Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ma Suban Nni Mmoa Wo

Ma Suban Nni Mmoa Wo

Ma Suban Nni Mmoa Wo

NÁ ƆBARIMA no atra Athens borɔn bi so mfirihyia 12. Ɔkwan koro na na ɔfa so fi adwumam kɔ fie da biara. Afei otu kɔɔ kurow no borɔn foforo so. Da koro a ɔpɔn adwuma no, osiim sɛ ɔrekɔ fie. Bere a oduu faako a na ɔte kan no ansa na ɔrehu sɛ wafom kwan. Ɔnam ade a na abɛyɛ ne su so na ɛsan kɔɔ baabi a na ɔte kan no!

Ɛnyɛ nwonwa sɛ wɔtaa frɛ ade a abɛyɛ yɛn su sɛ nneyɛe a ne yɛ aka yɛn hɔ, biribi a enya yɛn asetra so nkɛntɛnso kɛse wɔ akwan pii so. Saa kwan yi so no, yebetumi de suban atoto ogya ho. Ogya betumi ama hann wɔ sum mu, ebetumi ama yɛn ho ayɛ yɛn hyew, na yebetumi de aka yɛn aduan hyew. Nanso ogya betumi ayɛ ɔtamfo tirimmɔdenfo a ɔsɛe ade na okum nnipa nso. Saa ara nso na suban te. Sɛ yɛhwɛ no yiye a, yenya so mfaso kɛse. Na ebetumi asɛe ade nso.

Wɔ ɔbarima a yɛkaa ne ho asɛm mfiase no fam no, suban a aka ne hɔ no na ɛma ɔkɔhyɛɛ kar nkyereso mu no. Sɛ ɛba nneɛma a ɛho hia kɛse so a, suban betumi ama yɛadi yiye anaasɛ ɛde yɛn akɔ amanehunu mu. Susuw Bible mu suahu ahorow a ɛkyerɛ sɛnea suban betumi aboa yɛn anaasɛ asiw yɛn kwan wɔ ɔsom a yɛde ma Onyankopɔn ne yɛne ne ntam abusuabɔ mu no kakraa bi ho hwɛ.

Suban a Eye ne Nea Enye Ho Nhwɛso a Ɛwɔ Bible Mu

Noa, Hiob, ne Daniel nyinaa ne Onyankopɔn nyaa abusuabɔ pa. Bible gyina “wɔn trenee” so kamfo wɔn. (Hesekiel 14:14) Nea ehia titiriw no, mmarima baasa no nyinaa abrabɔ kyerɛe sɛ wɔdaa suban pa adi.

Wɔka kyerɛɛ Noa sɛ ɔmpam adaka, ahyɛmma a ɛso sen agoprama a wɔbɔ so bɔɔl, a ne tenten bɛboro abansoro a ɛtoa so anum. Na adwuma kɛse a ɛte saa no bɛboro obiara a tete no na ɔpam po so hyɛn no ahoɔden so. Noa ne n’abusuafo baason no pam adaka no a na wonni adwinnade a wɔde yɛ adwuma nnɛ no mu biara. Bio nso, Noa kɔɔ so kaa asɛm kyerɛɛ ne bere sofo no. Yebetumi agye adi sɛ na ɔde n’abusua no honhom fam ne honam fam ahiade nso ma wɔn. (2 Petro 2:5) Nea ɛbɛma Noa atumi ayɛ eyi nyinaa no, na ɛsɛ sɛ onya adwumayɛ ho su pa. Afei nso, wɔyɛɛ Noa ho kyerɛwtohɔ wɔ Bible abakɔsɛm mu sɛ obi a ɔne “Onyankopɔn na ɛnantewee. . . . Noa yɛɛ sa; sɛnea [Yehowa, NW] hyɛɛ no nyinaa.” (Genesis 6:9, 22; 7:5) Esiane sɛ wɔkaa ne ho asɛm sɛ onipa a ‘na asɛm nni ne ho’ wɔ Bible mu nti, akyinnye biara nni ho sɛ ɔkɔɔ so ne Onyankopɔn nantewee wɔ Nsuyiri no akyi, ne bere mpo a wɔtew Yehowa so atua wɔ Babel akyiri yi no. Nokwarem no, Noa kɔɔ so ne Onyankopɔn nantewee kosii sɛ owui a na wadi mfe 950.—Genesis 9:29.

