Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Wowɔ Honhom a Enwu Da?

So Wowɔ Honhom a Enwu Da?

So Wowɔ Honhom a Enwu Da?

ƆSOMAFO Paulo kyerɛwee sɛ: “Kyerɛw nyinaa fi Nyankopɔn home mu, na eye ma ɔkyerɛkyerɛ, ntɛnyi, nteɛso ne trenee mu yɛn.” (2 Timoteo 3:16) Yiw, Bible no yɛ nokware nhoma a efi nokware Nyankopɔn, Yehowa, hɔ.—Dwom 83:18.

Esiane sɛ Yehowa yɛ nneɛma nyinaa, a nnipa ka ho, Bɔfo nti, onim nea sɛ yewu a ɛba yɛn so no yiye. (Hebrifo 3:4; Adiyisɛm 4:11) Na ɔde owu akyi asetra ho mmuae ahorow a ɛyɛ nokware na ɛma abotɔyam ama wɔ N’asɛm a efi honhom mu, Bible, no mu.

Dɛn Ne Honhom No?

Wɔ Bible mu no, nea nsɛmfua a wɔkyerɛɛ ase “honhom” no kyerɛ ankasa ne “ahome.” Nanso, eyi nkyerɛ home a yɛhome ara kwa. Sɛ nhwɛso no, Bible kyerɛwfo Yakobo kae sɛ: “Nipadua a honhom nni mu awu.” (Yakobo 2:26) Enti, honhom ne ade a ɛkanyan nipadua no.

Tumi a ɛkanyan nipadua yi ntumi nyɛ ahome, anaa mframa a ɛnenam ahurututu mu ara kwa. Dɛn ntia? Efisɛ sɛnea The World Book Encyclopedia kyerɛ no, sɛ onipa gyae home a, nkwa kɔ so tra nipadua no mu nkwammoaa mu bere tiaa bi—“simma kakra” bi. Eyi nti, wobetumi ama obi a wagyae home asan ahome. Nanso, sɛ nkwa tumi no fi nipaduam nkwammoaa mu a, mmɔden biara a wɔbɔ sɛ wobenyan onipa no yɛ ɔkwa. Wiase ahome anaa mframa nyinaa ntumi mma nkwaboaa biako mpo nnya nkwa. Ɛnde, honhom no, nkwa tumi a aniwa nhu—ne ade a ɛma nkwammoaa ne onipa no nyinaa tra ase. Ahome na ɛma saa nkwa tumi yi kɔ so yɛ adwuma.—Hiob 34:14, 15.

So nnipa nkutoo mu na saa honhom no yɛ adwuma? Bible no boa yɛn ma yenya asɛmmisa yi ho mmuae a ɛteɛ. Ɔhene Salomo nyansafo no gye toom sɛ nnipa ne mmoa ‘nyinaa wɔ honhom biako,’ na obisae sɛ: “Hena na onim nnipa mma honhom sɛ ɔforo kɔ ɔsoro, ne mmoa honhom sɛ osian kɔ asase ase?” (Ɔsɛnkafo 3:19-21) Enti wɔka sɛ mmoa ne nnipa nyinaa wɔ honhom. Ɛbɛyɛ dɛn na atumi ayɛ yiye?

Yebetumi de honhom, anaa nkwa tumi no, atoto anyinam ahoɔden a ɛfa afiri anaa adwinnade bi mu ho. Anyinam ahoɔden a aniwa ntumi nhu no betumi ayɛ nneɛma ahorow pii, a egyina dekode a ɛma ɛyɛ adwuma no so. Sɛ nhwɛso no, ebetumi ama anyinam ahoɔden sutof ayɛ hyew, kɔmputa ada nsɛm adi, na television ama wɔahu mfonini ahorow na wɔate ɛnne a ɛregyigye. Nanso, anyinam ahoɔden no remmɛyɛ adwinnade a ɛma ɛyɛ adwuma no ho biribi da. Ɛda so yɛ tumi ara kwa. Saa ara na nkwa tumi no remmɛyɛ abɔde ahorow a ɛkanyan no no ho biribi. Enni nipasu, na entumi nnwene. “Honhom biako” na nnipa ne mmoa nyinaa wɔ. (Ɔsɛnkafo 3:19) Enti, sɛ onipa wu a, ne honhom nkɔ so ntra baabi foforo sɛ honhom abɔde.

Ɛnde, tebea bɛn na awufo wom? Na sɛ onipa wu a, dɛn na ɛba honhom no so?

