Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Mmrɛ Wɔ Papayɛ Mu

Mmrɛ Wɔ Papayɛ Mu

Mmrɛ Wɔ Papayɛ Mu

“Mommma yɛmmmrɛ papayɛ mu; na sɛ yɛampa abaw a, yebetwa so aba ne bere mu.”—GALATIFO 6:9.

1, 2. (a) Dɛn nti na yehia boasetɔ na ama yɛatumi asom Onyankopɔn? (b) Ɔkwan bɛn so na Abraham daa boasetɔ adi, na dɛn na ɛboaa no ma ɔyɛɛ saa?

SƐ́ Yehowa Adansefo no, yɛn ani gye Onyankopɔn apɛdeyɛ ho. Yenya abotɔyam nso sɛ yɛafa asuafoyɛ “kɔndua” no ato yɛn ho so. (Mateo 11:29) Nanso, ɛnyɛ mmerɛw bere nyinaa sɛ yɛne Kristo bɛsom Yehowa. Ɔsomafo Paulo maa eyi mu daa hɔ pefee bere a ɔhyɛɛ ne mfɛfo Kristofo nkuran sɛ: “Boasetɔ hia mo, na, sɛ muwie nea Onyankopɔn pɛ no yɛ a, mo nsa aka bɔhyɛ no.” (Hebrifo 10:36) Boasetɔ ho hia efisɛ Onyankopɔn som betumi ayɛ den.

2 Akyinnye biara nni ho sɛ Abraham asetra di eyi ho adanse. Ohyiaa gyinaesi ahorow a ɛyɛ den ne tebea horow a ɛhaw adwene mpɛn pii. Tu a wɔka kyerɛɛ no sɛ ontu mfi Ur asetra a na ahotɔ wom no yɛɛ mfiase ara kwa. Ankyɛ na ohyiaa ɔkɔm, akameakame a ɔne n’afipamfo dii, nitan, ne yere a anka ɔreyɛ afi ne nsa, nitan a abusuafo binom de baa ne so, ne ɔko mu atirimɔdensɛm. Ná sɔhwɛ akɛse nam kwan so reba. Nanso Abraham ammrɛ wɔ papayɛ mu da. Sɛ wususuw ho sɛ na onni Onyankopɔn Asɛm no nyinaa sɛnea yɛwɔ nnɛ no ho a, na eyi yɛ nwonwa. Nanso, akyinnye biara nni ho sɛ na onim nkɔmhyɛ a edi kan a Onyankopɔn kae wɔ mu sɛ: “Mede ɔtan mɛto wo ne ɔbea no ntam, ɛne w’asefo ne n’asefo ntam” no. (Genesis 3:15) Sɛ́ onii a na Aseni no bɛfa no so aba no, na Satan bɛtan Abraham ɔkwan biara so. Akyinnye biara nni ho sɛ eyi a Abraham tee ase no boaa no ma ɔde anigye gyinaa ne sɔhwɛ ahorow ano.

3. (a) Dɛn nti na ɛsɛ sɛ Yehowa nkurɔfo a wɔwɔ hɔ nnɛ hwɛ kwan sɛ wobehyia ahohiahia? (b) Nkuranhyɛ bɛn na Galatifo 6:9 ma yenya?

3 Ɛsɛ sɛ Yehowa nkurɔfo a wɔwɔ hɔ nnɛ no nso hwɛ kwan sɛ wobehyia sɔhwɛ ahorow. (1 Petro 1:6, 7) Anyɛ yiye koraa no, Adiyisɛm 12:17 bɔ yɛn kɔkɔ sɛ Satan ‘retu’ nkaefo a wɔasra wɔn “no so sa.” Esiane sɛ “nguan foforo” no ne wɔn a wɔasra wɔn no bɔ denneennen nti, Satan bo afuw wɔn nso. (Yohane 10:16) Ɔsɔretia a Kristofo betumi ahyia wɔ wɔn baguam asɛnka mu akyi no, wobetumi ahyia nhyɛso ahorow a ɛsɔ gyidi hwɛ nso. Paulo tu yɛn fo sɛ: “Mommma yɛmmmrɛ papayɛ mu; na sɛ yɛampa abaw a, yebetwa so aba ne bere mu.” (Galatifo 6:9) Yiw, ɛwom sɛ Satan abɔ ne tirim sɛ ɔbɛsɛe yɛn gyidi de, nanso ɛsɛ sɛ yɛde gyidi gyina hɔ pintinn siw no kwan. (1 Petro 5:8, 9) Dɛn na ebetumi afi nokwaredi a yɛde begyina no mu aba? Yakobo 1:2, 3 kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Me nuanom, sɛ mohwe sɔhwɛ ahorow bebree mu a, mummu no anigye koraa, na munhu sɛ mo gyidi sɔhwɛ a anya awiei pa yɛ boasetɔ.”

