Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Origen—Ɔkwan Bɛn So na Ne Nkyerɛkyerɛ Nyaa Asɔre no So Nkɛntɛnso?

Origen—Ɔkwan Bɛn So na Ne Nkyerɛkyerɛ Nyaa Asɔre no So Nkɛntɛnso?

Origen—Ɔkwan Bɛn So na Ne Nkyerɛkyerɛ Nyaa Asɔre no So Nkɛntɛnso?

“Asɔre panyin a ɔsen biara wɔ Asomafo no akyi.” Saa na Jerome a ɔkyerɛɛ Latin Vulgate Bible no ase no kamfoo nyamekyerɛfo Origen a ɔtraa ase wɔ afeha a ɛto so abiɛsa mu no. Nanso ɛnyɛ obiara na ɔde obu kɛse a ɛte saa maa Origen. Ebinom buu no sɛ ɔbɔnefo a ɔmaa asɔre mu atuatew fii ase. Afeha a ɛto so 17 no mu kyerɛwfo bi a ɔkasa tiaa Origen kae sɛ: “Ntease nni ne nkyerɛkyerɛ mu na edi awu, ɛyɛ Ɔwɔ bɔre a edi awu a opuw guu wiase.” Nokwarem no, Origen wu akyi bɛboro mfirihyia ahanan no, wobuu no sɛ asɔre mu tuatewfo.

DƐN nti na Origen nyaa atamfo ne adɔfo nyinaa bi? Nkɛntɛnso bɛn na onyae wɔ asɔre no nkyerɛkyerɛ so?

Na Ɔyɛ Nsi Wɔ Asɔre no Mu

Wɔwoo Origen bɛyɛ afe 185 Y.B. wɔ Misraim kurow Aleksandria mu. Osuaa Hela kasa yiye, nanso n’agya, Leonides, hyɛɛ no sɛ ɔnyere ne ho nsua Kyerɛwnsɛm nso saa ara. Bere a Origen dii mfirihyia 17 no, Roma amrado no yɛɛ mmara ma ɛbɛyɛɛ bɔne sɛ obi bɛsesa ne som. Wɔde Origen agya too afiase esiane sɛ na wabɛyɛ Kristoni nti. Origen a na mmabun nsiyɛ ahyɛ no ma no sii ne bo sɛ ɔbɛkɔ akɔka ne ho wɔ afiase na wɔawu mogya dansefo wu. Bere a Origen maame huu eyi no, ɔde ne ntade siei na amma wamfi fie. Origen nam nkrataa-kyerɛw so srɛɛ n’agya sɛ: “Hwɛ yiye na yɛn nti, woansesa w’adwene.” Leonides gyinaa pintinn na wokum no, na ogyaw n’abusua ohia mu. Nanso na Origen asua ade kɔ akyiri yiye a na obetumi akyerɛ Hela kasa de ahwɛ ne maame ne ne nuabarimanom nkumaa baasia no.

Ná ɔhempɔn no adwene ne sɛ obesiw Kristosom trɛw ano. Esiane sɛ ɛnyɛ adesuafo nko na na ne mmara no tia wɔn na mmom akyerɛkyerɛfo nso nti, Kristosom akyerɛkyerɛfo nyinaa guan fii Aleksandria. Bere a wɔn a wɔnyɛ Kristofo pɛe sɛ wosua Kyerɛwnsɛm no, wɔkɔhwehwɛɛ mmoa fii aberante Origen hɔ, na ɔfaa adwuma yi sɛ ahyɛde a efi Onyankopɔn hɔ. N’asuafo no mu pii wui sɛ mogya adansefo, na wokunkum ebinom mpo bere a na wonwiee wɔn adesua. Origen de ne nkwa too asiane mu hyɛɛ n’asuafo no nkuran wɔ baguam, sɛ́ wogyina atemmufo anim, wɔwɔ afiase, anaa bere a wɔrebekum wɔn no. Afeha a ɛto so anan mu abakɔsɛm kyerɛwfo Eusebius bɔ amanneɛ sɛ, sɛ na wɔrekokum wɔn a, na Origen “de akokoduru kɛse few wɔn ano de kamfo wɔn.”

