Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Adwuma Pa Ho Abasobɔde

Adwuma Pa Ho Abasobɔde

Adwuma Pa Ho Abasobɔde

ƐNO na Congo ne Afrika Nsɛnkyerɛwfo Fekuw a Ɛhwɛ Democratic Republic of Congo Mpuntu So (AJOCAD) no de kyerɛ “ankorankoro ne ahyehyɛde biara a wɔbɔ mmɔden kɛse ma nkɔso ba [Congo] no ho anisɔ.”

Wɔ November 17, 2000 no, wɔmaa Yehowa Adansefo Adwuma Pa Ho Abasobɔde yi bi esiane “nkyerɛkyerɛ a [wɔnam] wɔn nhoma ahorow so de ma ankorankoro a wɔwɔ Congo no nti.”

Kinshasa atesɛm krataa Le Phare kaa abasobɔde yi ho asɛm sɛ: “Ɛkame ayɛ sɛ baabiara a wobɛfa wɔ Congo no, wubehu sɛ obiara kura Yehowa Adansefo nsɛmma nhoma a ɛne Ɔwɛn-Aban ne Nyan! ne nhoma biara a wotintim no bi. Nsɛmma nhoma yi [susuw] asetra ho nsɛm biara ho.” Atesɛm krataa no san kae sɛ nsɛmma nhoma no kyerɛ “sɛnea obi begyina nnɛyi nsɛnnennen ano” na “ɛma yɛte nea enti a nsɛm pɔtee bi sisi nnansa yi ase yiye.” Nyan! biara ‘nni afã biara wɔ amammuisɛm mu na ɛmma abusuakuw bi so nsen ɔfoforo.’ Afei nso, nsɛmma nhoma no ma “wonya Ɔbɔadeɛ no bɔhyɛ a ɛfa wiase nhyehyɛe foforo a asomdwoe ne dwoodwoo asetra wom a ɛreba abesi mprempren nneɛma nhyehyɛe bɔne a amumɔyɛ wom no ananmu ho no mu awerɛhyem.”

Sɛnea AJOCAD kae no, Yehowa Adansefo nhoma ahorow no aboa Congofo pii paa. Nhoma ahorow yi a ɛwɔ kasa horow ɔhaha pii mu a ɛka anidaso ho nsɛm no betumi aboa wo nso.

Yɛsrɛ sɛ kenkan asɛm a ɛwɔ ase hɔ no na hwɛ sɛnea wo nso wubetumi anya nsɛmma nhoma no bi.