Ntua a Wɔde Ba Tẽẽ

4. Ɔkwan bɛn so na Satan de ntua aba Onyankopɔn nkurɔfo so tẽẽ de abɔ mmɔden sɛ ɔnam so bɛsɛe wɔn mudi mu kura?

4 Akyinnye biara nni ho sɛ Abraham asetra kyerɛkyerɛ “sɔhwɛ ahorow bebree” a Kristoni betumi ahyia nnɛ no mu. Sɛ nhwɛso no, na ɛsɛ sɛ ɔyɛ ntuafo a wofi Sinear no ntua no ho biribi. (Genesis 14:11-16) Ɛnyɛ nwonwa sɛ Satan da so nam ɔtaa so de ntua a ɛyɛ tẽẽ di dwuma. Efi bere a Wiase Ko II baa awiei no, aman pii na wɔn nniso ahorow abara Yehowa Adansefo Kristofo nkyerɛkyerɛ adwuma no. Afe 2001 Yearbook of Jehovah’s Witnesses no ka atirimɔdensɛm a Kristofo a wɔwɔ Angola gyinaa ano wɔ wɔn atamfo nsam no ho asɛm. Yɛn nuanom a wɔwɔ aman a ɛtete saa so no nam wɔn ho a wɔde too Yehowa so no so gyinaa pintinn a wɔampa abaw! Wɔamfa basabasayɛ anaa atuatew so na egyinaa ano, na mmom wɔnam anifere so na ɛkɔɔ so yɛɛ asɛnka adwuma no.—Mateo 24:14.

5. Ɔkwan bɛn so na Kristofo mmofra betumi ahyia ɔtaa wɔ sukuu mu?

5 Nanso, ɛnyɛ ɔtaa nyinaa na wɔyɛ basabasa wom. Awiei koraa no, wohyiraa Abraham ma ɔwoo mmabarima baanu—Ismael ne Isak. Genesis 21:8-12 ka kyerɛ yɛn sɛ Ismael ‘dii’ Isak ho “fɛw” bere bi. Wɔ krataa a Paulo kyerɛw kɔmaa Galatifo mu no, ɔdaa no adi sɛ na eyi nyɛ mmofraasɛm koraa, efisɛ ɔkae sɛ Ismael taa Isak! (Galatifo 4:29) Enti yebetumi afrɛ mfɛfo sukuufo fɛwdi ne asɔretiafo atɛnnidi sɛ ɔtaa ma ayɛ yiye. Kristoni kumaa bi a ne din de Ryan ka ayayade a ne mfɛfo sukuufo de yɛɛ no ho asɛm sɛ: “Simma 15 a na mede foro bɔs kɔ sukuu ba fie no yɛɛ me sɛ nnɔnhwerew bebree efisɛ na wɔyaw me wom. Wɔde dade a wɔde ogya a wɔde sɔ sigaret aka ama ayɛ hyew hyehye me.” Dɛn nti na wɔyɛɛ me ayayade yi? “Teokrase ntetee a wɔde maa me no maa meyɛɛ soronko wɔ mmofra foforo no ho wɔ sukuu.” Nanso, Ryan nam n’awofo mmoa so tumi de nokwaredi gyinaa mu pintinn. Mmofra, so ahohora a mo atipɛnfo bɔ mo no ama mo abam abu? Mommpa abaw! Sɛ wugyina mu pintinn a, wubehu Yesu nsɛm yi mmamu: “Nhyira ne mo sɛ wɔyaw mo na wɔtaa mo, na me din nti wodi atoro ka asɛmmɔne biara to mo so.”—Mateo 5:11.

