Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Abraham—Gyidi Ho Nhwɛso

Abraham—Gyidi Ho Nhwɛso

Abraham—Gyidi Ho Nhwɛso

“[Abraham yɛɛ] gyidifo nyinaa agya.”—ROMAFO 4:11.

1, 2. (a) Ɔkwan bɛn so na nokware Kristofo kae Abraham nnɛ? (b) Dɛn nti na wɔfrɛ Abraham “gyidifo nyinaa agya”?

NÁ ƆYƐ ɔman kɛse bi agya, odiyifo, adwumawura, ne ɔkannifo. Nanso, nea Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ de kae no yiye ne ne su a ɛkaa Yehowa Nyankopɔn ma obuu no sɛ adamfo no—ne gyidi a na enhinhim no. (Yesaia 41:8; Yakobo 2:23) Ná ne din de Abraham, na Bible frɛ no “gyidifo nyinaa agya.”—Romafo 4:11.

2 So mmarima a wodii Abraham anim te sɛ Habel, Henok, ne Noa anna gyidi adi? Wɔdaa gyidi adi, nanso Abraham na wɔne no yɛɛ apam a wɔnam so behyira asase so amanaman nyinaa no. (Genesis 22:18) Enti ɔbɛyɛɛ wɔn a wɔbɛkyerɛ Aseni a wɔhyɛɛ no ho bɔ no mu gyidi nyinaa sɛnkyerɛnne kwan so agya. (Galatifo 3:8, 9) Ɔkwan bi so no, yebetumi afa Abraham sɛ yɛn agya, efisɛ ne gyidi yɛ nhwɛso a ɛsɛ sɛ yesuasua. Yebetumi afa n’asetra nyinaa sɛ gyidi ho nhwɛso, efisɛ sɔhwɛ ahorow ayɛ mu ma. Nokwarem no, bere tenten ansa na Abraham rehyia nea yɛbɛfrɛ no ne gyidi ho sɔhwɛ a ɛsen biara—ahyɛde a wɔde maa no sɛ ɔmfa ne ba Isak mmɔ afɔre—no, Abraham daa ne gyidi adi wɔ sɔhwɛ nketewa pii mu. (Genesis 22:1, 2) Afei ma yɛnhwehwɛ gyidi ho sɔhwɛ ahorow a edi kan yi bi mu na yɛnhwɛ asuade ahorow a yebetumi anya afi mu nnɛ.

Ahyɛde a Wɔde Maa no sɛ Omfi Ur

3. Abram abusua ho asɛm bɛn na Bible ka kyerɛ yɛn?

3 Bible di kan ka Abram (a akyiri yi wɔbɛfrɛɛ no Abraham no) ho asɛm kyerɛ yɛn wɔ Genesis 11:26, nea ɛka sɛ: “Tera dii mfirihyia aduɔson, na ɔwoo Abram, Nahor ne Haran” no. Ná Abram yɛ Sem a osuro Onyankopɔn no aseni. (Genesis 11:10-24) Sɛnea Genesis 11:31 kyerɛ no, Abram ne n’abusua traa Kaldeafo kurow a wodi yiye wom, “Ur a ɛwɔ Kaldea” a bere bi na ɛwɔ Eufrate Asubɔnten ho, no mu. * Enti, wannyin sɛ otutrafo a ɔte ntamadan mu, na mmom sɛ kurow kɛse muni a ɔtraa baabi a na odi yiye a na ne ho tɔ no. Na wobetumi atɔ nneɛma a efi amannɔne wɔ Ur aguadibea ahorow no. Na afie akɛse a wɔaka ho fitaa a na adan 14 wɔ emu biara mu, na adorobɛn a nsu fam wom sesa so wɔ ne mmɔnten so.

4. (a) Nsɛnnennen bɛn na na nokware Nyankopɔn asomfo hyia wɔ Ur? (b) Ɔkwan bɛn so na Abram benyaa Yehowa mu gyidi?

