Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

M’ani Sɔ Nneɛma A Ɛsom Bo A Mekae No!

M’ani Sɔ Nneɛma A Ɛsom Bo A Mekae No!

Asetram Nsɛm

M’ani Sɔ Nneɛma A Ɛsom Bo A Mekae No!

SƐNEA DRUSILLA CAINE KA KYERƐE

Ná afe no yɛ 1933, na na mewaree Zanoah Caine a ɔno nso yɛ ɔkwampaefo—bere nyinaa somfo—te sɛ me no nkyɛe. Bere a na m’ani agye no, meyɛɛ m’adwene sɛ mɛkɔ akɔka me kunu ho wɔ ne dwumadi mu, nanso ansa na mɛyɛ saa no, na mihia sakre—biribi a na ɛyɛ ade kɛse ma me a mantumi antɔ esiane sɛ na nneɛma mu yɛ den wɔ ahokyere mmere no mu nti. Dɛn na na metumi ayɛ?

BERE a me kunu nuabarimanom tee m’asɛm no, wɔkɔɔ sumina so bɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛhwehwɛ sakre ho nneɛma dedaw de ayɛ bi ama me. Wotumi yɛ ma ɛyɛɛ yiye! Bere a misuaa sɛnea wɔtra so ara pɛ, me ne Zanoah sii mu de anigye kaa yɛn sakre no faa Engiresi amantam Worcester ne Hereford mu, dii obiara a yehyiaa no adanse.

Mansusuw da sɛ gyidi kakra a medaa no adi yi bɛma mahyia nneɛma a ɛsom bo a mɛkae wɔ m’asetra mu no saa. Nanso, na m’awofo a wɔdɔ me no ato me honhom fam asetra fapem ama me.

Ɔko Kɛse no mu Mfe a na Emu Yɛ Den

Wɔwoo me wɔ December 1909 mu. Ɛno akyi no, ankyɛ na me maame nsa kaa The Divine Plan of the Ages nhoma no biako, na wɔ 1914 mu no, m’awofo de me kɔhwɛɛ “Photo-Drama of Creation,” no bi wɔ Oldham, Lancashire. (Wɔn a wɔfrɛ wɔn Yehowa Adansefo nnɛ no na wɔyɛɛ ne nyinaa.) Ɛmfa ho sɛnea na meyɛ abofra saa bere no, meda so ara kae sɛnea mede anigye huruhuruw kɔɔ fie wɔ nea mihui no ho no yiye! Ɛno akyi no, Frank Heeley fii Bible adesua kuw bi ase wɔ baabi a na yɛte wɔ Rochdale no. Adesua yi ase a yɛkɔe no boaa yɛn sɛ abusua ma yenyaa Kyerɛwnsɛm no mu ntease pii.

Ɔko Kɛse—Wiase Ko I, sɛnea yɛfrɛ no nnɛ—a ɛpae gui saa afe no ara no sɛee asomdwoe a na ɛwɔ yɛn asetra mu no. Wɔfaa me papa kɔɔ sraadi, nanso wannyina afã biara. Sɛnea ɛhɔnom atesɛm nkrataa amanneɛbɔ kyerɛ no, wɔkaa ne ho asɛm wɔ asɛnnibea sɛ “ɔbarima a odi ne ho ni,” na “nnipa a wobu wɔn kyerɛw ne ho nkrataa de kyerɛe sɛ wogye di sɛ ka a ɔka sɛ ɔrenni ako no yɛ nokware.”

Nanso sɛ anka wobeyi no afi sraadi mu koraa no, wɔkyerɛw me papa din sɛ obi a “Ɔrenkɔ Akonno.” Ntɛm ara na wodii ne ho fɛw, sɛnea wɔyɛɛ me ne me maame nyinaa no. Awiei koraa no, wɔsan hwehwɛɛ ne tebea no mu, na wɔma ɔkɔyɛɛ kuadwuma, nanso akuafo no bi faa saa hokwan no de sisii no maa no akatua ketewaa bi anaasɛ wɔamma no hwee koraa. Nea ɛbɛyɛ na me maame ahwɛ abusua no, ɔyɛɛ adwuma a ɛyɛ den—gyee akatua ketewaa bi—denam nkurɔfo fie nneɛma a na ɔhoro ma wɔn no so. Nanso, ɛnnɛ mihu sɛnea tebea horow a ɛyɛ den a mefaa mu me mmofraase no ahyɛ me den; ɛboaa me ma mekyerɛɛ honhom fam nneɛma a ɛho hia kɛse ho anisɔ.

