Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Dɛn Nti Na Wugye Nea Wugye Di Yi Di?

Dɛn Nti Na Wugye Nea Wugye Di Yi Di?

Dɛn Nti Na Wugye Nea Wugye Di Yi Di?

Wɔakyerɛ gyidi ase sɛ “biribi a wogye tom sɛ ɛyɛ nokware, edi mu, anaa ɛyɛ paa ara.” Amanaman Nkabom Hokwan a Nnipa Wɔ Ho Amansan Nyinaa Mpaemuka no bɔ onipa biara “nsusuwii, ahonim, ne ɔsom hokwan” a ɔwɔ ho ban. Nea ɛka hokwan yi ho ne ahofadi a onipa no wɔ sɛ sɛ ɔpɛ a, “obetumi asesa ne som anaa ne gyidi.”

NANSO dɛn nti na obi bɛpɛ sɛ ɔsesa ne som anaa ne gyidi? Nea afoforo taa ka ne sɛ: “Mewɔ me gyidi, na m’ani gye ho.” Nnipa pii gye di sɛ gyidi a ɛnteɛ mpo ntumi mpira ahe biara. Sɛ nhwɛso no, entumi mma sɛ obi a ogye di sɛ asase yɛ tratraa no bepira ne ho anaasɛ obi foforo. Ebinom ka sɛ: “Ɛsɛ sɛ yegye tom sɛ ɛsono nea obiara pɛ.” So nyansa wɔ ɛno mu bere nyinaa? Sɛ oduruyɛfo bi yɔnko dwumayɛni te nka sɛ obetumi asuso amu mu wɔ ɔdan a wɔkora amu wom mu na waba ayaresabea dan mu abɛhwɛ ayarefo a, so obegyae no ma wayɛ nea osusuw sɛ eye ma no no?

Sɛ ɛba nyamesom mu a, abakɔsɛm ma yehu sɛ gyidi a ɛnteɛ apira nkurɔfo kɛse. Susuw ahodwiriwde a ɛkɔɔ so bere a nyamesom akannifo “hyɛɛ Kristofo anuɔdenfo a wɔyɛ katee ma wodii atirimɔdensɛm” wɔ nea wɔfrɛ no Mmeamudua Ho Akodi Kronkron mu Wɔ Mfinimfini Mmere mu no ho hwɛ. Anaasɛ susuw ɛnnɛyi “Kristofo” akofo a wodii ako wɔ amanko bi mu nnansa yi ara, “te sɛ tete akofo a na wɔakurukyerɛw ahotefo din wɔ wɔn afoa nsomu ho, na wɔde Ɔbaabun Maria mfonini afomfam wɔn atubona ho” no ho hwɛ. Na anuɔdenfo a wɔyɛ katee yi nyinaa gye di sɛ nea wɔreyɛ no teɛ. Nanso wɔ nyamesom mu apereperedi ne akodi yi nyinaa mu no, na biribi atõtõ kɛse.

Dɛn nti na sakasakayɛ ne akodi abu so saa? Mmuae a Bible de ma ne sɛ Satan Ɔbonsam ‘redaadaa amanaman nyinaa.’ (Adiyisɛm 12:9; 2 Korintofo 4:4; 11:3) Ɔsomafo Paulo de kɔkɔbɔ mae sɛ nyamesomfo pii ‘bɛkɔ ɔsɛe mu’ efisɛ Satan a ɔyɛ “sɛnkyerɛnne ne ahodwiride” no bɛdaadaa wɔn. Paulo kae sɛ saafo no “bɛto wɔn adwenem wɔ nokware no ho dɔ a anka ebegye wɔn no ho” na wɔnam saayɛ so ‘adaadaa wɔn ma wɔagye atoro adi.’ (2 Tesalonikafo 2:9-12, The New Testament, a William Barclay yɛe) Ɔkwan bɛn so na wubetumi abrɛ atoro a wubegye adi ase? Nokwarem no, dɛn nti na wugye nea wugye di no di?

Wunyaa Wo Gyidi Fii Ntetee Mu?

Ebia w’abusua mu gyidi na wɔde tetee wo. Ɛno betumi ayɛ ade pa. Onyankopɔn pɛ sɛ awofo kyerɛkyerɛ wɔn mma. (Deuteronomium 6:4-9; 11:18-21) Sɛ nhwɛso no, aberante Timoteo nyaa tie a otiee ne maame ne ne nanabea no so mfaso kɛse. (2 Timoteo 1:5; 3:14, 15) Kyerɛwnsɛm no hyɛ awofo gyidi a yɛbɛkyerɛ obu ama ho nkuran. (Mmebusɛm 1:8; Efesofo 6:1) Nanso so nea wo Bɔfo no pɛ ne sɛ wubegye nneɛma adi esiane sɛ w’awofo gye di ara kwa nti? Nokwarem no, nea awo ntoatoaso a atwam no gye dii na wɔyɛe a yensusuw ho ansa na yɛadi akyi no betumi ayɛ asiane.—Dwom 78:8; Amos 2:4.

