Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Wowɔ Afoforo Ho Abotare Ampa?

So Wowɔ Afoforo Ho Abotare Ampa?

So Wowɔ Afoforo Ho Abotare Ampa?

SO OBI nneyɛe a ɛmfata ama wo bo afuw pɛn? Sɛ nkɛntɛnso bɔne rekɔ so wɔ wɔn a wɔbɛn wo paa mu a, so woyɛ ntɛm yɛ ho biribi?

Ɛtɔ mmere bi a ɛho hia sɛ yɛyɛ ade ntɛm so de siw bɔne a anibere wom ano. Sɛ nhwɛso no, bere a anka bɔne a Israelfo yɛe animtiaabu mu regu wɔn ho fĩ wɔ afeha a ɛto so 16 A.Y.B. mu no, Aaron banana Pinehas yɛɛ ade ntɛm so de yii bɔne no fii hɔ. Yehowa Nyankopɔn ani gyee nea ɔyɛe no ho kae sɛ: “Pinehas asianka m’abufuw afi Israelfo so, sɛ watwe me ho ninkunu wɔ wɔn mu.”—Numeri 25:1-11.

Pinehas yɛɛ ade a ɛfata de siw afideyɛ a na ɛretrɛw no ano. Na yɛn bo a yɛbɛma afuw wɔ nnipa sintɔ nketenkete ho nso ɛ? Na sɛ yɛyɛ yɛn ade ahopere so anaasɛ yɛyɛ yɛn ade wɔ ɔkwan a enni nnyinaso so a, yɛrenyɛ nkurɔfo a yedi trenee mu akoten ankasa, na mmom sɛ nkurɔfo a yenni afoforo ho abotare—sɛ obi a onni afoforo sintɔ ahorow ho koma. Dɛn na ebetumi aboa yɛn ma yɛakwati asiane yi?

‘Yehowa De Wo Mfomso Nyinaa Firi Wo’

Yehowa “yɛ Onyankopɔn ninkufo (a ɔyɛ nnam); Onyankopɔn a ɔtwe ninkunu.” (Exodus 20:5, NW ase hɔ asɛm) Sɛ́ Ɔbɔadeɛ no, ɔwɔ hokwan sɛ ɔhwehwɛ sɛ yɛde yɛn ho ma ɔno nkutoo. (Adiyisɛm 4:11) Nanso, Yehowa wɔ nnipa mmerɛwyɛ ho abotare. Enti, odwontofo Dawid too ne ho dwom sɛ: “Mmɔborohunufo ne ɔdomfo ne [Yehowa, NW], ne bo kyɛ fuw, na n’adɔe dɔɔso. Ɔrenham nkosi daapem, . . . Onsusuw yɛn bɔne so ne yɛn nni, na ɔnhwɛ yɛn mfomso nhyɛ yɛn ananmu.” Yiw, sɛ yenu yɛn ho a, Onyankopɔn ‘de yɛn mfomso nyinaa firi yɛn.’—Dwom 103:3, 8-10.

Esiane sɛ Yehowa te ase sɛ yɛyɛ abɔnefo nti, ‘ɔnkɔ so nhwehwɛ’ abɔnefo a wɔanu wɔn ho no ho “mfomso.” (Dwom 51:5; Romafo 5:12) Nokwarem no, wabɔ ne tirim sɛ obeyi bɔne ne sintɔ afi hɔ. Enkosi sɛ Onyankopɔn bɛyɛ saa no, sɛ́ anka ɔne yɛn ‘bedi sɛnea ɛsɛ yɛn’ no, ɔnam Yesu Kristo agyede afɔrebɔ no so dom de yɛn bɔne firi yɛn. Sɛ Yehowa anna mmɔborohunu adi wɔ bere a ɛfata mu a, yɛn mu biara nni hɔ a anka ɔbɛfata sɛ onya ne ti didi mu. (Dwom 130:3) Hwɛ sɛnea yɛn ani betumi asɔ sɛ yɛn soro Agya, a ɔfata sɛ ɔhwehwɛ sɛ yɛde yɛn ho ma ɔno nkutoo no, yɛ Onyankopɔn a ɔwɔ abotare!