Mfiase Ketewaa

Ankyɛ na Bible suani a na ɔyɛ nnam, Daniel Hughes bɛkaa yɛn ho. Ná ɔyɛ nkorontufo (otu biriw) wɔ Ruabon, akuraa bi a sɛ wufi baabi a na watu akɔtra wɔ Oswestry kɔ hɔ a, ɛyɛ kilomita 20. Wɔfa Dan, sɛnea na mefrɛ no no, ne yɛn abusua no bɔe, na bere biara a ɔbɛba yɛn nkyɛn no, na ne nkɔmmɔbɔ gyina Kyerɛwnsɛm so. Ɔne yɛn anni nseku da. Wɔfa Dan fii Bible adesua kuw bi ase wɔ Oswestry wɔ 1920 mu, na ɔmaa me The Harp of God nhoma no biako wɔ 1921 mu. M’ani gyee ho, efisɛ ɛmaa ɛyɛɛ mmerɛw maa me sɛ mɛte Bible nkyerɛkyerɛ ase.

Afei nso, Pryce Hughes, * a akyiri yi ɔbɛyɛɛ Yehowa Adansefo baa dwumadibea a ɛwɔ London no sohwɛfo bae. Na ɔne n’abusua te Bronygarth a ɛbɛn yɛn wɔ Welshfo hye so no, na ne nuabea Cissie bɛyɛɛ me maame adamfo paa.

Mekae anigye a ɛbae wɔ 1922 mu bere a wɔde too gua sɛ ‘yɛmmɔ Ɔhene no ne n’ahenni ho dawuru no.’ Ɛwom sɛ na meda so ara wɔ sukuu mu de, nanso mede anigye kyekyɛɛ nkratawa atitiriw wɔ mfe a edii hɔ no mu, ne titiriw Ecclesiastics Indicted no wɔ 1924 mu. Sɛ mehwɛ m’akyi wɔ saa mfe no mu a, hwɛ hokwan ara a minyae sɛ me ne anuanom mmarima ne mmea anokwafo pii bɔe—wɔn mu binom ne Maud Clark * ne ne yɔnko dwumayɛni Mary Grant, * Edgar Clay, * Robert Hadlington, Katy Roberts, Edwin Skinner, * ne Percy Chapman ne Jack Nathan, * a wɔn nyinaa kɔɔ Canada kɔboaa adwuma wɔ hɔ no.

Bible mu ɔkasa “Ɔpepem Pii a Wɔte Ase Nnɛ no Renwu Da” no bɛyɛɛ adanse a na ɛyɛ ne bere mu de wɔ yɛn asasesin kɛse no mu. Wɔ May 14, 1922 no, Pryce Hughes’ busuani, Stanley Rogers fi Liverpool bɛmaa ɔkasa yi wɔ Chirk, akuraa bi a ɛwɔ kurow a yɛte mu no atifi fam no ase, na akyiri yi saa anwummere no, ɔmaa kasa no wɔ The Picture Playhouse wɔ Oswestry. Meda so ara wɔ saa ɔkasa no nsaano krataa a yɛhyɛɛ da tintimii no bi. Saa bere yi nyinaa no, ahwɛfo akwantufo—ɔsom ho akwantufo, sɛnea na yɛfrɛ wɔn no—baasa, Herbert Senior, Albert Lloyd, ne John Blaney kɔɔ so hyɛɛ yɛn kuw ketewa no den.

Gyinaesi Bere

Misii gyinae sɛ mɛbɔ asu wɔ 1929 mu. Na madi mfe 19, na saa bere koro no ara na mihyiaa me sɔhwɛ ankasa a edi kan. Mihyiaa aberante bi a na ne papa yɛ ɔmanyɛfo. Ná yɛn mu biara ani gye ne yɔnko ho, na ɔka kyerɛɛ me sɛ ɔbɛware me. Afe ansa na merehyia no no, woyii nhoma Government adi, enti memaa no biako. Nanso ankyɛ na ɛbɛdaa adi sɛ onni ɔsoro nniso a ɛyɛ nhoma no asɛmti no ho anigye biara. Ná mifi nea masua mu nim sɛ wɔhyɛɛ tete Israelfo no sɛ wɔne wɔn a wonnye nni nnni ayeware, ne sɛ saa mmara yi fa Kristofo ho nso. Enti, ɛwom sɛ na ɛyɛ den ma me sɛ mɛyɛ saa de, nanso mampene so amma no.—Deuteronomium 7:3; 2 Korintofo 6:14.