Wɔtetee Samariani bea a ohyiaa Yesu Kristo no ma onyaa Samariafo som a na ɔwom no mu gyidi. (Yohane 4:20) Yesu ammu hokwan a ɔwɔ sɛ ɔpaw nea ɛsɛ sɛ ogye di no animtiaa, na mmom ɔka kyerɛɛ no nso sɛ: “Mosɔre nea munnim.” Nokwarem no, na ne som mu gyidi no pii nteɛ, na Yesu ka kyerɛɛ no sɛ sɛ ɔpɛ sɛ ɔsom Onyankopɔn ɔkwan a ɛsɔ n’ani so—“honhom ne nokware mu”—a, ɛsɛ sɛ ɔsakra ne gyidi. Enti sɛ anka ɔbea no bekura gyidi a akyinnye biara nni ho sɛ na n’ani gye ho mu no, na ɛsɛ sɛ bere kɔ so no, ɔne afoforo a wɔte sɛ ɔno ara no ‘brɛ wɔn ho ase ma gyidi’ a wɔnam Yesu Kristo so yii no adi no.—Yohane 4:21-24, 39-41; Asomafo no Nnwuma 6:7.

Wɔkyerɛkyerɛɛ Wo na Ɛma Wugye Dii?

Ɛfata sɛ yɛde nidi kɛse ma akyerɛkyerɛfo ne mpanyimfo a wɔn ho akokwaw wɔ nneɛma pii mu no. Nanso yɛwɔ akyerɛkyerɛfo a wogyee din pii ho nhwɛso wɔ abakɔsɛm mu a wodii mfomso ankasa. Sɛ nhwɛso no, ɛdefa nhoma abien a ɛka nyansahu ho asɛm a Hela nyansapɛfo Aristotle kyerɛwee ho no, abakɔsɛm kyerɛwfo Bertrand Russell kae sɛ, “asɛm biara nni abien no mu biara mu a wobegye atom wɔ nnɛyi nyansahu mu.” Ɛnnɛyi akyerɛwfo mpo taa ka nsɛm a ɛyɛ mfomso koraa. Britaniani nyansahufo Lord Kelvin de ahotoso kae wɔ 1895 mu sɛ, “wontumi nyɛ mfiri a emu yɛ duru sen mframa a ebetumi atu.” Enti obi a onim nyansa remmu n’ani ngu nokwasɛm so nka sɛ esiane sɛ ɔkyerɛkyerɛfo bi a wogye no tom ka sɛ biribi yɛ nokware nti ɛsɛ sɛ ogye di.—Dwom 146:3.

Sɛ ɛba ɔsom mu nkyerɛkyerɛ nso so a, ahwɛyiye a ɛte saa ara ho hia. Ɔsomafo Paulo nyamesom mu akyerɛkyerɛfo no kyerɛɛ no ade yiye, ma ‘ɔyɛɛ nsi wɔ n’agyanom atetesɛm mu.’ Nanso n’agyanom som mu nsi a ɔyɛe no maa ohyiaa nsɛnnennen ankasa. Ɛno na ɛma ‘ɔtaa Onyankopɔn asafo no sɛee wɔn.’ (Galatifo 1:13, 14; Yohane 16:2, 3) Nea enye koraa no, Paulo kɔɔ so ‘too ɔkafo poma ano anankoti’ bere tenteenten, na ɛmaa ɔsɔre tiaa nneɛma a anka ɛbɛma wagye Yesu Kristo adi no. Yesu ankasa na ɔde ne ho gyee nsɛm mu anwonwakwan so ansa na Paulo resakra ne gyidi.—Asomafo no Nnwuma 9:1-6; 26:14.

Nsɛm Ho Amanneɛbɔfo na Wonyaa Wo So Nkɛntɛnso?

Ebetumi aba sɛ nsɛm ho amanneɛbɔfo anya wo gyidi so nkɛntɛnso kɛse. Ɛyɛ nnipa pii anigye sɛ nsɛm ho amanneɛbɔfo wɔ ahofadi a wɔde kasa, na ɛma wotumi nya nsɛm a ɛso betumi aba wɔn mfaso. Nanso, nneɛma bi a emu yɛ den wɔ hɔ a ebetumi akɛntɛn nsɛm ho amanneɛbɔfo so. Mpɛn pii no, nea wɔde to gua no yɛ nsɛm a ebetumi asɛe wo nsusuwii wɔ ɔkwan a ɛmfata so.

