Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wɔhyerɛn Sɛ Akanea Wɔ Hann Kurow Mu

Wɔhyerɛn Sɛ Akanea Wɔ Hann Kurow Mu

Wɔhyerɛn Sɛ Akanea Wɔ Hann Kurow Mu

Fluctuat nec mergitur, anaa “Asorɔkye pii bu ba no so, nanso ɔmmem,” yɛ asɛm a wɔtaa ka wɔ Paris.

PARIS ayɛ te sɛ po so hyɛn atumi agyina ne nan so bɛboro mfe 2,000 a atwam ni, ɛmfa ho sɛ nnipa pii a wofi aman afoforo so atu sɛ ahum akogu hɔ na atuatew pii nso akɔ so wɔ hɔ no. Seesei, Paris yɛ nkuropɔn a ɛyɛ fɛ paa wɔ wiase no mu biako, na adan akɛse a ɛyɛ fɛ, nnua a ɛyɛ fɛ, ne tete nneɛma akorae a agye din wɔ wiase no, bi wɔ hɔ. Ebinom nso nim no sɛ kuropɔn a adwiniyɛfo, mfoniniyɛfo, ne nyamekyerɛfo, pii wom. Afoforo nso ani gye aduampa ne ntade pa a ɛwɔ hɔ no ho.

Wɔ abakɔsɛm nyinaa mu no, Katoleksom adi akoten kɛse wɔ Paris. Wɔ mfe ahanu a atwam ni no, esiane sɛ Paris dii akoten kɛse wɔ Europafo Animdefo Kuw mu nti, wɔbɛfrɛɛ no Hann Kurow. Ɛnnɛ, sɛ nnipa pii a wɔte Paris no nim anaasɛ wonnim no, nyansapɛ a efii ase saa bere no anya wɔn so nkɛntɛnso asen nyamesom.

Nanso, nnipa nimdeɛ ntumi nhyerɛn nkurɔfo asetram sɛnea wɔhwɛ kwan no. Nnipa pii a wɔwɔ hɔ nnɛ no rehwehwɛ nimdeɛ afi beae foforo. Bɛyɛ mfe 90 ni no, Yehowa Adansefo ‘ahyerɛn sɛ akanea’ wɔ Paris. (Filipifo 2:15) Te sɛ ahyɛnkafo a wɔn ho akokwaw no, na ɛsɛ sɛ wɔyɛ nsakrae pii na ama wɔatumi abɔ “amanaman nyinaa ade a wɔpɛ” ho ban afi asorɔkye biara ho.—Hagai 2:7.

Kurow a Emu Asɛnka Kɔ Yɛ Den

Wɔ 1850 mu no, na nnipa a wɔwɔ Paris no dodow yɛ 600,000. Ɛnnɛ, nnipa bɛboro ɔpepem akron na wɔte Paris ne nkurow a ɛbemmɛn hɔ no mu. Nnipadɔm a ɛte saa no ama Paris abɛyɛ France kurow a nnipa ahorow wom sen biara. Ɛyɛ wiase beae a sukuupɔn pii wɔ, na ɛhɔ na sukuupɔn a akyɛ paa wɔ wiase no mu biako wɔ, na nnipa a wɔkɔ sukuu akunini yi bi no bɛyɛ 250,000. Nneɛma a enye a ɛwɔ Paris mmorɔn bi a adan soronko wɔ so ne mmofrabɔnesɛm a abu so ne adwuma ho a ayɛ den. Nokwarem no, egye mmɔdenbɔ ne ahokokwaw na ama Yehowa Adansefo atumi aka asɛmpa no wɔ ɔkwan a etu mpɔn so akyerɛ nnipa nyinaa.—1 Timoteo 4:10.

Afe biara nnipa bɛboro ɔpempem 20 na wɔkɔsrasra Paris. Wotumi de anigye kɔhwehwɛ Eiffel Tower, nantew asubɔnten Seine ho, anaasɛ wɔkɔhwehwɛ adidibea ahorow. Afei nso, wɔn a wɔte Paris no nni wɔn ho adagyew koraa. Christian, a ɔyɛ bere nyinaa somfo no kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Nkurɔfo nni wɔn ho adagyew koraa. Wobefi adwumam aba fie no, na wɔabrɛ ankasa.” Ɛnyɛ mmerɛw sɛ wobɛka asɛm no bi akyerɛ nnipa a wonni adagyew yi.

