Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Mmabunbere a Wobɛma Ayɛ Nea Mfaso Wɔ So

Mmabunbere a Wobɛma Ayɛ Nea Mfaso Wɔ So

Mmabunbere a Wobɛma Ayɛ Nea Mfaso Wɔ So

WƆKA kyerɛɛ wɔn a wɔtete Europa man bi mu sɛ wɔmpaw nneɛma abiɛsa mu biako: ahoɔfɛ, ahonyade, anaasɛ ababunyɛ. Nea wodii kan fae ne ababunyɛ. Yiw, nnipa nyinaa bu mfe 13 kosi 19 ne mfe 20 mfiase sɛ bere titiriw wɔ asetra mu. Na obiara pɛ sɛ mmabun nya nkɔso fi mmofraase kosi mpanyin afe so. Nanso ɛbɛyɛ dɛn na aba no saa?

So Bible no betumi aboa? Akyinnye biara nni ho sɛ mmuae no yɛ yiw. Momma yɛnhwehwɛ akwan abien a Onyankopɔn Asɛm betumi ayɛ mmoa titiriw ama mmabun, nea ebia ɛbɛboa mmabun kɛse sen nnipa foforo biara.

Afoforo a Wobetumi ne Wɔn Abɔ

Jugend 2000 yɛ nneyɛe, gyinapɛn, ne abrabɔ ho nhwehwɛmu bi a ɛkɔ akyiri a wɔyɛe wɔ mmabun bɛboro 5,000 ho wɔ Germany no ho amanneɛbɔ. Nhwehwɛmu no daa no adi sɛ, sɛ mmabun reyɛ biribi de agye wɔn ahome—te sɛ bere a wɔretie nnwom, wɔredi agoru, anaa wɔrekyinkyin kwa no—a, bere biara ɛkame ayɛ sɛ wɔne nkurɔfo afoforo na ɛbɔ. Ɛte sɛ nea mmabun pɛ sɛ wɔne wɔn atipɛnfo bɔ sen nnipa foforo biara. Nokwarem no, ɛda adi sɛ ade biako a ɛma mmabunbere yɛ nea mfaso wɔ so ne sɛ wobetumi ne afoforo abɔ.

Nanso ɛnyɛ bere nyinaa na ɛyɛ mmerɛw sɛ wobetumi ne afoforo abɔ. Nokwarem no, nnipa ntam abusuabɔ ne baabi a mmabun gye tom sɛ wɔtaa hyia ɔhaw ahorow. Bible no betumi ayɛ mmoa ankasa wɔ eyi fam. Onyankopɔn Asɛm kura akwankyerɛ pa ma mmabun wɔ sɛnea wɔbɛkari pɛ wɔ wɔne afoforo abusuabɔ mu ho. Dɛn na Bible no ka?

Nnyinasosɛm biako a ehia titiriw wɔ nnipa abusuabɔ mu ne nea wɔfrɛ no Mmara Pa no: “Ade biara a mopɛ sɛ nnipa nyɛ mma mo no, mo nso monyɛ wɔn saa ara.” Afoforo a wubenya obu, nidi, ne ayamye ama wɔn no ma wɔn nso nya bi ma wo saa ara. Ayamye su betumi ayi abufuw ne nsɛmnsɛm afi hɔ. Sɛ wohu sɛ wususuw afoforo ho a, ɛda adi sɛ wɔbɛpɛ w’asɛm na wobegye wo atom. So w’ani nnye sɛ afoforo begye wo atom?—Mateo 7:12.

Bible no tu wo fo sɛ “dɔ wo yɔnko sɛ wo ho!” Ɛsɛ sɛ wodɔ wo ho kyerɛ sɛ wobɛhwɛ wo ho so yiye na woanya obu a ɛfata ama wo ho a wummu wo ho sɛ wo ho hia dodo, anaa wonsɛ hwee. Ɔkwan bɛn so na ɛno boa? Wiɛ, sɛ wunni obu mma wo ho a, ɛbɛma woakeka afoforo ho nsɛm na ɛbɛsɛe mo ntam. Nanso obu a ɛfata a wubenya ama wo ho ne ade titiriw a ɛhyɛ adamfofa mu den.—Mateo 22:39.