Ɔhaw Ahorow a Yehyia Da Biara Da

6. Nneɛma bɛn na ebetumi asɛe mfɛfo Kristofo ntam abusuabɔ nnɛ?

6 Sɔhwɛ ahorow a yehyia nnɛ no yɛ asetram haw ahorow a yehyia da biara da. Ná ɛsɛ sɛ Abraham ankasa gyina akasakasa a na aba ne mmoahwɛfo ne ne wɔfase Lot de ntam no ano. (Genesis 13:5-7) Saa ara na ɛnnɛ, nnipa ani a enhyia ne nitan nketenkete betumi asɛe abusuabɔ bebree na asɛe asafo no asomdwoe mpo. “Nea nitan ne atutuw wɔ no, ɛhɔ na sakasaka ne nneyɛe bɔne nyinaa wɔ.” (Yakobo 3:16) Hwɛ sɛnea ɛho hia sɛ yɛmpa abaw na mmom yɛbɛma asomdwoe adi ahantan anim, sɛnea Abraham yɛe no, na yɛahwehwɛ afoforo yiyedi!—1 Korintofo 13:5; Yakobo 3:17.

7. (a) Sɛ ɔyɔnko Kristoni bi yɛ ade ma ɛyɛ obi yaw a, dɛn na ɛsɛ sɛ ɔyɛ? (b) Ɔkwan bɛn so na Abraham yɛɛ nhwɛso pa wɔ ɔne afoforo ntam abusuabɔ pa a okuraa mu no mu?

7 Sɛ yɛte nka sɛ yɛn yɔnko gyidini bi ne yɛn anni no yiye a, ebetumi ayɛ den sɛ yebedi asomdwoe akyi. Mmebusɛm 12:18 ka sɛ: “Ɛwɔ nea ɔworo kasa sɛ nkrante nwowɔe, na onyansafo tɛkrɛma sa yare.” Nsɛm a wɔworo, sɛ wɔamfa adwemmɔne mpo na ɛkae a, ebetumi ayɛ yaw yiye. Sɛ yɛte nka sɛ wɔatwiri yɛn anaasɛ wɔadi yɛn ho nsekubɔne a, ɛyɛ yaw kɛse koraa. (Dwom 6:6, 7) Nanso ɛnsɛ sɛ ɛyawdi ma Kristoni pa abaw! Sɛ wowɔ tebea a ɛte saa mu a, di kan yɛ nsiesie denam nea wafom wo no a wubefi ayamye mu ne no akɔkasa no so. (Mateo 5:23, 24; Efesofo 4:26) Nya ɔpɛ sɛ wode befiri saa nipa no. (Kolosefo 3:13) Sɛ yeyi asɛm no fi yɛn mu a, yetumi yi yɛn ankasa abufuw fi hɔ na yɛne yɛn nua no ntam abusuabɔ yɛ yiye. Abraham ankɔ so amfa Lot ho asɛm biara anhyɛ ne mu. Abraham tutuu mmirika mpo kɔkõ gyee Lot ne n’abusua!—Genesis 14:12-16.

Sɔhwɛ Ahorow a Yɛde Ba Yɛn Ho So

8. (a) Ɔkwan bɛn so na Kristofo betumi de ‘ɛyaw pii awowɔ wɔn ho’? (b) Dɛn nti na Abraham tumi nyaa honam fam nneɛma ho adwene a ɛkari pɛ?

8 Nokwarem no, sɔhwɛ ahorow bi wɔ hɔ a, yɛn ankasa na yɛde ba yɛn ho so. Sɛ nhwɛso no, Yesu hyɛɛ n’akyidifo sɛ: “Monnhyehyɛ ademude asase so, nea nwewee ne nkannare sɛe no, na awifo bubu kowia.” (Mateo 6:19) Nanso, anuanom binom ‘de yaw pii wowɔ wɔn ho’ denam honam fam nneɛma a wɔde di Ahenni nneɛma kan no so. (1 Timoteo 6:9, 10) Ná Abraham wɔ ɔpɛ sɛ ɔde honam fam nneɛma bɛbɔ afɔre sɛnea ɛbɛyɛ a obetumi asɔ Onyankopɔn ani. “Gyidi na ɔde kɔyɛɛ ɔhɔho wɔ bɔhyɛ asase no so sɛ ananafo de so, na ɔne bɔhyɛ koro no ara difo Isak ne Yakob traa ntamadan mu. Na ɔtwɛn kurow a ɛwɔ nhyɛase a ne kyekyefo ne yɛfo ne Nyankopɔn.” (Hebrifo 11:9, 10) Gyidi a na Abraham wɔ wɔ “kurow” a ɛbɛba daakye anaa Onyankopɔn nniso mu no boaa no ma wamfa ne ho anto ahonyade so. So ɛnyɛ nea nyansa wom sɛ yɛbɛyɛ saa ara?