4 Honam fam nneɛma a na ɛwɔ Ur nyinaa akyi no, na ɛnna fam mma obiara sɛ ɔbɛpɛ sɛ ɔsom nokware Nyankopɔn no. Na ɛyɛ kurow a abosonsom ne gyidihunu agye ntini wom kɛse. Nokwarem no, na abosonsomfo asɔredan atenten pii a wɔsom ɔsram nyame Nanna wom sisi kurow no mu. Akyinnye biara nni ho sɛ Abram hyiaa nhyɛso kɛse, a ebia n’abusuafo binom de ka ho, wɔ ɔsom a ɛmfata yi a na ɔde ne ho bɛhyɛ mu no mu. Sɛnea Yudafo atetesɛm bi kyerɛ no, na Abram agya, Tera, ankasa yɛ ahoni yɛfo. (Yosua 24:2, 14, 15) Sɛnea ɛte biara no, na Abram mfa ne ho nhyɛ atoro som a ɛmfata no mu. Ná ne nanabarima Sem da so te ase, na akyinnye biara nni ho sɛ onyaa nokware Nyankopɔn ho nimdeɛ a na ɔwɔ no bi. Ne saa nti, Abram annya Nanna mu gyidi, na mmom onyaa Yehowa mu gyidi!—Galatifo 3:6.

Gyidi Ho Sɔhwɛ

5. Ahyɛde ne bɔhyɛ bɛn na Onyankopɔn de maa Abram bere a na ɔda so wɔ Ur no?

5 Ná wɔbɛsɔ Abram gyidi ahwɛ. Onyankopɔn yii ne ho adi kyerɛɛ no hyɛɛ no sɛ: “Wo de, fi w’asase so ne w’abusua mu ne w’agya fi, kɔ asase a mɛkyerɛ wo no so. Na mɛyɛ wo ɔman kɛse, na mahyira wo, na mama wo din asõ, na woayɛ nhyira. Na mehyira wɔn a wohyira wo, na wɔn a wɔdome wo no, mɛdome wɔn; na wo mu na wobehyira asase so mmusua nyinaa.”—Genesis 12:1-3; Asomafo no Nnwuma 7:2, 3.

6. Dɛn nti na egyee gyidi ankasa ansa na Abram retu afi Ur?

6 Ná Abram anyin a onni ba. Na ɛbɛyɛ dɛn na wɔatumi ayɛ no “ɔman kɛse”? Ná ɛhe ankasa na asase yi a wɔhyɛɛ no sɛ ɔnkɔ so no wɔ? Onyankopɔn anka ankyerɛ no saa bere no. Enti egyee Abram gyidi ankasa ansa na ɔretu afi Ur a na wodi yiye wom no agyaw emu anigye no nyinaa hɔ. Family, Love and the Bible nhoma no ka tete mmere no ho asɛm sɛ: “Asotwe a ɛsen biara a na wobetumi de ama obusuani bi a wayɛ bɔne a anibere wom ne sɛ wobetwa no asu, sɛ́ wobeyi no ‘afi’ n’abusua mu. . . . Eyi nti na bere a Abraham gyee Onyankopɔn frɛ so gyaw ne man ne n’abusua nso hɔ no, ná ɛyɛ osetie ne Onyankopɔn mu ahotoso soronko koraa a asɛm biara nni ho no.”

7. Ɔkwan bɛn so na Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ no hyia sɔhwɛ ahorow te sɛ nea Abram hyiae no?

7 Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ betumi ahyia sɔhwɛ ahorow a ɛte saa. Te sɛ Abram no, ebia yɛbɛte nka sɛ ɛsɛ sɛ yɛde honam fam nneɛma di teokrase nneɛma anim. (1 Yohane 2:16) Yebetumi ahyia ɔsɔretia afi abusuafo a wonnye nni, a abusuafo a wɔatu wɔn ka ho hɔ a ebia wɔbɛbɔ mmɔden sɛ wɔbɛdaadaa yɛn ma yɛde yɛn ho akɔhyɛ fekubɔ a ɛmfata mu. (Mateo 10:34-36; 1 Korintofo 5:11-13; 15:33) Enti Abram yɛɛ nhwɛso pa maa yɛn. Ɔde ɔne Yehowa adamfofa dii biribiara—a abusua de mpo ka ho—kan. Na onnim ɔkwan ne bere, anaa baabi a na Onyankopɔn bɔhyɛ ahorow no benya mmamu ankasa. Nanso, na ɔwɔ ɔpɛ sɛ ɔde n’asetra begyina saa bɔhyɛ ahorow no so. Hwɛ sɛnea eyi yɛ nkuranhyɛ a ɛfata ma yɛn sɛ yɛde Ahenni no bedi kan wɔ yɛn asetram nnɛ!—Mateo 6:33.