Ɔhaw kɛse biako a Yehowa Adansefo a wɔwɔ Paris no hyia ne sɛ wɔbɛkɔ nkurɔfo nkyɛn wɔ wɔn afie mu. Wɔde akasam abobɔ ɛhɔ adan no mu pii kwan ano. Esiane sɛ nsɛmmɔnedi adɔɔso nti, wɔde elɛtrɔnik nnwinnade ahyehyɛ afie ahorow kwan ano ma enti ɛnyɛ mmerɛw koraa sɛ obi betumi awura hɔ. Ɛda adi pefee sɛ eyi nti na mmeae bi no sɛ woyi nnipa 1,400 a, wɔn mu 1 pɛ na ɔyɛ Dansefo no. Enti, wɔde wɔn ho hyɛ telefon ne bɔnnɔ so adansedi mu kɛse. So Yehowa Adansefo atumi ama wɔn ‘akanea ahyerɛn’ wɔ akwan foforo nso so?—Mateo 5:16.

Akwan pii wɔ hɔ a wobetumi afa so adi bɔnnɔ so adanse wɔ mmeae pii. Martine huu ɔbea bi a na ne werɛ ahow wɔ bɔs gyinabea bi. Na ɔbea no babea koro pɛ no awu. Martine maa no nhomawa a ɛka Bible mu awerɛkyekyesɛm a ɛfa owusɔre ho no. Nanso, wanhu no bio wɔ asram bi mu. Bere a Martine huu ɔbea no bio no, ɔne no fii Bible adesua ase. Ɛmfa ho sɛ na ɔbea no kunu sɔre tia no no, ɔbɛyɛɛ Ɔdansefo.

Bɔnnɔ so Adansedi a Ɛsow Aba

Paris akwantu nhyehyɛe ka nea edi mu paa wɔ wiase nyinaa no ho. Keteke a agye din kɛse no fa akwantufo 5,000,000 da biara. Wɔka sɛ Paris keteke gyinabea kɛse a wɔfrɛ no Châtelet-Les-Halles no sõ sen biara wɔ wiase nyinaa na ɛyɛ beae a adagyew nni hɔ koraa. Hokwan pii wɔ hɔ a wubetumi de aka asɛm no bi akyerɛ nkurɔfo. Alexandra tra keteke no mu kɔ adwuma da biara. Da koro bi ɔne aberante bi a ɔyare leukemia bɔɔ nkɔmmɔ. Alexandra maa no kratawa a ɛka Paradise ho asɛm. Woyii bere ne beae pɔtee bi de nnawɔtwe asia yɛɛ Bible adesua daa. Nanso, da koro bi ɔbarima no amma. Ankyɛ biara na ɔbarima no yere frɛɛ Alexandra wɔ telefon so sɛ ɔmmra ayaresabea bi efisɛ na ne kunu no yare denneennen. Nanso, Alexandra antumi annu hɔ ntɛm. Bere a ɔbarima no wui no, ne yere no tu kɔɔ Bordeaux, a ɛwɔ France anaafo fam atɔe, na Adansefo a wɔwɔ hɔ no kɔsraa no. Hwɛ sɛnea Alexandra ani gyei bere a afe akyi no ɔtee sɛ kunafo no abɔ asu sɛ Yehowa Dansefo Kristoni a afei de ɔwɔ anidaso sɛ obehu ne kunu wɔ owusɔre no mu no!—Yohane 5:28, 29.

Kristoni aberewa bi ne Renata bɔɔ nkɔmmɔ bere a na wɔte keteke mu fi Paris rekɔ Limoges, a ɛwɔ France mfinimfini no. Na Renata de mfe anum asua nyamekyerɛ, Hebri ne Greek kasa wɔ ne kurom Poland nanso na onni Onyankopɔn mu gyidi. Asram abiɛsa ansa na wɔrehyia wɔ keteke no mu no, na Renata abɔ Onyankopɔn mpae. Ɛwom sɛ na n’ani nnye nea aberewa no reka no ho anaasɛ na osusuw sɛ onhu no bio de, nanso ɔde ne telefon nɔma maa no. Ne nyinaa mu no, onuawa no yɛɛ n’adwene sɛ ɔbɛkɔ akɔsra Renata ntɛm ara. Bere a Adansefo awarefo bi kɔsraa Renata no, ɔkae wɔ ne tirim sɛ, ‘Dɛn na wɔrebɛka akyerɛ me?’ Ɛmfa ho sɛ na Renata asua nyamekyerɛ no, ɔbrɛɛ ne ho ase suaa Bible mu nokware no. Ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ: “Metee ase ntɛm ara sɛ ɛno ne nokware no.” Seesei ɔde anigye ka Bible mu asɛm no kyerɛ nkurɔfo.

