Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nhoma a Mmabun Dodow no Ara Nkyerɛ Ho Anigye

Nhoma a Mmabun Dodow no Ara Nkyerɛ Ho Anigye

Nhoma a Mmabun Dodow no Ara Nkyerɛ Ho Anigye

ABABAA bi a ne din de Beate kae sɛ: “Mɛyɛ dɛn ahu sɛ Bible no yɛ Onyankopɔn Asɛm ankasa? Ɛyɛ nhoma a m’ani nnye ho.”

Wɔ Germany, baabi a Beate te no, mmabun dodow no ara te nka saa ara; enti wonnim sɛ Bible akenkan so wɔ mfaso. Nhwehwɛmu bi a wɔyɛe wɔ hɔ nnansa yi ara daa no adi sɛ, bɛyɛ mmabun no mu ɔha mu nkyem 1 kenkan Bible no paa, ɔha mu nkyem 2 taa kenkan, ɔha mu nkyem 19 ntaa nkenkan, na ɔha mu nkyem 80 nkenkan koraa. Ɛda adi sɛ nkyekyɛm no te saa ara wɔ nsase ahorow so, ebia baabi a wote no mpo. Akyinnye biara nni ho sɛ Bible no yɛ nhoma a mmabun dodow no ara nkyerɛ ho anigye.

Enti, ɛnyɛ nwonwa sɛ mmabun dodow no ara nnim Bible ho hwee! Wɔ afe 2000 mfiase no mu no, atesɛm krataa Lausitzer Rundschau de amanneɛbɔ mae wɔ nnipa dodow a na wonim Mmara Nsɛm Du no na wɔde di dwuma sɛ akwankyerɛ wɔ asetra mu no ho. Wɔ wɔn a wɔboro mfe 60 mu no, ɔha mu nkyem 67 na wonim mmara nsɛm no na wɔma ɛkyerɛ wɔn kwan; na wɔ wɔn a wonnya nnuu mfe 30 mu no, na nkyekyem no yɛ ɔha mu 28 pɛ. Yiw, wɔ mmabun pii fam no, wonnim Onyankopɔn Asɛm.

Ɛsono Ebinom Adwene

Nea ɛne eyi bɔ abira no, wɔ wiase nyinaa no, mmabun ɔpepem pii wɔ hɔ a wɔahu sɛ Onyankopɔn Asɛm so wɔ mfaso paa. Sɛ nhwɛso no, Alexander yɛ obi a wadi mfe 19 na ɔkenkan Bible no anɔpa biara ansa na wakɔ adwuma. Ɔka sɛ: “Ɛyɛ ɔkwan pa a wɔfa so de fi da mũ no ase.” Sandra de ayɛ ne su sɛ ɔbɛkenkan Bible no fã bi anwummere biara. Ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ: “Abɛka nneɛma a meyɛ no daa no ho.” Na Julia a wadi mfe 13 de ayɛ ne su dedaw sɛ anyɛ yiye koraa no, ɔbɛkenkan Bible no ti biako ansa na wakɔda anadwo. “M’ani gye ho ankasa, na mepɛ sɛ metoa saa adeyɛ yi so daakye.”

Nsusuwii yi mu nea ɛwɔ he na ɛteɛ na nyansa wom? So mfaso wɔ so sɛ yɛkenkan Bible no ankasa? So ɛsom bo na ɛho hia ma mmabun? Wususuw ho dɛn?