔkwan bɛn so na wɔn a wogye Onyankopɔn tumidi tom no da nsow, na ɛho nhwɛso biako ne dɛn?

17 Ahenni nkrasɛm no ama wɔn a wogyina Onyankopɔn tumidi afã no ada nsow. Sɛ nhwɛso no, susuw sɛnea yɛn mfɛfo asomfo daa nsow koraa esiane sɛ wɔde ‘Kaesare de maa Kaesare ne Nyankopɔn de maa Onyankopɔn’ wɔ Nasi bere so wɔ Germany no ho hwɛ. (Luka 20:25) Nea ɛne nyamesom akannifo ne wɔn a wɔfrɛ wɔn ho Kristofo a wɔwɔ Kristoman asɔre ahorow mu de bɔ abira no, Yehowa asomfo gyinaa pintinn, poe sɛ wobebu Bible nnyinasosɛm ahorow so. (Yesaia 2:4; Mateo 4:10; Yohane 17:16) Ɔbenfo Christine King a ɔkyerɛw The Nazi State and the New Religions nhoma no kae sɛ: “Adansefo no nkutoo na [Nasi] aban no antumi anni wɔn so, efisɛ ɛmfa ho sɛ wokunkum wɔn mu mpempem pii no, adwuma no kɔɔ so, na wɔ May 1945 mu no, na Yehowa Adansefo ahyehyɛde no da so ara wɔ hɔ, bere a na Nasi nniso no agu.”

18. Suban bɛn na Yehowa nkurɔfo da no adi ɛmfa ho ɔtaa?

18 Suban a Yehowa nkurɔfo daa no adi bere a wohyiaa ɔtaa no da nsow titiriw. Bere a amammui atumfoɔ ani betumi agye yɛn gyidi ho no, abufuw anaa nitan a yɛnna no adi no ma wɔn ho dwiriw wɔn. Sɛ nhwɛso no, Adansefo a wonyaa wɔn ti didii mu wɔ Okunkɛse no mu no taa da anigye ne abotɔyam adi bere a wɔkae wɔn suahu ahorow no. Wonim sɛ Yehowa na ɔmaa wɔn “tumi a ɛboro so” no. (2 Korintofo 4:7) Wɔn a wɔasra wɔn a wɔwɔ yɛn mu no wɔ ahotoso sɛ ‘wɔakyerɛw wɔn din ɔsoro.’ (Luka 10:20) Wɔn boasetɔ no ma wonya anidaso a enni huammɔ, na otwa adwumayɛfo anokwafo a wɔwɔ asase so anidaso no nso wɔ ahotoso a ɛte saa ara.—Romafo 5:4, 5.

Fa Boasetɔ Yɛ Otwa Adwuma No

19. Akwan pa a wɔfa so yɛ nneɛma bɛn na yɛde adi dwuma wɔ Kristofo som adwuma no mu?

19 Yennim bere tenten a Yehowa bɛma yɛn kwan ma yɛayɛ sɛnkyerɛnne kwan so adwuma no akodu. Ansa na saa bere no bedu no, ɛsɛ sɛ yɛma ɛtra yɛn adwenem sɛ otwa adwumayɛfo no wɔ akwan pɔtee a wɔfa so yɛ wɔn adwuma no. Saa ara na yebetumi anya awerɛhyem sɛ sɛ yefi nokwaredi mu de akwan a wɔfa so ka asɛm no a wɔasɔ ahwɛ no di dwuma a, ebetu mpɔn. Paulo ka kyerɛɛ mfɛfo Kristofo sɛ: “Mitu mo fo sɛ: Monhwɛ me nsua me!” (1 Korintofo 4:16) Bere a Paulo ne Efesofo mpanyimfo a na wɔwɔ Mileto hyiae no, ɔkaee wɔn sɛ onsii wɔn biribiara so sɛ wankyerɛkyerɛ wɔn “gua so ne afi mu.” (Asomafo no Nnwuma 20:20, 21) Na Paulo yɔnko Timoteo asua sɛnea ɔsomafo yɛ n’ade, ma enti na obetumi akyerɛkyerɛ Korintofo no. (1 Korintofo 4:17) Onyankopɔn hyiraa akwan a Paulo faa so kaa asɛm no, na saa ara na obehyira yɛn boasetɔ a yɛde ka asɛmpa no wɔ baguam ne afie afie, wɔ sankɔhwɛ ahorow mu, wɔ Bible adesua ahorow mu, ne baabiara a yebetumi anya nnipa no so.—Asomafo no Nnwuma 17:17.