Ehia sɛ Yɛkari Pɛ

Esiane sɛ Amansan Hene no si abotare wɔ ɔne nnipa a wɔnyɛ pɛ nsɛnnii mu nti, so ɛnsɛ sɛ yɛyɛ saa ara? Wɔakyerɛ abotare ase sɛ “su a ɛma obi nya afoforo adwenkyerɛ ne wɔn nneyɛe ho koma.” So yɛn ankasa wɔ su a ɛte saa—su a ɛma yenya abodwokyɛre na yɛda boasetɔ adi bere a afoforo ka biribi anaa wɔyɛ bɔne a anibere nnim ahe biara, nanso yehu no sɛ ɛmfata no?

Ɛwom, ɛnsɛ sɛ yesi abotare ma ɛtra so. Sɛ nhwɛso no, sɛ nyamesom mu mpanyimfo si asɔfo a wɔde wɔn tumi di dwuma kwammɔne so to mmarimaa ne mmeawa mmonnaa no ho abotare a, ɛsɛe ade pii. Sɛnkyerɛwfo bi a ɔwɔ Ireland kae sɛ: “Esiane sɛ asɔre mpanyimfo no bu basabasa a wɔyɛ mmofra no sɛ bɔne a wɔnhyɛ da na wɔyɛ nti, woyi ɔsɔfo a ɔyɛ bɔne no [kɔ baabi foforo] kɛkɛ.”

So yi a woyi ɔbarima a ɔte saa kɔ baabi foforo no yɛ abotare ho nhwɛso pa? Dabida! Fa no sɛ nnuruyɛfo kuw bi maa obi a ɔyɛ oprehyɛn a ɔmfa n’adwuma aniberesɛm kɔɔ so yɛɛ oprehyɛn, na woyi no fi ayaresabea biako mu kɔɔ foforo mu, ɛmfa ho sɛ na ɔrekunkum ayarefo anaa ɔredi wɔn dɛm no. Adwumam biakoyɛ ho adwene a ɛmfata na ebetumi de “abotare” a ɛte saa aba. Na wɔn a wɔhweree wɔn nkwa anaa wodii dɛm esiane anibiannaso anaa nsɛmmɔne nti no nso ɛ?

Asiane nso wɔ abotare a wɔnna no adi koraa mu. Bere a na Yesu wɔ asase so no, Yudafo bi a na wɔfrɛ wɔn Anuɔdenfo dii mfomso hwehwɛe sɛ wɔde Pinehas nhwɛso no bedi dwuma de abu wɔn ho bem wɔ wɔn nneyɛe ahorow ho. Ná Yudafo Anuɔdenfo no nneyɛe a ɛtra so no biako ne sɛ “wɔbɛfra nnipadɔm mu wɔ Yerusalem wɔ afahyɛ ase ne mmere a ɛtete saa mu na wɔde sekamma awowɔ nkurɔfo a wɔn ani nnye wɔn ho no bere a wɔn ani nni wɔn ho so no.”

Sɛ́ Kristofo no, yɛrenyɛ ade nkɔ akyiri sɛnea Yudafo Anuɔdenfo no yɛe no, na yɛntow nhyɛ nkurɔfo a yɛn ani nnye wɔn ho so da. Nanso, so akwan bi wɔ hɔ a yɛfa so da abohuru adi kɔ akyiri ma yɛtow hyɛ wɔn a yɛn ani nnye wɔn ho so—sɛ ebia yɛbɛka wɔn ho nsɛmmɔne? Sɛ yɛwɔ abotare ampa a, yɛremfa ɔkwan biara so nkeka nsɛm a epira saa.