Bere a adamfofa afi ase no, ɛsɛ sɛ afanu no nyinaa bɔ mmɔden sɛ wɔbɛhyɛ mu den. Ɛsɛ sɛ bere a wubenya ama adamfofa no yɛ ade a ɛma w’ani gye, efisɛ “ɔma mu wɔ nhyira [anigye, NW] mmom sen ogye.” Ɔkwan biako a wonam so de biribi ma ne sɛ wode bɔne befiri, a nea ɛkyerɛ ne sɛ wubebu w’ani agu mfomso nketenkete so na wonhwehwɛ pɛyɛ mfi afoforo hɔ. Bible no ka kyerɛ yɛn sɛ: “Momma nnipa nyinaa nhu mo dwo!” Nokwarem no, “mo fam de, mo ne nnipa nyinaa ntra asomdwoe mu.” Na sɛ w’adamfo ka wo sintɔ bi ho asɛm kyerɛ wo nso ɛ? Woyɛ w’ade dɛn? Susuw Bible afotu a mfaso wɔ so yi ho hwɛ: “Mma wo honhom mmpere abohuru ho,” efisɛ “ɔdɔfo pira yɛ nokware.” So ɛnyɛ nokware sɛ nnamfo betumi anya w’adwene, wo kasa, ne w’abrabɔ so nkɛntɛnso? Enti na Bible no bɔ kɔkɔ sɛ: “Nkɔmmɔ bɔne [fekubɔne, NW] sɛe ɔbra pa” no. Nea ɛne eyi bɔ abira no, ‘nea ɔne anyansafo bɔ no dan onyansafo.’—Asomafo no Nnwuma 20:35; Filipifo 4:5; Romafo 12:17, 18; Ɔsɛnkafo 7:9; Mmebusɛm 13:20; 27:6; 1 Korintofo 15:33.

Marco gyina mmerante ne mmabaa pii ananmu ka sɛ: “Bible nnyinasosɛm akyi a obi bedi no boa no kɛse ma otumi ne afoforo bɔ. Nkurɔfo binom a minim wɔn no yɛ ahopɛfo na nea wobetumi anya wɔ asetra mu nkutoo ne ade a wɔn ani gye ho. Bible no kyerɛkyerɛ yɛn sɛ yɛnnhwehwɛ yɛn nko de, na mmom afoforo de nso bi. Sɛnea mitumi hu no, ɛno ne ɔkwan pa wɔ nnipa abusuabɔ mu.”

Ɛnyɛ mmabunberem nko na nneɛma a mmofra te sɛ Marco sua fi Bible mu no boa wɔn, na mmom daakye nso. Na ɛdefa daakye ho no, yehu ɔkwan foforo a Bible no betumi ayɛ mmoa titiriw ama mmabun.

Daakye Ho Dadwen

Mmabun pii pɛ mfeefeemu. Nnipa nyinaa mu no, ɛte sɛ nea wɔn na wɔpɛ sɛ wohu nea ɛresisi ne nea enti a esisi. Na Bible no na ɛkyerɛkyerɛ wiase nsɛm tebea mu na ɛka nea yebetumi ahwɛ kwan daakye ho nsɛm kyerɛ yɛn sen nhoma foforo biara. Eyi ne nea mmabun pɛ sɛ wohu. Yɛbɛyɛ dɛn atumi anya eyi mu ahotoso?

Wiɛ, ɛwom sɛ wogye tom kɛse sɛ mmabun dwen nea wobenya mprempren ho de, nanso nhwehwɛmu ahorow da no adi sɛ ɛyɛ soronko kakra. Wɔkyerɛ sɛ mmabun taa hyɛ nea ɛrekɔ so wɔ wɔn asetra mu nsow yiye, na ɛda adi sɛ wosi nea asetra bɛyɛ daakye ho gyinae. Eyi ho adanse ne sɛ mmabun 4 mu 3 biara “taa” dwen daakye ho anaa “wɔtaa” dwennwen ho “paa.” Ɛwom sɛ mmabun taa hwɛ nneɛma pa kwan de, nanso mmerante ne mmabaa dodow no ara wɔ daakye ho dadwen.