Minyaa ahoɔden fii ɔsomafo Paulo nsɛm yi mu: “Mommma yɛmmmrɛ papayɛ mu; na sɛ yɛampa abaw a, yebetwa so aba ne bere mu.” (Galatifo 6:9) Wɔfa Dan nso boaa me bere a ɔkyerɛw me sɛ: “Wɔ sɔhwɛ nketewa ne akɛse nyinaa mu no, fa asɛm a ɛwɔ Romafo 8, nkyekyem 28 no di dwuma: “Yenim sɛ wɔn a wɔdɔ Onyankopɔn no, ade nyinaa di boa wɔn na ewie wɔn yiye, wɔn a wɔnam n’atirimbɔ no so afrɛ wɔn no.” Ná ɛnyɛ mmerɛw, nanso na minim sɛ masi gyinae a ɛteɛ. Saa afe no mede me ho hyɛɛ akwampae adwuma mu.

Asɛyɛde Ho Dwuma a Yedi

Wɔ 1931 mu no, yenyaa edin Yehowa Adansefo, na saa afe no, yɛde nhomawa The Kingdom, the Hope of the World yɛɛ ɔsatu nnam so. Yɛde bi maa ɔmanyɛfo, ɔsɔfo, ne adwumawura biara. Ná m’asasesin ano fi Oswestry kosi Wrexham, a ɛyɛ bɛyɛ kilomita 25 wɔ atifi fam. Ná ɛyɛ den sɛ mɛyɛ ne nyinaa mu adwuma awie.

Wɔ nhyiam kɛse bi ase wɔ Birmingham afe a edi hɔ no, wɔde too gua sɛ wohia nnipa 24 a wobetu wɔn ho ama. Yɛn mu 24 de yɛn din mae anigye so sɛ yɛbɛyɛ adwuma foforo yi a na yennim sɛnea na adwuma no te ankasa. Hwɛ sɛnea yɛn ho dwiriw yɛn bere a wɔkyekyɛɛ yɛn mu abien abien sɛ yɛmfa nhomawa koro no ara, The Kingdom, the Hope of the World, nkɔma bere a na yɛde krataa a wɔakyerɛw so de rebɔ Ahenni no ho dawuru abɔ yɛn anim ne yɛn akyi no.

Bere a na yɛreyɛ adwuma wɔ baabi a asɔredan no wɔ no, na mefɛre paa, nanso mekyekyee me werɛ sɛ obiara nnim me wɔ saa kurow no mu. Nanso onipa a odii kan baa me nkyɛn ne m’adamfo bi a na me ne no kɔ sukuu, a ɔhwɛɛ me haa kae sɛ: “Dɛn koraa na woahyehyɛ wo ho saa reyɛ yi?” Saa osuahu no maa nipa ho suro biara a na ɛwɔ me mu no fii me mu!

Yɛtoa Yɛn Akwantu no So

Wɔ 1933 mu no, mewaree Zanoah, ɔbarima kunafo a na wanyin sen me mfe 25. Ná Zanoah yere a odi kan no yɛ Bible Suani a ɔyɛ nsi, na Zanoah kɔɔ so de nokwaredi yɛɛ ne som adwuma no wɔ ne wu akyi. Ankyɛ na yetu fii England kɔɔ yɛn asasesin foforo a ɛwɔ North Wales, bɛyɛ kilomita 150 no mu. Yɛde yɛn nnaka, bag ne yɛn nneɛma a ɛho hia yɛn no sensɛn yɛn sakre no nsa a dade hyɛ ntam no so, na yɛhyehyɛɛ bi wɔ nnaka a esi akyi no mu, nanso yetumi duu baabi a yɛrekɔ no! Na yentumi nkɔ nnyaw yɛn sakre no wɔ saa dwumadi no mu—ɛde yɛn kɔɔ baabiara, kɔɔ baabi a na ɛreyɛ adu Cader Idris, Welshfo bepɔw bi a ne tenten bɛyɛ mita 900 no atifi. Na ɛyɛ anigye paa sɛ yenyaa nnipa a na wɔrepɛ “ahenni ho asɛmpa yi” atie.—Mateo 24:14.