Nkurɔfo a na wɔnyɛ Kristofo no bo fuw Origen bɔɔ no sobo sɛ ɔno na ɔmaa wɔn nnamfo no sakraa wɔn som ma wokum wɔn. Mpɛn pii na ɛkaa kakra ma anka basabasayɛfo akum no yayaayaw. Ɛwom sɛ Origen atiwfo taa no ma oguan fii fie biako mu kɔɔ foforo mu de, nanso wannyae ne nkyerɛkyerɛ no. Akokoduru ne ahofama a ɛte saa nyaa Demetrius, Aleksandria, sɔfo panyin no so tumi. Enti, bere a na Origen adi mfirihyia 18 pɛ no, Demetrius paw no sɛ nyamekyerɛ sukuu a ɛwɔ Aleksandria no so panyin.

Bere bi akyi no, Origen bɛyɛɛ nhomanimfo kɛse na ɔkyerɛw nhoma pii. Ebinom kae sɛ ɔkyerɛw nhoma 6,000, ɛwom sɛ eyi yɛ nea woguguu mu de. Wagye din kɛse wɔ ne Hexapla, Hebri Kyerɛwnsɛm no nkyerɛase bi a ekura apo 50 no ho. Origen hyehyɛɛ Hexapla no afã asia ma ɛsesaa so: (1) Hebri ne Aram nkyerɛwee, (2) Hela nkyerɛase a ɛte sɛ nea wɔka no no ara, (3) Aquila Hela nkyerɛase, (4) Symmachus Hela nkyerɛase, (5) Hela Septuagint a Origen yɛɛ mu nsakrae ma ɛne Hebri nkyerɛwee no hyiae pɛpɛɛpɛ, ne (6) Theodotion Hela nkyerɛase. Bible ho ɔbenfo John Hort kyerɛwee sɛ: “Origen nam nkyerɛwee yi a ɔka bɔɔ mu no so hwɛɛ kwan sɛ ɛbɛma obi a sɛ ɔrekenkan Hela na okura Septuagint no nkutoo a ebetumi akyere n’adwene anaasɛ adaadaa no no ate ase.”

‘Ɔyɛ Ade Tra Nea Wɔakyerɛw So’

Nanso, sɛnea na nneɛma atu afra wɔ nyamesom mu wɔ afeha a ɛto so abiɛsa mu no nyaa ɔkwan a Origen faa so kyerɛkyerɛɛ Kyerɛwnsɛm mu no so nkɛntɛnso kɛse. Ɛwom sɛ na Kristoman wɔ ne mfiase mu pɛɛ de, nanso na gyidi ahorow a ennyina Kyerɛwnsɛm so aba mu dedaw, na na n’asɔre ahorow a apete no rekyerɛkyerɛ nkyerɛkyerɛ ahorow.

Origen gyee saa nkyerɛkyerɛ a ennyina Kyerɛwnsɛm so yi bi toom, frɛɛ no asomafo no nkyerɛkyerɛ. Nanso anhaw no sɛ ɔbɛbɔ ne tirim akeka nneɛma foforo ho nsɛm. Saa bere no na n’asuafo no mu pii ne wɔn bere so nyansapɛ redi asi. Nea ɛbɛyɛ na Origen aboa wɔn no, osuaa nyansapɛ ahorow a na ɛregye n’asuafo nkumaa no adwene no yiye. Osiesiee ne ho maa n’asuafo no nsɛmmisa a ɛfa nyansapɛ ho no ho mmuae a na ɛtɔ asom.

Origen rebɔ mmɔden sɛ ɔbɛma Bible ne nyansapɛ ahyia no, ɔkyerɛkyerɛɛ Kyerɛwnsɛm no ase wɔ sɛnkyerɛnne kwan so kɛse. Ɔfaa no sɛ Kyerɛwnsɛm no wɔ honhom mu ntease bere nyinaa, nanso ɛtɔ mmere bi a ɛkyerɛ sɛnea ɛte no ankasa. Sɛnea nhomanimfo bi kae no, eyi maa Origen “nyaa kwan a ɔbɛfa so ama n’ankasa nkyerɛkyerɛ biara ne Bible de ahyia, bere a na ɔkyerɛ sɛ (akyinnye biara nni ho sɛ na obu ne ho ankasa sɛ) ɔyɛ Bible asekyerɛfo nokwafo a ɔwɔ ho anigye kɛse.”