Afeha a edi kan no mu Farisifo no yɛ kuw foforo a na wonni abotare. Ná wɔkasa tia afoforo bere nyinaa, na na wonni nnipa sintɔ ho koma koraa. Farisifo ahantanfo no buu mpapahwekwaa animtiaa, kasa tiaa wɔn sɛ ‘nnipa a wɔadome wɔn.’ (Yohane 7:49) Ntease wom sɛ Yesu kasa tiaa nnipa a wobu wɔn ho atreneefo saa no sɛ: “Munnue, mo kyerɛwfo ne Farisifo, nyaatwomfo! Sɛ muyi ɛme ne onunum ne tetɛ so ntotoso du du ma, na mugyaw mmara mu nea ɛsom bo no: atemmu ne mmɔborohunu ne gyidi; eyi na anka ɛsɛ sɛ moyɛ, na munnyaw biako no nso.”—Mateo 23:23.

Bere a Yesu reka asɛm yi no na ɔnkyerɛ sɛ Mose Mmara no sodi ho nhia. Na nea ɔrekyerɛ ara ne sɛ ɛhwehwɛ sɛ wɔde ntease ne mmɔborohunu di Mmara no afã a “ɛsom bo,” anaa ɛho hia kɛse no ho dwuma. Hwɛ sɛnea Yesu ne n’asuafo no daa nsow wɔ Farisifo ne Yudafo Anuɔdenfo a na wonni abotare no ho!

Yehowa Nyankopɔn anaa Yesu Kristo mu biara mpene bɔne so. Ɛrenkyɛ, ‘wobedi wɔn a wonnim Nyankopɔn ne wɔn a wɔantie asɛmpa no so were.’ (2 Tesalonikafo 1:6-10) Nanso, wɔ trenee ho mmɔden a na Yesu bɔ nyinaa akyi no, ɔdaa ne soro Agya boasetɔ, mmɔborohunu, ne fi a ofi ɔdɔ mu dwen obiara a ɔpɛ sɛ ɔyɛ adetrenee ho no adi bere nyinaa. (Yesaia 42:1-3; Mateo 11:28-30; 12:18-21) Nhwɛso pa bɛn ara na Yesu yɛ maa yɛn sɛɛ yi!

Mumfi Boasetɔ Mu Nhuhu Mma Mo Ho

Ɛwom sɛ ebia na yɛyɛ nsi kɛse wɔ adetreneeyɛ ho de, nanso momma yɛmfa ɔsomafo Paulo afotu no nni dwuma: “Sɛ obi ne obi nya asɛm bi a, munhuhu mma mo ho na momfa nkyekyɛ mo ho; sɛnea [Yehowa, NW] de akyɛ mo no, sɛnea mo nso monyɛ ne no.” (Kolosefo 3:13; Mateo 6:14, 15) Abotare hwehwɛ sɛ yenya afoforo sintɔ ne mfomso ahorow ho koma wɔ wiase bɔne yi mu. Ɛsɛ sɛ yɛda ntease adi wɔ nneɛma a yɛhwehwɛ fi afoforo hɔ mu.—Filipifo 4:5.

Abotare a obi wɔ nkyerɛ sɛ n’ani gye bɔne ho anaasɛ obu n’ani gu mfomso ahorow so. Yɛn yɔnko gyidini bi nsusuwii anaa ne nneyɛe bi betumi ayɛ nea ɛne Yehowa gyinapɛn ahorow nhyia. Ɛwom sɛ ebia na mfomso no nnya nyɛɛ nea anibere wom a ebetumi ama Onyankopɔn apo no de, nanso ebetumi ayɛ kɔkɔbɔ a ɛkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ ɔyɛ nsakrae bi. (Genesis 4:6, 7) Hwɛ sɛnea ɔdɔ wom sɛ wɔn a wɔyɛ honhom mufo no bɛteɛ obi a wafom so wɔ odwo honhom mu! (Galatifo 6:1) Nanso, nea ɛbɛyɛ na yɛatumi ayɛ eyi no, ɛho hia sɛ yegyina hia a afoforo ho hia yɛn no so yɛ ade sen sɛ yɛbɛkasa atia wɔn.

