Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Gyidi Hokwan A Wowɔ

Gyidi Hokwan A Wowɔ

Gyidi Hokwan A Wowɔ

Akyinnye biara nni ho sɛ w’ani sɔ hokwan a wowɔ sɛ wugye biribiara a wopɛ sɛ wugye di di no. Saa ara na ɛkame ayɛ sɛ obiara pɛ. Ɛdenam hokwan yi a asase so nnipa ɔpepepem asia de adi dwuma nti no, ama gyidi ahorow pii aba ma ɛyɛ nwonwa. Te sɛ abɔde mu nneɛma a egu ahorow wɔ kɔla, su, yɛbea, dɛ, hua, ne nnyigyei mu no, gyidi a egu ahorow taa ma asetra yɛ anika, ne anigye. Nokwarem no, nneɛma a egu ahorow saa no ka ho bi na asetra yɛ dɛ.—Dwom 104:24.

NANSO ahwɛyiye ho hia. Gyidi ahorow bi wɔ hɔ a, ɛnyɛ soronko nko na ɛyɛ, na mmom ɛyɛ hu nso. Sɛ nhwɛso no, wɔ afeha a ɛto so 20 mu no, nnipa binom begye dii sɛ Yudafo ne Lɔɔgyefo abɔ wɔn tirim sɛ “wɔbɛsɛe Kristofo anibue na wɔaka wiase nyinaa ahyɛ wɔn nniso a wɔaka abom ase.” Mmeae a saa gyidi yi fi biako ne kratawa bi a wɔkyerɛw tiaa Yudafo a wɔato din Protocols of the Learned Elders of Zion no. Ná kratawa no kyerɛ sɛ wɔn tirimbɔ no bi ne sɛ wɔbɛma wɔagye tow akɛse, wɔbɛma wɔayɛ akode pii, wɔbɛma wɔafi faako ahwɛ nnwuma nyinaa so sɛnea ɛbɛyɛ a ‘wobetumi agu amanaman mufo nnwuma mpofirim.’ Nsɛm no bi nso ne sɛ wɔbɛkyerɛ baabi a ɛsɛ sɛ wosua nhoma kodu sɛnea ɛbɛyɛ a ‘wɔbɛdan Amanaman mufo no nkwaseafo,’ na mpo wɔayɛ keteke akwan wɔ asase ase na aka nkuropɔn abom na ama Yudafo mpanyimfo no atumi ‘asiw asɔretiafo nyinaa kwan denam yi a wobeyi wɔn afi hɔ so.’

Nanso, nokwarem no, na eyinom yɛ atoro—a atirimpɔw a ɛwɔ akyi ara ne sɛ wɔde bɛkanyan Yudafo ho tan. Mark Jones a ɔwɔ British Museum no ka sɛ: ‘Saa anansesɛm a ɛmfa kwan mu yi fi Russia na ɛtrɛw kɔɔ amannɔne,’ baabi a edii kan puei wɔ atesɛm krataa bi mu wɔ 1903 mu no. Epuei wɔ The Times a ɛwɔ London no mu wɔ May 8, 1920. Bɛboro afe akyi no, The Times no kae sɛ asɛm no yɛ nnaadaa. Nanso na nneɛma anya asɛe awie. Jones ka sɛ: “Ɛyɛ den sɛ wobesiw atorodi a ɛtete sɛɛ ano.” Sɛ nkurɔfo nya gye tom a, ɛma wonya gyidi a ɛyɛ hu, edi awu na ɛhyɛ nitan ho nkuran—na mpɛn pii no ɛsɛe nneɛma pii sɛnea afeha a ɛto so 20 no ama ada adi no.—Mmebusɛm 6:16-19.

Gyidi ne Nokware

Ɛwom, ɛnyɛ atoro a wɔhyɛ da di no na ɛma wonya gyidi a ɛnteɛ. Ɛtɔ mmere bi a, nneɛma bi na yɛnte ase kɛkɛ. Nnipa dodow ahe na wɔahyia ɔpatuwu bere a wɔreyɛ biribi a na wosusuw sɛ ɛteɛ no? Afei nso, yɛtaa gye biribi di esiane sɛ yɛpɛ sɛ yegye di nti. Ɔbenfo bi ka sɛ nyansahufo mpo “ani taa gye wɔn ankasa nsusuwii ho.” Wɔn gyidi mma wɔmfa adwempa nsusuw nneɛma ho yiye. Na wobetumi de wɔn nkwa nna nyinaa abɔ wɔn ho mmɔden sɛ wobegyina gyidi bi a ɛnteɛ akyi.—Yeremia 17:9.

Nsɛm a ɛtete saa ara asisi wɔ nyamesom mu gyidi ahorow mu—faako a nneɛma pii bɔ abira no. (1 Timoteo 4:1; 2 Timoteo 4:3, 4) Obi wɔ Onyankopɔn mu gyidi a ɛyɛ den. Na ɔfoforo nso bɛka sɛ saa nipa no ‘nni adanse a ɔde begyina Onyankopɔn mu gyidi a ɔwɔ no akyi.’ Obi gye di sɛ wowɔ ɔkra a enwu da a ɛtra ase wɔ owu akyi. Ɔfoforo nso gye di sɛ sɛ wuwu a, wunni nkwa mu bio, woyera koraa. Ɛda adi pefee sɛ gyidi ahorow a enhyia te sɛ eyinom nyinaa ntumi nyɛ nokware. Ɛnde so ɛnyɛ nea nyansa wom sɛ wobɛhwɛ ahu sɛ nea wugye di no yɛ nokware ankasa na ɛnyɛ sɛ wopɛ sɛ wugye di ara kwa? (Mmebusɛm 1:5) Ɔkwan bɛn so na wobɛfa ayɛ saa? Asɛm a edi hɔ no bɛhwehwɛ ɔsɛmpɔw yi mu.

[Mfonini wɔ kratafa 3]

1921 asɛm a ɛreda “Protocols of the Learned Elders of Zion” no adi