Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Monyɛ Otwa Adwumayɛfo A Mowɔ Anigye!

Monyɛ Otwa Adwumayɛfo A Mowɔ Anigye!

Monyɛ Otwa Adwumayɛfo A Mowɔ Anigye!

“Otwa adwuma no dɔɔso, na adwumayɛfo no de, wosua. Enti monsrɛ otwa wura no, na ɔmma adwumayɛfo mmra ne twa adwuma no mu!”—MATEO 9:37, 38.

1. Dɛn na ɛboa yɛn ma yɛkɔ so wɔ Onyankopɔn apɛdeyɛ mu?

SƐ YƐKAE da a yɛbɔɔ asu sɛ Yehowa asomfo no a, sɛ́ ebia akyɛ anaasɛ ɛnkyɛe no, ebetumi ayɛ sɛ nea esii nnɛra nkutoo. Yehowa a yebeyi no ayɛ no bɛyɛɛ ade titiriw wɔ yɛn nkwa a yehyiraa so maa no no mu. Bere a yegyee bere de boaa afoforo sɛnea ɛbɛyɛ a wobetie na wɔagye Ahenni nkrasɛm no atom no, na ade titiriw a ehia yɛn ne sɛ yɛde anigye bɛsom Yehowa. (Efesofo 5:15, 16) Ɛde besi nnɛ, yehu sɛ mmere kɔ ntɛmntɛm bere a yenni adagyew na ‘yɛkɔ so Awurade adwuma mu daa’ no. (1 Korintofo 15:58) Ɛwom sɛ yehyia ɔhaw ahorow de, nanso anigye a yɛde yɛ Yehowa apɛde no hyɛ yɛn nkuran.—Nehemia 8:10.

2. Dɛn na ɛma yenya anigye wɔ sɛnkyerɛnne kwan so otwa adwuma no mu?

2 Sɛ́ Kristofo no, yɛreyɛ sɛnkyerɛnne kwan so otwa adwuma bi. Yesu Kristo de ankorankoro a yɛbɛboaboa wɔn ano ama daa nkwa no totoo otwa adwuma ho. (Yohane 4:35-38) Esiane sɛ yɛrenya otwa adwuma a ɛte saa mu kyɛfa nti, ɛbɛyɛ papa sɛ yɛhwehwɛ anigye a tete Kristofo otwa adwumayɛfo no nyae no mu. Yebesusuw nneɛma abiɛsa a ɛma yenya anigye wɔ nnɛyi otwa adwuma no mu no ho. Eyinom ne (1) yɛn anidaso asɛm no, (2) nnipa a yetumi nya wɔn, ne (3) asomdwoe a yɛda no adi sɛ otwa adwumayɛfo no.

Wɔasoma Wɔn sɛ Otwa Adwumayɛfo

3. Ɔkwan bɛn so na Yesu tete asuafo no nyaa anigye?

3 Hwɛ sɛnea tete otwa adwumayɛfo no asetra—titiriw Yesu asomafo anokwafo 11 no—sakrae wɔ afe 33 Y.B. bere a wokohyiaa Kristo a wɔanyan no afi awufo mu wɔ Galilea bepɔw no so no! (Mateo 28:16) “Anuanom bɛboro ahannum” na ɛbɛyɛ sɛ na wɔwɔ hɔ saa bere no. (1 Korintofo 15:6) Wɔkaee ahyɛde a Yesu de maa wɔn no bere nyinaa. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monkɔ nkɔyɛ amanaman nyinaa m’asuafo. Mommɔ wɔn asu nhyɛ Agya ne Ɔba ne Honhom Kronkron din mu, na monkyerɛkyerɛ wɔn sɛ wonni nea mahyɛ mo nyinaa so.” (Mateo 28:19, 20) Ɛmfa ho ɔtaa a ano yɛ den a wohyiae no, wonyaa anigye kɛse wɔ otwa adwuma no mu bere a wohui sɛ wɔrehyehyɛ Kristo asuafo asafo ahorow wɔ mmeae pii no. Bere bi akyi no, ‘wɔkaa asɛmpa no wiase abɔde nyinaa mu.’—Kolosefo 1:23; Asomafo no Nnwuma 1:8; 16:5.