Krataa bi a Origen kyerɛw kɔmaa n’asuafo no mu biako ma yehu n’adwene. Origen daa no adi sɛ Israelfo de Misraim sika kɔkɔɔ na ɛyɛɛ Yehowa asɔrefie no mu anwenne. Onyaa honhom fam nnyinasosɛm wɔ eyi mu de gyinaa Hela nyansapɛ a ɔde kyerɛkyerɛ Kristosom mu no akyi. Ɔkyerɛwee sɛ: “Hwɛ mfaso ara a Israelfo nyae wɔ nneɛma a wɔde fi Misraim bae, a Misrifo amfa anni dwuma yiye, nanso Onyankopɔn nyansa kyerɛɛ Hebrifo no kwan ma wɔde yɛɛ Onyankopɔn som adwuma no so.” Enti na Origen hyɛ ne suani nkuran sɛ “ɔmfa biribi a obetumi asua ho ade anaa ɛbɛma wasiesie ne ho ama Kristosom mfi Helafo nyansapɛ mu.”

Saa Bible nkyerɛase a anohyeto nnim no amma wɔanhu nsonsonoe a ɛwɔ Kristofo nkyerɛkyerɛ ne Helafo nyansapɛ mu yiye. Sɛ nhwɛso no, wɔ Origen nhoma a ɔtoo din On First Principles mu no, ɔkaa Yesu ho asɛm sɛ ‘Ɔba koro a wɔwoo no, nanso onni mfiase.’ Na ɔde kaa ho sɛ: ‘N’awo ntoatoaso wɔ hɔ daa afebɔɔ. Ɛnyɛ nkwa home a wɔde maa no no na ɛma wɔyɛɛ no Ɔba, ɛnnam obi foforo so, na mmom denam Onyankopɔn ankasa suban so.’

Ɛnyɛ Bible mu na Origen nyaa adwene yi fii, efisɛ Kyerɛwnsɛm no kyerɛkyerɛ sɛ Yehowa Ba a ɔwoo no koro no yɛ “abɔde nyinaa abakan” ne “Onyankopɔn abɔde mfiase.” (Kolosefo 1:15; Adiyisɛm 3:14) Sɛnea nyamesom ho abakɔsɛm kyerɛwfo Augustus Neander kyerɛ no, Origen nyaa adwene a ɛne “awo ntoatoaso a ɛte hɔ daa” no fii “Plato sukuu mu nyansapɛ nkyerɛkyerɛ mu.” Enti, Origen buu Kyerɛwnsɛm mu nnyinasosɛm titiriw yi so: “Munnnwen nntra nea wɔakyerɛw so.”—1 Korintofo 4:6.

Wobuu No Fɔ sɛ Asɔre Mu Otuatewfo

Bere a na Origen yɛ ɔkyerɛkyerɛfo mfiase no, Aleksandria Asɔre Bagua bi gyee n’asɔfodi fii ne nsam. Ebetumi aba sɛ esiane sɛ na Ɔsɔfopanyin Demetrius ani bere din a na Origen regye nti na ɔma wɔyɛɛ eyi. Origen tu kɔtraa Palestina, baabi a wɔkɔɔ so kamfoo no sɛ Kristofo nkyerɛkyerɛ akyitaafo nokwafo no, na ɔtoaa n’asɔfodi no so wɔ hɔ. Nokwarem no, bere a “asɔre mu atuatew” sɔree wɔ Apuei fam no, wɔhwehwɛɛ ne mmoa sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛkasa akyerɛ asɔfo mpanyin a na wɔrewae no ma wɔasan agye nkyerɛkyerɛ dedaw no atom. Bere a Origen wui wɔ afe 254 Y.B. mu no akyi na ne din ho baa asɛm titiriw. Dɛn ntia?

