Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Yɛkenkan wɔ 1 Petro 4:3 sɛ na Kristofo binom de wɔn ho ahyɛ “abosonsom a wokyi” mu bere bi. So ɛnyɛ abosonsom nyinaa na Onyankopɔn kyi, kasa tia, na ɔbra?

Yiw, wɔ Onyankopɔn ani so no, wokyi abosonsom nyinaa. Wɔn a wɔpɛ sɛ wonya n’anim dom no ntumi mfa wɔn ho nhyɛ abosonsom mu.—1 Korintofo 5:11; Adiyisɛm 21:8.

Nanso, ɛte sɛ nea na ɔsomafo Petro reka abosonsom foforo ho asɛm. Ade biako ne sɛ, na abosonsom abu so wɔ tete aman pii mu a na atumfoɔ no nhyɛ mmara biara ntia. Ɛkyerɛ sɛ, asase no so mmara ammra abosonsom a ɛtete saa no. Ná abosonsom no bi mpo ka ɔman anaa nniso no nhyehyɛe ho. Wɔ saa kwan no so no, ebinom de wɔn ho hyɛɛ ‘abosonsom mu a na mmara ntia wɔn’ ansa na wɔrebɛyɛ Kristofo. (New World Translation, 1950 de no) Sɛ nhwɛso no, yebetumi ahyɛ no nsow sɛ Babilon hene Nebukadnesar de sika honi bi sii hɔ, nanso Yehowa asomfo Sadrak, Mesak, ne Abed-Nego ansom.—Daniel 3:1-12.

Ɔkwan foforo so no, abosonsom amanne pii wɔ hɔ a nneɛma a wɔyɛ wɔ mu no ne awosu mmara anaa abrabɔ ho adwene a ɛfata a efi ahonim a yenya fi awo mu no biara nhyia. (Romafo 2:14, 15) Ɔsomafo Paulo kyerɛw animguasede a na ‘ɛnyɛ ne kwan so’ ne “adapaade” a na wɔtaa yɛ wɔ ɔsom ho amanne mu no ho asɛm. (Romafo 1:26, 27) Na mmarima ne mmea a wɔde wɔn ho hyɛ abosonsom a wokyi mu no nni awosu mmara a esiw wɔn kwan no so. Akyinnye biara nni ho sɛ na ɛfata sɛ wɔn a wɔrebɛyɛ Kristofo no gyae saa nneɛma bɔne no yɛ.

Nea yɛaka ho asɛm dedaw no akyi no, Yehowa Nyankopɔn kasa tiaa abosonsom a ɛte saa a na abu so wɔ wɔn a wɔnyɛ Yudafo mu no. Enti na etia mmara ankasa. *Kolosefo 3:5-7.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 6 Nea Hela asɛm a ɛwɔ 1 Petro 4:3 no kyerɛ ankasa ne “abosonsom a etia mmara.” Wɔakyerɛ kasasin no ase wɔ akwan horow so wɔ Engiresi Bible ahorow mu sɛ “abosonsom a ɛnyɛ ne kwan so,” “abosonsom a wɔabara,” ne “abosonsom a mmara mma kwan.”