8. Nkɛntɛnso bɛn na Abram gyidi nyae wɔ n’abusuafo a wɔbɛn no pɛɛ no so, na dɛn na Kristofo betumi asua afi eyi mu?

8 Na Abram abusuafo a wɔbɛn no pɛɛ no nso ɛ? Ɛda adi sɛ, Abram gyidi nyaa wɔn so nkɛntɛnso kɛse, efisɛ ɛkaa ne yere Sarai, ne ne wɔfase a na ɔyɛ ayisaa a ne din de Lot no ma wogyee Onyankopɔn frɛ no so tu fii Ur. Akyiri yi, Abram nuabarima Nahor ne ne mma no mu bi tu fii Ur kɔtraa Haran, baabi a wɔsom Yehowa no. (Genesis 24:1-4, 10, 31; 27:43; 29:4, 5) Abram agya, Tera, mpo penee so ne ne ba no tu kɔe! Enti Bible de no yɛɛ abusua no ti, wɔ tu a wotu kɔɔ Kanaan no mu. (Genesis 11:31) So ebetumi aba sɛ yɛn nso yɛde anifere bedi yɛn abusuafo adanse ma asow aba bi?

9. Ahoboa bɛn na na ɛsɛ sɛ Abram yɛ ma n’akwantu no, na dɛn nti na na ɛno begye afɔrebɔ?

9 Ná Abram wɔ nneɛma pii yɛ ansa na wafi n’akwantu no ase. Na ɛsɛ sɛ ɔtontɔn n’agyapade ne ne nneɛma, na ɔtotɔ ntamadan, yoma, nnuan, ne nneɛma a wohia. Ná Abram betumi abɔ ka wɔ ahopere a ɛte saa a ɔde boaboaa ne ho no mu, nanso na n’ani gye ho sɛ ɔbɛyɛ osetie ama Yehowa. Hwɛ sɛnea na ɛbɛyɛ sɛ ɛda no ho hia Abram, bere a ɔboaboaa ne ho wiei na akwantufo no nyinaa kogyinaa Ur afasu akyi a na wɔayɛ krado sɛ wobefi akwantu no ase no! Akwantufo no dii Eufrate Asubɔnten a akonton no akyi de wɔn ani kyerɛɛ atifi fam atɔe. Bere a wɔde adapɛn bi twaa bɛyɛ kilomita 1,000 no, wokoduu kurow bi a ɛwɔ Mesopotamia atifi fam a wɔfrɛ no Haran a ɛyɛ akwantufo asoɛe kɛse bi no mu.

10, 11. (a) Ɛda adi sɛ dɛn nti na Abram traa Haran kakra? (b) Nkuranhyɛ nsɛm bɛn na yebetumi de ama Kristofo a wɔrehwɛ wɔn awofo a wɔanyinyin no?

10 Ɛda adi sɛ Abram agya, Tera, a na wabɔ akwakoraa no ho a na osusuw nti na ɛma ɔtraa Haran no. (Leviticus 19:32) Ɛnnɛ Kristofo pii nso wɔ asɛyɛde sɛ wɔhwɛ wɔn awofo a wɔanyinyin anaasɛ wɔyare no, na ɛsɛ sɛ ebinom mpo yɛ nsakrae bi na ama wɔatumi ayɛ saa. Sɛ ɛho hia saa a, saafo no betumi anya awerɛhyem sɛ nneɛma a wofi ɔdɔ mu de bɔ afɔre no ‘sɔ Onyankopɔn ani.’—1 Timoteo 5:4.

11 Mmere twaam. “Na Tera nna si mfe ahanu ne anum, na Tera wui wɔ Haran.” Akyinnye biara nni ho sɛ adehwere yi maa Abram werɛ howee, nanso bere a wogyam no wiei no, ntɛm ara na otui. “Abram fii Haran no, na wadi mfe aduɔson anum. Na Abram faa ne yere Sarai ne ne nua ba Lot ne wɔn ahode a wɔanya nyinaa ne akra a wɔanya wɔ Haran, na wofii hɔ sɛ wɔrekɔ Kanaan asase so.”—Genesis 11:32; 12:4, 5.

