Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nya Gyidi Te Sɛ Abraham De No!

Nya Gyidi Te Sɛ Abraham De No!

Nya Gyidi Te Sɛ Abraham De No!

Wɔn a wofi gyidi mu no, wɔn ara ne Abraham mma.”—GALATIFO 3:7.

1. Ɔkwan bɛn so na Abram gyinaa sɔhwɛ foforo ano wɔ Kanaan?

NÁ Abram afi osetie mu adi Yehowa ahyɛde so agyaw Ur asetra a ahotɔ wom no hɔ. Ahokyere a ohyiae wɔ mfe a edii hɔ no yɛɛ gyidi ho sɔhwɛ a ohyiae wɔ Misraim no mfiase ara kwa. Bible kyerɛwtohɔ ka sɛ: “Na ɔkɔm baa asase no so.” Hwɛ sɛnea na ɛbɛyɛ mmerɛw ama Abram sɛ obedi ne tebea no ho yaw! Nanso, ɔfaa akwan a mfaso wɔ so a ɛbɛma watumi ahwɛ n’abusua no so. “Abram sian kɔtraa Misraim kɔyɛɛ ɔhɔho wɔ hɔ, efisɛ ɔkɔm no mu yɛ den asase no so.” Ná ɛyɛ den sɛ Abram betumi de n’abusua kɛse no ahintaw wɔ Misraim. So na Yehowa bedi ne bɔhyɛ ahorow so abɔ Abram ho ban a wɔrenhaw no?—Genesis 12:10; Exodus 16:2, 3.

2, 3. (a) Dɛn nti na Abram anka ne yere gyinabea ankasa ho asɛm? (b) Bere a Abram redi tebea no ho dwuma no, ɔkwan bɛn so na ɔne ne yere dii?

2 Yɛkenkan wɔ Genesis 12:11-13 sɛ: “Ɔreyɛ adu Misraim asase so no, ɔka kyerɛɛ ne yere Sarai sɛ: Hwɛ [mesrɛ wo, NW], minim sɛ woyɛ ɔbea a wo ho yɛ fɛ, na ɛbɛba sɛ Misrifo hu wo a, wɔbɛka sɛ: Ne yere ni! na wɔakum me, na wɔama woatra ase. Enti ka sɛ, me nua ne wo, na wo nti wɔayɛ me yiye, na wo nti me kra atra ase.” Ɛwom sɛ na Sarai boro mfirihyia 65 de, nanso na ne ho da so yɛ fɛ yiye. Ɛno de Abram nkwa too asiane mu. * (Genesis 12:4, 5; 17:17) Nea ɛho hia sen saa koraa no, na Yehowa atirimpɔw ahorow ho wɔ asɛm no mu, efisɛ na Yehowa aka sɛ ɛnam Abram aseni so na wobehyira asase so amanaman nyinaa. (Genesis 12:2, 3, 7) Esiane sɛ na Abram nnya nwoe nti, na ɛho hia sɛ ɔkɔ so tra ase.

3 Abram ne ne yere kaa anifere kwan a na wɔadi kan asusuw ho a ɛne sɛ ne yere no bɛka sɛ ɔyɛ ne nuabea no ho asɛm. Hyɛ no nsow sɛ ɛwom sɛ na Abram wɔ tumi sɛ tete agya de, nanso wamfa ne dibea no anni dwuma ɔkwammɔne so, na mmom ɔhwehwɛe sɛ ɔbea no ne no bɛyɛ adwene na waboa no. (Genesis 12:11-13; 20:13) Wɔ eyi mu no, Abram yɛɛ nhwɛso pa maa okununom sɛ wonni wɔn tiyɛ ho dwuma wɔ ɔdɔ mu, na Sarai nso nam n’ahobrɛase so yɛɛ nhwɛso maa ɔyerenom a wɔwɔ hɔ nnɛ.—Efesofo 5:23-28; Kolosefo 4:6.

4. Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ Onyankopɔn asomfo anokwafo a wɔwɔ hɔ nnɛ no yɛ wɔn ade bere a wɔn nuanom nkwa da asiane mu no?

