Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ɔbonsam Wɔ a Ɔwɔ Hɔ no Nyɛ Gyidihunu Kɛkɛ

Ɔbonsam Wɔ a Ɔwɔ Hɔ no Nyɛ Gyidihunu Kɛkɛ

Ɔbonsam Wɔ a Ɔwɔ Hɔ no Nyɛ Gyidihunu Kɛkɛ

Wɔ Apam Foforo no mu nyinaa no, nsonsonoe kɛse da Onyankopɔn ne papayɛ, ne bɔne a Satan de ba no ntam. Eyi nyɛ nhoma ɔkyerɛwfo biako adwene anaa obi foforo nsusuwii, na mmom ɛwɔ nnyinaso. . . . Adanse a ɛwɔ Apam Foforo mu no da hɔ pefee. Satan yɛ ɔbɔnefo a ɔwɔ hɔ ankasa a bere nyinaa ɔmpɛ Nyankopɔn ne Ne nkurɔfo asɛm.”—“The New Bible Dictionary.”

ƐNDE, dɛn nti na nnipa pii a wɔfrɛ wɔn ho sɛ Kristofo—a wose wogye Bible di no—po adwene a ɛne sɛ Ɔbonsam wɔ hɔ no? Nokwasɛm ne sɛ, ɛte saa efisɛ wonnye nni sɛ Bible no yɛ Onyankopɔn Asɛm. (Yeremia 8:9) Wɔkyerɛ sɛ Bible akyerɛwfo no gyinaa aman a na atwa wɔn ho ahyia nyansapɛ so na ɛkyerɛwee na ɛnyɛ nokwasɛm a efi Onyankopɔn nkyɛn. Sɛ nhwɛso no, Katolek nyamekyerɛfo Hans Küng kyerɛwee sɛ: “Anansesɛm nsusuwii a ɛfa Satan ne adaemone dɔm . . . ho no fi Babilon anansesɛm mu na ɛbaa tete Yudasom mu na efii hɔ baa Apam Foforo no mu.”—On Being a Christian.

Nanso Bible no nyɛ nnipa asɛm ara kwa; ɛyɛ Onyankopɔn Asɛm a efi honhom mu ampa. Enti nyansa wom sɛ yɛfa nea ɛka fa Ɔbonsam ho no aniberesɛm.—2 Timoteo 3:14-17; 2 Petro 1:20, 21.

Na Yesu Adwene ne Dɛn?

Na Yesu Kristo gye di sɛ Ɔbonsam wɔ hɔ ankasa. Ɛnyɛ bɔne bi a na ɛwɔ Yesu ankasa mu na ɛsɔɔ no hwɛe. Obi ankasa na ɔsɔɔ no hwɛe, nea akyiri yi ɔfrɛɛ no “wi yi ase sodifo” no. (Yohane 14:30; Mateo 4:1-11) Bio nso, na ogye di sɛ ahonhom abɔde afoforo boaa Satan wɔ ne nneyɛe bɔne ahorow mu. Ɔsaa nkurɔfo a ‘wɔwɔ ahonhommɔne’ yare. (Mateo 12:22-28) Wɔn a wonnye Onyankopɔn nni nhoma A Rationalist Encyclopædia mpo ka nea eyi kyerɛ ho asɛm sɛ: “Sɛnea Yesu a wɔkaa ne ho asɛm wɔ Asɛmpa no mu no gyee wɔ a ɔbonsam wɔ hɔ dii no abɛyɛ akwanside kɛse ama nyamekyerɛfo.” Bere a Yesu kaa Ɔbonsam ne n’adaemone ho asɛm no, na ɛnyɛ gyidihunu bi a efi Babilonfo anansesɛm mu na na ɔretĩ mu ara kwa. Na onim sɛ wɔwɔ hɔ ankasa.

Yesua nneɛma pii wɔ Ɔbonsam ho bere a yesusuw nsɛm a Yesu ka kyerɛɛ ne bere so nyamesom akyerɛkyerɛfo ho no: “Mo de, mo agya a mufi no mu ne ɔbonsam, na mo agya no akɔnnɔde na mopɛ sɛ moyɛ. Ɔno na ɔyɛ owudifo fi mfiase, na onnyina nokware so; efisɛ nokware nni no mu. Sɛ ɔka atosɛm a, efi n’ankasa mu na ɔka; efisɛ ɔyɛ ɔtorofo ne atoro agya.”—Yohane 8:44.

Sɛnea eyi kyerɛ no, na Ɔbonsam, din a ɛkyerɛ “otwirifo” no yɛ “ɔtorofo ne atoro agya.” Ɔno ne abɔde a odi kan a ɔkaa Onyankopɔn ho atosɛm, na ɔyɛɛ saa wɔ Eden turo no mu. Na Yehowa aka sɛ, sɛ yɛn awofo a wodi kan no di papa ne bɔne hu dua no bi a, “owu na wubewu.” Satan nam ɔwɔ so kae sɛ na saa nsɛm no nyɛ nokware. (Genesis 2:17; 3:4) Sɛnea ɛfata no, wɔfrɛ no “ɔwɔ dedaw a ɔne Ɔbonsam ne Satan.”—Adiyisɛm 12:9.