4. Tebea horow bɛn mu na wɔsomaa Kristo asuafo no?

4 Wɔ Yesu Galilea som adwuma no mfiase mu no, ɔfrɛɛ asomafo 12 no somaa wɔn sɛ ne titiriw no, wɔnkɔka sɛ: “Ɔsoro ahenni no abɛn.” (Mateo 10:1-7) Ná n’ankasa ‘akyin Galilea nkurow ne nkuraa nyinaa mu akyerɛkyerɛ wɔn hyia adan mu, aka ahenni no ho asɛmpa, asa nyarewa ne ahoɔmmerɛw nyinaa.’ Yesu yam hyehyee no maa nkurɔfo akuwakuw no “efisɛ na wɔabrɛ, na wɔsam hɔ sɛ nguan a wonni hwɛfo.” (Mateo 9:35, 36) Ɛkaa no ma ɔka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: “Otwa adwuma no dɔɔso, na adwumayɛfo no de, wosua. Enti monsrɛ otwa wura no [Yehowa Nyankopɔn], na ɔmma adwumayɛfo mmra ne twa adwuma no mu!” (Mateo 9:37, 38) Bere a na aka asram asia pɛ ma Yesu awie n’asase so som adwuma no, ɔkaa hia a otwa adwumayɛfo ho hia ho asɛm saa ara wɔ Yudea. (Luka 10:2) Wɔ tebea horow abien no nyinaa mu no, ɔsomaa n’akyidifo no sɛ otwa adwumayɛfo.—Mateo 10:5; Luka 10:3.

Yɛn Anidaso Asɛm No

5. Asɛm bɛn na yɛka?

5 Sɛ́ Yehowa asomfo a yɛwɔ hɔ nnɛ no, yɛde anigye gye nsa a wɔto frɛ yɛn sɛ yɛmmɛyɛ otwa adwumayɛfo no so. Ade biako a ɛma yenya anigye kɛse ne sɛ yɛde anidaso asɛm kɔma wɔn a wɔn abam abu na wɔabotow no. Te sɛ Yesu asuafo a wɔtraa ase afeha a edi kan mu no, hwɛ hokwan araa a yɛanya sɛ yɛka asɛmpa no—anidaso ankasa ho asɛm—kyerɛ wɔn a “wɔabrɛ, na wɔsam hɔ sɛ nguan a wonni hwɛfo” no!

6. Adwuma bɛn na asomafo no nyaa mu kyɛfa wɔ afeha a edi kan no mu?

6 Eduu afeha a edi kan no awiei no, na ɔsomafo Paulo reka asɛmpa no a adagyew nnim koraa. Na akyinnye biara nni ho sɛ na ne twa adwuma no renya nkɔso efisɛ bere a ɔrekyerɛw Kristofo a na wɔwɔ Korinto wɔ bɛyɛ afe 55 Y.B. no, ɔkae sɛ: “Anuanom, merema moahu asɛmpa a mekaa mo, na mugyei nso, na mugyina mu nso.” (1 Korintofo 15:1) Ná asomafo no ne tete Kristofo foforo nso yɛ otwa adwumayɛfo a wɔyɛ nsi. Ɛwom sɛ Bible no nkyerɛ asomafo dodow a wonyaa wɔn ti didii mu wɔ bere titiriw a ekowiee Yerusalem sɛe mu wɔ afe 70 Y.B. no de, nanso yenim sɛ mfe bɛyɛ 25 akyi no, na ɔsomafo Yohane da so ara reka asɛm no.—Adiyisɛm 1:9.

7, 8. Anidaso asɛm bɛn na Yehowa asomfo de nsi reka nnɛ sen bere biara?