Afei nso nea ɛbɛyɛ na wɔanya nnipa pii ma wɔakenkan wɔn nsɛm no, nsɛm ho amanneɛbɔfo de nsɛm a ɛkanyan adwene na ɛmfa kwan mu na ɛto gua. Nneɛma a anka wontumi ntintim mma baguam mfe kakraa bi a abɛsen kɔ mu no abɛyɛ nea wommu no hwee nnɛ. Wɔde nkakrankakra ama asɛe abrabɔ pa ho gyinapɛn ahorow koraa. Ɛde nkakrankakra resɛe nkurɔfo nsusuwii. Ɛma wofi ase frɛ “bɔne sɛ papa, ne papa sɛ bɔne.”—Yesaia 5:20; 1 Korintofo 6:9, 10.

Gyidi Ho Nnyinaso Pa a Yɛbɛhwehwɛ

Nnipa nyansapɛ a yebegyina so asusuw nneɛma ho no te sɛ nea yɛresi dan wɔ anhwea so. (Mateo 7:26; 1 Korintofo 1:19, 20) Ɛnde dɛn na wubetumi afi ahotoso mu de wo gyidi agyina so? Esiane sɛ Onyankopɔn ama wo adwene a wubetumi de ahwehwɛ nneɛma a atwa wo ho ahyia mu na woabisa wo honhom fam nneɛma ho nsɛm nti no, so ntease nnim sɛ ɔbɛsan ama wo akwan a wobɛfa so anya wo nsɛmmisa ho mmuae a ɛteɛ? (1 Yohane 5:20) Yiw, akyinnye biara nni ho sɛ ɔbɛyɛ saa! Nanso wobɛyɛ dɛn ahu ɔsom mu nsɛm a ɛyɛ nokware, edi mũ, anaa ɛyɛ paa ara? Yentumi ntwentwɛn yɛn nan ase sɛ yɛbɛka sɛ Onyankopɔn Asɛm, Bible no nkutoo na yebetumi agyina so ayɛ eyi.—Yohane 17:17; 2 Timoteo 3:16, 17.

Nanso ebia obi bɛka sɛ: “Montwɛn. So ɛnyɛ wɔn a wokura Bible yi ara na wɔama akodi ne basabasayɛ pii aba wiase no?” Wiɛ, ɛyɛ nokware sɛ nyamesom akannifo a wɔkyerɛ sɛ wodi Bible akyi no na ɛde nsusuwii a ntease nnim a ɛbɔ abira no aba. Nokwarem no, eyi te saa efisɛ wɔmfaa wɔn gyidi no nnyinaa Bible no so. Ɔsomafo Petro ka wɔn ho asɛm sɛ wɔyɛ “atoro adiyifo” ne “atoro akyerɛkyerɛfo” a wɔde “ɔsɛe fekusɛm bɛba.” Petro ka sɛ, nea ebefi wɔn nnwuma no mu aba ne sɛ “wɔbɛka nokware kwan no ho nsɛmmɔne.” (2 Petro 2:1, 2) Petro kɔɔ so kyerɛwee sɛ: “Yɛwɔ nkɔmhyɛ asɛm a wɔama atim yiye koraa no; na moreyɛ yiye sɛ mohwɛ no yiye sɛ ɔkanea a ɛharan baabi a ɛyɛ sum.”—2 Petro 1:19; Dwom 119:105, NW.

Bible hyɛ yɛn nkuran sɛ yɛmfa nea yegye di no ntoto nea ɛkyerɛkyerɛ no ho nhwehwɛ mu. (1 Yohane 4:1) Nnipa ɔpepem pii a wɔkenkan nsɛmma nhoma yi betumi adi adanse sɛ saa a wɔayɛ no ama wɔanya atirimpɔw ne asomdwoe wɔ wɔn asetra mu. Enti yɛ sɛ Beroiafo a na wɔwɔ adwempa no. ‘Hwehwɛ Kyerɛwnsɛm no mu yiye daa’ ansa na woasi nea ɛsɛ sɛ wugye di ho gyinae. (Asomafo no Nnwuma 17:11) Yehowa Adansefo ani begye sɛ wɔbɛboa wo ma woayɛ eyi. Nanso, wo na ɛsɛ sɛ wusi nea wopɛ sɛ wugye di ho gyinae. Nanso ɛyɛ nea nyansa wom sɛ wobɛhwɛ ahu sɛ ɛnyɛ nnipa nyansa ne nea wɔpɛ na ɛbɛkyerɛ nea wubegye adi kwan, na mmom ɛdenam Onyankopɔn Asɛm a ɛyɛ nokware a wɔada no adi no so.—1 Tesalonikafo 2:13; 5:21.

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 6]

Wubetumi afi ahotoso mu de wo gyidi agyina Bible no so