Na Michèle resua karka. Wɔn a na ɔne wɔn resua karka ho ade no fii ase kaa ɔbarima ne ɔbea nna a edi aware anim ho nsɛm. Michèle de ne ho gyee mu kae sɛ ɛno nyɛ adepa. Nnawɔtwe akyi no, Sylvie, a ɔyɛ wɔn kyerɛkyerɛfo no bisaa no sɛ: “Woyɛ Yehowa Dansefo?” Sylvie ani gyee Bible mu nkyerɛkyerɛmu a Michèle de mae no ho. Wofii Bible adesua ase, na afe akyi no, Sylvie bɔɔ asu.

Aturo pii a ɛwɔ Paris no yɛ mmeae a wonya nkurɔfo ne wɔn bɔ nkɔmmɔ. Josette kɔɔ aturo no biako mu ahomegyebere kɔɔ Aline, aberewa bi a na ɔretu mpasa no nkyɛn. Josette kaa Bible mu bɔhyɛ a ɛyɛ anigye pii ho asɛm kyerɛɛ no. Wɔyɛɛ Bible adesua ho nhyehyɛe na ankyɛ na Aline nyaa nkɔso bɛfata maa asubɔ. Seesei, Aline adi mfe 74, na ɔyɛ kwampaefo mmɔdenbɔfo a ɔde anigye ka Kristofo nokware no ho asɛm kyerɛ nkurɔfo.

Hann Ma Amanaman Nyinaa

Adansefo a wɔwɔ Paris no ntwa kwan nkɔ akyirikyiri ansa na wɔahu ahɔho. Ahɔho a wɔwɔ hɔ no reyɛ aduru ɔha mu nkyem 20. Kristofo asafo bɛyɛ 25 na ɛwɔ hɔ a wɔyɛ wɔn nhyiam wɔ kasa foforo mu.

Akwan horow a wɔfa so di adanse nso ma adwuma titiriw yi sow aba. Philippineni Dansefo bi hwehwɛɛ n’ankasa kwan a ɔbɛfa so aka asɛm no. Sɛ ɔredi gua a, ɔne Philippinefo afoforo a wɔaba rebedi gua no fi Bible mu nkɔmmɔbɔ ase.

Mfaso wɔ so sɛ obi bedi kan afi nkɔmmɔbɔ ase wɔ asɛnka mu. Wɔ December 1996 mu, bere a Adansefo a wɔwɔ asafo bi a wɔde kasa foforo yɛ wɔn nhyiam mu hui sɛ wɔrebɛyɛ agumadi kɛse bi wɔ hɔ no, wosii gyinae sɛ wɔne wɔn a wɔrebesi akan no bɛkɔ akɔkasa. Da bi anwummere a na wɔapɔn agumadi no, wotumi ne agodifo a na wɔrekɔ wɔn atrae no bɔɔ nkɔmmɔ. Esiane hokwan yi a wɔde dii dwuma no nti, wotumi maa Bible 28, Kristofo nhoma 59, nhomawa 131, ne nsɛmma nhoma 290. Bere a agumadi no baa awiei wɔ dapɛn abiɛsa akyi no, afunibufo no biako bisae sɛ: “Mɛyɛ dɛn atumi abɛyɛ Yehowa Dansefo?” Ɔfoforo nso kae sɛ: “Mɛka asɛm no bi wɔ me kurom!”