4 Ná Sarai betumi aka sɛ Abram nuabea ne no efisɛ na ɔyɛ n’agya babea ankasa. (Genesis 20:12) Afei nso, na ɛnyɛ nhyɛ sɛ ɔbɛka nsɛm akyerɛ nkurɔfo a wonni ho kwan sɛ wɔte no. (Mateo 7:6) Onyankopɔn asomfo anokwafo a wɔwɔ hɔ nnɛ tie Bible ahyɛde a ɛne sɛ wonni nokware no. (Hebrifo 13:18) Sɛ nhwɛso no, wɔrenka ntam nni atoro wɔ asɛnnibea da. Nanso, sɛ wɔn nuanom nkwa da asiane mu wɔ honam fam ne honhom fam, te sɛ ɔtaa anaa ɔmanfo basabasayɛ mmere mu a, wotie Yesu afotu a ese ‘wɔnyɛ anifere sɛ awɔ, na wɔnyɛ kronn sɛ mmorɔnoma’ no.—Mateo 10:16; hwɛ November 1, 1996, Ɔwɛn-Aban kratafa 18, nkyekyem 19.

5. Dɛn nti na na Sarai wɔ ɔpɛ sɛ obetie Abram adesrɛ no?

5 Ɔkwan bɛn so na Sarai yɛɛ n’ade wɔ Abram adesrɛ no ho? Ɔsomafo Petro ka mmea a wɔte sɛ ɔno no ho asɛm sɛ ‘wɔde wɔn ho to Nyankopɔn so.’ Enti Sarai tumi huu honhom fam nsɛmpɔw a na ɛwom no. Afei nso, na ɔdɔ ne kunu no, na na obu no. Enti Sarai de ‘ne ho maa ne kunu,’ na ɔkataa n’aware so. (1 Petro 3:5) Nokwarem no, saa a ɔyɛe no de no too asiane ahorow mu. “Abram duu Misraim no, Misrifo huu ne yere no sɛ ne ho yɛ fɛ sɛ. Na Farao atitiriw huu no, na wɔkɔkamfoo no kyerɛɛ Farao, na wɔbɛfaa ɔbea no kɔɔ Farao fi.”—Genesis 12:14, 15.

Ogye a Efi Yehowa Hɔ

6, 7. Ahoyeraw bɛn na Abram ne Sarai kɔɔ mu, na ɔkwan bɛn so na Yehowa gyee Sarai?

6 Hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ asɛm yi maa Abram ne Sarai ho yeraw wɔn! Ɛte sɛ nea na wɔrebɛyɛ Sarai bɔne. Afei nso, esiane sɛ na Farao nnim n’aware ho asɛm ankasa nti, ɔmaa Abram akyɛde pii ma ‘obenyaa nguan ne anantwi ne mfurum ne nkoa ne mfenaa ne mfurummere ne yoma.’ * (Genesis 12:16) Hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ Abram ani annye akyɛde ahorow yi ho! Ɛmfa ho sɛnea na tebea no ayɛ hu no, na Yehowa rennyaw Abram.

7 “Abram yere Sarai ho asɛm no nti [Yehowa, NW] de ɔhaw akɛse haw Farao ne ne fi.” (Genesis 12:17) Wɔnam ɔkwan bi a wɔanka ho asɛm so daa nea ɛde ‘ɔhaw ahorow’ yi bae no adi kyerɛɛ Farao. Ɔyɛɛ ho ade ntɛm so: “Farao frɛɛ Abram kae sɛ: Ɛdɛn na woayɛ me yi? Ɛdɛn nti na woanka ankyerɛ me sɛ ɔyɛ wo yere? Ɛdɛn nti na wuse: Ɔyɛ me nua? Anka merefa no maware no; na afei, hwɛ, wo yere ni, fa no na kɔ wo kwan. Na Farao tutuu nnipa maa no sɛ wonkogya no ne ne yere ne nea ɔwɔ nyinaa.”—Genesis 12:18-20; Dwom 105:14, 15.