7 Ɛno akyi na Kristoman asɔfo, ɔwaefo, “onipa a onni mmara” no, sɔre gyinae. (2 Tesalonikafo 2:3) Nanso, ɛrekɔ afeha a ɛto so 19 awiei no, wɔn a wɔpɛe sɛ wɔbɔ wɔn bra ma ɛne tete Kristofo de hyia no soo anidaso asɛm no mu, bɔɔ Ahenni no ho dawuru. Nokwasɛm ne sɛ, efi bere a wodii kan tintim nsɛmma nhoma yi (July 1879) no, nsɛm yi “Ɛbɔ Ba a Kristo Aba Ho Dawuru,” “Ɛbɔ Kristo Ahenni Ho Dawuru” anaa “Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ” aka ti asɛm no ho.

8 Wɔde Onyankopɔn soro Ahenni a ɛhyɛ Yesu Kristo nsam no sii hɔ wɔ 1914, na mprempren yɛde ntɛmpɛ reka anidaso asɛm no sen bere biara. Dɛn ntia? Efisɛ nea ɛka nhyira a Ahenni yi de bɛba ho ne mprempren nhyehyɛe bɔne no a ɛde bɛba awiei. (Daniel 2:44) Nkrasɛm bɛn ara na eye sen eyi? Na anigye kɛse bɛn ara na yebetumi anya asen sɛ yebenya Ahenni no ho dawurubɔ mu kyɛfa ansa na “ahohiahia kɛse” no apae agu?—Mateo 24:21; Marko 13:10.

Nnipa a Yetumi Nya Wɔn

9. Akwankyerɛ bɛn na Yesu de maa n’asuafo no, na nkurɔfo yɛɛ wɔn ade dɛn wɔ Ahenni nkrasɛm no ho?

9 Ade foforo a ɛma yenya anigye sɛ otwa adwumayɛfo ne wɔn a wɔbɛyɛ asuafo a yetumi nya wɔn ma wɔbɛka yɛn ho wɔ otwa adwuma no mu no. Wɔ 31-32 Y.B. mu tɔnn no, Yesu de akwankyerɛ maa n’asuafo no sɛ: “Kurow anaa akuraa biara a mobɛhyɛn mu no, mummisa nea ɔsɛ wɔ hɔ.” (Mateo 10:11) Ɛnyɛ obiara na na ɔsɛ, sɛnea wɔn nneyɛe wɔ Ahenni nkrasɛm no ho ma ɛdaa adi no. Nanso, Yesu asuafo no de nsi kaa asɛmpa no wɔ baabiara a na nnipa wɔ.

10. Ɔkwan bɛn so na Paulo hwehwɛɛ wɔn a wɔsɛ no?

10 Yesu wu ne ne wusɔre akyi no, wɔde nsi kɔɔ so hwehwɛɛ wɔn a wɔsɛ no. Paulo ne Yudafo no susuw nsɛm ho wɔ wɔn hyia adan mu, na ɔkaa asɛm kyerɛɛ nkurɔfo wɔ Atene gua so. Bere a odii adanse wɔ Areopago wɔ saa Helafo kurow no mu no, “nnipa bi de wɔn ho bɔɔ ne ho, na wogye dii; wɔn mu bi ne Dionisio Areopagita ne ɔbea bi a ne din de Damari ne binom a wɔka wɔn ho.” Baabiara a Paulo kɔe no, ɔdaa nhwɛso pa adi kaa asɛm no “gua so ne afi mu.”—Asomafo no Nnwuma 17:17, 34; 20:20.