Bere a nea wɔfrɛ no Kristosom bɛyɛɛ ɔsom titiriw no, nea asɔre no gye toom sɛ mfitiase nkyerɛkyerɛ no mu anna hɔ yiye papa. Enti, nyamekyerɛfo a wɔbaa akyiri yi no annye Origen nkyerɛkyerɛ a ɔbɔɔ ne tirim yɛe ne ne nyansapɛ ho adwenkyerɛ a ɛtɔ mmere bi a enhyia no antom. Enti ne nkyerɛkyerɛ no de akyinnyegye a emu yɛ den pii baa asɔre no mu. Bere a asɔre no bɔɔ mmɔden sɛ ebesiesie saa ntawntawdi yi na akora asɔre no biakoyɛ so no, ebuu Origen fɔ sɛ ɔyɛ asɔre mu tuatewfo.

Ɛnyɛ Origen nkutoo na odii mfomso. Nokwarem no, na Bible aka man a wɔbɛman afi Kristo nokware nkyerɛkyerɛ ho no ho asɛm asie. Saa ɔwae yi fii ase gyee ntini wɔ afeha a edi kan no awiei, wɔ Yesu asomafo no wu akyi. (2 Tesalonikafo 2:6, 7) Awiei koraa no, ebinom a wɔkyerɛe sɛ wɔyɛ Kristofo no frɛɛ wɔn ho “ortodɔksfo” (ɔmanfo som) na wɔfrɛɛ afoforo a aka nyinaa “asɔre mu atuatewfo.” Nanso, nokwasɛm ne sɛ, Kristoman waee kɛse fii nokware Kristosom ho.

‘Nimdeɛ a Wɔboa Frɛ No Sa’

Ɛmfa ho nsusuwii pii a Origen bɔɔ ne tirim yɛe no, nneɛma bi wɔ ne nhoma mu a mfaso wɔ so. Sɛ nhwɛso no, Hexapla no koraa Onyankopɔn din a ɛyɛ mfitiase Hebri nkyerɛwee anan a wɔfrɛ no Tetragrammaton no so. Eyi ma yenya adanse titiriw a ɛkyerɛ sɛ na tete Kristofo no nim Onyankopɔn din—Yehowa—no, na na wɔde di dwuma. Nanso, asɔre agya bi a ne din de Teofilo, a ɔtraa ase wɔ afeha a ɛto so anum mu no bɔɔ kɔkɔ bere bi sɛ: “Origen nhoma te sɛ asase bi a nhwiren nyinaa bi wɔ so. Sɛ mihu nhwiren a ɛyɛ fɛ wɔ mu a, metew; nanso sɛ ebi wɔ hɔ a ɛte sɛ nea nsɔe wɔ ho a, mekwati sɛnea mekwati nsɔe no.”

Esiane sɛ Origen de Hela nyansapɛ frafraa Bible nkyerɛkyerɛ nti, mfomso pii baa ne nkyerɛkyerɛ no mu, na nea efii mu bae no anyɛ papa amma Kristoman. Sɛ nhwɛso no, ɛwom sɛ wɔpoo Origen nsusuwii a enni nnyinaso no mu dodow no ara akyiri yi de, nanso ne nsusuwii a ɛfa Kristo “awo ntoatoaso a ɛte hɔ daa” ho no boae ma wɔhyehyɛɛ Baasakoro nkyerɛkyerɛ a ennyina Bible so no. The Church of the First Three Centuries nhoma no ka sɛ: “Ná wɔbɛkyerɛ nyansapɛ [nea Origen de bae] no ho anigye bere tenteenten.” Dɛn na efii mu bae? “Ɛsɛee Kristofo gyidi a asete nyɛ den no, na ɛde mfomso pii baa Asɔre no mu.”

Na anka Origen betumi atie ɔsomafo Paulo afotu na wakwati saa ɔwae yi denam ‘dan a ɔbɛdan ne ho afi nsɛnhuhuw a ɛho ntew ne nimdeɛ a wɔboa frɛ no sa no akyinnyesɛm no ho.’ Mmom no, esiane sɛ Origen de nkyerɛkyerɛ dodow no ara gyinaa “nimdeɛ” a ɛte saa so nti, ‘ɔteree gyidi no ho.’—1 Timoteo 6:20, 21; Kolosefo 2:8.

[Mfonini wɔ kratafa 31]

Origen “Hexapla” no ma ɛda adi sɛ wɔde Onyankopɔn din dii dwuma wɔ Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no mu

[Asɛm Fibea]

Published by permission of the Syndics of Cambridge University Library, T-S 12.182

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 29]

Culver Pictures