8. Ahobammɔ bɛn na Yehowa de hyɛ Kristofo bɔ nnɛ?

8 Ɛnnɛ, Yehowa nhyɛ yɛn bɔ sɛ ɔbɛbɔ yɛn ho ban afi owu, nsɛmmɔnedi, ɔkɔm, anaa asiane ho. Nanso Yehowa ahyɛ yɛn bɔ sɛ ɔbɛbɔ yɛn ho ban afi nneɛma a ebetumi de yɛn honhom fam yiyedi ato asiane mu ho bere nyinaa. (Dwom 91:1-4) Ɔyɛ saa titiriw denam kɔkɔbɔ ahorow a ɔnam Bible ne “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no so de ma wɔ ne bere mu no so. (Mateo 24:45) Owu ho ahunahuna a ɔtaa ma ɛsɔre no nso ɛ? Bere a Onyankopɔn betumi ama kwan ma ankorankoro bi awu no, ɔremma kwan mma wɔntɔre ne nkurɔfo nyinaa ase da. (Dwom 116:15) Na sɛ anokwafo no bi wu a, yebetumi anya ahotoso sɛ wobenyan wɔn.—Yohane 5:28, 29.

Afɔre a Wɔbɔ De Hwehwɛ Asomdwoe

9. Dɛn na ɛkyerɛ sɛ Abram dii atutra wɔ Kanaan?

9 Bere a ɛda adi sɛ ɔkɔm a ɛbaa Kanaan no twaam no, “Abram fii Misraim, ɔno ne ne yere ne nea ɔwɔ nyinaa, ne Lot nso, baa [Negeb asase a ɛso yɛ den kakra a ɛwɔ Yuda mmepɔw no anafo fam no] nifa fam. Na Abram anya ne ho sɛ, mmoa ne dwetɛ ne sika mu.” (Genesis 13:1, 2) Enti na ɛhɔfo bu no sɛ ɔbarima a ɔwɔ tumi ne nkɛntɛnso, sɛ́ ɔpanyin kɛse bi. (Genesis 23:6) Ná Abram ani nnye ho sɛ ɔbɛtra hɔ na ɔde ne ho ahyehyɛ Kanaanfo no amammuisɛm mu. Mmom no, “odii atutra fi nifa fam [Negeb, NW] koduu Bet-El, nea kan ne ntamadan si no, wɔ Bet-El ne Ai ntam.” Sɛnea na Abram yɛ bere nyinaa no, ɔde Yehowa som dii kan wɔ baabiara a ɔkɔe.—Genesis 13:3, 4.

10. Ɔhaw bɛn na ɛsɔree wɔ Abram ne Lot mmoahwɛfo no mu, na dɛn nti na na ɛho hia sɛ wosiesie no ntɛm?

10 “Na Lot nso a ɔne Abram nam no wɔ nguan ne anantwi ne ntamadan. Na asase no nsõ mma wɔn sɛ wɔbɛtra faako, efisɛ wɔn ahode dɔɔso sɛ, enti wɔantumi antra faako. Na akasakasa baa Abram mmoahwɛfo ne Lot mmoahwɛfo ntam. Na bere no mu na Kanaanfo ne Perisifo tete asase no so.” (Genesis 13:5-7) Abram ne Lot mmoa no annya nsu pii ne adidibea kɛse a ɛbɛso wɔn wɔ asase no so. Abufuw ne menasepɔw baa mmoahwɛfo no ntam. Ná akasakasa a ɛte saa mfata nokware Nyankopɔn asomfo. Sɛ akasakasa no kɔɔ so a, anka ebetumi ama wɔn mu apaapae koraa. Enti ɔkwan bɛn so na na Abram bedi tebea yi ho dwuma? Ɔfaa Lot tetee no bere a ne papa wui no. Ebetumi aba sɛ ɔtetee no sɛ n’ankasa ba. Sɛ́ nnipa baanu no mu panyin no, so na Abram nni ho kwan sɛ ɔfa nea eye no?

11, 12. Hokwan bɛn na Abram fii ayamye mu de maa Lot, na dɛn nti na na nyansa nni gyinae a Lot sii no mu?