“Dɔte Mu na Wobɛsan Akɔ”

Bere a onipa a odi kan, Adam, hyɛɛ da buu Onyankopɔn mmara so no, Ɔka kyerɛɛ no sɛ: “W’anim fifiri mu na wubedidi de akosi sɛ wobɛsan akɔ dɔte mu, efisɛ emu na woyii wo fii, na woyɛ dɔte, na dɔte mu na wobɛsan akɔ.” (Genesis 3:19) Ɛhe na na Adam wɔ ansa na Yehowa rebɔ no afi dɔte mu no? Ná onni baabiara! Na onni nkwa mu. Enti bere a Yehowa Nyankopɔn kae sɛ Adam ‘bɛsan akɔ dɔte mu’ no, na ɔkyerɛ sɛ Adam bewu na wasan akɔyɛ dɔte. Ná Adam rentu nkɔ ahonhom atrae. Owu mu no, na Adam bɛsan abɛyɛ obi a onni nkwa mu. Ná n’asotwe ne owu—nkwa a enni hɔ—ɛnyɛ sɛ obetu akɔ atrae foforo.—Romafo 6:23.

Na afoforo a wɔawuwu no nso ɛ? Wɔda tebea a awufo wom no adi pefee wɔ Ɔsɛnkafo 9:5, 10, baabi a yɛkenkan sɛ: ‘Awufo nnim biribiara. Adwuma ne adwene ne nimdeɛ anaa nyansa nni asaman.’ Enti, owu yɛ nkwa a enni hɔ. Odwontofo no kyerɛwee sɛ sɛ onipa wu a “ne honhom fi kɔ, ɔsan kɔ ne dɔte mu, da no ara ne tirim a ɔbobɔe yera.”—Dwom 146:4.

Ɛda adi pefee sɛ awufo nni baabiara. Wontumi nhu biribiara. Wontumi nhu wo, nte wo kasa, anaasɛ wontumi nkasa nkyerɛ wo. Saa ara na wontumi mmoa wo anaa wompira wo. Enti ɛho nhia sɛ wusuro awufo. Nanso dɛn nti na honhom ‘fi onipa mu kɔ’ wɔ ne wu mu?

Honhom no ‘San Kɔ Onyankopɔn Nkyɛn’

Bible ka sɛ sɛ onipa wu a, ‘honhom no san kɔ Onyankopɔn a ɔde mae no nkyɛn.’ (Ɔsɛnkafo 12:7) So eyi kyerɛ sɛ honhom no ankasa fa ahunmu kɔ Onyankopɔn anim? Ɛnte saa koraa! Sɛnea Bible no de asɛm ‘san kɔ’ di dwuma no nhwehwɛ ankasa sɛ ɛsɛ sɛ efi baabi kɔ baabi foforo. Sɛ nhwɛso no, wɔka kyerɛɛ Israelfo a wɔanni no nokware no sɛ: “Monsan mmra me nkyɛn. Na mɛsan maba mo nkyɛn, asafo [Yehowa, NW] na ose.” (Malaki 3:7) Nea na ‘san’ a Israel ‘bɛsan aba’ Yehowa nkyɛn no kyerɛ ara ne sɛ wɔbɛtwe wɔn ho afi wɔn kwammɔne so na wɔafa Onyankopɔn trenee kwan so bio. Na nea ‘san’ a Yehowa ‘bɛsan aba’ Israel nkyɛn no kyerɛ ne n’adwene a na ɔbɛsan adan aba ne nkurɔfo so abɛdom wɔn bio. Ne nyinaa mu no ‘sanba’ no fa nneyɛe ho, na ɛnyɛ fi a wofi baabi kɔ baabi foforo.

Saa ara na wɔ owu mu no biribiara mfi asase so nkɔ ɔsoro bere a honhom no ‘san kɔ’ Onyankopɔn nkyɛn no. Sɛ nkwa tumi no nya fi onipa no mu a, Onyankopɔn nkutoo na ɔwɔ tumi sɛ ɔbɛsan de ama no bio. Enti honhom no ‘san kɔ Onyankopɔn a ɔde mae no nkyɛn’ a ɛkyerɛ sɛ, afei de onipa no daakye asetra ho anidaso biara gyina Onyankopɔn nkutoo so.

Sɛ nhwɛso no, susuw nea Kyerɛwnsɛm no ka fa Yesu Kristo wu no ho hwɛ. Asɛmpa kyerɛwfo Luka ka sɛ: “Yesu de nne kɛse teɛɛm sɛ: Agya, wo nsam na mede me honhom mehyɛ. Na ɔkaa saa no, ogyaa mu.” (Luka 23:46) Bere a Yesu honhom fii ne mu no, ɛnyɛ sɛ ɔno ankasa kɔɔ soro. Yesu wui nnansa ansa na wɔrenyan no afi awufo mu, na ɛno akyi adaduanan ansa na ɔreforo akɔ soro. (Asomafo no Nnwuma 1:3, 9) Nanso, bere a na Yesu rewu no, ofii ahotoso mu de ne honhom hyɛɛ N’agya nsam, a na ɔwɔ ahotoso koraa sɛ Yehowa betumi ama wasan aba nkwa mu.