Ɔbonsam anka papa ne bɔne hu dua no ho nokwasɛm. Ɔkae sɛ ntease biara nni bara a wɔbarae sɛ wonni dua no aba no bi no mu—na ɛyɛ tumi a wɔde di dwuma wɔ ɔkwammɔne so. Ɔkae sɛ na Adam ne Hawa ‘bɛyɛ sɛ Onyankopɔn’ na wɔasi papa ne bɔne ho gyinae. Satan kyerɛe sɛ, sɛ nkurɔfo a wotumi paw nea wɔpɛ no, ɛsɛ sɛ wotumi sisi wɔn ankasa gyinae wɔ nneɛma ho. (Genesis 3:1-5) Ntua a etia fata a Nyankopɔn fata sɛ odi adesamma so no maa nsɛmpɔw atitiriw bi sɔree. Enti Yehowa ama bere na wɔde asiesie saa nsɛmpɔw yi. Eyi kyerɛ sɛ wɔama Satan hokwan sɛ ɔntra hɔ nkosi bere bi. Mprempren, bere a wɔhyɛe no reyɛ asa. (Adiyisɛm 12:12) Nanso Satan kɔ so twe adesamma fi Onyankopɔn ho denam atoro ne nnaadaa so, na ɔnam nkurɔfo a wɔte sɛ Yesu bere so akyerɛwfo ne Farisifo no so trɛw ne nkyerɛkyerɛ mu.—Mateo 23:13, 15.

Yesu kae nso sɛ Ɔbonsam yɛ ‘owudifo fi mfiase, na onnyina nokware so.’ Eyi nkyerɛ sɛ Yehowa bɔɔ Ɔbonsam sɛ “owudifo.” Wɔammɔ no sɛ aboa bi a ne ho yɛ hu a ɔbɛhwɛ beae bi a ogya wɔ a wɔyɛ wɔn a wɔsɔre tia Onyankopɔn ayayade. “Hell” a wɔka ho asɛm wɔ Bible mu no nyɛ Satan atrae. Ɛyɛ adesamma adamoa kɛkɛ.—Asomafo no Nnwuma 2:25-27; Adiyisɛm 20:13, 14.

Mfiase no na Ɔbonsam ‘wɔ nokware no mu.’ Na anka ɔka Yehowa soro abusua no ho sɛ Onyankopɔn honhom mu ɔba a ɔyɛ pɛ. Nanso, ‘wannyina nokware no mu.’ Odii ɔno ara nnaadaa akwan akyi. “Wamfi ase sɛ,” Ɔbonsam ne owudifo bere a wɔbɔɔ no sɛ Onyankopɔn ba a ɔyɛ ɔbɔfo no, na mmom bere a ɔsɔre tiaa Yehowa, na ɔdaadaa Adam ne Hawa no na ɔbɛyɛɛ saa. Ɔbonsam te sɛ wɔn a wɔsɔre tiaa Yehowa wɔ Mose bere so no. Yɛkenkan wɔn ho asɛm sɛ: “Wɔadi no asɛmmɔne, wɔn nkekae nti, wɔnna so nyɛ ne mma.” (Deuteronomium 32:5) Yebetumi aka saa ara afa Satan ho. Ɔbɛyɛɛ “owudifo” bere a ɔsɔre tiaa Onyankopɔn no, na ɔmaa Adam ne Hawa, ne afei adesamma abusua no nyinaa wui.—Romafo 5:12.

Abɔfo Asoɔdenfo

Abɔfo afoforo kɔkaa Satan ho wɔ n’atuatew no mu. (Luka 11:14, 15) Abɔfo yi ‘gyaw wɔn ankasa trabea pa too hɔ’ na wɔdanee wɔn ho nnipa na ama wɔatumi ne “nnipa mmabea” adeda wɔ Noa nna no mu. (Yuda 6; Genesis 6:1-4; 1 Petro 3:19, 20) Honhom abɔde no mu kakraa bi anaa “ɔsoro nsoromma nkyem abiɛsa,” afa ɔkwan a ɛte sɛɛ so.—Adiyisɛm 12:4.

Adiyisɛm nhoma a sɛnkyerɛnne ahyɛ mu ma no ka Ɔbonsam ho asɛm sɛ “ɔtweaseɛ kakraka kɔkɔɔ.” (Adiyisɛm 12:3) Dɛn ntia? Ɛnyɛ sɛ ɔwɔ nipadua a ɛyɛ hu, a ne ho nyɛ fɛ. Nokwarem no, yennim nipadua ankasa a honhom abɔde wɔ de, nanso, ɛda adi sɛ, nsonoe nna Satan ne honhom abɔde a wɔyɛ abɔfo no ntam. Nanso, “ɔtweaseɛ kakraka kɔkɔɔ” no yɛ nkyerɛkyerɛmu a ɛfata Satan a ɔyɛ odifudepɛfo, ne ho yɛ hu, ɔyɛ den, na ɔsɛe ade no.