9, 10. (a) Ɔkwan bɛn so na dibea a obi bɛpɛ betumi de sɔhwɛ aba no so? (b) Ɔkwan bɛn so na onua bi betumi ayɛ ne ho “abofra”?

9 Susuw ade foforo ho hwɛ. Bible de akwankyerɛ a emu yɛ den yi ma yɛn: “Sɛ obi bu ne ho sɛ ɔyɛ biribi, na ɔnyɛ hwee a, ɔdaadaa ne ho.” (Galatifo 6:3) Afei nso, wɔhyɛ yɛn nkuran sɛ ‘yɛnnnwen biribi atutupɛ anaa anuonyamhunupɛ so, na mmom yɛmfa ahobrɛase adwene mmu yɛn yɔnkonom nkyɛn yɛn ankasa ho.’ (Filipifo 2:3) Ebinom mfa afotu yi nni dwuma ma ɛnam so ma wɔde sɔhwɛ ahorow ba wɔn ho so. Esiane sɛ wɔhwehwɛ din mmom sen sɛ wɔbɛpɛ “adwuma pa” nti, sɛ wɔn nsa anka hokwan ahorow wɔ asafo no mu a, wɔn abam bu na wɔn bo fuw.—1 Timoteo 3:1.

10 Abraham yɛɛ nhwɛso pa wɔ ‘dwen a wannwen antra nea ɛsɛ sɛ odwen’ no mu. (Romafo 12:3) Bere a Abraham hyiaa Melkisedek no, wanyɛ n’ade sɛ nea gyinabea pa a ɔwɔ wɔ Onyankopɔn anim no ama ɔkorɔn. Mmom no, ogyee Melkisedek gyinabea a ɛkorɔn sɛ ɔsɔfo no toom denam ntotoso du du a oyi maa no no so. (Hebrifo 7:4-7) Ɛsɛ sɛ Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ nso nya ɔpɛ sɛ wɔbɛyɛ wɔn ade sɛ ‘mmofra nkumaa’ na ɛnyɛ sɛ wɔbɛpere dibea. (Luka 9:48) Sɛ ɛte sɛ nea wɔn a wodi asafo no anim no de hokwan ahorow bi rekame wo a, fi komam yɛ w’ankasa wo ho mu nhwehwɛmu na hu nsakrae a wubetumi ayɛ wɔ wo nipasu anaa ɔkwan a wofa so di nneɛma ho dwuma no mu. Sɛ́ anka wobɛma wo bo afuw wɔ ɔsom hokwan horow a wunni ho no, fa ɔsom hokwan a wowɔ no di dwuma kosi ase—hokwan a ɛne afoforo a wobɛboa wɔn ma wɔabehu Yehowa no. Yiw, ‘brɛ wo ho ase Onyankopɔn tumi nsa no ase, na wama wo so, bere a ɛsɛ mu.’—1 Petro 5:6.

Nneɛma a Yenhu Mu Gyidi

11, 12. (a) Dɛn nti na asafo no mufo binom werɛ betumi afi sɛnea nneɛma gye ntɛmpɛ no? (b) Ɔkwan bɛn so na Abraham yɛɛ nhwɛso pa wɔ n’asetra a ɔde gyinaa Onyankopɔn bɔhyɛ ahorow mu gyidi so no mu?

11 Sɔhwɛ foforo bɛfa nneɛma nhyehyɛe bɔne yi awiei a ɛte sɛ nea ɛrekyɛ no ho. Sɛnea 2 Petro 3:12 kyerɛ no, ɛsɛ sɛ Kristofo ‘twɛn na wɔma Yehowa da no ba tra wɔn adwenem.’ Nanso, nnipa bebree na wɔde mfe pii atwɛn saa “da” yi. Ne saa nti, ebinom abam betumi abu na ama wɔn werɛ afi sɛnea nneɛma gye ntɛmpɛ no.

12 San susuw Abraham nhwɛso no ho bio. Ɔde n’asetra nyinaa gyinaa Onyankopɔn bɔhyɛ ahorow so, ɛwom mpo sɛ na biribiara nni hɔ a na ɛkyerɛ sɛ ne nyinaa bɛbam wɔ ne nkwa nna mu de. Ɛwom sɛ ɔtraa ase kyɛe huu ne ba Isak nyin de. Nanso, na mfehaha pii betwam ansa na wobetumi de Abraham asefo atoto “ɔsoro nsoromma” anaa “mpoano nhwea” ho. (Genesis 22:17) Nanso, Abraham anni ho yaw anaa n’abam ammu. Enti ɔsomafo Paulo kaa Abraham ne tete agyanom foforo ho asɛm sɛ: “Gyidi so na eyinom nyinaa wuwui a wɔn nsa anka bɔhyɛ no, na mmom wohui akyirikyiri nko gye dii yɛɛ no atuu kae sɛ wɔyɛ ahɔho ne amamfrafo asase so.”—Hebrifo 11:13.