Dɛn nti na wɔwɔ dadwen? Nnansa yi mmabun pii anya ɔhaw ahorow dedaw wɔ nsɛmmɔnedi, basabasayɛ, ne nnubɔnenom ho. Mmabun dwennwen sɛnea wobenya adwuma ayɛ daa wɔ asetra a akansi ahyɛ mu ma mu no ho. Wɔte nka sɛ ɛsɛ sɛ wɔbɔ mmɔden wɔ sukuu sɔhwɛ mu anaa wonya adwuma pa yɛ. Obi a wadi mfe 17 kae sɛ: “Yɛte atirimɔden ne pɛsɛmenkominya wiase mu. Obiara bɔ mmɔden sɛ ɔbɛyɛ nea ɔpɛ. Ɛsɛ sɛ bere biara wokyerɛ nea wubetumi ayɛ, na ɛno haw me.” Ababun foforo a wadi mfe 22 kae sɛ: “Wɔn a wonya adwuma pa yɛ no na esi wɔn yiye na wobetumi atra ase ama wɔn ho atɔ wɔn wɔ asetra mu. Nkurɔfo a tebea bi nti ansi wɔn yiye te sɛ wɔn mfɛfo afoforo no, tumi ka akyi.” Dɛn nti na akansi wɔ asetra mu pii saa? So asetra bɛkɔ so ayɛ saa bere biara?

Nkyerɛkyerɛmu a Ɛfata

Sɛ asetra mu nsɛm haw mmabun anaa wodwennwen ho a, sɛ wonim—anaa wonnim no—wogye nea Bible no ka tom. Onyankopɔn Asɛm kyerɛ sɛ ɛnnɛ atirimɔden ne pɛsɛmenkominya wiase yi yɛ mmere no ho sɛnkyerɛnne. Ɔsomafo Paulo kyerɛw biribi faa yɛn nna yi ho wɔ ne krataa a ɔde kɔmaa aberante a ne din de Timoteo no mu sɛ: “Mmere a emu yɛ den bɛba.” Dɛn nti na emu yɛ den na ɛnyɛ mmerɛw? Efisɛ sɛnea Paulo kyerɛw no akyiri yi no, na nnipa bɛyɛ “ahopɛfo, sikapɛfo, ahohoahoafo, ahantanfo, . . . bonniayɛfo, wɔn a biribiara ho ntew mma wɔn, . . . wɔn a wɔyɛ keka.” So eyi nkyerɛkyerɛ su a nnipa pii yi no adi nnɛ no mu pɛpɛɛpɛ?—2 Timoteo 3:1-3.

Bible no kyerɛ sɛ mmere a emu yɛ den yi bɛba wɔ ‘nna a edi akyiri no mu’ ansa na nsakrae kɛse aba adesamma asetra mu. Saa nsakrae yi bɛka obiara, mmofra ne mpanyin nyinaa. Nsakrae bɛn? Ɛnkyɛ ɔsoro nniso bedi adesamma asetra mu nsɛm ho dwuma, na emu nnipa benya “asomdwoe bebree” wɔ baabiara. “Treneefo benya asase no adi, na wɔatra so daapem.” Dadwen ne haw betwam.—Dwom 37:11, 29.

Bible no nkutoo na ɛma yenya daakye ho nhumu a yetumi de yɛn ho to so. Sɛ ababun nim nea ebesi wɔ mfe kakra a edi hɔ no a, obetumi asiesie ne ho ama nneɛma a ebesisi na ama wanya abotɔyam atumi adi n’asetra so yiye. Saa nkate yi ma nhyɛso ne dadwen so tew. Wɔaka mmabun ahiade titiriw—sɛnea wɔbɛte asetra ase na wɔahu nea daakye de bɛba—ho asɛm wɔ Bible no mu.