11 Nanso “Abram ka kyerɛɛ Lot sɛ: Mesrɛ wo, mma akasakasa mmma me ne wo ntam, ne me mmoahwɛfo ne wo mmoahwɛfo ntam, na yɛyɛ anuanom. Ɛnyɛ asase no nyinaa na ɛda w’anim yi? Mesrɛ wo, twe wo ho fi me ho, sɛ wofa benkum a, mɛfa nifa, na sɛ wofa nifa a, mɛfa benkum.” Asase bi bɛn Betel a wɔato din “mmeae atitiriw biako a wogyina hwɛ Palestina asase.” Ɛbɛyɛ sɛ ɛhɔ na ‘Lot gyina maa n’ani so hwɛɛ Yordan dantaban nyinaa, sɛ ne nyinaa so wɔ nsu,—ansa na Yehowa sɛee Sodom ne Gomora—te sɛ Yehowa turo, te sɛ Misraim, de bedu Soar no.’—Genesis 13:8-10.

12 Ɛwom sɛ Bible ka Lot ho asɛm sɛ “ɔteɛ” de, nanso esiane biribi nti wammrɛ ne ho ase amma Abram wɔ asɛm yi mu, na saa ara na ɛte sɛ nea wantie ɔpanyin no afotu. (2 Petro 2:7) “Lot paw Yordan dantaban no nyinaa, na otutu faa apuei fam; na anuanom no dii mpaapaemu. Abram traa Kanaan asase so, na Lot de, ɔtraa Yordan dantaban no nkurow mu, na otutuu ne ntamadan ara de koduu Sodom.” (Genesis 13:11, 12) Ná Sodomfo di yiye, na na honam fam nneɛma pii wɔ hɔ. (Hesekiel 16:49, 50) Bere a na ɛte sɛ nea nyansa wɔ nea Lot pawee no mu wɔ honam fam no, na ɛyɛ nea enye koraa wɔ honhom fam. Dɛn ntia? Efisɛ Genesis 13:13 ka sɛ: “Sodomfo yɛ abɔnefo ne nnebɔneyɛfo akɛse [Yehowa, NW] anim.” Awiei koraa no, na gyinae a Lot sii tu kɔɔ hɔ no bɛma n’abusua adi awerɛhow kɛse.

13. Ɔkwan bɛn so na Abram nhwɛso no yɛ mmoa ma Kristofo a wobetumi ahyia sikasɛm mu akasakasa no?

13 Ɛwom sɛ Abram nyaa Yehowa bɔhyɛ mu gyidi sɛ awiei koraa no asase no nyinaa bɛyɛ n’asefo de de, nanso wanni ɔfã ketewaa bi mpo ho akameakame. Ofii ayamye mu yɛɛ n’ade maa ɛne nnyinasosɛm a wɔkaa no akyiri yi wɔ 1 Korintofo 10:24 no hyiae sɛ: “Obiara nnhwehwɛ nea ɛyɛ n’ankasa de, na mmom ɔnhwehwɛ nea ɛyɛ ne yɔnko de.” Eyi yɛ nkaesɛm a ɛfata ma wɔn a ebia wɔne wɔn yɔnko gyidini bi benya sikasɛm ho akasakasa no. Sɛ́ anka ebinom bedi afotu a ɛwɔ Mateo 18:15-17 no akyi no, wɔde wɔn nuanom akɔ asɛnnibea. (1 Korintofo 6:1, 7) Abram nhwɛso no da no adi sɛ eye sɛ wobɛbɔ ka sen sɛ wode ahohorabɔ bɛba Yehowa din so anaasɛ wobɛsɛe Kristofo asafo no asomdwoe.—Yakobo 3:18.

14. Ɔkwan bɛn so na na wobehyira Abram wɔ n’ayamye ho?

14 Ná wobehyira Abram wɔ n’ayamye ho. Onyankopɔn kae sɛ: “Mɛma w’asefo adɔɔso sɛ asase so mfutuma, na sɛ obi tumi kan asase so mfutuma a, ɛnde na obetumi akan w’asefo nso.” Hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ adiyisɛm yi hyɛɛ Abram a na onni ba no nkuran! Nea edi hɔ no, Onyankopɔn hyɛe sɛ: “Sɔre, fa asase no tenten ne ne tɛtrɛtɛ mu, na wo na mede mɛma wo.” (Genesis 13:16, 17) Ná wɔremma Abram nntra kurow kɛse bi a ahotɔ wom mu. Na ɛsɛ sɛ ɔkɔ so twe ne ho fi Kanaanfo no ho. Saa ara na ɛsɛ sɛ Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ nso twe wɔn ho fi wiase no ho. Wommu wɔn ho sɛ wɔkorɔn sen afoforo, nanso wɔne obiara a obetumi adaadaa wɔn ma wɔde wɔn ho akɔhyɛ nneyɛe bi a ɛne Kyerɛwnsɛm no nhyia mu no mmɔ fekuw denneennen.—1 Petro 4:3, 4.