11. Akwan bɛn na wɔfaa so yɛɛ asɛnka adwuma no mfe bi a atwam ni no?

11 Ɛrekɔ afeha a ɛto so 19 no awiei mu no, Kristofo a wɔasra wɔn no de akokoduru hwehwɛɛ wɔn a wɔsɛ no. Wɔ asɛm bi a wɔato din “Wɔasra Wɔn sɛ Wɔnka Asɛm No” mu no, Zion’s Watch Tower a ɛbae July/August 1881 mu no kae sɛ: “Yɛreka asɛmpa no . . . kyerɛ ‘wɔn a wodwo’—wɔn a wɔwɔ ɔpɛ sɛ wobetie na wotie, na ama yɛanya Kristo nipadua, mfɛfo adedifo, no afi wɔn mu.” Ná Onyankopɔn otwa adwumayɛfo no taa hyia nkurɔfo bere a wofi asɔre reba no, na na wɔma wɔn nkratawa a Kyerɛwnsɛm wom a wɔayɛ sɛnea ɛbɛyɛ a ɛbɛkanyan wɔn a wɔsɛ no ma wɔayɛ ho biribi. Bere a wɔsan susuw sɛnea saa kwan a wɔfa so di adanse yi tu mpɔn ho yiye no, Engiresi Ɔwɛn-Aban a ɛbae May 15, 1903 no hyɛɛ otwa adwumayɛfo no nkuran sɛ wɔnkyekyɛ nkratawa “from house to house no Kwasida anɔpawia.”

12. Ɔkwan bɛn so na yɛama yɛn asɛnka adwuma no atu mpɔn kɛse? Kyerɛkyerɛ mu.

12 Mfe kakra a abɛsen no, yɛatrɛw yɛn som adwuma no mu denam nkurɔfo a yɛkɔ wɔn nkyɛn wɔ mmeae a ɛnyɛ wɔn afie mu so. Eyi atu mpɔn kɛse wɔ nsase a sikasɛm ne anigyede akyidi ma nkurɔfo fi fie wɔ bere a yɛtaa kɔ hɔ no so. Bere a Ɔdansefo bi a ɔwɔ England ne ne yɔnko bi huu sɛ ahɔho taa foro bɔs bere a wɔakogye wɔn ani wɔ mpoano awie no, wɔhyɛɛ wɔn ho den kɔforoo bɔs ahorow no de Ɔwɛn-Aban ne Nyan! kɔmaa hyɛntiafo no. Wɔ ɔsram biako mu no, wɔde 229 mae. Wɔbɔ amanneɛ sɛ: “Yensuro mpoano adansedi, asasesin a nnwuma wom, anaa ɔhaw foforo biara a yebetumi ahyia no efisɛ yenim sɛ Yehowa ka yɛn ho bere nyinaa.” Wonyaa nnipa a wɔma wɔn nsɛmma nhoma daa, fii Bible adesua ase, na wɔn baanu nyinaa anya akwampaefo boafo adwuma mu kyɛfa.

13. Yɛn asɛnka adwuma no mu nsakrae bɛn na wɔhyɛ ho nkuran nnɛ wɔ mmeae bi?

13 Bere a yegu so rehwehwɛ wɔn a wɔsɛ no, ɛho behia sɛ yɛsan susuw yɛn som adwuma no ho anibere so wɔ mmeae bi. Ɛwom sɛ ayɛ Adansefo pii su sɛ wɔbɛyɛ afie afie asɛnka adwuma no Kwasida anɔpa de, nanso wɔ mmeae bi no, wohu sɛ kɔ a wɔbɛkɔ nkurɔfo afie ntɛm no ntu mpɔn efisɛ ebia na wɔregye wɔn ahome. Ɛdenam nsakrae a Adansefo pii ayɛ wɔ wɔn bere mu so nti no, afei de wɔkɔhwehwɛ wɔn awiabere, a ebetumi ayɛ bere a wɔapɔn Kristofo nhyiam ahorow no. Na saa kwan a wɔfa so hwehwɛ nnipa yi asow aba ankasa. Afe a etwaam no, Ahenni adawurubɔfo a wɔwɔ wiase nyinaa dodow kɔɔ anim ɔha mu nkyem 2.3. Eyi hyɛ otwa Wura no anuonyam na ɛma yɛn koma ani gye.