Hiob suban pa boaa no ma ɔyɛɛ ɔbarima a ‘odi mu na ɔteɛ.’ (Hiob 1:1, 8; 2:3) Ɔde yɛɛ ne su, anaa amanne sɛ ɔbɛyɛ abusua sɔfo, na bere a ne mma no mu biara awie n’apontow no, wabɔ ɔhyew afɔre ama wɔn sɛ ebia na ‘wɔayɛ bɔne na wɔadome Onyankopɔn wɔn koma mu. Saa na Hiob yɛ daa.’ (Hiob 1:5) Akyinnye biara nni ho sɛ amanne a na egyina Yehowa som so no yɛɛ ade titiriw wɔ Hiob abusua mu.

Daniel ‘kɔɔ so’ som Yehowa ne nkwa nna tenten no nyinaa mu. (Daniel 6:16, 20) Honhom fam su pa bɛn na na Daniel wɔ? Ade biako ne sɛ, ɔbɔɔ Yehowa mpae daa. Ɛmfa ho sɛ ɔhene hyɛɛ mmara a na etia adeyɛ yi no, ‘na Daniel kotow ne nankoroma anim da koro mprɛnsa, na ɔbɔ mpae da ne Nyankopɔn ase, sɛnea ɔyɛ no daa no.’ (Daniel 6:10) Wantumi annyae su a ɛne sɛ ɔbɛbɔ ne Nyankopɔn mpae no, ɛmfa ho sɛ na ɛde ne nkwa bɛto asiane mu mpo no. Akyinnye biara nni ho sɛ Daniel suban yi hyɛɛ no den wɔ asetra kwan a ɔdaa mudi mu kura soronko ma Nyankopɔn adi wom no mu. Ɛda adi sɛ na Daniel wɔ adesua ne Onyankopɔn bɔhyɛ ahorow a wodwennwen ho kɔ akyiri nso ho su pa. (Yeremia 25:11, 12; Daniel 9:2) Ɛda adi sɛ suban pa a ɛte sɛɛ yi boaa no ma ogyinaa ne mudi mu koduu awiei, na ofi nokwaredi mu tuu nkwa mmirika no kosii awiei pɛɛ.

Nea ɛne eyi bɔ abira no, esiane subammɔne nti, Dina huu amane. Na ‘ɔtaa fi adi kɔ asase no so mmea’ a wɔnsom Yehowa no nkyɛn. (Genesis 34:1) Suban a na ɛte sɛ nea asɛm biara nni ho yi kowiee asiane mu. Nea edi kan no, aberante bi a wɔfrɛ no Sekem a na “ɔwɔ anuonyam sen n’agya fifo nyinaa” no too no mmonnaa. Afei, ne nuanom mmarima baanu aweredi no maa wokunkum kurow no mu mmarima nyinaa. Asɛm bɔne bɛn ara na efii mu baa sɛɛ yi!—Genesis 34:19, 25-29.

Yɛbɛyɛ dɛn atumi ahu sɛ yɛn suban so bɛba yɛn mfaso, na ɛrempira yɛn?

Suban a Yɛde Bedi Dwuma

Nyansapɛfo bi kae sɛ “suban yɛ ade a yentumi nyɛ ho hwee.” Nanso ɛnsɛ sɛ ɛba saa. Bible ma emu da hɔ pefee sɛ yebetumi apaw sɛ yɛbɛsakra yɛn subammɔne na yɛada suban pa adi.

Sɛ yɛda suban pa adi a, yehu mfaso pa a ɛwɔ Kristofo asetra kwan so no, na ɛma ɛyɛ mmerɛw sɛ yebedi so. Alex, Kristoni bi a ofi Greece ka sɛ: “Nhyehyɛe a meyɛ sɛ megyina so ayɛ nnwuma bi a midi so no mma mensɛe bere pii.” Theophilus a ɔyɛ Kristoni panyin no ka nhyehyɛe a wɔyɛ ho asɛm sɛ suban a ɛboa no ma otumi di n’asɛyɛde ho dwuma yiye. Ɔka sɛ: “Migye di paa sɛ sɛ manyɛ nhyehyɛe pa a, mintumi nni me Kristofo asɛyɛde ahorow ho dwuma yiye.”