Mmabunbere a Mfaso Wɔ So

Dɛn na wogyina so de hu sɛ mfaso aba mmabunbere so? So ɛyɛ nhomasua nkɔanim, honam fam ade dodow, ne nnamfo dodow a wobenya? Nnipa pii besusuw saa. Ɛsɛ sɛ efi mfe 13 kosi 19 ne mfe 20 mfiase no tumi ma ankorankoro nya mfiase pa ma daakye asetra. Ɔkwan foforo so no, ebia nkonim a mmerante ne mmabaa bedi no na ɛbɛkyerɛ nea ɛbɛba daakye.

Sɛnea yɛahu no, Bible no betumi aboa ababun ma wadi nkonim wɔ n’ababun mfe no mu. Mmabun pii ahu dedaw sɛ eyi te saa wɔ wɔn ankasa asetra mu. Wɔkenkan Onyankopɔn Asɛm daa na wɔde nea wɔkenkan no di dwuma. (Hwɛ “Nyansahyɛ a Efi Yehowa Somfo Babun Bi Hɔ,” wɔ kratafa 6.) Nokwarem no, Bible no yɛ nhoma ma mmabun nnɛ efisɛ ebetumi aboa wɔn ma ‘wɔayɛ pɛ a wɔasiesie wɔn koraa ama nnwuma pa nyinaa.’—2 Timoteo 3:16, 17.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 5]

Ade biako a ɛma mmabunbere yɛ nea mfaso wɔ so ne sɛ wobetumi ne afoforo abɔ

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 6]

Nnipa nyinaa mu no, ɛte sɛ nea mmabun na wɔpɛ sɛ wohu nea ɛresisi ne nea enti a esisi

[Adaka wɔ kratafa 6, 7]

Nyansahyɛ a Efi Yehowa Somfo Babun Bi Hɔ

Alexander adi mfe 19. Wɔtetee no wɔ Yehowa Adansefo abusua bi mu na ɔde ne ho nyinaa maa ne som. Nanso na ɛnte saa bere nyinaa. Alexander kyerɛkyerɛ mu sɛ:

“Ɛbɛyɛ wo nwonwa sɛ mede me ho bɔɔ Yehowa Adansefo sɛ ɔdawurubɔfo babun a wɔmmɔɔ no asu bɛboro mfe ason. Saa bere no na me som nni mu, na na emfi me komam. Misusuw sɛ na minni biribi a ɛbɛkanyan me ma mede nokwaredi ahwehwɛ me ho mu.”

Alexander su sakrae. Ɔtoa so sɛ:

“M’awofo ne nnamfo a wɔwɔ asafo no mu no kɔɔ so hyɛɛ me nkuran sɛ menkenkan Bible no daa, na ama mahu Yehowa ankasa. Awiei koraa no misii gyinae sɛ mɛsɔ ahwɛ. Enti metew bere a mede hwɛ television so na memaa Bible akenkan bɛkaa nneɛma a meyɛ no anɔpahema biara no ho. Awiei koraa no, mifii ase tee nea Bible no ka ase. Mitumi hui sɛnea ebetumi aboa me ankasa. Na—nea ɛsen biara no—metee ase sɛ Yehowa sɛ mihu no yiye. Bere a mede ɛno dii dwuma no, m’ankasa me ne ne ntam abusuabɔ nyaa nkɔso, na m’adamfofa wɔ asafo no mu nso tuu mpɔn. Hwɛ nsakrae ara a Bible no ama aba m’asetra mu! Mekamfo kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ Yehowa somfo ababun biara kenkan Bible no daa.”

Wɔ wiase nyinaa no, mmabun ɔpepem pii wɔ hɔ a wɔde wɔn ho abɔ Yehowa Adansefo. So woyɛ wɔn mu biako? So wopɛ sɛ wunya Bible akenkan so mfaso daa? Dɛn nti na wunni Alexander nhwɛso no akyi? Tew dwumadi a ɛho nhia papa no so na ma Bible akenkan nyɛ wo da biara da asetra fã. Akyinnye biara nni ho sɛ wubenya so mfaso.