Mprempren wɔato adaemone no ne Satan dwumadi ano hye denneennen. Wontumi nsakra wɔn ho sɛnea na anka kan wotumi yɛ no bio. Bere a wɔde Onyankopɔn Ahenni hyɛɛ Kristo nsa wɔ 1914 mu bere tiaa bi akyi no, wɔtow wɔn guu asase so.—Adiyisɛm 12:7-9.

Ɔbonsam Yɛ Ɔtamfo a Ɔyɛ Den

Ne nyinaa akyi no, Ɔbonsam da so ara yɛ ɔtamfo a ɔyɛ den. ‘Ɔnam sɛ gyata a ɔrehwehwɛ nea obenya no amene.’ (1 Petro 5:8) Ɔnyɛ bɔne mmara bi a yentumi nte ase a ɛte yɛn honam a ɛyɛ mmerɛw no mu. Nokwarem no, yɛne yɛn ankasa su a ɛtɔ kɔ bɔne so no di aperepere daa. (Romafo 7:18-20) Nanso, “yɛne mpanyinni ne tumidi ne wiase yi sum mu atumfo ne ahonhommɔne a ɛwɔ ɔsoro hɔnom” na ɛredi aperepere no ankasa.—Efesofo 6:12.

Ɔbonsam nkɛntɛnso atrɛw akodu he? Ɔsomafo Yohane ka sɛ, “wiase nyinaa da ɔbɔne no mu.” (1 Yohane 5:19) Ɛwom, yɛmpɛ sɛ yɛma Ɔbonsam ho gyidihunu a ɛma yesuro no no bunkam yɛn so. Nyansa wom sɛ yɛbɛma yɛn ani ada hɔ wɔ mmɔden a ɔbɔ sɛ ɔremma yenhu nokware no, na yɛagyae yɛn mudi ma Onyankopɔn no mu ho.—Hiob 2:3-5; 2 Korintofo 4:3, 4.

Ɛnyɛ bere nyinaa na Ɔbonsam nam atirimɔden so sɔre tia wɔn a wɔpɛ sɛ wɔyɛ Onyankopɔn apɛde no. Ɛtɔ mmere bi a ɔyɛ ne ho te sɛ “hann bɔfo.” Ɔsomafo Paulo bɔɔ Kristofo kɔkɔ wɔ asiane yi ho bere a ɔkyerɛw sɛ: “Misuro sɛ ebia, sɛnea ɔwɔ no de n’anitew bɛdaadaa Hawa no, saa ara nso na wɔbɛsɛe mo adwene afi Kristo fam kronnyɛ no ho.”—2 Korintofo 11:3, 14.

Enti ɛsɛ sɛ ‘yɛma yɛn ani da hɔ, na yɛwɛn, na yegyina pintinn siw no kwan, na yɛn ase atim wɔ gyidi no mu.’ (1 Petro 5:8, 9; 2 Korintofo 2:11) Momma yɛnkwati biribiara a ɛne ahonhonsɛmdi wɔ abusuabɔ na Satan afiri anyi yɛn. (Deuteronomium 18:10-12) Yɛ Onyankopɔn Asɛm ho suani pa na kae sɛ Yesu Kristo twee adwene sii Onyankopɔn Asɛm so mpɛn pii bere a Ɔbonsam sɔɔ no hwɛe no. (Mateo 4:4, 7, 10) Bɔ mpae hwehwɛ Onyankopɔn honhom. Onyankopɔn honhom aba no betumi aboa wo ma woapo ɔhonam nnwuma a Satan hyɛ ho nkuran kɛse no. (Galatifo 5:16-24) Bio nso, bɔ Yehowa mpae denneennen bere a wote nka sɛ ɔkwan bi so no, wowɔ Ɔbonsam ne n’adaemone nhyɛso ase no.—Filipifo 4:6, 7.

Biribiara nni hɔ a enti ɛsɛ sɛ wusuro Ɔbonsam. Yehowa ahyɛ bɔ ankasa sɛ ɔbɛbɔ yɛn ho ban afi biribiara a Satan betumi ayɛ ho. (Dwom 91:1-4; Mmebusɛm 18:10; Yakobo 4:7, 8) Ɔsomafo Paulo ka sɛ: “Momma mo ho nyɛ den [Yehowa, NW] ne n’ahoɔden tumi mu. Na moatumi agyina ne ɔbonsam nnɛɛdɛe adi asi.”—Efesofo 6:10, 11.

[Mfonini wɔ kratafa 5]

Na Yesu nim sɛ Ɔbonsam yɛ obi ankasa

[Mfonini wɔ kratafa 6]

“Wiase nyinaa da ɔbɔne no mu”

[Asɛm Fibea]

NASA photo

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 7]

Gyina pintinn siw Ɔbonsam kwan denam Onyankopɔn Asɛm a wubesua na woabɔ mpae daa so