20. Ɔkwan bɛn so na Yesu kyerɛe sɛ yɛwɔ otwa adwuma a ɛso a ɛsɛ sɛ yɛyɛ, na ɔkwan bɛn so na eyi ayɛ nokware mfe kakra ni?

20 Bere a Yesu kasa kyerɛɛ Samariani bea bi wɔ baabi a ɛbɛn Sikar wɔ 30 Y.B. mu wiei no na ɔkaa honhom fam otwa adwuma no ho asɛm. Ɔka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: “Momma mo ani so na monhwɛ mfuw mu sɛ anya ahoa ama otwa. Na nea otwa no gye akatua, na ɔboaboa aba no ano kɔ daa nkwa mu, na nea ogui ne nea otwae ani agye prɛko.” (Yohane 4:34-36) Ɛbɛyɛ sɛ na Yesu adi kan ahu nea afi ɔne Samariani bea no nkɔmmɔbɔ no mu aba no, efisɛ ɔbea no adanse maa nnipa pii gyee no dii. (Yohane 4:39) Mfe kakra a abɛsen no, aman pii ayi nsa a wɔde too Yehowa Adansefo dwumadi so no anaasɛ wɔagye wɔn atom wɔ mmara kwan so, na ama yɛanya mfuw pii a yebetwa mu aba. Nea afi mu aba ne sɛ yegu so reyɛ otwa adwuma kɛse. Nokwarem no, wɔ wiase nyinaa no, yɛrenya nhyira pii bere a yɛde anigye nya honhom fam otwa adwuma no mu kyɛfa no.

21. Dɛn nti na yɛwɔ nea yebegyina so apere akɔ yɛn anim sɛ otwa adwumayɛfo a yɛwɔ anigye?

21 Sɛ nnɔbae hoa ma otwa a, ɛsɛ sɛ adwumayɛfo no de ntɛmpɛ yɛ ho adwuma. Ɛsɛ sɛ wɔyɛ adwuma a wɔntwentwɛn wɔn nan ase koraa. Ɛnnɛ, ehia sɛ yɛde nsi yɛ adwumaden efisɛ yɛte “awiei bere” no mu. (Daniel 12:4) Yiw, yehyia sɔhwɛ ahorow, nanso Yehowa asomfo otwa adwuma a ɛso sen biara wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ yɛyɛ. Enti eyi yɛ da a ɛsɛ sɛ yɛn ani gye. (Yesaia 9:3) Ɛnde, sɛ́ adwumayɛfo a yɛwɔ anigye no, momma yɛnkɔ so wɔ otwa adwuma no mu!

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 15 Yehowa Adansefo na wotintim kyekyɛe.

Wubebua Dɛn?

Ɔkwan bɛn so na otwa Wura no abua srɛ a wɔsrɛ no sɛ ɔmma adwumayɛfo pii mmra no?

Ɛwom sɛ ‘nnipa nyinaa tan yɛn’ de, nanso suban bɛn na yɛda no adi?

Dɛn nti na ɛmfa ho sɛ wɔtaa yɛn no, yɛwɔ anigye?

Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛde boasetɔ yɛ otwa adwuma no nsi mu?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 16, 17]

Abɔfo taa wɔn a wɔreyɛ honhom fam otwa adwuma no akyi

[Mfonini wɔ kratafa 18]

Amanneɛbɔ aprententu ahorow no maa nnipa pii adwene baa Ahenni nkrasɛm no so

[Mfonini wɔ kratafa 18]

Yegu aba gugu so nsu, nanso Onyankopɔn na ɔma enyin