12. Bere a na Abram te Haran no dɛn na ɔyɛe?

12 Ɛyɛ anigye sɛ wubehu sɛ bere a na Abram wɔ Haran no, ‘onyaa ahode.’ Ɛwom sɛ na Abram de nneɛma abɔ afɔre ansa na ɔretu afi Ur de, nanso bere a ofii Haran no na ɔyɛ ɔdefo. Ɛda adi pefee sɛ, na eyi yɛ Onyankopɔn nhyira. (Ɔsɛnkafo 5:19) Bere a Onyankopɔn mfa ahonyade nhyɛ ne nkurɔfo nyinaa bɔ nnɛ no, odi ne bɔhyɛ a ɛne sɛ ɔbɛma wɔn a ‘wogyaw afie, nuabarimanom, anaa nuabeanom’ Ahenni no nti no anya wɔn ahiade no ho dwuma. (Marko 10:29, 30) Abram ‘nyaa akra,’ a ɛyɛ nkoa nso. Jerusalem Targum ne Chaldee Paraphrase no ka sɛ Abram ‘boaa nkurɔfo ma wɔsakraa wɔn som.’ (Genesis 18:19) So wo gyidi ka wo ma wo ne w’afipamfo, mfɛfo adwumayɛfo, anaa sukuufo kasa? Sɛ́ anka Abram bɛpɛ ne baabi atra na wama ne werɛ afi Onyankopɔn ahyɛde no, ɔde ne bere dii dwuma yiye wɔ Haran. Nanso, afei de na bere a obedi wɔ hɔ no asa. “Na Abram kɔe sɛnea [Yehowa, NW] ka kyerɛɛ no no.”—Genesis 12:4.

Wotwa Eufrate

13. Bere bɛn na Abram twaa Eufrate Asubɔnten no, na na saa adeyɛ yi ho hia dɛn?

13 Na ɛsɛ sɛ Abram tu kwan bio. Wofii Haran de wɔn ani kyerɛɛ atɔe fam, twaa kwan bɛyɛ kilomita 90. Ebetumi aba sɛ bere a Abram twaa Eufrate wɔ Karkemis a ɛyɛ tete aguadibea no, ɔsoɛe wɔ baabi. Na ɛhɔ yɛ beae titiriw a akwantufo twa nsu no. * Bere bɛn na Abram ne n’akwantufo no twaa asubɔnten no? Bible kyerɛ sɛ esii mfirihyia 430 ansa na Yudafo no retu afi Misraim Nisan 14, 1513 A.Y.B. mu. Exodus 12:41 ka sɛ: ‘Mfe ahanan aduasa no awiei no, da no ara na Yehowa asafo no nyinaa fii Misraim asase so.’ Ɛnde, ebetumi aba sɛ Abraham apam no fii ase yɛɛ adwuma wɔ Nisan 14 1943 A.Y.B., bere a Abram fii osetie mu twaa Eufrate no.

14. (a) Dɛn na na Abram betumi de ne gyidi aniwa ahu? (b) Ɔkwan bɛn so na wɔahyira Onyankopɔn nkurɔfo a wɔwɔ hɔ nnɛ no koraa sen Abram?

14 Ná Abram agyaw kurow a wodi yiye wom no hɔ. Nanso, afei de na obetumi ahwɛ “kurow a ɛwɔ nhyɛase,” trenee nniso a ebedi adesamma so, no kwan. (Hebrifo 11:10) Yiw, bere a na Onyankopɔn atirimpɔw a ɔnam so begye adesamma a wɔrewuwu no ho ade kakraa bi pɛ na Abram nim no, ofii ase hwehwɛɛ mu. Ɛnnɛ, eye ma yɛn sɛ yɛwɔ Onyankopɔn atirimpɔw ahorow ho ntease pii koraa sen nea na Abram wɔ no. (Mmebusɛm 4:18) Mprempren, “kurow” no anaa Ahenni nniso a Abram hwɛɛ kwan no wɔ hɔ ankasa—wɔde sii hɔ wɔ soro wɔ afe 1914 mu. Enti, so ɛnsɛ sɛ ɛka yɛn ma yɛyɛ yɛn ade wɔ gyidi mu na yɛde yɛn ho to Yehowa so?

Bɔhyɛ Asase no So Atutradi Fi Ase

15, 16. (a) Dɛn nti na na ehia sɛ Abram nya akokoduru ansa na watumi asi afɔremuka ama Yehowa? (b) Ɔkwan bɛn so na Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ betumi ada akokoduru adi te sɛ Abram?