Yeduu hɔ no ankyɛ na nkurɔfo fii ase ka kyerɛɛ yɛn sɛ obi a wɔfrɛ no Tom Pryce aka asɛm no bi akyerɛ wɔn sɛnea yɛreyɛ no ara. Akyiri yi yekohuu Tom wɔ baabi a ɔte wɔ Long Mountain, baabi a ɛbɛn Welspool—na hwɛ sɛnea yɛn ho dwiriw yɛn! Bere a mifii adansedi adwuma ase no na memaa no Bible adesua nhoma a ɛne Reconciliation no. N’ankasa suae, na ɔkyerɛw krataa kɔɔ London sɛ wɔmmrɛ no nhoma pii, na efi saa bere no, ɔde nsi aka ne gyidi foforo no ho asɛm akyerɛ afoforo. Yɛne no nyaa fekubɔ a ɛyɛ anigye nnɔnhwerew pii bere a na yɛn baasa nyinaa taa sua ade bom de hyɛ yɛn ho yɛn ho nkuran no.

Nhyira Fi Asiane Bi Mu Ba

Wɔ 1934 mu no, wɔtoo nsa frɛɛ akwampaefo a na wɔbɛn North Wales nyinaa sɛ wɔnkɔ Wrexham nkɔboa ma wɔnkyekyɛ nhomawa Righteous Ruler. Ade rebɛkye ma yɛafi ɔsatu kɛse yi ase no, asiane kɛse bi sii ɔman no mu. Ɔtopae bi toe wɔ Gresford ma nkoron a wotu biriw wom wɔ hɔ a ɛwɔ Wrexham atifi fam no kunkum nnipa a wotu biriw no 266. Mmofra bɛboro 200 agyanom wuwui, na mmea 160 yɛɛ akunafo.

Ná ɛsɛ sɛ yɛkyerɛw wɔn a wɔahwere abusuafo no din, kɔ wɔn nkyɛn, na yɛma wɔn nhomawa. Edin a wɔbɔ kyerɛɛ me no biako ne Owurayere Chadwick a ɔhweree ne babarima a na wadi mfe 19 no. Bere a mekɔɔ ne nkyɛn no, na ne babarima panyin, Jack aba rebɛsra ne maame akyekye ne werɛ. Aberante yi huu me, nanso wanka. Bere bi akyi no, ɔkenkan nhomawa no, na ɔhwehwɛɛ nhomawa foforo a mede maa no mfe bi a na atwam, The Final War no akyi kwan.

Jack ne ne yere, May, huu baabi a na mete, na wobegyee nhoma no bi kaa ho. Wɔ 1936 mu no, wɔpenee so ma yɛyɛɛ nhyiam ahorow wɔ wɔn fie a ɛwɔ Wrexham. Bere a Albert Lloyd bɛsraa yɛn asram asia akyi no, yɛhyehyɛɛ asafo wɔ hɔ ma Jack Chadwick yɛɛ ɔhwɛfo guamtrani. Mprempren asafo ahorow abiɛsa na ɛwɔ Wrexham.

Indiafo Atubrafo Dan a Esi Kar So Mu Asetra

Ɛde besi saa bere yi no, na yɛtra dan biara a yɛn nsa bɛka mu bere a yetu kɔ mmeae ahorow no, nanso Zanoah sii gyinae sɛ bere aso sɛ yɛn ankasa nya yɛn fie a yebetumi atwe akɔ baabi foforo. Ná me kunu yɛ Indiani tubrani duadwumfo a ne ho akokwaw yiye, enti ɔyɛɛ Indiafo atubrafo dan a kar twe a yɛbɛtra mu. Yɛtoo dan no din Elizabeth, Bible mu din a ɛkyerɛ “Onyankopɔn a ne Nneɛma Dɔɔso.”