Sɛ Kristofo no, wotu yɛn fo sɛ “yɛnkɔ so wɔ nhyehyɛe koro no ara mu.” (Filipifo 3:16, NW) Nea nhyehyɛe kyerɛ ne sɛ ‘wɔbɛyɛ adwuma pɔtee bi bere nyinaa.’ Suban pa a ɛte saa no boa yɛn efisɛ ɛho nhia sɛ yɛsɛe bere susuw ɔkwan biara a yɛfa so yɛ ade ho—yɛnam yɛn suban so ayɛ nhyehyɛe a yedi akyi dedaw. Suban a agye ntini tumi dan biribi a yɛyɛ a ɛkame ayɛ sɛ yensusuw ho. Sɛnea karka ho su pa a ofirikafo wɔ no betumi ama wayɛ biribi mpofirim de asi gyinae a egye nkwa bere a ohyia asiane wɔ kwan so no, suban pa betumi ama yɛasi gyinae pa mpofirim bere a yɛbɔ yɛn bra sɛ Kristofo no.

Engiresi kyerɛwfo Jeremy Taylor kaa no sɛɛ: “Suban yɛ adwumayɛ so aba.” Sɛ yɛn suban ye a, yebetumi ayɛ nneɛma pa a yɛremmrɛ koraa. Sɛ nhwɛso no, sɛ́ Kristofo asomfo no, sɛ yɛwɔ su a ɛma yɛde yɛn ho hyɛ asɛnka adwuma mu daa a, ɛyɛ mmerɛw na ɛyɛ anigye kɛse koraa sɛ yɛbɛkɔ asɛnka. Ɛdefa asomafo no ho no, yɛkenkan sɛ ‘wɔannyae Yesu Kristo ho asɛmpa no ka ne kyerɛkyerɛ asɔrefi ne afi mu da biara.’ (Asomafo no Nnwuma 5:42; 17:2) Nea ɛne eyi bɔ abira no, sɛ yɛntaa nkɔ asɛnka a, yɛn ho betumi ayeraw yɛn, na yebehia bere pii a yɛde besiesie yɛn ho ansa na yɛanya ahotoso wɔ Kristofo adwuma a ɛho hia yi yɛ mu.

Saa ara nso na ɛte wɔ yɛn Kristofo nnwuma foforo a aka no mu. Suban pa betumi aboa yɛn ma ‘yɛakenkan Onyankopɔn Asɛm daa.’ (Yosua 1:8; Dwom 1:2) Kristoni bi su ne sɛ ɔbɛkenkan Bible no simma 20 kosi 30 ansa na wada anadwo. Ohu sɛ mpo sɛ wabrɛ paa na sɛ wankenkan a, ontumi nna. Gye sɛ ɔsɔre di saa honhom fam ahiade no ho dwuma. Saa suban pa yi aboa no ma wakenkan Bible mũ no nyinaa mfe pii.

Na ɛyɛ yɛn nhwɛsofo Yesu Kristo su sɛ ɔbɛkɔ nhyiam ahorow a na wosusuw Bible ho wɔ hɔ ase. “Na homeda, sɛnea ɔyɛ daa no, ɔkɔɔ hyiadan mu, na ɔsɔre gyinae sɛ ɔrebɛkenkan.” (Luka 4:16) Wɔ Joe a n’abusua so, ɔyɛ asafo mu panyin, na ɔsan de nnɔnhwerew pii yɛ adwuma no fam no, suban aboa no ma ɔde nhyiam a ɔbɛkɔ daa no ayɛ n’ahiade. Ɔka sɛ: “Saa su yi na ekura me, na ɛma minya honhom fam ahoɔden a ehia a metumi de adi nsɛnnennen ne ɔhaw ahorow ho dwuma yiye.”—Hebrifo 10:24, 25.

