Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Ɛhefa na na Daniel wɔ bere a wɔsɔɔ Hebrifo baasa no hwɛe wɔ ohoni kɛse a Nebukadnesar de sii hɔ wɔ Dura tataw so ho no?

Bible no nka ho asɛm, enti onipa biara nni hɔ nnɛ a obetumi akyerɛ faako a na Daniel wɔ bere a na sɔhwɛ no rekɔ so no.

Ebinom akyerɛ sɛ na Daniel dibea wɔ Nebukadnesar anim no korɔn sen Sadrak, Mesak, ne Abed-Nego de no, ma enti na wɔnhwehwɛ sɛ Daniel kɔ Dura tataw no so bi. Daniel 2:49 kyerɛ sɛ eduu bere bi no na ɔwɔ dibea a ɛkorɔn sen ne mfɛfo baasa no. Nanso yentumi nka sɛ eyi na ɛma woyii no ho fii hyia a na ɔne afoforo behyiam wɔ ohoni no anim no mu.

Wɔ mmɔden a afoforo bɔ sɛ wɔbɛkyerɛkyerɛ nea enti a na Daniel nni hɔ mu no, wɔka sɛ ɛbɛyɛ sɛ na ɔrekɔyɛ adwuma wɔ baabi, anaasɛ ebia na ɔyare a enti wantumi amma. Nanso Bible no nka saa. Sɛnea ɛte biara no, na asɛm biara nni nea Daniel yɛe no ho, ɛnte saa a anka akyinnye biara nni ho sɛ Babilonfo mmapɔmma aniberefo no begyina so abɔ no sobo. (Daniel 3:8) Ansa na asɛm yi besi ne bere a esii akyi nyinaa no, Daniel daa ne ho adi sɛ mudi mu kurafo a odii Onyankopɔn nokware ɛmfa ho sɔhwɛ biara a ohyiae no. (Daniel 1:8; 5:17; 6:4, 10, 11) Enti ɛwom sɛ Bible no nka nea enti a na Daniel nni Dura tataw no so de, nanso yebetumi anya ahotoso sɛ odii Yehowa Nyankopɔn nokware kosii ase.—Hesekiel 14:14; Hebrifo 11:33.