Mekae baabi a yɛtrae bere bi titiriw—na ɛwɔ nnuaba turo bi mu wɔ asuten bi ho. Me fam no, na ɛte sɛ Paradise! Ɛmfa ho sɛ na ɔdan a kar twe yi nni mu ahe biara no, biribiara ansɛe anigye a yɛde traa mu mfe pii no. Sɛ edu awɔw bere a, yɛn mpasotam no kyenkyene fomfam dan no ho, na nsu a na egu fam dan asukyenee haw yɛn bere nyinaa. Ɛtɔ mmere bi a na ɛsɛ sɛ yɛsaw nsu fi baabi a emu twe kakra soa de ba dan no ho, nanso yɛn nyinaa tumi dii ɔhaw yi so.

Awɔw bere bi na meyare, na yenni sika, na na aka yɛn aduan ketewaa bi. Zanoah traa mpa so, soo me nsam, na ɔkenkan Dwom 37:25 kyerɛɛ me: “Mayɛ abofra, na afei mabɔ akora, nanso minhuu onipa trenee a wɔapa no anaasɛ n’asefo srɛ aduan.” Bere a na ɔrehwɛ m’anim no, ɔkae sɛ: “Sɛ biribi ansi seesei a, yɛbɛsrɛsrɛ ade, na minnye nni sɛ Onyankopɔn bɛma biribi a ɛte saa asi!” Ɛno akyi no, opue kodii yɛn afipamfo adanse.

Bere a Zanoah san bae owigyinae sɛ ɔrebɛyɛ biribi ama manom no, na nhoma kotoku bi da n’akyi retwɛn no. Na sika £50 (US dɔla 75) a efi ne papa nkyɛn na ehyem. Mfe bi a abɛsen kɔ mu no, wɔde sikadi bi ho asɛm too Zanoah so, nanso na afei de wɔahu sɛ ɛnyɛ ɔno na odii sika no. Enti na wɔde akyɛde yi rebɛpata no. Hwɛ sɛnea ɛbaa bere pa mu!

Asuade a Ɛyɛ Yaw na Mfaso Wɔ So

Ɛtɔ mmere bi a, mfe pii twam ansa na yɛasua biribi afi nneɛma bi mu. Sɛ mɛkyerɛkyerɛ mu a: Ansa na merefi sukuu wɔ 1927 mu no, midii m’adesuakuw mufo nyinaa ne m’akyerɛkyerɛfo adanse—gye obiako, Lavinia Fairclough. Esiane sɛ na obiara ani nnye nea mɛyɛ wɔ asetram ho, na me ne Awuraa Fairclough nka papa nti, misii gyinae sɛ merenka asɛm no nkyerɛ no. Nanso susuw sɛnea me ho dwiriw me—na m’ani gyei—mfirihyia 20 akyi bere a me maame ka kyerɛɛ me sɛ saa ɔkyerɛkyerɛfo yi aba abɛsra ne kan nnamfonom ne mmofra a ɔkyerɛɛ wɔn ade no aka kyerɛ wɔn sɛ afei de ɔyɛ Yehowa Dansefo no!

Bere a yehyiae no, mekyerɛkyerɛɛ no nea enti a manka me gyidi ne nhyehyɛe a na mayɛ ho asɛm ankyerɛ no no. Ɔyɛɛ komm tiei na ɔkae sɛ: “Mahwehwɛ nokware no bere nyinaa. Ná ɛyɛ m’asetra mu ade a mehwehwɛ!” Saa osuahu yi yɛɛ asuade a ɛyɛ yaw na mfaso wɔ so maa me—sɛ merensiw adanse a medi obiara a mehyia no so, na merenhwɛ nnipa biara anim da.

Ɔko Foforo—Ne Ɛno Akyi

Ɔko pempɛn so bio bere a 1930 mfe no rekɔ awiei no. Wogyinaa nhyehyɛe a wɔne me nuabarima kumaa Dennis, a mesen no mfe du yɛe a ɛne sɛ ɔrennyae n’adwuma no so yii no fii sraadi mu. Ná ɔnkyerɛɛ nokware no ho anigye da, enti me ne me kunu kasa kyerɛɛ yɛn hɔnom akwampaefo a wɔne Rupert Bradbury ne ne nua barima kumaa David sɛ ebia wɔbɛkɔ akɔsra no a. Wɔyɛɛ saa, na wɔne no suaa Bible no. Wɔbɔɔ Dennis asu wɔ 1942 mu, na akyiri yi ɔde ne ho hyɛɛ akwampae adwuma no mu, na wɔpaw no sɛ ɔhwɛfo kwantufo wɔ 1957 mu.

