Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Owu Akyi Asetra Wɔ Hɔ?

So Owu Akyi Asetra Wɔ Hɔ?

So Owu Akyi Asetra Wɔ Hɔ?

BƐYƐ mfirihyia 3,500 a atwam ni no, tete agya Hiob bisae sɛ: “Sɛ onipa wu a, so ɔbɛtra ase bio?” (Hiob 14:14) Saa asɛmmisa yi akyere adesamma adwene mfirihyia mpempem pii. Ɔman biara mu nnipa asusuw asɛm yi ho mfirihyia pii, na wɔde ɛho nkyerɛkyerɛmu ahorow ama.

Wɔn a wɔfrɛ wɔn ho Kristofo pii gye di sɛ ɔsoro ne hell wɔ hɔ. Nanso, Hindufo gye di sɛ sɛ obi wu a, wɔsan wo no foforo. Bere a Emir Muawiyah, a ɔyɛ Nkramosom asuae sohwɛfo abadiakyiri reka adwene a Nkramofo kura ho asɛm no, ɔkae sɛ: “Yegye di sɛ atemmu da no bɛba wɔ owu akyi, bere a wokɔ Onyankopɔn, Allah, anim, te sɛ nea wokɔ ɔtemmufo anim ara pɛ no.” Sɛnea Islam gyidi kyerɛ no, afei Allah bɛhwɛ sɛnea obiara buu ne bra na wama wakɔ paradise anaa hellgya mu.

Wɔ Sri Lanka no, Buddhafo ne Katolekfo nyinaa buebue wɔn apon ne wɔn mfɛnsere to hɔ petee bere a obi awu wɔ wɔn abusua mu no. Wɔsɔ kanea de funnaka no si hɔ ma owufo no nan kyerɛ ɔpon ano. Wogye di sɛ adeyɛ yi ma owufo no honhom fi adi.

Sɛnea Ronald M. Berndt a ɔwɔ Western Australia Sukuupɔn mu kyerɛ no, Australia Aboriginefo gye di sɛ “nnipa wɔ honhom bi a wontumi nsɛe no.” Afrika mmusua bi gye di sɛ wɔ owu akyi no, nnipa mpapahwekwaa dan nsamanfo, na nnipa atitiriw dan wɔn nananom ahonhom, a wobedi wɔn ni asrɛ wɔn ade sɛ ɔman no akannifo a aniwa nhu wɔn.

Wɔ aman bi mu no, gyidi a ɛfa awufo tebea ho no yɛ ɛhɔnom atetesɛm ne nea wɔfrɛ no Kristosom a adi afra. Sɛ nhwɛso no, nea Afrika Atɔe fam Katolekfo ne Protestantfo pii yɛ ne sɛ, sɛ obi wu a, wɔkata nhwehwɛ anim na obi anhwɛ mu anhu owufo no honhom.

Nokwarem no, sɛ wobisa nkurɔfo asɛm a ɛne ‘Sɛ yewu a dɛn na ɛba yɛn so?’ a, wɔmma mmuae biako. Nanso, adwene titiriw no ne sɛ: Biribi hyɛ onipa mu a enwu da, na ɛkɔ so tra ase wɔ owu akyi. Nnipa bi gye di sɛ saa “biribi” no yɛ honhom. Sɛ nhwɛso no, wɔ Afrika afã bi ne Asia ne Pacific amantam a ɛne Polynesia, Melanesia, ne Micronesia no, nnipa pii gye di sɛ honhom—ɛnyɛ ɔkra—nwu da. Nokwarem no, asɛmfua “ɔkra” nni kasa ahorow bi mu mpo.

So honhom bi wɔ ɔteasefo mu? So saa honhom no fi nipadua mu wɔ owu mu ankasa? Sɛ ɛte saa a, dɛn na ɛba so? Na anidaso bɛn na ɛwɔ hɔ ma awufo? Ɛnsɛ sɛ yebu yɛn ani gu saa nsɛmmisa yi so. Ɛmfa ho ɔman anaa ɔsom a wowɔ mu no, owu yɛ ade a ɛba obiara so. Enti asɛm no fa wo ho kɛse. Yɛhyɛ wo nkuran sɛ hwehwɛ asɛm no mu.