‘Odwo ne Obu Mu’

Na boasetɔ a yɛbɛda no adi akyerɛ nkurɔfo a wɔne yɛn nni ɔsom biako mu no nso ɛ? “Asuade Ma Obiara” a wɔde afomfam Ɔman Sukuu ahorow a wɔhyehyɛe wɔ Ireland wɔ afe 1831 mu ho no kenkan sɛ: “Ná ɛnyɛ Yesu Kristo adwene sɛ ɔnam basabasayɛ so de ne som bɛhyɛ nkurɔfo so. . . . Ɛnyɛ ɔkwan a yɛbɛfa so ama yɛn afipamfo agye adi sɛ yɛn de na ɛteɛ na wɔn de nteɛ ne sɛ yɛne wɔn bɛham na yɛayaw wɔn. Ɛda adi sɛ ɛbɛma wɔahu sɛ yɛnna Kristofo su adi mmom.”

Yesu kyerɛkyerɛe, na ɔyɛɛ n’ade ɔkwan bi so a ɛmaa nkurɔfo ani gyee Onyankopɔn Asɛm ho, na saa na ɛsɛ sɛ yɛyɛ. (Marko 6:34; Luka 4:22, 32; 1 Petro 2:21) Sɛ́ onipa a ɔyɛ pɛ na Onyankopɔn ama no nhumu soronko no, na otumi hu nnipa koma mu. Enti, Yesu tumi kasa tiaa Yehowa atamfo denneennen bere a na ɛho hia no. (Mateo 23:13-33) Eyi a ɔyɛe no nkyerɛ sɛ na onni abotare.

Esiane sɛ yɛnte sɛ Yesu nti, yentumi nhu nkurɔfo koma mu. Enti, ɛsɛ sɛ yedi ɔsomafo Petro afotu yi akyi: “Mummu Awurade Kristo kronkron mo koma mu. Nso munsiesie mo ho daa, sɛ mobɛkyerɛ obiara a obisa mo anidaso a ɛwɔ mo mu no ase, odwo ne osuro mu.” (1 Petro 3:15, 16) Sɛ́ Yehowa asomfo no, ɛsɛ sɛ yɛkyerɛkyerɛ yɛn gyidi mu efisɛ egyina Onyankopɔn Asɛm so pintinn. Nanso ɛsɛ sɛ yɛyɛ eyi wɔ kwan bi so a ɛbɛma ada adi sɛ yebu afoforo ne nneɛma a wofi komam gye di no ankasa. Paulo kyerɛwee sɛ: “Momma mo kasa ho mmra nyam daa a nkyene wɔ mu, na moahu sɛnea ɛsɛ sɛ mubua obiara.”—Kolosefo 4:6.

Wɔ Yesu Bepɔw so Asɛnka a agye din no mu no, ɔkae sɛ: “Ade biara a mopɛ sɛ nnipa nyɛ mma mo no, mo nso monyɛ wɔn saa ara.” (Mateo 7:12) Enti afei, momma yemfi boasetɔ mu nhuhu mma yɛn ho yɛn ho, na yɛnna obu adi nkyerɛ wɔn a yɛka asɛmpa no kyerɛ wɔn no. Sɛ yɛde abotare a egyina Bible so ka mmɔden a yɛbɔ wɔ trenee ho no ho a, yɛbɛsɔ Yehowa ani, na yɛbɛyɛ nkurɔfo a yɛwɔ abotare ankasa.

[Mfonini wɔ kratafa 23]

Kwati Farisifo koma bɔne no

[Mfonini wɔ kratafa 23]

Yesu daa abotare a N’agya wɔ no bi adi. So woyɛ saa?