13. (a) Ɔkwan bɛn so na Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ te sɛ “amamfrafo”? (b) Dɛn nti na Yehowa de nneɛma nhyehyɛe yi bɛba awiei?

13 Sɛ Abraham tumi de n’asetra gyinaa bɔhyɛ ahorow a na ne mmamu wɔ “akyirikyiri” no so a, mpɛn ahe ara na yɛn a yɛwɔ hɔ nnɛ a saa nneɛma yi mmamu abɛn pɛɛ no ntumi mfa yɛn asetra nnyina so! Te sɛ Abraham no, ɛsɛ sɛ yebu yɛn ho sɛ “amamfrafo” wɔ Satan nhyehyɛe yi mu, na ɛnsɛ sɛ yɛtra mu na yɛyɛ nea yɛpɛ. Sɛnea ɛte no, yɛn ani begye ho sɛ “ade nyinaa awiei” yi ba bɛyɛ ntɛm, ɛnyɛ bɛn a ɛbɛbɛn kɛkɛ. (1 Petro 4:7) Ebia yare a emu yɛ den bi rehaw yɛn. Ebia sikasɛm mu ahokyere kɛse bi da yɛn so. Nanso, ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ, ɛnyɛ gye a Yehowa begye yɛn afi tebea horow a ɛyɛ awerɛhow mu nkutoo nti na ɔde awiei no bɛba, na mmom sɛ ɔde bɛtew n’ankasa din ho nso. (Hesekiel 36:23; Mateo 6:9, 10) Ɛnyɛ bere a eye ma yɛn ankasa na awiei no bɛba, na mmom ɛbɛba bere a ebedi Yehowa atirimpɔw ahorow ho dwuma wɔ ɔkwan a ɛfata so.

14. Ɔkwan bɛn so na Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ nya Onyankopɔn boasetɔ so mfaso?

14 Kae nso sɛ, “[Yehowa, NW] nkyɛ ne bɔhyɛ ho, sɛnea ebinom bu sɛ ɛkyɛ, na mmom ɔma ne bo dwo kyɛ ma mo, ɔmpɛ sɛ nnipa bi bɛyera, na mmom ɔpɛ sɛ wɔn nyinaa ba adwensakra mu.” (2 Petro 3:9) Hyɛ no nsow sɛ, Onyankopɔn ‘ma ne bo dwo kyɛ ma mo’—Kristofo asafo no mufo. Ɛda adi sɛ, yɛn mu bebree hia bere pii a yɛde bɛyɛ nsakrae ahorow sɛnea ɛbɛyɛ a ‘wobehu yɛn sɛ nnipa a yenni nkekae ne dɛm asomdwoe mu.’ (2 Petro 3:14) Ɛnde, so ɛnsɛ sɛ yɛde aseda ma sɛ Onyankopɔn ada abodwokyɛre a ɛte saa adi?

Anigye a Yebenya Ɛmfa Ho Akwanside Ahorow

15. Ɔkwan bɛn so na Yesu tumi kuraa n’anigye mu wɔ sɔhwɛ ahorow mu, na ɔkwan bɛn so na mfaso wɔ so sɛ Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ besuasua no?

15 Abraham asetra ma Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ nya asuade pii. Ɛnyɛ gyidi nko na ɔdaa no adi na mmom boasetɔ, anifere, akokoduru, ne ɔdɔ a pɛsɛmenkominya nnim. Ɔde Yehowa som dii kan wɔ n’asetra mu. Nanso, ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ Yesu Kristo ne nea ɔyɛɛ nhwɛso a ɛkyɛn so maa yɛn a ɛsɛ sɛ yesuasua. Ɔno nso hyiaa sɔhwɛ ahorow pii, nanso ne nyinaa mu no, n’anigye ansɛe da. Dɛn ntia? Efisɛ ɔde n’adwene sii anidaso a na ɛda n’anim no so. (Hebrifo 12:2, 3) Enti Paulo bɔɔ mpae sɛ: “Na boasetɔ ne awerɛkyekye Nyankopɔn mma munnwen ade koro wɔ mo mu, sɛnea Kristo Yesu kwan te no.” (Romafo 15:5) Sɛ yɛwɔ adwempa a, yebetumi anya anigye a akwanside ahorow a Satan de bɛba yɛn akwan mu mfa ho.