Munkura Asomdwoe Mu Wɔ Otwa Adwuma no Mu

14. Su bɛn na yɛda no adi bere a yɛka yɛn asɛm no, na dɛn ntia?

14 Ade foforo a ɛma yɛn ani gye no fa asomdwoe a yɛda no adi wɔ otwa adwuma no mu no ho. Yesu kae sɛ: “Na mohyɛn ofi bi mu a, munkyia emufo no. Na sɛ ɛsɛ ofi no a, mo asomdwoe mmra so.” (Mateo 10:12, 13) Hebrifo nkyia ne sɛnea na wɔka no wɔ Hela mu wɔ Bible mmere mu no nyinaa kura adwene a ɛne ‘Ensi wo yiye.’ Saa su yi na yɛde kɔ nkurɔfo nkyɛn bere a yɛka asɛmpa no kyerɛ wɔn no. Nea yɛhwɛ kwan ne sɛ wobetie Ahenni nkrasɛm no. Wɔn a wɔbɛyɛ saa no fam no, wobenya hokwan asiesie wɔne Onyankopɔn ntam bere a wɔsakra fi wɔn bɔne ho, na wɔyɛ n’apɛde no. Na asomdwoe a ɛba wɔne Onyankopɔn ntam no de wɔn kɔ daa nkwa mu.—Yohane 17:3; Asomafo no Nnwuma 3:19; 13:38, 48; 2 Korintofo 5:18-20.

15. Yɛbɛyɛ dɛn akɔ so ada asomdwoe adi bere a yehyia tebea a enye wɔ yɛn asɛnka adwuma mu no?

15 Sɛ afoforo antie yɛn a, yɛbɛyɛ dɛn atumi akura yɛn asomdwoe mu? Yesu kae sɛ: “Sɛ ɛnsɛ [ofi] no a, mo asomdwoe nsan mmra mo nkyɛn.” (Mateo 10:13) Yesu asɛm yi ka nea Luka kyerɛw faa asuafo 70 a ɔsomaa wɔn ho no ho: “Sɛ asomdwoe ba wɔ hɔ a, mo asomdwoe bɛtra no so; na sɛ ɛnte saa a, ɛbɛsan aba mo so.” (Luka 10:6) Sɛ yɛde asɛmpa no kɔ nkurɔfo nkyɛn a, yɛde animtew a ɛfata na ɛyɛ saa wɔ asomdwoe mu. Anibiannaso a yebehyia, sobo a wɔbɛbɔ yɛn, anaa asɛm a ɛyɛ yaw a ofiewura bi bɛka akyerɛ yɛn no bɛma yɛn asomdwoe asɛm no ‘asan aba yɛn nkyɛn.’ Nanso eyi mu biara nsɛe yɛn asomdwoe, Yehowa honhom kronkron no aba no mfi yɛn nsam.—Galatifo 5:22, 23.

Botae a Eye Ma Otwa Adwumayɛfo

16, 17. (a) Dɛn ne yɛn botae bere a yɛreyɛ sankɔhwɛ ahorow no? (b) Yɛbɛyɛ dɛn aboa wɔn a wɔwɔ Bible ho nsɛmmisa no?

16 Sɛ́ otwa adwumayɛfo no, yɛn ani gye sɛ yenya kyɛfa wɔ nkurɔfo a yɛreboaboa wɔn ano ama daa nkwa no mu. Na hwɛ anigye araa a yenya bere a obi a yɛka asɛm kyerɛ no no tie, na onya ɔpɛ sɛ obesua pii, na ɔda ne ho adi sɛ “asomdwoe ba” no! Ebetumi aba sɛ ɔwɔ Bible ho nsɛmmisa pii, na yehu sɛ yɛrentumi mma ne nyinaa ho mmuae wɔ nsrahwɛ biako mu. Esiane sɛ ɛrenyɛ papa sɛ yɛbɛkyɛ pii wɔ nsrahwɛ a edi kan mu nti no, dɛn na yebetumi ayɛ? Yebetumi de botae bi te sɛ nea wɔhyɛɛ ho nyansa mfirihyia 60 ni no asi yɛn ani so.