15. (a) Mfaso bɛn na na ebetumi aba kyin a Abram kyinkyinii asase no so no so? (b) Nhwɛso bɛn na Abram yɛ maa Kristofo mmusua a wɔwɔ hɔ nnɛ?

15 Wɔ Bible mmere mu, ansa na asase bi bɛyɛ obi de no, na ɔwɔ ho kwan sɛ ɔkɔhwehwɛ so. Enti ebia asase no so a Abram kyinkyinii no kɔɔ so kaee no sɛ ɛbɛyɛ n’asefo de da bi. Osetie mu no, “Abram tutuu ne ntamadan, na ɔbɛtraa Mamre pɔw a ɛwɔ Hebron no mu, na osii afɔremuka maa [Yehowa, NW] wɔ hɔ.” (Genesis 13:18) Abram daa hia a ne som ho hia no kɛse paa no adi bio. So abusua adesua, abusua mpaebɔ, ne asafo nhyiamkɔ ho hia kɛse paa wɔ w’abusua mu?

Atamfo Ntua

16. (a) Dɛn nti na Genesis 14:1 nsɛm a edi anim no kura ɛnne a ɛyɛ hu? (b) Dɛn na ɛkɔfaa ahene baanan a wofi apuei fam no ntua no bae?

16 ‘Sinear hene Amrafel, Elasar hene Ariok, Elam hene Kedorlaomer * ne amanaman hene Tideal bere so, na eyinom dii ako.’ Wɔ mfitiase Hebri kasa mu no, na nsɛm a wɔde fii ase (“Na . . . bere so”) no kura ɛnne a ɛyɛ hu, na ɛtwee adwene sii “sɔhwɛ bere bi a ekowiee nhyira mu” so. (Genesis 14:1, 2, NW ase hɔ asɛm) Sɔhwɛ no fii ase bere a saa apuei fam ahene yi ne wɔn asraafo tuu Kanaan so sa sɛee ade no. Na wɔn botae ne dɛn? Sɛ́ wobesiw nkurow anum, Sodom, Gomora, Adma, Seboim, ne Bela atuatew ano. Bere a wodii wɔn a wɔsɔre tiaa wɔn nyinaa so nkonim no, ‘wɔn nyinaa behyiae Sidim bon mu, ɛno ne nkyene po.’ Ná Lot ne n’abusua te bɛn hɔ.—Genesis 14:3-7.

17. Dɛn nti na Lot a wɔfaa no dommum no yɛɛ gyidi ho sɔhwɛ maa Abram?

17 Kanaan ahene no ko tiaa ntuafo no denneennen, nanso wodii nkogu koraa. “Na wɔfaa Sodom ne Gomora nneɛma nyinaa ne wɔn nnuan nyinaa de siim kɔe. Na wɔfaa Abram ne nua ba Lot a ɔte Sodom ne n’ahode kɔe.” Ankyɛ na Abram tee adesɛe yi ho asɛm: “Na oguanfo bi bɛka kyerɛɛ Hebrini Abram a ɔte Amorini Mamre, Eskol ne Aner ne nua, pɔw mu; nso wɔne Abram wɔ apam. Na Abram tee sɛ wɔafa ne nua dommum.” (Genesis 14:8-14) Gyidi ho sɔhwɛ bɛn ara ni! So na Abram bɛkɔ so anya ne wɔfase no ho menasepɔw sɛ ɔfaa asase no fã a eye no? Kae nso sɛ, na saa ntuafo yi fi ne kurom, Sinear. Sɛ na ɔne wɔn di ako a na ɛbɛkyerɛ sɛ ɔresɛe hokwan biara a ɛwɔ hɔ sɛ ɔbɛsan akɔ ne kurom no. Afei nso, dɛn na na Abram betumi ayɛ wɔ asraafo a Kanaan asraafo nyinaa a wɔaka abom antumi anni wɔn so nkonim no anim?

