Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Onyankopɔn Apopa Ne Nusu

Onyankopɔn Apopa Ne Nusu

Ahenni Adawurubɔfo Bɔ Amanneɛ

Onyankopɔn Apopa Ne Nusu

NNIPA a wɔma wɔn asetra ne Yehowa mmara ne ne nnyinasosɛm ahorow hyia no nya nhyira pii. Ɛwom sɛ nsakrae a ɛfata a obi bɛyɛ no nyɛ mmerɛw bere nyinaa de, nanso ɛnyɛ den koraa sɛ obi benya mmoa ne nkuranhyɛ. (Dwom 84:11) Osuahu a edi so a efi Asia Anafo fam apuei yi kyerɛkyerɛ mu.

Bere a Ɔdansefo bi a ofi France wɔ akwamma mu no, ɔkaa Yehowa atirimpɔw ma asase ho asɛm kyerɛɛ sotɔɔ wura bi a wɔfrɛ no Kim. * Afei nso ogyaw Kim Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So nhoma no biako. Bere a na Kim de n’ani refa nhoma no mu no, n’ani twaa nsɛm yi so, “ɔbɛpopa wɔn aniwam nusu nyinaa.” (Adiyisɛm 21:4) Kim ka sɛ: “Asɛm yi kaa me paa. Hena na na onim sɛ bere a meserew na mekasa da mũ nyinaa wɔ sotɔɔ mu no, sɛ midu fie anwummere a, mede nusu na ɛda?” Bere a ɔrekyerɛ nea ɛma osu no, ɔka sɛ: “Na me ne ɔbarima bi atra mfirihyia 18 a minni anigye koraa esiane sɛ wampɛ sɛ ɔware me nti. Na mepɛ sɛ mitwa saa asetra yi so, nanso esiane sɛ na me ne no atra bere tenten nti, mannya akokoduru anyɛ.”

Bere tiaa bi akyi no, Kim penee so ne Yehowa Dansefo bi a wɔfrɛ no Linh yɛɛ Bible adesua. Kim ka sɛ: “Na me ho pere me sɛ mede Bible nkyerɛkyerɛ no bedi dwuma. Sɛ nhwɛso no, migyaee me nananom a wɔawuwu a na mesom wɔn, ɛmfa ho sɛ eyi maa m’abusuafo sɔre tiaa me. Bio nso, mebɔɔ mmɔden sɛ mede yɛn aware no bɛhyɛ mmara ase, nanso me hokafo no ampene so. Saa bere a na nneɛma mu ayɛ den yi no, Ɔdansefo a na ofi France yi kɔɔ so de Bible ho nhoma menaa me, na Linh hyɛɛ me nkuran kɛse. Mmoa a anuanom mmea yi fi boasetɔ ne ɔdɔ mu yɛ maa me no boaa me ma migyinae kosii sɛ mihuu sɛnea me hokafo no te ankasa. Mibehui sɛ na ɔwɔ yerenom 5 ne mma 25 dedaw! Eyi maa minyaa akokoduru a mede begyae no.

“Ná ofie kɛse a biribiara wom a metu afi mu akɔtra ɔdan ketewa mu no nyɛ mmerɛw. Bio nso, me kan hokafo no hyɛɛ me sɛ me ne no mmɛtra bio, na mpo ohunahunaa me sɛ sɛ mampene a, ɔde nsu yerɛyerɛw begu m’anim asɛe me. Ɛdenam Yehowa mmoa so no, mitumi yɛɛ nea ɛteɛ.” Kim kɔɔ so nyaa nkɔso, na awiei koraa no wɔbɔɔ no asu wɔ April 1998 mu. Afei nso, ne nuanom mmea baanu ne ne babarima a wadu mpanyin afe so no afi ase ne Yehowa Adansefo resua Bible no.

Kim ka sɛ: “Na misusuw sɛ m’asetra bɛyɛ nea anidaso biara nni mu bere nyinaa. Nanso ɛnnɛ, mewɔ anigye, na minsu anadwo bio. Yehowa apopa m’aniwam nusu dedaw.”

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 4 Wɔasesa din ahorow no.