17 “Ɛsɛ sɛ Yehowa adansefo nyinaa siesie wɔn ho sɛ wɔbɛyɛ Bible adesua.” Saa asɛm no puee wɔ Model Study a ɛto so abiɛsa a wotintimii fi 1937 kosi 1941 mu no mu. Ɛtoaa so kae sɛ: “Ɛsɛ sɛ [Ahenni] adawurubɔfo nyinaa yɛ nsi wɔ ɔkwan biara a wɔbɛfa so aboa nnipa komapafo a wɔkyerɛ Ahenni nkrasɛm no ho anigye nyinaa no mu. Ɛsɛ sɛ wɔyɛ sankɔhwɛ ahorow wɔ saafo yi so, bua nsɛmmisa ahorow . . . , na ɛno akyi no wofi adesua ase . . . ntɛm sɛnea wobetumi biara.” Yiw, yɛn botae wɔ sankɔhwɛ ahorow ho ne sɛ yebefi ofie Bible adesua ase na yɛayɛ no daa. * Adamfofa su ne ɔdɔ mu a yefi susuw anigyefo ho no ka yɛn ma yesiesie yɛn ho yiye yɛ adesua no ma etu mpɔn.

18. Yɛbɛyɛ dɛn aboa afoforofo ma wɔabɛyɛ Yesu Kristo asuafo?

18 Ɛdenam Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu nhoma ne nhomawa te sɛ Dɛn na Onyankopɔn Hwehwɛ Fi Yɛn Hɔ? so no, yebetumi ayɛ ofie Bible adesua a etu mpɔn na yɛnam saayɛ so anya kyɛfa wɔ afoforo a yɛbɛboa wɔn ma wɔabɛyɛ asuafo no mu. Bere a yɛbɔ mmɔden sɛ yebesuasua yɛn Kyerɛkyerɛfo Kɛse, Yesu Kristo no, akyinnye biara nni ho sɛ Bible asuafo a wɔte saa no nso besua biribi afi sɛnea yɛde asomdwoe, anigye, nokwaredi, ne obu a yɛkyerɛ ma Yehowa gyinapɛn ne n’akwankyerɛ di dwuma no mu. Sɛ yɛboa afoforofo ma wonya wɔn nsɛmmisa ho mmuae a, momma yɛn nso yɛnyɛ nea yebetumi biara sɛ yɛbɛkyerɛkyerɛ wɔn ɔkwan a wobetumi afa so abua wɔn a wobisa wɔn nsɛm no. (2 Timoteo 2:1, 2; 1 Petro 2:21) Sɛ́ sɛnkyerɛnne kwan so otwa adwumayɛfo no, akyinnye biara nni ho sɛ yɛn ani betumi agye sɛ sɛ wɔkyekyem pɛpɛɛpɛ a, yɛyɛɛ ofie Bible adesua 4,766,631 wɔ wiase nyinaa wɔ afe a etwaam yi ara mu. Ne titiriw no, yɛn ani gye sɛ yɛka otwa adwumayɛfo a wonya kyɛfa wɔ ofie Bible adesua dwumadi mu no ho.

Kɔ So Di Ahurusi Wɔ Otwa Adwuma no Mu

19. Dɛn nti na na wɔwɔ nneɛma pii a wobetumi agyina so anya anigye wɔ otwa adwuma no mu wɔ Yesu som adwuma no mu ne ɛno akyi pɛɛ?