Ademude a Wɔhwehwɛ

Ahɔho tumi hu adan a ɛyɛ fɛ a wosisii mfe pii a atwam wɔ Paris no. Nanso, nneɛma a ɛsom bo kɛse wɔ hɔ a wonnya nhui. Aniza ne ne wɔfa a ɔyɛ aban nanmusini tuu kwan kɔɔ France. Na Aniza kenkan Bible no daa wɔ fie. Da koro bi, bere a ɔrepɛ ntɛm afi fie no, ɔkwampaefo bi maa no Nea Enti a Wubetumi De Wo Ho Ato Bible no So kratawa no bi. Ɔkɔsraa no nnawɔtwe a edi hɔ no ne no fii Bible adesua ase. Aniza abusuafo sɔre tiaa no denneennen. Ɔkɔɔ so yɛɛ adesua no kosii sɛ ɔfata maa asubɔ. Obu hokwan a ɔde bɛka asɛm no akyerɛ afoforo no dɛn? “Mfiase no, na ɛyɛ den ma me efisɛ mefɛre ade. Nanso, sɛ mekenkan Bible no a, na ɛhyɛ me den. Sɛ manka asɛmpa no a, me ho ntɔ me.” Adansefo pii a wɔwɔ ‘pii yɛ wɔ Awurade adwuma mu’ wɔ Paris no wɔ su a ɛte saa ara.—1 Korintofo 15:58.

Bible mu nokware no tumi hyerɛn wɔ Paris kurotia a wosisi adan wɔ hɔ no ma wonya “ademude” foforo nso. Bruce kɔɔ n’adamfo bi a afei na na wabɛyɛ Yehowa Dansefo no nkyɛn sɛ ɔrekogye kasɛt. Bere a Bruce kɔtoe sɛ n’adamfo no reka Bible mu asɛm akyerɛ ne nnamfo foforo no, otiee bi. Ɔpenee so sɛ wɔne no nyɛ Bible adesua nanso na ɔwɔ nsɛnnennen bi. “Na obiara nim me wɔ faako a mete no. Na me nua panyin pɛ ntɔkwaw paa, na na me nso mebɔ nnwom a ano yɛ den wɔ apontow ase. Ɛbɛyɛ dɛn na afoforo atumi agye adi sɛ mabɛyɛ Yehowa Dansefo?” Ɛmfa ho sɛ nkurɔfo hyɛɛ Bruce sɛ ɔnyɛ apontow a wɔbɔ nnwom saw wɔ ase ho nhyehyɛe no, wampene. Ɔsram biako akyi no, ofii ase kaa asɛm no: “Na obiara a ɔwɔ mpɔtam hɔ no pɛ sɛ ohu nea enti a mabɛyɛ Dansefo no.” Ankyɛ koraa na ɔbɔɔ asu. Akyiri yi onyaa hokwan kɔɔ Asomfo Ntetee Sukuu no bi.

Ademude a wɔhwehwɛ no gye adwuma kɛse. Nanso, sɛ adwuma a ɛte saa no sow aba a, hwɛ anigye kɛse a etumi yɛ! Na Jacky ne Bruno ne Damien to paanoo wɔ Paris. Jacky kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Esiane sɛ na yɛyɛ adwuma bere nyinaa a na yɛntra fie nti, na ɛyɛ den sɛ obi benya yɛn.” Patrick, a ɔyɛ daa kwampaefo no hui sɛ adan nketewa wɔ wɔn fie a wɔte mu no soro ma enti osusuw sɛ ɛbɛyɛ sɛ nkurɔfo tete mu. Mfaso baa mmɔden a ɔbɔe sɛ ɔbɛkɔ wɔn a wɔtete mu no nkyɛn no so bere a awia bi ohui Jacky a na ɔretra hɔ bere tiaa bi no. Dɛn na efi mu bae? Nnamfo baasa no bɛyɛɛ Adansefo na wotumi nyaa adwuma foforo a ɛmaa wonyaa kwan yɛɛ teokrase dwumadi kɛse.

Wɔma Ahum no Yɛ Dinn

Nnansa yi, nsɛm ho amanneɛbɔfo bi a wɔwɔ France no kae sɛ Yehowa Adansefo yɛ nyamesom kuw a wɔn ho yɛ hu. Wɔ 1996 mu no, Adansefo no fi koma nyinaa mu kyekyɛɛ nkratawa soronko bi a wɔato din sɛ Yehowa Adansefo—Nea Ehia sɛ Wuhu bɛboro ɔpepem akron. Biribi pa fii mu bae.