Yɛwoo yɛn babea, Elizabeth, wɔ 1938 mu, na nea ɛbɛyɛ na yɛatumi adi abusua no ahiade ho dwuma no, Zanoah trɛw yɛn dan a kar twe no mu. Bere a yɛn babea a ɔto so abien, Eunice dii so bae wɔ 1942 mu no, yebehui sɛ ɛbɛyɛ papa sɛ yɛtra faako. Esiane eyi nti, Zanoah gyaee akwampae adwuma mfe kakraa bi, na yetu kɔɔ fie ketewaa bi a na ɛbɛn Wrexham mu. Akyiri yi, yɛkɔtraa Middlewich wɔ mantam a ɛtoa so wɔ Cheshire mu. Ɛhɔ na me kunu a medɔ no no wui wɔ 1956 mu.

Yɛn mmabea baanu no bɛyɛɛ bere nyinaa asomfo, na wɔn baanu nyinaa aware. Eunice ne ne kunu, a ɔyɛ asafo mu panyin no da so som sɛ akwampaefo atitiriw wɔ London. Elisabeth kunu nso yɛ asafo mu panyin, na m’ani gye sɛ wɔne wɔn mma, ne me mmanananom baanan no te bɛn wɔ Preston, Lancashire.

M’ani gye sɛ mitumi nantew fi me fie pon ano kɔ Ahenni Asa a kar kwan na etwa yɛn ntam no so. Nnansa yi mfe mu no, me ne wɔn a wɔka Gujarati kasa a wɔn nso wohyiam wɔ hɔ no na abɔ fekuw. Kasa no a misua no nyɛ mmerɛw esiane sɛ seesei m’aso reyɛ asi nti. Ɛtɔ mmere bi a, ɛyɛ den sɛ mɛte nsɛm bi yiye sɛnea mmofra te no. Nanso ɛyɛ adwuma a ne yɛ yɛ anigye.

Meda so ara tumi ka asɛm wɔ afie afie mu yɛ Bible adesua wɔ me fie. Sɛ nnamfonom ba bɛsra me a, m’ani gye bere nyinaa sɛ mɛka me suahu ahorow a minyaa no mfiase no bi akyerɛ wɔn. M’ani sɔ nneɛma a ɛsom bo a mekae, ne nhyira horow a manya wɔ Yehowa ahyehyɛde a me ne no abɔ bɛyɛ mfirihyia 90 ni no paa.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 13 Pryce Hughes asetram nsɛm “Ahyehyɛde Nokwafo no Anammɔn Mu Nante,” puei wɔ April 1, 1963 Ɔwɛn-Aban mu.

^ nky. 14 Yehowa asomfo anokwafo yi ho asetram nsɛm apue Ɔwɛn-Aban a aba dedaw mu.

^ nky. 14 Yehowa asomfo anokwafo yi ho asetram nsɛm apue Ɔwɛn-Aban a aba dedaw mu.

^ nky. 14 Yehowa asomfo anokwafo yi ho asetram nsɛm apue Ɔwɛn-Aban a aba dedaw mu.

^ nky. 14 Yehowa asomfo anokwafo yi ho asetram nsɛm apue Ɔwɛn-Aban a aba dedaw mu.

^ nky. 14 Yehowa asomfo anokwafo yi ho asetram nsɛm apue Ɔwɛn-Aban a aba dedaw mu.

[Mfonini wɔ kratafa 25]

Nsaano krataa a yɛde rebɔ Bible mu ɔkasa “Ɔpepem Pii a Wɔte Ase Nnɛ Renwu Da” a mitiei wɔ May 14, 1922 no ho dawuru

[Mfonini wɔ kratafa 26]

Me ne Zanoah bere a yɛwaree wɔ 1933 mu akyi pɛɛ no

[Mfonini wɔ kratafa 26]

Migyina “Elizabeth” yɛn dan a kar twe a me kunu yɛe no ho