15 Genesis 12:5, 6 ka kyerɛ yɛn sɛ: “Woduu Kanaan asase so. Na Abram twaam asase no so koduu baabi a wɔfrɛ hɔ Sikem koduu More pɔw ho.” Sikem da Yerusalem atifi fam kilomita 50 wɔ srade bon a na wɔfrɛ no “asase kronkron no so paradise” no mu. Ɛno mpo, “saa bere no na Kanaanfo wɔ asase no so.” Esiane sɛ na Kanaanfo no bra asɛe nti, na ɛsɛ sɛ Abram de ahwɛyiye bɔ n’abusua ho ban fi wɔn nkɛntɛnso bɔne no ho.—Exodus 34:11-16.

16 Ne mprenu so no, “[Yehowa, NW] yii ne ho kyerɛɛ Abram kae sɛ: W’asefo na mede asase yi mɛma wɔn.” Hwɛ anigye a na ɛbɛyɛ! Nanso, na egye gyidi na ama Abram ani atumi agye biribi a n’asefo a wɔbɛba akyiri yi na na wobenya no ho. Ɛno mpo no, Abram ‘sii afɔremuka wɔ hɔ maa Yehowa a oyii ne ho kyerɛɛ no no.’ (Genesis 12:7) Bible ho ɔbenfo bi kyerɛ sɛ: “Afɔremuka a osii wɔ asase no so yɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ na wadi asase no so, na ɛmaa onyaa hokwan sɛ ɔsom wɔ hɔ.” Afɔremuka a ɛte saa a osii no nso yɛ adeyɛ a ɛdaa no adi sɛ ɔwɔ akokoduru. Akyinnye biara nni ho sɛ, afɔremuka yi ne nea akyiri yi wɔhyɛɛ da kaa ho asɛm wɔ Mmara apam no mu sɛ wɔmfa abo a wontwae nsi no. (Exodus 20:24, 25) Ná sɛnea ɛte no bɛyɛ soronko koraa wɔ afɔremuka ahorow a na Kanaanfo de di dwuma no ho. Enti Abram daa ne ho adi wɔ baguam sɛ nokware Nyankopɔn Yehowa somfo, a na ebetumi ama nkurɔfo no anya ne ho adwemmɔne na wɔapira no mpo. Na yɛn a yɛwɔ hɔ nnɛ nso ɛ? So yɛn mu binom—titiriw mmofra—twentwɛn wɔn nan ase sɛ wɔbɛma wɔn afipamfo anaa mfɛfo sukuufo ahu sɛ wɔsom Yehowa? Ɛmmra sɛ Abram akokoduru ho nhwɛso yi bɛhyɛ yɛn nyinaa nkuran ma yɛada yɛn ho adi anigye so sɛ yɛyɛ Yehowa asomfo!

17. Ɔkwan bɛn so na Abram daa ne ho adi sɛ obi a ɔka Onyankopɔn din ho asɛm, na dɛn na eyi kae Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ?

17 Abram de Yehowa som dii kan bere nyinaa wɔ baabiara a ɔkɔe. “Na otutu fii hɔ kɔɔ Bet-El apuei bepɔw bi so, na osii ne ntamadan, Bet-El da atɔe, na Ai da apuei; na osii afɔremuka maa [Yehowa, NW] wɔ hɔ, na ɔfrɛɛ [Yehowa, NW] din.” (Genesis 12:8) Hebri asɛm a ɛne ‘ɔfrɛɛ din’ no nso kyerɛ “ɔbɔɔ din no (anaa ɔkaa) ho asɛm.” Akyinnye biara nni ho sɛ, Abram de akokoduru bɔɔ Yehowa din wɔ Kanaanfo a na ɔne wɔn te no mu. (Genesis 14:22-24) Eyi kae yɛn asɛyɛde a yɛwɔ sɛ yenya kyɛfa kɛse wɔ ‘ne din no a yɛbɛbɔ no baguam’ nnɛ no mu no.—Hebrifo 13:15; Romafo 10:10.