19 Ná nneɛma pii wɔ hɔ a enti ɛsɛ sɛ wodi ahurusi wɔ otwa adwuma no mu wɔ Yesu som adwuma no mu ne ɛno akyi pɛɛ. Nnipa pii a na wɔwɔ hɔ saa bere no tiee asɛmpa no. Ná ahurusidi no yɛ kɛse titiriw wɔ Pentekoste 33 Y.B., efisɛ nnipa bɛyɛ 3,000 tiee Petro akwankyerɛ no, nyaa Yehowa honhom kronkron, na wɔbɛyɛɛ Onyankopɔn man, honhom fam Israel, no mufo. Nokwarem no, wɔkɔɔ so dɔɔso na wodii ahurusi pii bere a ‘Yehowa de wɔn a wogye wɔn nkwa kaa asafo no ho no.’—Asomafo no Nnwuma 2:37-41, 46, 47; Galatifo 6:16; 1 Petro 2:9.

20. Dɛn na ɛma yenya anigye kɛse wɔ otwa adwuma a yɛyɛ no mu?

20 Saa bere no na Yesaia nkɔmhyɛ no renya ne mmamu: “[Yehowa, NW] woma ɔman no dɔ, woma n’anigye sõ, wɔn ani gye w’anim sɛ twabere mu anigye, sɛnea wodi asade kyɛ mu ahurusi.” (Yesaia 9:3) Ɛwom sɛ mprempren yehu sɛ saa ‘ɔman a adɔ’ yi mufo asõ araa ne sa de, nanso yɛn anigye yɛ kɛse bere a yehu sɛ otwa adwumayɛfo afoforo no kɔ so dɔɔso afe biara no.—Dwom 4:7; Sakaria 8:23; Yohane 10:16.

21. Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua a edi hɔ no mu?

21 Akyinnye biara nni ho sɛ yɛwɔ biribi pa a enti ɛsɛ sɛ yedi ahurusi wɔ otwa adwuma no mu. Yɛn nkrasɛm a ɛma anidaso, wɔn a wɔsɛ a yɛhwehwɛ wɔn, ne asomdwoe a yɛda no adi no—yɛ nneɛma a ɛma yɛnya anigye sɛ otwa adwumayɛfo. Nanso ɛma nnipa pii bo fuw yɛn. Ɔsomafo Yohane hyiaa eyi. Wɔde no kɔɔ supɔw Patmo so sɛ deduani “Onyankopɔn asɛm ne Yesu adanse nti.” (Adiyisɛm 1:9) Ɛnde sɛ yehyia ɔtaa ne ɔsɔretia a, yɛbɛyɛ dɛn akura yɛn anigye mu? Dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛagyina nnipa a yɛka asɛm kyerɛ wɔn nnɛ a wɔasi wɔn bo sɛ wɔrentie yɛn no ano? Yɛn adesua a edi hɔ no nam Kyerɛwnsɛm no so bɛboa yɛn ma yɛabua saa nsɛmmisa yi.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 17 Mfiase no na wɔyɛ adesua ho nhyehyɛe sɛ baabi a wobetumi aboaboa nnipakuw bi ano. Nanso ankyɛ na wɔne ankorankoro ne mmusua fii adesua ahorow ase.—Hwɛ Jehovah’s Witnesses—Proclaimers of God’s Kingdom, kratafa 574, a Yehowa Adansefo tintimii no mu.

Wubebua Dɛn?

• Dɛn ne sɛnkyerɛnne kwan so otwa adwuma no?

• Asɛm bɛn na yɛka?

• Dɛn nti na yetumi nya nnipa a yɛhwehwɛ wɔn no?

• Ɔkwan bɛn so na yetumi kura asomdwoe mu wɔ otwa adwuma no mu?

• Dɛn nti na yɛkɔ so nya anigye wɔ otwa adwuma no mu?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 12]

Asɛnka wɔ afeha 1 ne 20 no mu

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 13]

Te sɛ Paulo no, ɛnnɛyi otwa adwumayɛfo bɔ mmɔden sɛ wobedu nnipa nkyɛn wɔ baabiara

[Mfonini wɔ kratafa 13]

Fa anigye ka asɛmpa no