18, 19. (a) Ɔkwan bɛn so na Abram tumi gyee Lot? (b) Hena na wɔde nkonimdi yi ho anuonyam maa no?

18 Abram de ne ho too Yehowa so koraa bio. “Ɔde ne mmarima a wɔawo wɔn wɔ ne fi ahasa dunwɔtwe tuu sa tiw wɔn koduu Dan. Na ɔne ne nkoa kyɛɛ wɔn ho mu baa wɔn so anadwo, na wɔbobɔɔ wɔn, na wɔtaa wɔn koduu Hoba a ɛda Damasko benkum no. Na ɔde nneɛma no nyinaa ne ne nua Lot nso ne ne nneɛma ne mmea no nso ne nkurɔfo no san bae.” (Genesis 14:14-16) Abram nyaa Yehowa mu gyidi a ɛyɛ den, dii n’asraafo a na wosua koraa no anim kodii nkonim gyee Lot ne n’abusua. Afei, Abram hyiaa Melkisedek a na ɔyɛ Salem hene ne ɔsɔfo no. “Salem hene Melkisedek de abodoo ne bobesa brɛɛ no; na ɔyɛ ɔsorosoro Nyankopɔn sɔfo. Na ohyiraa no sɛ: Ɔsorosoro Nyankopɔn a ɔyɛ ɔsoro ne asase wura no nhyira nka Abram, na nhyira ne ɔsorosoro Nyankopɔn a ɔde w’atamfo ahyɛ wo nsa. Na [Abram] maa no nneɛma no nyinaa mu ntotoso du du.”—Genesis 14:18-20.

19 Yiw, Yehowa na nkonimdi wɔ no. Esiane Abram gyidi nti, ɔsan huu Yehowa nkwagye bio. Onyankopɔn nkurɔfo a wɔwɔ hɔ nnɛ nni ako honam mu, nanso wohyia sɔhwɛ ne nsɛnnennen pii. Yɛn asɛm a edi hɔ no bɛkyerɛ sɛnea Abram nhwɛso no betumi aboa yɛn ma yɛagyina ano yiye.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 2 Sɛnea Insight on the Scriptures (a Yehowa Adansefo tintimii) kyerɛ no, “tete mmɛw nhoma bi ka Farao bi a ɔsomaa asraafo sɛ wɔnkɔkyere ɔbea hoɔfɛfo bi na wonkum ne kunu ho asɛm.” Enti suro a na Abram suro no nyɛ osuro hunu.

^ nky. 6 Ebetumi aba sɛ na Hagar a akyiri yi ɔbɛyɛɛ Abram yefam no ka nkoa a wɔde maa Abram saa bere yi no ho.—Genesis 16:1.

^ nky. 16 Akasatiafo kaa no bere bi sɛ Elam annya nkɛntɛnso kɛse saa da wɔ Sinear, ɛne sɛ Kedorlaomer ntua no yɛ atosɛm. Sɛ wopɛ sɛ wunya adanse a wɔn a wotutu fam hwehwɛ tetefo nneɛma mu akohu a ɛfoa Bible kyerɛwtohɔ no so a, hwɛ July 1, 1989, Ɔwɛn-Aban, nkratafa 4-7.

Wohyɛɛ no Nsow?

• Ɔkwan bɛn so na ɔkɔm a ɛbaa Kanaan asase so no yɛɛ gyidi ho sɔhwɛ maa Abram?

• Ɔkwan bɛn so na Abram ne Sarai yɛɛ nhwɛso pa maa okununom ne ɔyerenom nyinaa nnɛ?

• Asuade ahorow bɛn na yebetumi anya afi sɛnea Abram dii akasakasa a ɛbaa ne nkoa ne Lot de ntam ho dwuma no mu?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 22]

Abram anka hokwan ahorow a ɔwɔ ho asɛm na mmom ɔde Lot ahiade dii n’ankasa de anim

[Mfonini wɔ kratafa 24]

Abram de ne ho too Yehowa so wɔ ne wɔfase Lot ogye no mu