18. Nkitahodi bɛn na na ɛda Abram ne Kanaanfo no ntam?

18 Abram antra saa mmeae yi mu biara ankyɛ. “Na ɛno akyi no, Abram dii atutra fii beae biako kɔɔ foforo de n’ani kyerɛɛ Negeb”—Yuda mmepɔw no anafo fam asase kesee no so. (Genesis 12:9, NW) Ɛdenam Abram atutradi ne ne ho a ɔdaa no adi sɛ Yehowa somfo wɔ beae foforo biara a ɔtrae so no, ɔne ne fiefo ‘daa no adi baguam sɛ wɔyɛ ahɔho ne amamfrafo asase so.’ (Hebrifo 11:13) Saa bere no nyinaa no, wɔammɛn wɔn afipamfo a na wɔyɛ abosonsomfo no pii. Saa ara nso na ɛsɛ sɛ Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ no kɔ so yɛ wɔn a “wɔnyɛ wiase no fã.” (Yohane 17:16, NW) Bere a yɛda ayamye ne obu adi kyerɛ yɛn afipamfo ne yɛn mfɛfo adwumayɛfo no, yɛhwɛ yiye sɛ yɛremfa yɛn ho nhyehyɛ abrabɔ a ɛda wiase a atwe ne ho afi Onyankopɔn ho no honhom adi no mu.—Efesofo 2:2, 3.

19. (a) Dɛn nti na na atutradi bɛyɛ nsɛnnennen ama Abram ne Sarai? (b) Nsɛnnennen foforo bɛn na na ɛnam kwan so reba Abram so?

19 Mommma yɛn werɛ mmfi sɛ anyɛ mmerɛw amma Abram anaa Sarai sɛ wɔbɛyɛ nsakrae a na ɛbɛma wɔatumi agyina atutradi mu ɔhaw ahorow ano no. Wodii nnuan a wonya fii wɔn nguankuw ho mmom sen sɛ wobedi nnuan a wɔtɔ fi Ur aguadibea a na nneɛma ahyɛ hɔ ma no; wɔtraa ntamadan mu mmom sen sɛ wɔbɛtra ofie a wɔasi no yiye mu. (Hebrifo 11:9) Ná Abram yɛ adwuma bere nyinaa a onni adagyew koraa; na ɔwɔ pii yɛ wɔ ne nguankuw ne n’asomfo a na ɔbɛhwɛ wɔn no mu. Akyinnye biara nni ho sɛ Sarai na ɔhwɛɛ nnwuma a na saa bere no sofo mmea yɛ no so: esiam fɔtɔw, abodootõ, asaawato, ne ntadepam. (Genesis 18:6, 7; 2 Ahene 23:7; Mmebusɛm 31:19; Hesekiel 13:18) Nanso, na sɔhwɛ afoforo nam kwan so reba. Na ɛrenkyɛ na Abram ne ne fiefo ahyia tebea bi a ɛde wɔn nkwa bɛto asiane mu! So gyidi a na Abram wɔ no ma otumi gyinaa asɛnnennen no ano?

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 3 Ɛwom sɛ mprempren Eufrate da beae a na Ur wɔ no apuei fam bɛyɛ kilomita dunsia de, nanso adanse a ɛwɔ hɔ kyerɛ sɛ tete mmere mu no, na asubɔnten no da kurow no atɔe fam pɛɛ. Enti akyiri yi, wotumi kaa Abram ho asɛm sɛ ofi ‘Asubɔnten Eufrate agya.’—Yosua 24:3.

^ nky. 13 Mfehaha pii akyi no, Asiria hene Ashurnasirpal II de abonto twaa Eufrate wɔ beae bi a ɛbɛn Karkemis. Sɛ́ ebia Abram ankasa yɛɛ saa anaasɛ ɔne wɔn a wɔka ne ho no faa nsu no mu ankasa de, Bible no nka.

Wohyɛɛ no Nsow?

• Dɛn nti na wɔfrɛ Abram “gyidifo nyinaa agya”?

• Dɛn nti na na egye gyidi ansa na Abram retu afi Kaldeafo kurow Ur mu?

• Ɔkwan bɛn so na Abram daa no adi sɛ ɔde Yehowa som dii kan wɔ n’asetram?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Asase mfonini wɔ kratafa 16]

(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)

ABRAHAM AKWANTU

Ur

Haran

Karkemis

KANAAN

Ɛpo Kɛse No

[Asɛm Fibea]

Based on a map copyrighted by Pictorial Archive (Near Eastern History) Est. and Survey of Israel

[Mfonini wɔ kratafa 15]

Egyee Abram gyidi ansa na ɔretu afi Ur asetra a na ahotɔ wom no mu

[Mfonini wɔ kratafa 18]

Abram ne ne fiefo nam ntamadan mu a wɔtrae so ‘daa no adi baguam sɛ wɔyɛ ahɔho ne amamfrafo asase so’