Yentumi mmu yɛn ani ngu suban ahorow a ɛte saa no so wɔ Kristofo nkwa mmirikatu no mu. Amanneɛbɔ bi a efi ɔman bi a wɔataa Yehowa nkurɔfo mu kae sɛ: “Ɛnyɛ den mma wɔn a wɔwɔ honhom fam su pa ne nokware no ho anisɔ a ɛkɔ akyiri no sɛ wobegyina pintinn bere a sɔhwɛ aba no, nanso wɔn a wɔtoto nhyiamkɔ mu wɔ ‘bere a eye mu,’ wɔntaa nkɔ asɛnka, na wogyae nsɛm mu siesie wɔ nsɛm nketenkete mu no taa hwe ase bere a wohyia sɔhwɛ ‘akɛse’ no.”—2 Timoteo 4:2.

Kwati Subammɔne, na Fa Nea Eye no Di Dwuma

Wɔaka sɛ ‘ɛsɛ sɛ onipa paw su a ɔpɛ sɛ edi no so nkutoo.’ Nokwarem no, subammɔne yɛ owura tirimmɔdenfo. Nanso yebetumi agyae.

Ná Stella yɛ obi a TV hwɛ aka no hɔ. Ɔka sɛ: “Bere nyinaa biribi a ‘mimmu no aniberesɛm’ na ɛma meda subammɔne adi.” Na eyi te saa wɔ TV a na ɔhwɛ tra so no mu. Ɔka ne tirim sɛ “ɔrehwɛ de agye n’ahome kɛkɛ” anaasɛ ɔpɛ sɛ “ɔde sakra nneɛma mu.” Nanso ne suban no gyee nsam, na ɛmaa ɔde nnɔnhwerew pii traa television anim. Ɔka sɛ: “Anyɛ yiye koraa no, subammɔne yi twentwɛnee me honhom fam nkɔso ase.” Ɛdenam ne bo a osii so no, awiei koraa no, ɔtew bere a ɔde hwɛ TV no so, na ɔyɛɛ nyiyim wɔ ne hwɛ mu. Stella ka sɛ: “Bere nyinaa na mebɔ mmɔden sɛ mesusuw nea enti a na mepɛ sɛ migyae saa su yi ho, na mede me ho too Yehowa so sɛnea ɛbɛyɛ a metumi adi me tirimbɔ no so.”

Kristoni bi a wɔfrɛ no Charalambos twee adwene sii subammɔne bi a na esiw ne honhom fam nkɔso kwan so—mmɔtohɔ. “Bere a mihui sɛ mmɔtohɔ nye no, mifii ase sɛ mɛsakra m’asetra. Sɛ mede botae ahorow resisi m’anim a, na meyɛ bere a mefi ase ayɛ ho adwuma ne ɔkwan a mɛfa so ayɛ ho nhyehyɛe pɔtee. Me gyinaesi ne me nhyehyɛe ahorow a midii akyi daa no na esiesiee tebea no, na akɔ so ayɛ me su a eye de besi nnɛ.” Nokwarem no, suban pa na eye sɛ yɛde si subammɔne ananmu sen biara.

Yɛn fekubɔ nso betumi ama yɛanya suban pa anaa subammɔne. Suban pa tumi san sɛnea subammɔne te no ara pɛ. Sɛnea ‘fekubɔne sɛe ɔbra pa’ no, saa ara na fekupa betumi ama yɛanya suban pa ho nhwɛso asuasua. (1 Korintofo 15:33) Nea ehia sen biara no, suban betumi ahyɛ yɛne Onyankopɔn ntam abusuabɔ mu den anaasɛ asɛe no. Stella ka sɛ: “Sɛ yɛn suban ye a, ɛma mmɔden a yɛbɔ sɛ yɛbɛsom Yehowa no yɛ mmerɛw. Sɛ enye a, ɛsɛe yɛn mmɔdenbɔ.”

Nya suban pa, na ma ɛnkyerɛ wo kwan. Ɛbɛyɛ tumi a etu mpɔn na mfaso wɔ so wɔ w’asetra mu.

[Mfonini wɔ kratafa 19]

Te sɛ ogya no, suban betumi aboa yɛn anaa asɛe yɛn

[Mfonini wɔ kratafa 21]

Na ɛyɛ Yesu su sɛ ɔbɛkɔ hyiadan mu Homeda akɔkenkan Onyankopɔn Asɛm

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 22]

Honhom fam su pa hyɛ yɛne Onyankopɔn ntam abusuabɔ mu den