16. Sɛ ɛte sɛ nea yɛn haw ahorow rebunkam yɛn so a, dɛn na yebetumi ayɛ?

16 Sɛ ɛte sɛ nea ɔhaw ahorow rebunkam wo so a, kae sɛ sɛnea Yehowa dɔɔ Abraham no, saa ara na ɔdɔ wo nso. Ɔpɛ sɛ wudi nkonim. (Filipifo 1:6) Fa wo ho to Yehowa so koraa a wowɔ ahotoso sɛ ‘ɔremma wɔnsɔ wo nhwɛ ntra nea wutumi so, na mmom ɔbɛma ɔkwan a wode befi sɔhwɛ no mu abɛda ho, na ama woatumi asoa.’ (1 Korintofo 10:13) Ma ɛnyɛ wo su sɛ wobɛkenkan Onyankopɔn Asɛm da biara da. (Dwom 1:2) Kɔ so bɔ mpae, na srɛ Yehowa ma ɔmmoa wo na ama woatumi agyina. (Filipifo 4:6) Ɔde ‘honhom kronkron bɛma wɔn a wobisa no’ no. (Luka 11:13) Fa nsiesiei a Yehowa ayɛ ma awowaw yɛn honhom fam te sɛ yɛn Bible ho nhoma ahorow no di dwuma. Afei nso, hwehwɛ anuanom mmoa. (1 Petro 2:17) Kɔ Kristofo nhyiam ahorow daa, efisɛ ɛhɔ na wubenya nkuranhyɛ a ɛbɛboa wo ma woatumi agyina. (Hebrifo 10:24, 25) Ma w’ani nnye sɛ wo boasetɔ ma wunya Onyankopɔn anim dom, na wo nokwaredi ma ne koma ani gye!—Mmebusɛm 27:11; Romafo 5:3-5.

17. Dɛn nti na Kristofo mma abasamtu mmu wɔn abam?

17 Onyankopɔn dɔɔ Abraham sɛ ‘n’adamfo.’ (Yakobo 2:23) Ɛno mpo no, Abraham hyiaa sɔhwɛ ne ahohiahia ahorow a na emu yɛ den. Enti Kristofo betumi ahwɛ biribi a ɛte saa kwan wɔ “nna” bɔne a “edi akyiri” yi mu. Nokwarem no, Bible bɔ yɛn kɔkɔ sɛ “nnipa bɔne asisifo bɛkɔ wɔn anim wɔ bɔne mu.” (2 Timoteo 3:1, 13) Sɛ́ anka wobɛma abasamtu abu w’abam no, hu sɛ ahokyere a yɛrehyia no yɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ Satan nhyehyɛe bɔne no awiei abɛn. Nanso, Yesu kae yɛn sɛ “nea obegyina akodu awiei no, ɔno na wobegye no.” (Mateo 24:13) Enti, ‘mmrɛ wɔ papayɛ mu!’ Suasua Abraham, na ama woaka wɔn a “wɔnam gyidi ne abodwokyɛre so nyaa bɔhyɛ no” ho.—Hebrifo 6:12.

Wohyɛɛ no Nsow?

• Dɛn nti na ɛsɛ sɛ Yehowa nkurɔfo a wɔwɔ hɔ nnɛ hwɛ kwan sɛ wobehyia sɔhwɛ ahorow ne ahohiahia?

• Akwan bɛn so na Satan de ntua bɛba yɛn so tẽẽ?

• Ɔkwan bɛn so na yebetumi asiesie akasakasa a ɛsɔre wɔ Kristofo ntam no?

• Ɔkwan bɛn so na ahantan ne anuonyamhunupɛ betumi de sɔhwɛ ahorow aba?

• Ɔkwan bɛn so na Abraham yɛɛ nhwɛso pa wɔ Onyankopɔn bɔhyɛ ahorow mmamu a ɔhwɛɛ kwan no mu?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 26]

Kristofo mmofra pii hyia ɔtaa, wɔn atipɛnfo bɔ wɔn ahohora

[Mfonini wɔ kratafa 29]

Wɔ Abraham bere so no na Onyankopɔn bɔhyɛ ahorow mmamu wɔ “akyirikyiri,” nanso ɔde n’asetra gyinaa so