Wɔbɔɔ mmɔden kɛse sɛ obiara nsa bɛka bi. Aban mpanyimfo pii kyerɛɛ nea Adansefo no yɛe no ho anisɔ. Kurow sohwɛfo bikyerɛwee sɛ: “Yehowa Adansefo ayɛ ade sɛ wɔakyekyɛ kratawa yi. Eyi atosɛm no fi hɔ.” Oduruyɛfo bi kae sɛ: “Mahwɛ adeyɛ a ɛte saa kwan bere tenten ni!” Ɔbarima bi a ɔwɔ Paris kyerɛwee sɛ: “Mikopuee Yehowa Adansefo—Nea Ehia sɛ Wuhu kratawa no bi so kenkanee. Mepɛ sɛ mihu pii na wɔne me bɛyɛ ofie Bible adesua a mintua hwee.” Obi nso kyerɛwee sɛ: “Meda mo ase sɛ moaka nokwasɛm no.” Katolekni bea bi ka kyerɛɛ Adansefo no sɛ: “O! Afei de moakasa mu!”

Bere a Adansefo nkumaa a wɔwɔ Paris ani gyei kɛse ne bere a wɔyɛɛ asɛnka adwuma wɔ Wiase Nyinaa Katolek Mmofra Da no wɔ 1997 mu no. Ɛwom sɛ na wim yɛ hyew paa de, nanso Adansefo bɛyɛ 2,500 na wɔkɔɔ ase. Wɔ nna kakraa bi mu no, wɔmemaa mmofra a wofi aman nyinaa so Amansan Nhoma nhomawa no 18,000. Sɛ Yehowa din ho adanse pa a wodii ne aba a wotwae no da nkyɛn a, ɔsatu no hyɛɛ Adansefo mmofra no den. Ababaa bi a otwaa bere a ɔde begye n’ahome so na ama watumi anya ɔsatu titiriw yi mu kyɛfa kɛse no kyerɛwee sɛ: “Yehowa wɔ nkurɔfo a wɔwɔ anigye wɔ asase so a wɔde wɔn ahoɔden hyɛ ne din anuonyam. Nnanu yi a nhyira pii wom no kyɛn ahomegye bere biara wɔ m’asetram! (Dwom 84:10)”

Na February 28, 1998 yɛ mfirihyia 65 fi bere a Hitler hyɛ ma wɔbaraa Yehowa Adansefo a wɔwɔ Germany no. Adansefo a wɔwɔ France no kaee da yi denam Jehovah’s Witnesses Stand Firm Against Nazi Assault video a ɛkyerɛ amane a Yehowa nkurɔfo hui a woyii wɔ baabi a ɔmanfo hyia no so. Wɔtoo nsa frɛɛ nnipa bɛboro ɔpepem ason. Nsɛm a abakɔsɛm akyerɛwfo ne nnipa bi a wɔde wɔn koguu nneduaban ahorow mu kae no yɛɛ adansedi kɛse. Wɔ Paris no nnipa bɛboro 5,000 na wɔkɔhwɛɛ bi, na na nnipa pii a wɔnyɛ Adansefo ka ho.

Nnipa pii a wɔwɔ Paris no ani sɔ honhom fam hann no kɛse na wɔn ani gye ho sɛ Ahenni adawurubɔfo no hyerɛn kɛse sɛ akanea. Ɛma Yesu asɛm a ɔkae no bam sɛ: “Otwa adwuma no dɔɔso, na adwumayɛfo no de, wosua.” (Mateo 9:37) Mmɔden a Yehowa Adansefo bɔ sɛ wɔbɛka asɛm no ɛmfa ho nsɛnnennen biara no ama Paris adan Hann Kurow ankasa a ɛhyɛ Yehowa anuonyam.

[Mfonini wɔ kratafa 9]

Baabi a Ɔmanfo Hyia

[Mfonini wɔ kratafa 9]

Tete Nneɛma Akorae a Ɛwɔ Louvre

[Mfonini wɔ kratafa 9]

Opera Garnier

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 10]

Wɔreka Bible mu asɛm no akyerɛ nnipa a wonni adagyew wɔ baabiara a wɔto wɔn