Yiw, Onyankopɔn betumi de obi aba nkwa mu bio. (Dwom 104:30) Hwɛ anidaso kɛse a eyi ma yenya!

Anidaso a Enni Huammɔ

Bible ka sɛ: “Dɔn no reba a wɔn a wɔwɔ [nkae, NW] ada mu nyinaa bɛte [Yesu] nne, na wɔafi adi.” (Yohane 5:28, 29) Yiw, Yesu Kristo hyɛɛ bɔ sɛ wobenyan wɔn a wɔwɔ Yehowa nkae mu nyinaa aba nkwa mu bio. Wɔn a wɔbɛba no bi bɛyɛ Yehowa asomfo a wɔfaa trenee kwan so no. Nanso, nnipa foforo ɔpepem pii a wɔawuwu wɔ hɔ a wɔanna no adi sɛ ebia wobedi Onyankopɔn trenee gyinapɛn ahorow so anaasɛ wɔrenni so. Ebia na wonnim Yehowa ahwehwɛde ahorow anaasɛ wɔannya bere pii a wɔde bɛyɛ nsakrae ahorow a ɛho hia. Saafo yi nso wɔ Onyankopɔn nkae mu na wobenyan wɔn, efisɛ Bible ka sɛ: “Owusɔre a wɔn a wɔteɛ ne wɔn a wɔnteɛ bɛsɔre no bɛba.”—Asomafo no Nnwuma 24:15.

Ɛnnɛ, nitan ne ntɔkwaw, basabasayɛ ne mogyahwiegu, efĩ ne yare ahyɛ asase so ma. Sɛ awufo bɛsan aba asase a ɛte saa so a, akyinnye biara nni ho sɛ anigye biara a wobenya bɛyɛ bere tiaa mu de. Nanso Ɔbɔadeɛ no ahyɛ bɔ sɛ ɔde mprempren wiase nhyehyɛe a ɛwɔ Satan Bonsam tumi ase no bɛba awiei nnansa yi ara. (Mmebusɛm 2:21, 22; Daniel 2:44; 1 Yohane 5:19) Saa bere no, adesamma abusua a ɛteɛ—“asase foforo”—no bɛbam anigye so.—2 Petro 3:13.

Saa bere no “ɔmanfo no mu bi renka sɛ: Magurow!” (Yesaia 33:24) Wobeyi awerɛhow a owu de ba mpo afi hɔ, efisɛ Onyankopɔn ‘bɛpopa wɔn aniwam nusu nyinaa. Na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne ɛyaw bi nni hɔ bio, efisɛ kan nneɛma no atwam.’ (Adiyisɛm 21:4) Anidaso bɛn na eyi yɛ ma wɔn a “wɔwɔ nkae ada mu” sɛɛ yi!

Sɛ Yehowa popa abɔnefo fi asase so a, ɔrensɛe treneefo nka abɔnefo ho. (Dwom 37:10, 11; 145:20) Nokwarem no, ‘nnipakuw kɛse a wofi aman ne mmusuakuw ne nkurɔfo ne ɔkasa nyinaa mu’ benya wɔn ti adidi mu wɔ “ahohia kɛse” a ɛbɛsɛe mprempren wiase bɔne no mu. (Adiyisɛm 7:9-14) Enti, nnipadɔm pii bɛwɔ hɔ a wɔbɛma awufo no akwaaba.

So w’ani gyina sɛ wubehu w’adɔfo bio? So wopɛ sɛ wotra ase daa wɔ Paradise wɔ asase so? Ɛnde ɛsɛ sɛ wunya Onyankopɔn apɛde ne n’atirimpɔw ahorow ho nokware nimdeɛ. (Yohane 17:3) Yehowa pɛ ne sɛ ‘wogye nnipa ahorow nyinaa nkwa na wɔba nokware nimdeɛ mu.’—1 Timoteo 2:3, 4.

[Mfonini wɔ kratafa 4]

“Woyɛ dɔte, na dɔte mu na wobɛsan akɔ”

[Mfonini wɔ kratafa 5]

Yebetumi de honhom atoto anyinam ahoɔden ho

[Mfonini wɔ kratafa 7]

Owusɔre de anigye a ɛtra hɔ daa bɛba